< Luke 9 >

1 He called the twelve together and gave them power and authority over all demons, and to cure diseases.
Da bi Yesu frɛɛ Dumien no hyia maa wɔn tumi ne ahoɔden a wɔde betu ahonhommɔne na wɔde asa nyarewa nso.
2 He sent them out to preach God’s Kingdom and to heal the sick.
Afei ɔsomaa wɔn se wɔnkɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm na wɔnsa nyarewa.
3 He said to them, “Take nothing for your journey—no staffs, nor wallet, nor bread, nor money. Don’t have two tunics each.
Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo akwantu yi mu, mommfa biribiara nnkɔ, sɛ ɛyɛ pema anaa akwantukotoku, anaa aduan biara, anaa sika, anaa ntade abien abien.
4 Into whatever house you enter, stay there, and depart from there.
Na sɛ mokɔ kurow bi mu a, ofi biara a mobɛsoɛ wɔ mu no, ɛhɔ ara na montena nkosi sɛ mubefi kurow no mu.
5 As many as don’t receive you, when you depart from that city, shake off even the dust from your feet for a testimony against them.”
Sɛ mokɔ kurow biara mu na wɔannye mo, na morefi hɔ akɔ a, momporoporow mo anan ase mfutuma mfa nkyerɛ sɛ, mo ne wɔn nni hwee yɛ bio.”
6 They departed and went throughout the villages, preaching the Good News and healing everywhere.
Wofii hɔ no, wɔkɔɔ nkuraase nkuraase kɔkaa asɛmpa no, saa nyarewa pii nso.
7 Now Herod the tetrarch heard of all that was done by him; and he was very perplexed, because it was said by some that John had risen from the dead,
Ɔmansinhene Herode tee nea Yesu ayɛ no nyinaa no, ɛhaw no yiye, efisɛ na ebinom keka se Osuboni Yohane na wasɔre afi awufo mu,
8 and by some that Elijah had appeared, and by others that one of the old prophets had risen again.
na afoforo nso se ɛyɛ Elia anaa tete adiyifo no mu baako na wasɔre afi awufo mu aba.
9 Herod said, “I beheaded John, but who is this about whom I hear such things?” He sought to see him.
Herode kae se, “Yohane de, matwa ne ti, na hena koraa ne saa onipa yi a mete anwonwasɛm a ɛte sɛɛ fa ne ho yi?” Eyi nti ɔpɛɛ sɛ ohu no.
10 The apostles, when they had returned, told him what things they had done. He took them and withdrew apart to a desert region of a city called Bethsaida.
Asomafo no fii wɔn akwantu mu bae no, wɔbɔɔ nsɛm a esisii wɔ hɔ nyinaa ho amanneɛ kyerɛɛ Yesu. Eyi akyi na Yesu ne wɔn twee wɔn ho kɔɔ baabi a ɛbɛn Betsaida.
11 But the multitudes, perceiving it, followed him. He welcomed them, spoke to them of God’s Kingdom, and he cured those who needed healing.
Nnipadɔm no huu nea Yesu ne nʼasomafo no wɔ no, wotiw wɔn ma ogyee wɔn fɛw so, kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm kyerɛɛ wɔn, saa ayarefo yare.
12 The day began to wear away; and the twelve came and said to him, “Send the multitude away, that they may go into the surrounding villages and farms and lodge and get food, for we are here in a deserted place.”
Anim rebiribiri no, dumien no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Ka kyerɛ nnipa no na wɔnkɔ nkurow ne nkuraa a atwa yɛn ho ahyia yi mu nkɔpɛ nea wobedi ne nea wɔbɛda, efisɛ faako a yɛwɔ yi yɛ sare so.”
13 But he said to them, “You give them something to eat.” They said, “We have no more than five loaves and two fish, unless we should go and buy food for all these people.”
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ara momma wɔn biribi nni.” Wobuaa no se, “Yɛwɔ brodo anum ne mpataa abien pɛ. Ɛno nti gye sɛ yɛkɔtɔ aduan brɛ wɔn nyinaa.”
14 For they were about five thousand men. He said to his disciples, “Make them sit down in groups of about fifty each.”
Na nnipa bɛyɛ mpem anum na wɔahyia wɔ hɔ. Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Monhwɛ na nnipa no ntenatena ase aduonum aduonum.”
