< Matthew 26 >

1 When Jesus had finished all these words, he said to his disciples,
Yesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se,
2 “You know that after two days the Passover is coming, and the Son of Man will be delivered up to be crucified.”
“Sɛnea munim no aka nnaanu na Twam Afahyɛ no adu, na wobeyi Onipa Ba no ama, na wɔabɔ no asennua mu.”
3 Then the chief priests, the scribes, and the elders of the people were gathered together in the court of the high priest, who was called Caiaphas.
Saa bere no ara na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi ahyia mu wɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa fi,
4 They took counsel together that they might take Jesus by deceit and kill him.
retu agyina ahwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no a obiara renhu akyi.
5 But they said, “Not during the feast, lest a riot occur among the people.”
Nanso wɔkae se, “Ɛnsɛ sɛ wɔkyere no Twam Afahyɛ no mu, anyɛ saa a, ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.”
6 Now when Jesus was in Bethany, in the house of Simon the leper,
Afei Yesu kɔɔ Betania na ɔkɔɔ Simon ɔkwatani fi.
7 a woman came to him having an alabaster jar of very expensive ointment, and she poured it on his head as he sat at the table.
Ɔwɔ hɔ redidi no, ɔbea bi a okura ngo huamhuam bi a ne bo yɛ den yiye toa ma baa hɔ, behwie guu Yesu tirim.
8 But when his disciples saw this, they were indignant, saying, “Why this waste?
Asuafo no hui no, anyɛ wɔn dɛ. Wɔkae se, “Adesɛe yi ase ne dɛn?
9 For this ointment might have been sold for much and given to the poor.”
Anka wobetumi atɔn srade huamhuam yi anya sika bebree de ama ahiafo.”
10 However, knowing this, Jesus said to them, “Why do you trouble the woman? She has done a good work for me.
Yesu huu wɔn adwene na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Adɛn na mohaw ɔbea yi? Wayɛ ade pa ama me.
11 For you always have the poor with you, but you don’t always have me.
Mo ne ahiafo wɔ ha daa na me de, me ne mo nni hɔ daa.
12 For in pouring this ointment on my body, she did it to prepare me for burial.
Wahwie ngo huamhuam yi agu me so de asiesie me nipadua ama me sie.
13 Most certainly I tell you, wherever this Good News is preached in the whole world, what this woman has done will also be spoken of as a memorial of her.”
Nokware, mise mo sɛ, wɔbɛka nea ɔyɛe yi wɔ wiase baabiara a wɔka asɛmpa no de akae no.”
14 Then one of the twelve, who was called Judas Iscariot, went to the chief priests
Afei Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn
15 and said, “What are you willing to give me if I deliver him to you?” So they weighed out for him thirty pieces of silver.
kobisaa wɔn se, “Sɛ miyi Yesu ma mo a, ahe na mode bɛma me?” Wɔmaa no dwetɛ mpɔw aduasa.
16 From that time he sought opportunity to betray him.
Efi saa bere no, Yuda hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ayi no ama wɔn.
17 Now on the first day of unleavened bread, the disciples came to Jesus, saying to him, “Where do you want us to prepare for you to eat the Passover?”
Apiti Afahyɛ da a edi kan no, asuafo no baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Ɛhe na wopɛ sɛ yekodi Twam Afahyɛ no?”
18 He said, “Go into the city to a certain person, and tell him, ‘The Teacher says, “My time is at hand. I will keep the Passover at your house with my disciples.”’”
Obuaa wɔn se, “Monkɔ kurow no mu nkohu ɔpanyin asiamasi nka nkyerɛ no se, ‘Kyerɛkyerɛfo no se, Me bere abɛn, na wo fi na me ne nʼasuafo no bedi Twam Afahyɛ no.’”
19 The disciples did as Jesus commanded them, and they prepared the Passover.
Asuafo no dii nea ɔka kyerɛɛ wɔn no so, yɛɛ Twam Afahyɛ aduan no.
20 Now when evening had come, he was reclining at the table with the twelve disciples.
Anwummere no na ɔne Dumien no te adidii.
21 As they were eating, he said, “Most certainly I tell you that one of you will betray me.”
Wɔredidi no ɔkae se, “Mereka mo nokware, mo mu baako beyi me ama.”
22 They were exceedingly sorrowful, and each began to ask him, “It isn’t me, is it, Lord?”
Asɛm yi maa wɔn werɛ howee yiye, na wofii ase bisabisaa mmaako mmaako se, “Awurade, ɛyɛ me ana?”
