< Psalms 102 >

1 A Prayer of the afflicted, when he is overwhelmed and pours out his complaint before Yahweh. Hear my prayer, Yahweh! Let my cry come to you.
Aberanteɛ mmɔborɔni mpaeɛbɔ. Ɛberɛ a ne home te no na ɔka nʼahometesɛm kyerɛ Awurade. Ao Awurade tie me mpaeɛbɔ; na ma me mmoa ho sufrɛ nnuru wʼanim.
2 Don’t hide your face from me in the day of my distress. Turn your ear to me. Answer me quickly in the day when I call.
Mfa wʼanim nhinta me ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu. Brɛ wʼaso ase ma me; na sɛ mesu mefrɛ wo a, gye me so ntɛm.
3 For my days consume away like smoke. My bones are burned as a torch.
Me nkwa nna reyera te sɛ wisie; me nnompe hyehye te sɛ egya.
4 My heart is blighted like grass, and withered, for I forget to eat my bread.
Mʼakoma aboto na akusa sɛ ɛserɛ; na me kɔn nnɔ aduane.
5 By reason of the voice of my groaning, my bones stick to my skin.
Mʼapinisie denden enti maka honam ne nnompe.
6 I am like a pelican of the wilderness. I have become as an owl of the waste places.
Mete sɛ ɛserɛ so patuo, te sɛ ɔpatuo a ɔte mmubuiɛ mu.
7 I watch, and have become like a sparrow that is alone on the housetop.
Meda hɔ a, mʼani gu so; mayɛ sɛ anomaa bi a ɔno nko ara si ɛdan atifi.
8 My enemies reproach me all day. Those who are mad at me use my name as a curse.
Ɛda mu nyinaa mʼatamfoɔ bɔ me akutia. Wɔn a wɔdi me ho fɛ no bɔ me din de dome.
9 For I have eaten ashes like bread, and mixed my drink with tears,
Mede nsõ ayɛ mʼaduane na mede nisuo fra me nsuo mu
10 because of your indignation and your wrath; for you have taken me up and thrown me away.
ɛsiane wʼabufuhyeɛ denden no enti, woama me so, ayi me asi nkyɛn.
11 My days are like a long shadow. I have withered like grass.
Me nkwa nna te sɛ anwummerɛ sunsum; na mekusa sɛ ɛserɛ.
12 But you, Yahweh, will remain forever; your renown endures to all generations.
Nanso, wo Awurade, woyɛ ɔhene daa daa; na wo din a ahyeta no te hɔ daa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
13 You will arise and have mercy on Zion, for it is time to have pity on her. Yes, the set time has come.
Wobɛsɔre na woahunu Sion mmɔbɔ; berɛ aduru sɛ wohunu no mmɔbɔ; ɛberɛ a wohyɛeɛ no aso.
14 For your servants take pleasure in her stones, and have pity on her dust.
Nʼaboɔ som bo ma wʼasomfoɔ; ne mfuturo hyɛ wɔn awerɛhoɔ.
15 So the nations will fear Yahweh’s name, all the kings of the earth your glory.
Amanaman no bɛsuro Awurade din; asase so ahemfo nyinaa bɛdi wʼanimuonyam ni.
16 For Yahweh has built up Zion. He has appeared in his glory.
Awurade bɛkyekyere Sion bio, na wapue wɔ nʼanimuonyam mu.
17 He has responded to the prayer of the destitute, and has not despised their prayer.
Ɔbɛtie mmɔborɔfoɔ mpaeɛbɔ; na ɔremmu nʼani ngu wɔn sufrɛ so.
18 This will be written for the generation to come. A people which will be created will praise Yah,
Montwerɛ yei mma nkyirimma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔnnya nwoo wɔn bɛkamfo Awurade;
19 for he has looked down from the height of his sanctuary. From heaven, Yahweh saw the earth,
“Awurade hwɛɛ fam firi ne kronkronbea wɔ soro hɔ; ɔfiri soro hwɛɛ asase,
20 to hear the groans of the prisoner, to free those who are condemned to death,
sɛdeɛ ɔbɛte nneduafoɔ apinisie na wagyaa wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.”
21 that men may declare Yahweh’s name in Zion, and his praise in Jerusalem,
Enti, wɔbɛpae mu abɔ Awurade din wɔ Sion na wɔakamfo no wɔ Yerusalem,
22 when the peoples are gathered together, the kingdoms, to serve Yahweh.
ɛberɛ a amanaman ne ahennie ahodoɔ bɛhyiam na wɔasom Awurade.
23 He weakened my strength along the course. He shortened my days.
Ɔmaa me yɛɛ mmerɛ wɔ ɛberɛ a merenyini. Ɔtwaa me nkwa nna so.
24 I said, “My God, don’t take me away in the middle of my days. Your years are throughout all generations.
Enti mekaa sɛ, “Ao me Onyankopɔn, mfa me nkɔ, wɔ me nkwa nna mfimfini; wo mfeɛ wɔ hɔ daa kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
25 Of old, you laid the foundation of the earth. The heavens are the work of your hands.
Ahyɛaseɛ no, wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.
26 They will perish, but you will endure. Yes, all of them will wear out like a garment. You will change them like a cloak, and they will be changed.
Ne nyinaa bɛtwam, na wo deɛ, wobɛtena hɔ daa; wɔbɛtete te sɛ atadeɛ. Wobɛsesa wɔn te sɛ ntoma na wɔbɛto wɔn agu.
27 But you are the same. Your years will have no end.
Nanso, wote sɛdeɛ woteɛ, na wo mfeɛ to rentwa da.
28 The children of your servants will continue. Their offspring will be established before you.”
Wʼasomfoɔ mma bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim; na wɔn asefoɔ ase bɛtim wɔ wʼanim.”

< Psalms 102 >