15 They did so, and made them all sit down.
Wɔyɛɛ sɛnea Yesu kae no.
16 He took the five loaves and the two fish, and looking up to the sky, he blessed them, broke them, and gave them to the disciples to set before the multitude.
Afei Yesu faa brodo anum no ne mpataa abien no na ɔhwɛɛ ɔsoro, daa so ase, hyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafo no se wɔnkyɛ mma nnipa no.
17 They ate and were all filled. They gathered up twelve baskets of broken pieces that were left over.
Obiara didi mee. Asuafo no boaboaa nea wodi ma ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.
18 As he was praying alone, the disciples were near him, and he asked them, “Who do the multitudes say that I am?”
Da bi a Yesu hyɛ kokoa mu baabi rebɔ mpae a nʼasuafo ka ne ho no, obisaa wɔn se, “Nnipa ka se mene hena?”
19 They answered, “‘John the Baptizer,’ but others say, ‘Elijah,’ and others, that one of the old prophets has risen again.”
Wobuaa no se, “Ebinom ka se, woyɛ Osuboni Yohane, ebinom nso ka sɛ Elia, na afoforo nso se, woyɛ tete adiyifo no mu baako a wasɔre afi awufo mu aba.”
20 He said to them, “But who do you say that I am?” Peter answered, “The Christ of God.”
Yesu bisaa wɔn se, “Na mo nso muse mene hena?” Petro buaa no se, “Wone Kristo, nea Onyankopɔn asoma no no.”
21 But he warned them and commanded them to tell this to no one,
Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara.
22 saying, “The Son of Man must suffer many things, and be rejected by the elders, chief priests, and scribes, and be killed, and the third day be raised up.”
Ɔtoaa so se, “Ɛsɛ sɛ Kristo no hu amane pii; Yudafo mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo nso bɛpo no. Akyiri no wobekum no, na ne nnansa so wasɔre.”
23 He said to all, “If anyone desires to come after me, let him deny himself, take up his cross, and follow me.
Afei ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa se, “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi na daa ɔnsoa nʼasennua na onni mʼakyi.
24 For whoever desires to save his life will lose it, but whoever will lose his life for my sake will save it.
Na obiara a ɔma nʼani ku ne ho sen me no, ɔbɛhwere ne nkwa; na nea me nti ɔbɛhwere ne nkwa no, ne nsa bɛka.
25 For what does it profit a man if he gains the whole world, and loses or forfeits his own self?
Na sɛ onipa nya wiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne kra a, dɛn mfaso na obenya?
26 For whoever will be ashamed of me and of my words, of him will the Son of Man be ashamed when he comes in his glory, and the glory of the Father, and of the holy angels.
Na nea nʼani bewu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso, da a me, Onipa Ba no bɛba wɔ me ne Agya no ne abɔfo kronkron no anuonyam mu no, mʼani bewu wɔ ne ho.
27 But I tell you the truth: There are some of those who stand here who will in no way taste of death until they see God’s Kingdom.”
“Na mereka akyerɛ mo se, mo a mugyina ha yi mu bi wɔ hɔ a wɔrenwu kosi sɛ wobehu Onyankopɔn ahenni no.”
28 About eight days after these sayings, he took with him Peter, John, and James, and went up onto the mountain to pray.
Yesu kaa ne nsɛm yi wiee no, ɛbɛyɛ nnaawɔtwe akyi, ɔne Petro, Yohane ne Yakobo kɔɔ bepɔw bi so sɛ wɔrekɔbɔ mpae.
29 As he was praying, the appearance of his face was altered, and his clothing became white and dazzling.
Na Yesu gu so rebɔ mpae no, nʼanimdua sesae, na nʼatade nso hyerɛnee.
30 Behold, two men were talking with him, who were Moses and Elijah,
Prɛko pɛ, nnipa baanu a ɛyɛ Mose ne Elia puee wɔ hɔ anuonyam mu ne no bɛkasae.
31 who appeared in glory and spoke of his departure, which he was about to accomplish at Jerusalem.