23 He answered, “He who dipped his hand with me in the dish will betray me.
Yesu buae se, “Nea ɔne me nsa da asanka baako mu no, ɔno na obeyi me ama.
24 The Son of Man goes even as it is written of him, but woe to that man through whom the Son of Man is betrayed! It would be better for that man if he had not been born.”
Onipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw afa ne ho de, nanso onipa a obeyi no ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no mpo a, anka eye.”
25 Judas, who betrayed him, answered, “It isn’t me, is it, Rabbi?” He said to him, “You said it.”
Yuda a obeyi no ama nso bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɛyɛ me ana?” Yesu buaa no se, “Woaka.”
26 As they were eating, Jesus took bread, gave thanks for it, and broke it. He gave to the disciples and said, “Take, eat; this is my body.”
Bere a wɔredidi no. Yesu faa brodo, na ohyiraa so bubuu mu, de maa nʼasuafo no kae se: “Munnye nni, eyi ne me nipadua.”
27 He took the cup, gave thanks, and gave to them, saying, “All of you drink it,
Na ɔfaa kuruwa no, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn kae se, “Mo nyinaa monnom bi,
28 for this is my blood of the new covenant, which is poured out for many for the remission of sins.
na eyi ne me mogya a ɛhyɛ Apam Foforo no mu den, a wohwie gu ma nnipa bebree nya bɔnefakyɛ.
29 But I tell you that I will not drink of this fruit of the vine from now on, until that day when I drink it anew with you in my Father’s Kingdom.”
Mise mo sɛ, merennom saa nsa yi bi bio da, de bɛkɔ akosi da a me ne mo bɛnom bi bio wɔ mʼAgya Ahenni no mu.”
30 When they had sung a hymn, they went out to the Mount of Olives.
Na wɔtoo dwom wiee no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw no so.
31 Then Jesus said to them, “All of you will be made to stumble because of me tonight, for it is written, ‘I will strike the shepherd, and the sheep of the flock will be scattered.’
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Anadwo yi, mo nyinaa beguan agya me. Na wɔakyerɛw se, “‘wɔbɛbɔ oguanhwɛfo no, na nguankuw no abɔ apete.’
32 But after I am raised up, I will go before you into Galilee.”
Na sɛ miwu sɔre a, medi mo kan akɔ Galilea.”
33 But Peter answered him, “Even if all will be made to stumble because of you, I will never be made to stumble.”
Petro buae se, “Sɛ nnipa nyinaa beguan agya wo a, me de, merenguan nnya wo da.”
34 Jesus said to him, “Most certainly I tell you that tonight, before the rooster crows, you will deny me three times.”
Yesu buae se, “Nokware mise wo sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woapa me mprɛnsa!”
35 Peter said to him, “Even if I must die with you, I will not deny you.” All of the disciples also said likewise.
Petro pae mu kae se, “Mpo sɛ etwa sɛ me ne wo wu a, merempa wo da!” Asuafo no nyinaa nso kaa saa asɛm koro yi ara.
36 Then Jesus came with them to a place called Gethsemane, and said to his disciples, “Sit here, while I go there and pray.”
Yesu de wɔn kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane. Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Montena ha na merekɔ hɔ akɔbɔ mpae.”
37 He took with him Peter and the two sons of Zebedee, and began to be sorrowful and severely troubled.
Ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu no kaa ne ho, na ne werɛ fii ase howee, na ne ho nso yeraw no.
38 Then Jesus said to them, “My soul is exceedingly sorrowful, even to death. Stay here and watch with me.”
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awerɛhow ahyɛ me kra so de kɔ owu mu. Montena ha na mo ne me nwɛn.”
39 He went forward a little, fell on his face, and prayed, saying, “My Father, if it is possible, let this cup pass away from me; nevertheless, not what I desire, but what you desire.”
Na ɔkɔɔ nʼanim kakra, de nʼanim kobutuw fam bɔɔ mpae se, “MʼAgya, sɛ ebetumi a, ma wonyi kuruwa yi mfi me so. Nanso nea wopɛ na ɛnyɛ na ɛnyɛ nea mepɛ.”
40 He came to the disciples and found them sleeping, and said to Peter, “What, couldn’t you watch with me for one hour?
Na ɔsan baa asuafo baasa no nkyɛn behuu sɛ wɔadeda. Ɔfrɛɛ Petro bisaa no se, “Petro, woantumi antena ase ne me anwɛn dɔnhwerew baako pɛ mpo?
41 Watch and pray, that you don’t enter into temptation. The spirit indeed is willing, but the flesh is weak.”
Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom no pɛ de, nanso ɔhonam no yɛ mmerɛw!”
