< Micah 1 >

1 Yahweh’s word that came to Micah of Morasheth in the days of Jotham, Ahaz, and Hezekiah, kings of Judah, which he saw concerning Samaria and Jerusalem.
Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika bere a na Yotam, Ahas ne Hesekia di ade wɔ Yuda no. Anisoade a ohu faa Samaria ne Yerusalem ho.
2 Hear, you peoples, all of you! Listen, O earth, and all that is therein. Let the Lord Yahweh be witness against you, the Lord from his holy temple.
Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa, muntie, asase ne mo a mote so nyinaa. Otumfo Awurade redi adanse atia mo, ɔkasa fi nʼasɔredan kronkron no mu.
3 For behold, Yahweh comes out of his place, and will come down and tread on the high places of the earth.
Monhwɛ! Awurade fi nʼatenae reba; ɔresian na ɔnam asase sorɔnsorɔmmea so.
4 The mountains melt under him, and the valleys split apart like wax before the fire, like waters that are poured down a steep place.
Mmepɔw nan wɔ nʼase, aku mu paapae te sɛ ama a aka ogya, te sɛ nsu a ɛresian waa fi koko so.
5 “All this is for the disobedience of Jacob, and for the sins of the house of Israel. What is the disobedience of Jacob? Isn’t it Samaria? And what are the high places of Judah? Aren’t they Jerusalem?
Eyi nyinaa yɛ Yakob nnebɔne, ne bɔne ahorow a ɛwɔ Israel fi nti. Yakob nnebɔne ne dɛn? Ɛnyɛ Samaria ana? Na he ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ Yerusalem ana?
6 Therefore I will make Samaria like a rubble heap of the field, like places for planting vineyards; and I will pour down its stones into the valley, and I will uncover its foundations.
“Enti mɛyɛ Samaria kurow no nnwiriwii siw, baabi a wɔbɛyɛ bobe turo. Mehwie nʼabo agu obon mu ama ne fapem ho ada hɔ.
7 All her idols will be beaten to pieces, all her temple gifts will be burned with fire, and I will destroy all her images; for of the hire of a prostitute has she gathered them, and to the hire of a prostitute shall they return.”
Wobebubu nʼahoni nyinaa mu asinasin; wɔde ogya bɛhyew nʼasɔredan mu ayɛyɛde nyinaa. Mɛsɛe ne nsɛsode nyinaa. Esiane sɛ nʼakyɛde a waboa ano no nyinaa, onya fii nguamanfo akatua mu no nti wɔde bɛma nguamanfo.”
8 For this I will lament and wail. I will go stripped and naked. I will howl like the jackals and mourn like the ostriches.
Eyinom nti mesu atwa agyaadwo; mede adagyaw bɛnantew na merenhyɛ mpaboa. Mɛworo so sɛ odompo na masu sɛ patu.
9 For her wounds are incurable; for it has come even to Judah. It reaches to the gate of my people, even to Jerusalem.
Nʼapirakuru no wu ayɛ den; abedu Yuda. Abedu me nkurɔfo pon ano mpo adu Yerusalem ankasa.
10 Don’t tell it in Gath. Don’t weep at all. At Beth Ophrah I have rolled myself in the dust.
Monnka no wɔ Gat munnsu koraa Mo a mowɔ Bet-Leafra de, monyantam mfutuma mu.
11 Pass on, inhabitant of Shaphir, in nakedness and shame. The inhabitant of Zaanan won’t come out. The wailing of Beth Ezel will take from you his protection.
Monsen nkɔ adagyaw ne aniwu mu, mo a mote Safir. Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue. Bet-Esel wɔ awerɛhow mu; efisɛ, wo hɔ na onya ne bammɔ.
12 For the inhabitant of Maroth waits anxiously for good, because evil has come down from Yahweh to the gate of Jerusalem.
Wɔn a wɔte Marot de ɔyaw nunununu wɔn mu de twɛn mmoa, efisɛ amanehunu a efi Awurade hɔ aba abedu Yerusalem pon ano.
13 Harness the chariot to the swift steed, inhabitant of Lachish. She was the beginning of sin to the daughter of Zion; for the transgressions of Israel were found in you.
Mo a mote Lakis, munsiesie nteaseɛnam no. Mone bɔne farebae ma Ɔbabea Sion, na mudii Israel anim kɔɔ bɔne mu.
14 Therefore you will give a parting gift to Moresheth Gath. The houses of Achzib will be a deceitful thing to the kings of Israel.
Enti mode ntetewmu akyɛde bɛma Moreset-Gat, Aksib kurow bɛdaadaa Israel ahemfo.
15 I will yet bring a conqueror to you, inhabitants of Mareshah. The glory of Israel will come to Adullam.
Mede nkonimdifo bɛtoa mo; mo a mote Maresa. Nea ɔyɛ Israel onuonyamfo no bɛba Adulam.
16 Shave your heads, and cut off your hair for the children of your delight. Enlarge your baldness like the vulture, for they have gone into captivity from you!
Munyi mo tinwi mfa nni awerɛhow, wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho; mommɔ tikwaw te sɛ opete, efisɛ, wɔbɛfa wɔn afi mo nkyɛn akɔ nnommum mu.

< Micah 1 >