Wɔkasa faa ne wu a obewu a ɛde mahyɛ bɛba Yerusalem so no ho.
32 Now Peter and those who were with him were heavy with sleep, but when they were fully awake, they saw his glory, and the two men who stood with him.
Saa bere no na Petro ne nnipa a wɔka ne ho no adeda hatehatee na wonyanyan a wɔn ani so tetew wɔn no, wohuu Yesu sɛ ɔwɔ nʼanuonyam mu ne nnipa baanu bi a wɔka ne ho.
33 As they were parting from him, Peter said to Jesus, “Master, it is good for us to be here. Let’s make three tents: one for you, one for Moses, and one for Elijah,” not knowing what he said.
Na ɛbaa sɛ nnipa no refi Yesu nkyɛn akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, eye sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Ma yɛmmɔ asese abiɛsa; wo de baako, Mose de baako na Elia nso de baako.” Na Petro nnim asɛm a ɔreka no.
34 While he said these things, a cloud came and overshadowed them, and they were afraid as they entered into the cloud.
Ogu so rekasa no, omununkum bɛkataa wɔn so ma wosuroe.
35 A voice came out of the cloud, saying, “This is my beloved Son. Listen to him!”
Na nne bi fi omununkum no mu kae se, “Oyi ne me Ba a mayi no. Muntie no!”
36 When the voice came, Jesus was found alone. They were silent, and told no one in those days any of the things which they had seen.
Kasa yi akyi no, wohuu sɛ aka Yesu nko ara na ogyina hɔ. Na mmere no mu, wɔanka nea wohuu no ankyerɛ obiara.
37 On the next day, when they had come down from the mountain, a great multitude met him.
Ade kyee a wosian fii bepɔw no so bae no, nnipakuw bi behyiaa Yesu.
38 Behold, a man from the crowd called out, saying, “Teacher, I beg you to look at my son, for he is my only born child.
Ɔbarima bi fi nnipakuw no mu teɛɛ mu se, “Kyerɛkyerɛfo, mesrɛ wo, bra bɛhwɛ me ba a midi no bakoro ma me;
39 Behold, a spirit takes him, he suddenly cries out, and it convulses him so that he foams; and it hardly departs from him, bruising him severely.
sɛ honhommɔne ba ne so a, amono mu, ɔteɛ mu, otwa hwe, osinsen, nʼano pu ahuru, na obu fa so, na ɛkyɛ ansa na afi ne so.
40 I begged your disciples to cast it out, and they couldn’t.”
Na mesrɛɛ wʼasuafo no sɛ wontu honhommɔne no nanso wɔantumi.”
41 Jesus answered, “Faithless and perverse generation, how long shall I be with you and bear with you? Bring your son here.”
Yesu kae se, “Ao! Mo a munni gyidi, mentena mo nkyɛn na minnya mo ho boasetɔ nkosi da bɛn!” Afei, ɔdan nʼani ka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Fa wo ba no bra ha.”
42 While he was still coming, the demon threw him down and convulsed him violently. But Jesus rebuked the unclean spirit, healed the boy, and gave him back to his father.
Ɔde abofra no reba no, honhommɔne no twaa no hwee fam ma osinsenii. Na Yesu teɛteɛɛ honhommɔne no maa abofra no ho yɛɛ no den na ɔde no maa nʼagya.
43 They were all astonished at the majesty of God. But while all were marveling at all the things which Jesus did, he said to his disciples,
Onyankopɔn tumi ne ne kɛseyɛ a ɛdaa adi wɔ honhommɔne no tu mu no maa nnipa no ho dwiriw wɔn. Na wɔredwinnwen nea asi yi ho no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se,
44 “Let these words sink into your ears, for the Son of Man will be delivered up into the hands of men.”
“Muntie asɛm a merebɛka yi yiye. Wobeyi Kristo no ama.”
45 But they didn’t understand this saying. It was concealed from them, that they should not perceive it, and they were afraid to ask him about this saying.
Nea ɔkaa yi na ɛyɛ ahintasɛm nti, asuafo no ante ase. Nanso na wosuro sɛ wobebisa no ase.
46 An argument arose among them about which of them was the greatest.
Asuafo no gyee akyinnye a ɛfa wɔn mu nea ɔbɛyɛ ɔkɛse wɔ Onyankopɔn ahenni mu no ho.