42 Again, a second time he went away and prayed, saying, “My Father, if this cup can’t pass away from me unless I drink it, your desire be done.”
Ɔsan gyaw wɔn hɔ nea ɛto so abien kɔbɔɔ mpae se, “MʼAgya, sɛ wɔrenyi kuruwa yi mfi me so, na nom ara na ɛsɛ sɛ menom a, nea wopɛ nyɛ.”
43 He came again and found them sleeping, for their eyes were heavy.
Ɔsan baa wɔn nkyɛn bio behuu wɔn sɛ wɔadeda efisɛ na wɔn ani kum yiye.
44 He left them again, went away, and prayed a third time, saying the same words.
Ɔsan kɔɔ mpaebɔ a ɛto so abiɛsa so kɔbɔɔ mpae kaa asɛm koro no ara.
45 Then he came to his disciples and said to them, “Are you still sleeping and resting? Behold, the hour is at hand, and the Son of Man is betrayed into the hands of sinners.
Ɔsan baa asuafo no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn se, “Afei de, monna na monhome. Nanso dɔn no adu. Wɔrebeyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa!
46 Arise, let’s be going. Behold, he who betrays me is at hand.”
Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ! Nea ɔreyi me ama no na ɔreba no!”
47 While he was still speaking, behold, Judas, one of the twelve, came, and with him a great multitude with swords and clubs, from the chief priests and elders of the people.
Ogu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako ne dɔm a Yudafo mpanyin asoma wɔn a wokurakura afoa ne nkontimmaa baa hɔ.
48 Now he who betrayed him had given them a sign, saying, “Whoever I kiss, he is the one. Seize him.”
Na Yuda aka akyerɛ wɔn se, “Nea mefew nʼafono no ne onipa no; mokyere no”
49 Immediately he came to Jesus, and said, “Greetings, Rabbi!” and kissed him.
Yuda baa Yesu nkyɛn bɛbam no kae se, “Me wura!” Na ofew nʼafono.
50 Jesus said to him, “Friend, why are you here?” Then they came and laid hands on Jesus, and took him.
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Damfo, nea wobaa ha se worebɛyɛ no, yɛ no ntɛm.” Ɛhɔ ara, wɔn a wɔne Yuda nam no kyeree Yesu.
51 Behold, one of those who were with Jesus stretched out his hand and drew his sword, and struck the servant of the high priest, and cut off his ear.
Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee nʼafoa de twaa Ɔsɔfopanyin no akoa bi aso.
52 Then Jesus said to him, “Put your sword back into its place, for all those who take the sword will die by the sword.
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Fa wʼafoa no to nea ɛda. Na wɔn a wɔtwe afoa no, afoa ano na wobewu.
53 Or do you think that I couldn’t ask my Father, and he would even now send me more than twelve legions of angels?
Munnim sɛ metumi aka akyerɛ mʼAgya na wasoma nʼabɔfo mpempem aba ntɛm so, na wɔabɛbɔ yɛn ho ban?
54 How then would the Scriptures be fulfilled that it must be so?”
Nanso sɛ meyɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na nea Kyerɛwsɛm no ka se ɛsɛ sɛ esi wɔ eyi ho no bɛba mu?”
55 In that hour Jesus said to the multitudes, “Have you come out as against a robber with swords and clubs to seize me? I sat daily in the temple teaching, and you didn’t arrest me.
Bere no mu ara na Yesu bisaa dɔm a wɔbaa ne so no se, “Midi atuatewfo anim nti na mode afoa ne nkontimmaa aba me so sɛ mode rebɛkyere me yi? Metenaa mo nkyɛn kyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu da biara, nso moansiw me kwan.
56 But all this has happened that the Scriptures of the prophets might be fulfilled.” Then all the disciples left him and fled.
Nanso eyi nyinaa aba sɛnea ɛbɛyɛ a nea adiyifo no kae wɔ Kyerɛwsɛm mu no bɛba mu.” Saa bere no ara mu na asuafo no nyinaa guan gyaa no.
57 Those who had taken Jesus led him away to Caiaphas the high priest, where the scribes and the elders were gathered together.
Afei dɔm a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa anim, baabi a mmarakyerɛfo ne Yudafo mpanyin nyinaa ahyia hɔ.
58 But Peter followed him from a distance to the court of the high priest, and entered in and sat with the officers, to see the end.
Petro tew ne ho dii nnipadɔm no akyi baa Ɔsɔfopanyin no fi hɔ bi. Ɔkɔtenaa asomfo a wɔwɔ hɔ no mu se ɔrehwɛ asɛm a ebesi.
