< Matthew 18 >

1 In that hour the disciples came to Jesus, saying, “Who then is greatest in the Kingdom of Heaven?”
Ɛbɛyɛ saa ɛberɛ korɔ no ara mu, Yesu asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, wɔn mu hwan na ɔbɛyɛ kɛseɛ Ɔsoro Ahennie no mu?
2 Jesus called a little child to himself, and set him in the middle of them
Yesu frɛɛ abɔfra ketewa bi de no bɛgyinaa wɔn mfimfini.
3 and said, “Most certainly I tell you, unless you turn and become as little children, you will in no way enter into the Kingdom of Heaven.
Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, gye sɛ motwe mo ho firi mo bɔne ho, na moyɛ sɛ mmɔfra nketewa, na mode mo ho ma Onyankopɔn ansa na mobɛtumi akɔ Ɔsoro Ahennie no mu.
4 Whoever therefore humbles himself as this little child is the greatest in the Kingdom of Heaven.
Enti, obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra yi no, ɔno na ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ koraa Ɔsoro Ahennie mu.
5 Whoever receives one such little child in my name receives me,
Na mo mu biara a, me enti ɔbɛgye abɔfra ketewa biara te sɛ yei no, wagye me nso aba ne nkyɛn.
6 but whoever causes one of these little ones who believe in me to stumble, it would be better for him if a huge millstone were hung around his neck and that he were sunk in the depths of the sea.
“Enti, sɛ obi to mmɔfra nketewa a wɔgye me die yi bi suntidua a, ɛyɛ ma no sɛ anka wɔde ɛboɔ duruduru bɛsɛn ne kɔn mu ato no atwene ɛpo mu.
7 “Woe to the world because of occasions of stumbling! For it must be that the occasions come, but woe to that person through whom the occasion comes!
Ewiase nnue wɔ ne suntiduatoɔ ho! Suntiduatoɔ wɔ hɔ deɛ, nanso deɛ ɛnam ne so bɛba no nnue.
8 If your hand or your foot causes you to stumble, cut it off and cast it from you. It is better for you to enter into life maimed or crippled, rather than having two hands or two feet to be cast into the eternal fire. (aiōnios g166)
Enti, sɛ wo nsa anaa wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode dɛm bɛkɔ ɔsoro sene sɛ wɔde wo onipa mu bɛto ogyatannaa mu. (aiōnios g166)
9 If your eye causes you to stumble, pluck it out and cast it from you. It is better for you to enter into life with one eye, rather than having two eyes to be cast into the Gehenna of fire. (Geenna g1067)
Na sɛ wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode ani korɔ bɛkɔ ɔsoro sene sɛ wowɔ ani mmienu na wɔde wo bɛto amanehunu egya mu. (Geenna g1067)
10 See that you don’t despise one of these little ones, for I tell you that in heaven their angels always see the face of my Father who is in heaven.
“Monhwɛ yie na moammu saa mmɔfra nketewa yi mu baako koraa animtia. Mereka akyerɛ mo sɛ, ɔsoro hɔ no, wɔn abɔfoɔ wɔ mʼagya nkyɛn daa.
11 For the Son of Man came to save that which was lost.
Na me, Agyenkwa no, mebaeɛ sɛ merebɛgye wɔn a wɔayera no nkwa.
12 “What do you think? If a man has one hundred sheep, and one of them goes astray, doesn’t he leave the ninety-nine, go to the mountains, and seek that which has gone astray?
“Sɛ onipa bi wɔ nnwan ɔha, na wɔn mu baako kɔkyini na ɔyera a, ɛdeɛn na ɔbɛyɛ? Ɔrennya aduɔkron nkron no hɔ nkɔkyinkyini mmepɔ so ne abɔn mu nhwehwɛ deɛ wayera no?
13 If he finds it, most certainly I tell you, he rejoices over it more than over the ninety-nine which have not gone astray.
Na sɛ ɛba sɛ ɔhunu saa odwan no a, nʼani gye ne ho sene aduɔkron nkron a wɔwɔ efie no.
14 Even so it is not the will of your Father who is in heaven that one of these little ones should perish.
Saa ara nso na mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no mpɛ sɛ nketewa yi mu baako bɛyera.
15 “If your brother sins against you, go, show him his fault between you and him alone. If he listens to you, you have gained back your brother.
“Sɛ wo nua fom wo a, kɔ ne nkyɛn na wo ne no baanu no nka deɛ ɔyɛɛ wo a ɛnyɛ wo dɛ no. Sɛ ɔtie deɛ woka no, na ɔte ne ho ase a, onua ayɛ onua.
16 But if he doesn’t listen, take one or two more with you, that at the mouth of two or three witnesses every word may be established.
Na sɛ wantie nso a, sane fa onipa baako anaa baanu ka wo ho kɔ ne nkyɛn, na deɛ ɛbɛsi biara no, nnipa baanu anaa baasa adi ho adanseɛ.
17 If he refuses to listen to them, tell it to the assembly. If he refuses to hear the assembly also, let him be to you as a Gentile or a tax collector.
Sɛ wantie wo a, fa asɛm no kɔma asafo. Na sɛ wodi bem asafo no anim, na ɔnte ne ho ase ara a, asafo no mpam no mfiri wɔn mu.
