< Micah 5 >

1 Now you shall gather yourself in troops, daughter of troops. He has laid siege against us. They will strike the judge of Israel with a rod on the cheek.
Mommoaboa mo akodɔm ano, Ao akofoɔ kuropɔn, ɛfiri sɛ, atamfoɔ atwa yɛn ho ahyia. Wɔde abaa bɛbɔ Israel sodifoɔ no wɔ nʼafono so.
2 But you, Bethlehem Ephrathah, being small among the clans of Judah, out of you one will come out to me who is to be ruler in Israel; whose goings out are from of old, from ancient times.
“Nanso wo, Betlehem Efrata, ɛwom sɛ woyɛ ketewa wɔ Yuda mmusua mu deɛ, nanso, wo mu na obi bɛfiri ama me a ɔbɛyɛ Israel sodifoɔ, na nʼase firi teteete.”
3 Therefore he will abandon them until the time that she who is in labor gives birth. Then the rest of his brothers will return to the children of Israel.
Enti wɔbɛgya Israelfoɔ mu, kɔsi sɛ ɔbaa a awoɔ aka no no bɛwo na ne nuanom mmarima nkaeɛ bɛsane akɔka Israelfoɔ ho.
4 He shall stand, and shall shepherd in the strength of Yahweh, in the majesty of the name of Yahweh his God. They will live, for then he will be great to the ends of the earth.
Ɔbɛsɔre ahwɛ ne nnwankuo wɔ Awurade ahoɔden mu, wɔ Awurade ne Onyankopɔn din kɛseyɛ mu. Na wɔbɛtena asomdwoeɛ mu, na afei ne kɛseyɛ bɛduru asase awieeɛ.
5 He will be our peace when Assyria invades our land and when he marches through our fortresses, then we will raise against him seven shepherds, and eight leaders of men.
Na ɔbɛyɛ wɔn asomdwoeɛ. Sɛ Asiriafoɔ bɛto hyɛ yɛn so, na wɔbɔ nsra fa yɛn aban mu a, yɛde nnwanhwɛfoɔ nson, mpo ntuanofoɔ nwɔtwe bɛhyia wɔn.
6 They will rule the land of Assyria with the sword, and the land of Nimrod in its gates. He will deliver us from the Assyrian, when he invades our land, and when he marches within our border.
Wɔde akofena bɛdi Asiria asase so, wɔbɛtwe akofena de adi Nimrod asase so. Sɛ Asiriafoɔ to hyɛ yɛn so, bɔ nsra fa yɛn ahyeɛ so a, ɔbɛgye yɛn afiri ne nsam.
7 The remnant of Jacob will be among many peoples like dew from Yahweh, like showers on the grass, that don’t wait for man nor wait for the sons of men.
Yakob asefoɔ nkaeɛ no bɛfrafra nnipa bebree mu te sɛ obosuo a ɛfiri Awurade, te sɛ osuo a ɛpete gu ɛserɛ so a ɛnntwɛn ɔdasani, na ɔdasani biara rentumi nsi ho ɛkwan.
8 The remnant of Jacob will be among the nations, among many peoples, like a lion among the animals of the forest, like a young lion among the flocks of sheep; who, if he goes through, treads down and tears in pieces, and there is no one to deliver.
Wɔbɛkane Yakob asefoɔ nkaeɛ no afra aman no mu, wɔbɛfrafra nnipa bebree mu te sɛ gyata a ɔfra mmoa mu wɔ kwaeɛ mu, te sɛ gyata ba a ɔfra nnwankuo mu a ɔbobɔ wɔn tete wɔn mu na obiara ntumi nnye wɔn.
9 Let your hand be lifted up above your adversaries, and let all of your enemies be cut off.
Wɔbɛma wo nsa so sɛ woadi wʼatamfoɔ so nkonim, na wɔbɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa.
10 “It will happen in that day”, says Yahweh, “that I will cut off your horses from among you and will destroy your chariots.
“Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Mɛsɛe apɔnkɔ a wowɔ na mabubu wo nteaseɛnam.
11 I will cut off the cities of your land and will tear down all your strongholds.
Mɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ wʼasase so na madwiri wo banbɔ denden nyinaa agu.
12 I will destroy witchcraft from your hand. You shall have no soothsayers.
Mɛsɛe wʼabayisɛm na wo ntafowayie to bɛtwa.
13 I will cut off your engraved images and your pillars from among you; and you shall no more worship the work of your hands.
Mɛsɛe nsɛsodeɛ a wode wo nsa ayɛ ne aboɔ ahoni a wowɔ no, na worenkoto nsɔre wo nsa ano adwuma bio.
14 I will uproot your Asherah poles from among you; and I will destroy your cities.
Mɛtutu Asera afɔrebukyia no afiri wo mu na masɛe wo nkuropɔn.
15 I will execute vengeance in anger and wrath on the nations that didn’t listen.”
Aman a wɔantie mʼasɛm no nyinaa, mede abufuo ne abufuhyeɛ bɛtɔ wɔn so wedeɛ.”

< Micah 5 >