59 Now the chief priests, the elders, and the whole council sought false testimony against Jesus, that they might put him to death,
Asɔfo mpanyin ne Yudafo asennifo akunini nyinaa hyiaa wɔ hɔ hwehwɛɛ sɛ wobenya nnansefo bi a wobedi adansekurum ato Yesu so, na wɔagyina so abu no kumfɔ.
60 and they found none. Even though many false witnesses came forward, they found none. But at last two false witnesses came forward
Nnipa bebree bedii adanse, nanso wohuu sɛ wɔredi adansekurumu, efisɛ na wɔn nsɛm a wɔka no nyinaa bɔ abira. Akyiri no, nnipa baanu bi ba bɛkae
61 and said, “This man said, ‘I am able to destroy the temple of God, and to build it in three days.’”
se, “Saa onipa yi kae se, ‘Metumi abubu Onyankopɔn asɔredan na masi no nnansa!’”
62 The high priest stood up and said to him, “Have you no answer? What is this that these testify against you?”
Ɔsɔfopanyin no sɔre bisaa Yesu se, “Dɛn na wowɔ ka? Wokaa saa anaasɛ woanka saa?”
63 But Jesus stayed silent. The high priest answered him, “I adjure you by the living God that you tell us whether you are the Christ, the Son of God.”
Nanso Yesu ammua no. Ɔsɔfopanyin no ka kyerɛɛ no se, “Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no a, ka kyerɛ yɛn!”
64 Jesus said to him, “You have said so. Nevertheless, I tell you, after this you will see the Son of Man sitting at the right hand of Power, and coming on the clouds of the sky.”
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Yiw, woaka. Na mereka kyerɛ mo nyinaa: Efi nnɛ mubehu Onipa Ba no sɛ mete Onyankopɔn nifa na ɔnam omununkum mu resan aba.”
65 Then the high priest tore his clothing, saying, “He has spoken blasphemy! Why do we need any more witnesses? Behold, now you have heard his blasphemy.
Ɔsɔfopanyin no sunsuan nʼatade mu teɛɛ mu se, “Abususɛm! Nnansefo bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkae no!
66 What do you think?” They answered, “He is worthy of death!”
Asɛm bɛn na mowɔ ka?” Wɔn nyinaa teɛɛ mu se, “Ɔsɛ owu!”
67 Then they spat in his face and beat him with their fists, and some slapped him,
Afei wɔtee ntasu guu nʼani so. Ebinom bobɔɔ no akuturuku na ebinom nso bobɔɔ no asotɔre
68 saying, “Prophesy to us, you Christ! Who hit you?”
kae se, “Wone Agyenkwa no! Kyerɛ yɛn nea ɔbɔɔ wo?”
69 Now Peter was sitting outside in the court, and a maid came to him, saying, “You were also with Jesus, the Galilean!”
Saa bere no na Petro te adiwo. Abaawa bi baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Wo nso, na wo ne Yesu na ɛnam. Mo nyinaa mufi Galilea.”
70 But he denied it before them all, saying, “I don’t know what you are talking about.”
Nanso Petro san se, “Minnim nea woreka yi ho hwee.”
71 When he had gone out onto the porch, someone else saw him and said to those who were there, “This man also was with Jesus of Nazareth.”
Akyiri no, abaawa foforo bi hyiaa no wɔ ɔpon bi ano ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn gyina hɔ no se, “Na saa ɔbarima yi ne Yesu Nasareni no na ɛnam.”
72 Again he denied it with an oath, “I don’t know the man.”
Petro de ntam san bio se, “Minnim saa onipa a moreka ne ho asɛm no.”
73 After a little while those who stood by came and said to Peter, “Surely you are also one of them, for your speech makes you known.”
Ɛkyɛe kakra no, mmarima a wogyina hɔ no bi bɛka kyerɛɛ Petro se, “Yenim sɛ woyɛ nʼasuafo no mu baako, na wo kasa nso da wo adi sɛ woyɛ Galileani.”
74 Then he began to curse and to swear, “I don’t know the man!” Immediately the rooster crowed.
Petro fii ase dii nsew, kekaa ntam se, “Minnim onipa no!” Amono mu hɔ ara na akokɔ bɔnee.
75 Peter remembered the word which Jesus had said to him, “Before the rooster crows, you will deny me three times.” Then he went out and wept bitterly.
Ɛhɔ na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no se, “Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no. Na ofii adi kosui.

< Matthew 26 >