< Matthew 2 >

1 Now when Jesus was born in Bethlehem of Judea in the days of King Herod, behold, wise men from the east came to Jerusalem, saying,
Bere a Ɔhene Herode di ade no na wɔwoo Yesu wɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea.
2 “Where is he who is born King of the Jews? For we saw his star in the east, and have come to worship him.”
Saa bere no ara mu na anyansafo bi fi apuei baa Yerusalem bebisae se, “Ɛhe na Yudafo hene a wɔawo no no wɔ? Yehuu ne nsoromma wɔ apuei nohɔ, nti na yɛaba sɛ yɛrebɛsom no.”
3 When King Herod heard it, he was troubled, and all Jerusalem with him.
Ɔhene Herode tee saa asɛm yi no, ɛhaw ɔne Yerusalemfo nyinaa adwene yiye.
4 Gathering together all the chief priests and scribes of the people, he asked them where the Christ would be born.
Ɔhene Herode frɛɛ ɔman no mu asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo behyiae. Obisaa wɔn se, “Ɛhefa na wɔbɛwo Kristo no?”
5 They said to him, “In Bethlehem of Judea, for this is written through the prophet,
Wobuaa no se, “Betlehem a ɛwɔ Yudea. Na eyi ne nea odiyifo no kae:
6 ‘You Bethlehem, land of Judah, are in no way least among the princes of Judah; for out of you shall come a governor who shall shepherd my people, Israel.’”
“‘Ao kurow Betlehem, wo a woyɛ otitiriw wɔ Yudaman mu, wo mu na meyi nea obedi me man Israel anim ahwɛ wɔn so.’”
7 Then Herod secretly called the wise men, and learned from them exactly what time the star appeared.
Ɔhene Herode frɛɛ anyansafo no kokoa mu bisaa wɔn bere pɔtee a wohuu nsoromma no. Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn se,
8 He sent them to Bethlehem, and said, “Go and search diligently for the young child. When you have found him, bring me word, so that I also may come and worship him.”
“Monkɔ Betlehem nkɔhwehwɛ abofra no. Sɛ muhu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔsom no bi.”
9 They, having heard the king, went their way; and behold, the star, which they saw in the east, went before them until it came and stood over where the young child was.
Anyansafo no tiee ɔhene no asɛm no wiei no, wɔkɔe. Wɔrekɔ no, nsoromma a wohuu wɔ apuei no san yii ne ho adi bio kyerɛɛ wɔn. Edii wɔn anim kosii faako a wɔawo abofra no wɔ Betlehem hɔ.
10 When they saw the star, they rejoiced with exceedingly great joy.
Bere a wohuu nsoromma no, wɔn ani gyee mmoroso.
11 They came into the house and saw the young child with Mary, his mother, and they fell down and worshiped him. Opening their treasures, they offered to him gifts: gold, frankincense, and myrrh.
Woduu ofi a abofra no ne ne na Maria wɔ mu no, wɔkotow sɔree no. Wɔde wɔn akyɛde a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhuam ne kurobow yɛɛ no ayɛ.
12 Being warned in a dream not to return to Herod, they went back to their own country another way.
Onyankopɔn soo wɔn dae bɔɔ wɔn kɔkɔ se wɔnnsan nkɔ Herode nkyɛn bio wɔ Yerusalem. Enti wɔfaa ɔkwan foforo so kɔɔ wɔn kurom.
13 Now when they had departed, behold, an angel of the Lord appeared to Joseph in a dream, saying, “Arise and take the young child and his mother, and flee into Egypt, and stay there until I tell you, for Herod will seek the young child to destroy him.”
Anyansafo no kɔ akyi no, Awurade bɔfo soo Yosef dae se, “Sɔre fa abofra no ne ne na na monkɔ Misraim nkɔtena hɔ nkosi sɛ mɛkyerɛ mo bere a mobɛsan aba. Efisɛ Ɔhene Herode rehwehwɛ abofra no akum no.”
14 He arose and took the young child and his mother by night and departed into Egypt,
Anadwo no ara Yosef faa abofra no ne Maria sii mu kɔɔ Misraim,
15 and was there until the death of Herod, that it might be fulfilled which was spoken by the Lord through the prophet, saying, “Out of Egypt I called my son.”
ma wɔtenaa hɔ kosii sɛ Ɔhene Herode wui. Eyi na ɛmaa nea Awurade nam odiyifo no so kae se, “Mafrɛ me Ba afi Misraim” no baa mu.
16 Then Herod, when he saw that he was mocked by the wise men, was exceedingly angry, and sent out and killed all the male children who were in Bethlehem and in all the surrounding countryside, from two years old and under, according to the exact time which he had learned from the wise men.
Herode huu sɛ anyansafo no adaadaa no no, ne bo fuw mmoroso. Ɔsomaa nʼasraafo se wɔnkɔ Betlehem ne nkurow a atwa ho ahyia no nyinaa mu nkokunkum nkokoaa mmarimaa kosi wɔn a wɔadi mfe abien so, sɛnea anyansafo no bere a wɔkae sɛ wɔwoo abofra no wɔ mu no kyerɛ no.
17 Then that which was spoken by Jeremiah the prophet was fulfilled, saying,
Nea wɔnam odiyifo Yeremia so kae no baa mu se,
18 “A voice was heard in Ramah, lamentation, weeping and great mourning, Rachel weeping for her children; she wouldn’t be comforted, because they are no more.”
“Wɔte nne bi wɔ Rama. Ɛyɛ osu ne agyaadwo; Rahel resu ne mma; na ɔmpɛ sɛ wɔkyekye ne werɛ, efisɛ wɔnte ase bio.”
19 But when Herod was dead, behold, an angel of the Lord appeared in a dream to Joseph in Egypt, saying,
Herode wu akyi no, Awurade bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef wɔ dae mu wɔ Misraim ka kyerɛɛ no se,
20 “Arise and take the young child and his mother, and go into the land of Israel, for those who sought the young child’s life are dead.”
“Sɔre na fa abofra no ne ne na kɔ Israel asase so, efisɛ wɔn a wɔpɛe sɛ wokum abofra no awuwu.”
21 He arose and took the young child and his mother, and came into the land of Israel.
Yosef faa abofra no ne ne na san kɔɔ Israel asase so bio.
22 But when he heard that Archelaus was reigning over Judea in the place of his father, Herod, he was afraid to go there. Being warned in a dream, he withdrew into the region of Galilee,
Yosef tee sɛ Arkelao a ɔyɛ Herode ba na odi hene wɔ Yudea saa bere no mu no, osuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Awurade san soo no dae foforo bio sɛ ɔnnkɔ Yudea, na mmom, ɔnkɔ Galilea.
23 and came and lived in a city called Nazareth; that it might be fulfilled which was spoken through the prophets that he will be called a Nazarene.
Enti wɔkɔtenaa kurow Nasaret mu. Eyi nso maa nea adiyifo no kae se, “Wɔbɛfrɛ no Nasareni” no baa mu.

< Matthew 2 >