18 Most certainly I tell you, whatever things you bind on earth will have been bound in heaven, and whatever things you release on earth will have been released in heaven.
“Mereka akyerɛ mo sɛ, biribiara a mokyekyere wɔ asase so no, wɔakyekyere wɔ ɔsoro, na biribiara a moasane wɔ asase so no, wɔasane wɔ ɔsoro.
19 Again, assuredly I tell you, that if two of you will agree on earth concerning anything that they will ask, it will be done for them by my Father who is in heaven.
“Meresane aka akyerɛ mo bio sɛ, sɛ mo mu baanu biara a wɔte asase yi so hwehwɛ biribi na wɔde nokorɛ bisa mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no a, ɔbɛyɛ ama wɔn.
20 For where two or three are gathered together in my name, there I am in the middle of them.”
Na deɛ baanu anaa baasa ahyia wɔ me din mu no, na mewɔ wɔn mfimfini.”
21 Then Peter came and said to him, “Lord, how often shall my brother sin against me, and I forgive him? Until seven times?”
Petro baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Awurade, mpɛn ahe na sɛ me nua fom me a memfa nkyɛ no? Mpɛn nson anaa?”
22 Jesus said to him, “I don’t tell you until seven times, but, until seventy times seven.
Yesu buaa no sɛ, “Dabi! Mpɛn aduɔson ahodoɔ nson!
23 Therefore the Kingdom of Heaven is like a certain king who wanted to settle accounts with his servants.
“Ɔsoro Ahennie no te sɛ ɔhene bi a ɔpɛɛ sɛ ɔne nʼapaafoɔ bu nkonta.
24 When he had begun to settle, one was brought to him who owed him ten thousand talents.
Nkontabuo no mu no, wɔde ɔpaani bi a ɔde no ka sika ɔpepem edu brɛɛ no.
25 But because he couldn’t pay, his lord commanded him to be sold, with his wife, his children, and all that he had, and payment to be made.
Esiane sɛ na ɔnni sika a ɔde bɛtua ka no enti, ɔhene no hyɛɛ sɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma ne biribiara a ɔwɔ, na wɔmfa mmɛtua ɛka no.
26 The servant therefore fell down and knelt before him, saying, ‘Lord, have patience with me, and I will repay you all!’
“Ɔpaani yi de nʼanim butuu fam, srɛɛ ne wura yi sɛ, ‘Me wura, hunu me mmɔbɔ, na to wo bo ase ma me, na mɛba abɛtua ɛka a mede wo no nyinaa.’
27 The lord of that servant, being moved with compassion, released him and forgave him the debt.
Ɔpaani yi asɛm a ɔkaeɛ no yɛɛ ɔhene no mmɔbɔ, ma ɔgyaa no de ne ka no nyinaa nso kyɛɛ no.
28 “But that servant went out and found one of his fellow servants who owed him one hundred denarii, and he grabbed him and took him by the throat, saying, ‘Pay me what you owe!’
“Saa ɔpaani yi firi hɔ no, ɔkɔhunuu ne nwurakwaa no mu bi a ɔde no ka sika kakraa bi. Ɔtim no amene sɛ ɔntua no ɛka a ɔde no no wɔ ɛhɔ ara.
29 “So his fellow servant fell down at his feet and begged him, saying, ‘Have patience with me, and I will repay you!’
“Na nʼawurakwaa no koto, paa no kyɛw sɛ ɔnto ne bo ase mma no, na ɔbɛtua ka no.
30 He would not, but went and cast him into prison until he should pay back that which was due.
“Nanso ɔno deɛ, wampene. Ɔmaa wɔde no kɔtoo afiase sɛ gye sɛ watua no ka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔagyaa no.
31 So when his fellow servants saw what was done, they were exceedingly sorry, and came and told their lord all that was done.
Ɔkafoɔ yi nnamfo kɔkaa asɛm a asi no nyinaa kyerɛɛ ɔhene no.
32 Then his lord called him in and said to him, ‘You wicked servant! I forgave you all that debt because you begged me.
“Ɔhene no teeɛ no, ɔfrɛɛ saa ɔpaani a ɔde ne ho kyɛɛ no no baa nʼanim. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Onipa bɔne ne otirimuɔdenfoɔ! Wosrɛɛ me no, mede ɛka kɛseɛ a wode me no nyinaa kyɛɛ wo;
33 Shouldn’t you also have had mercy on your fellow servant, even as I had mercy on you?’
ɛnsɛ wo sɛ wo nso wohunu wo yɔnko mmɔbɔ sɛdeɛ mehunu wo mmɔbɔ no anaa?’
34 His lord was angry, and delivered him to the tormentors until he should pay all that was due to him.
Ɔhene no de abufuo maa wɔde ɔpaani yi kɔtoo afiase kaa sɛ, gye sɛ watua ɛka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔayi no.
35 So my heavenly Father will also do to you, if you don’t each forgive your brother from your hearts for his misdeeds.”
“Saa ara na sɛ moamfa mo nuanom mfomsoɔ ankyɛ wɔn a, me ɔsoro Agya nso remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo.”

< Matthew 18 >