47 Jesus, perceiving the reasoning of their hearts, took a little child, and set him by his side,
Na Yesu huu wɔn adwene no, osoo abofra bi mu de no begyinaa ne nkyɛn pɛɛ,
48 and said to them, “Whoever receives this little child in my name receives me. Whoever receives me receives him who sent me. For whoever is least among you all, this one will be great.”
na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Obiara a obegye saa abofra yi wɔ me din mu no, gye me; na nea ogye me no nso gye nea ɔsomaa me no. Nea ɔyɛ aketewa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno ne ɔkɛse.”
49 John answered, “Master, we saw someone casting out demons in your name, and we forbade him, because he doesn’t follow with us.”
Yohane nso ka kyerɛɛ no se, “Awurade, yehuu obi a ɔnka yɛn ho sɛ ɔde wo din tu ahonhommɔne enti yɛbraa no.”
50 Jesus said to him, “Don’t forbid him, for he who is not against us is for us.”
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Munnsiw no kwan, efisɛ nea ontia mo no, na ɔwɔ mo afa.”
51 It came to pass, when the days were near that he should be taken up, he intently set his face to go to Jerusalem
Na bere a ɛsɛ sɛ Yesu san kɔ ɔsoro no rebɛn no, osii ne bo sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem.
52 and sent messengers before his face. They went and entered into a village of the Samaritans, so as to prepare for him.
Ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔsomaa nnipa bi dii kan kɔɔ Samaria akuraa bi ase sɛ wonkosiesie baabi mma no.
53 They didn’t receive him, because he was traveling with his face set toward Jerusalem.
Nanso Samariafo no annye Yesu, efisɛ wohuu sɛ na ɔrekɔ Yerusalem.
54 When his disciples, James and John, saw this, they said, “Lord, do you want us to command fire to come down from the sky and destroy them, just as Elijah did?”
Asuafo no tee nea aba no, Yakobo ne Yohane bisaa Yesu se, “Awurade, wopɛ sɛ yɛma ogya fi ɔsoro bɛhyew wɔn pasaa ana?”
55 But he turned and rebuked them, “You don’t know of what kind of spirit you are.
Yesu dan nʼani kyerɛɛ wɔn kaa wɔn anim,
56 For the Son of Man didn’t come to destroy men’s lives, but to save them.” They went to another village.
na wofii hɔ kɔɔ akuraa foforo bi ase.
57 As they went on the way, a certain man said to him, “I want to follow you wherever you go, Lord.”
Bere a wɔrekɔ no, ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Baabiara a wobɛkɔ no, medi wʼakyi.”
58 Jesus said to him, “The foxes have holes and the birds of the sky have nests, but the Son of Man has no place to lay his head.”
Yesu buaa no se, “Sakraman wɔ wɔn abon, wim nnomaa nso wɔ mmerebuw, nanso me, Onipa Ba no de, minni baabi a mede me ti to!”
59 He said to another, “Follow me!” But he said, “Lord, allow me first to go and bury my father.”
Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima foforo bi nso se, “Bedi mʼakyi.” Nanso ɔbarima no kae se, “Awurade, ma me kwan na minkosie mʼagya ansa.”
60 But Jesus said to him, “Leave the dead to bury their own dead, but you go and announce God’s Kingdom.”
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ma wɔn a wɔte ase na wɔawu wɔ honhom mu no nyɛ saa nnwuma no, na wo de, kɔka Onyankopɔn ahenni no ho asɛm kyerɛ amanaman nyinaa.”
61 Another also said, “I want to follow you, Lord, but first allow me to say good-bye to those who are at my house.”
Na ɔfoforo nso kae se, “Awurade, medi wʼakyi nanso ma me kwan na me ne mʼabusuafo nkodi nkra ansa.”
62 But Jesus said to him, “No one, having put his hand to the plow and looking back, is fit for God’s Kingdom.”
Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, “Obiara a ɔbɛma nʼadwene ayɛ no ntanta wɔ dwumadi bi a mede ahyɛ ne nsa no ho no, ɔmfata Onyankopɔn ahenni no.”

< Luke 9 >