< Numbers 23 >

1 Balaam said to Balak, “Build here seven altars for me, and prepare here seven bulls and seven rams for me.”
Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Si afɔremuka ason wɔ ha, na siesie anantwinini ason ne adwennini ason ma me.”
2 Balak did as Balaam had spoken; and Balak and Balaam offered on every altar a bull and a ram.
Balak yɛɛ sɛnea Balaam kae no, na wɔn baanu no de nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔremuka no biara so afɔre.
3 Balaam said to Balak, “Stand by your burnt offering, and I will go. Perhaps Yahweh will come to meet me. Whatever he shows me I will tell you.” He went to a bare height.
Afei Balaam ka kyerɛɛ Balak se, “Tena wʼafɔre no ho na merekɔ nkyɛn. Ebia na Awurade bɛba abehyia me, na nea ɔbɛda no adi akyerɛ me biara no mɛka akyerɛ wo.” Enti, ɔforo kɔɔ sorosoro baabi a ɛhɔ yɛ petee.
4 God met Balaam, and he said to him, “I have prepared the seven altars, and I have offered up a bull and a ram on every altar.”
Ɛhɔ na Onyankopɔn hyiaa no ma ɔkae se, “Masiesie afɔremuka ason, na mede nantwinini ne odwennini abɔ afɔre wɔ biara so.”
5 Yahweh put a word in Balaam’s mouth, and said, “Return to Balak, and thus you shall speak.”
Awurade de asɛm hyɛɛ Balaam anom se, “San kɔ Balak nkyɛn na kɔka asɛm yi kyerɛ no.”
6 He returned to him, and behold, he was standing by his burnt offering, he, and all the princes of Moab.
Ɔsan bae no ɔbɛtoo no sɛ ɔne Moab mpanyimfo no nyinaa gyinagyina afɔre no ho.
7 He took up his parable, and said, “From Aram has Balak brought me, the king of Moab from the mountains of the East. Come, curse Jacob for me. Come, defy Israel.
Na Balaam hyɛɛ ne nkɔm: “Balak soma bɛfrɛɛ me fii Aram, Moabhene frɛɛ me fii apuei fam nkoko so. Ɔkae se, ‘Bra bɛdome Yakob ma me; bra bɛka mmususɛm gu Israel so.’
8 How shall I curse whom God has not cursed? How shall I defy whom Yahweh has not defied?
Ɛbɛyɛ dɛn na matumi adome wɔn a Onyankopɔn nnome ɛ? Ɛbɛyɛ dɛn na matumi aka mmususɛm agu wɔn a Awurade mmuu wɔn fɔ so?
9 For from the top of the rocks I see him. From the hills I see him. Behold, it is a people that dwells alone, and shall not be listed among the nations.
Mihu wɔn fi ɔbotan atifi; mehwɛ wɔn fi nkoko so. Mihu nnipa a wɔatew wɔn ho a wommu wɔn ho sɛ wɔyɛ aman no bi mu nnipa.
10 Who can count the dust of Jacob, or count the fourth part of Israel? Let me die the death of the righteous! Let my last end be like his!”
Hena na obetumi akan Yakob mfutuma, anaa ɔbɛkan Israelfo nkyemu anan mu baako? Ma minwu atreneefo wu, na mʼawiei nyɛ sɛ wɔn de.”
11 Balak said to Balaam, “What have you done to me? I took you to curse my enemies, and behold, you have blessed them altogether.”
Balak bisaa Balaam se, “Dɛn na woayɛ me yi? Mede wo baa sɛ bɛdome mʼatamfo, nanso woahyira wɔn mmom!”
12 He answered and said, “Must I not take heed to speak that which Yahweh puts in my mouth?”
Obuae se, “So ɛnsɛ sɛ meka nea Awurade de ahyɛ mʼano no ana?”
13 Balak said to him, “Please come with me to another place, where you may see them. You shall see just part of them, and shall not see them all. Curse them from there for me.”
Afei, Balak ka kyerɛɛ no se, “Bra na yɛnkɔ baabi foforo a yebehu wɔn; worenhu wɔn nyinaa, gye wɔn atenae no nkyɛn nkyɛn. Gyina hɔ na dome wɔn ma me.”
14 He took him into the field of Zophim, to the top of Pisgah, and built seven altars, and offered up a bull and a ram on every altar.
Enti ɔde no kɔɔ Sofim bepɔw Pisga atifi. Osii afɔremuka ason wɔ hɔ na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔre afɔre wɔ afɔremuka biara so.
15 He said to Balak, “Stand here by your burnt offering, while I meet God over there.”
Balaam ka kyerɛɛ Balak se, “Tena wʼafɔre no ho wɔ ha na me nso merekohyia Awuradewɔ hɔ.”
16 Yahweh met Balaam, and put a word in his mouth, and said, “Return to Balak, and say this.”
Awurade hyiaa Balaam na ɔde asɛm hyɛɛ nʼanom se, “San kɔ Balak hɔ na kɔka asɛm yi kyerɛ no.”
17 He came to him, and behold, he was standing by his burnt offering, and the princes of Moab with him. Balak said to him, “What has Yahweh spoken?”
Enti ɔsan ba bɛtoo no no sɛ ogyina nʼafɔre no ho a Moab mpanyimfo no ka ne ho. Balak bisae se, “Awurade aka dɛn?”
18 He took up his parable, and said, “Rise up, Balak, and hear! Listen to me, you son of Zippor.
Na ɔhyɛɛ ne nkɔm: “Balak, sɔre na tie; Sipor babarima tie me.
19 God is not a man, that he should lie, nor a son of man, that he should repent. Has he said, and he won’t do it? Or has he spoken, and he won’t make it good?
Onyankopɔn nyɛ onipa na wadi atoro; Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene. Ɔka asɛm a ɔnyɛ ana? Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so ana?
20 Behold, I have received a command to bless. He has blessed, and I can’t reverse it.
Wɔahyɛ me sɛ minhyira; wahyira, na merentumi nnan ani!
21 He has not seen iniquity in Jacob. Neither has he seen perverseness in Israel. Yahweh his God is with him. The shout of a king is among them.
“Wonhu ɔyawdi bi wɔ Yakob mu, wonhuu awerɛhowdi biara wɔ Israel mu. Awurade, wɔn Nyankopɔn ka wɔn ho; Ɔhene ka wɔn ho!
22 God brings them out of Egypt. He has as it were the strength of the wild ox.
Onyankopɔn yii wɔn fii Misraim; ɔte sɛ nantwi hoɔdenfo ma wɔn.
23 Surely there is no enchantment with Jacob; neither is there any divination with Israel. Now it shall be said of Jacob and of Israel, ‘What has God done!’
Nnome biara mmaa Yakob so ɛ, mmusu biara nni Israel so. Afei, wɔbɛka afa Yakob ne Israel ho se, ‘Hwɛ nea Onyankopɔn ayɛ!’
24 Behold, a people rises up as a lioness. As a lion he lifts himself up. He shall not lie down until he eats of the prey, and drinks the blood of the slain.”
Nnipa no sɔre sɛ gyatabere. Wɔwosow wɔn ho sɛ gyata a onnye nʼahome de kosi sɛ ɔbɛtetew nea wakyere no no nam pasaa na ɔnom nea wakyere no no mogya.”
25 Balak said to Balaam, “Neither curse them at all, nor bless them at all.”
Na Balak ka kyerɛɛ Balaam se, “Sɛ worennome wɔn a, ɛno de nhyira wɔn koraa.”
26 But Balaam answered Balak, “Didn’t I tell you, saying, ‘All that Yahweh speaks, that I must do’?”
Balaam buaa no se, “Manka ankyerɛ wo se nea Awurade bɛka biara na mɛyɛ ana?”
27 Balak said to Balaam, “Come now, I will take you to another place; perhaps it will please God that you may curse them for me from there.”
Afei, Balak ka kyerɛɛ Balaam se, “Bra mma memfa wo nkɔ baabi foforo. Ebia, ɛhɔ bɛyɛ anisɔ ama Onyankopɔn sɛ wubegyina hɔ adome wɔn.”
28 Balak took Balaam to the top of Peor, that looks down on the desert.
Na Balak faa Balaam de no kɔɔ bepɔw Peor a ani kyerɛ nweatam no atifi pɛɛ no so.
29 Balaam said to Balak, “Build seven altars for me here, and prepare seven bulls and seven rams for me here.”
Bio, Balaam kae se, “Si afɔremuka ason na siesie anantwinini ason ne adwennini ason ma me.”
30 Balak did as Balaam had said, and offered up a bull and a ram on every altar.
Balak yɛɛ nea Balaam kae no, enti ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka no biara so.

< Numbers 23 >