< Luke 23 >

1 The whole company of them rose up and brought him before Pilate.
Afei baguafo no sɔre de Yesu kɔɔ Pilato anim.
2 They began to accuse him, saying, “We found this man perverting the nation, forbidding paying taxes to Caesar, and saying that he himself is Christ, a king.”
Wofii ase totoo nʼano se, “Saa onipa yi tu nkurɔfo aso. Ɔmpene so sɛ ɔmanfo tua tow ma Kaesare aban, na ɔfrɛ ne ho sɛ ɔhene Kristo no.”
3 Pilate asked him, “Are you the King of the Jews?” He answered him, “So you say.”
Eyi maa Pilato bisaa no se, “Wone Yudafo hene no ana?” Yesu buaa no se, “Ɛno ara na woaka no.”
4 Pilate said to the chief priests and the multitudes, “I find no basis for a charge against this man.”
Pilato ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne nnipadɔm no se, “Minhu asɛm biara a megyina so abu onipa yi fɔ.”
5 But they insisted, saying, “He stirs up the people, teaching throughout all Judea, beginning from Galilee even to this place.”
Nanso wɔn bo antɔ wɔn yam kɔɔ so kae se, “Baabiara a ɔkɔ no, ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so hwanyan nnipa no tia aban. Ɔde ne nkyerɛkyerɛ yi fi Galilea bɛfaa Yudeaman mu nyinaa abedu Yerusalem ha.”
6 But when Pilate heard Galilee mentioned, he asked if the man was a Galilean.
Pilato tee asɛm no, obisae se, “Onipa yi yɛ Galileani ana?”
7 When he found out that he was in Herod’s jurisdiction, he sent him to Herod, who was also in Jerusalem during those days.
Bere a wɔka kyerɛɛ Pilato se Yesu yɛ Galileani no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, sɛ ɛte saa de a, wɔmfa no nkɔ Ɔhene Herode anim, efisɛ Galilea hyɛ nʼase. Saa bere no ara nso na Ɔhene Herode wɔ Yerusalem.
8 Now when Herod saw Jesus, he was exceedingly glad, for he had wanted to see him for a long time, because he had heard many things about him. He hoped to see some miracle done by him.
Esiane sɛ wate Yesu ho asɛm na osusuw nso sɛ, sɛ ɔba nʼanim a, ɔbɛyɛ anwonwade akyerɛ no no nti, bere a ohuu no no, nʼani gyee yiye, efisɛ na ɔpɛe sɛ obehu no no akyɛ.
9 He questioned him with many words, but he gave no answers.
Wobisabisaa Yesu nsɛm bebree, nanso emu biara nni hɔ a oyii ano.
10 The chief priests and the scribes stood, vehemently accusing him.
Asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no kɔɔ so ara kaa nsɛm a enni mu guu ne so.
11 Herod with his soldiers humiliated him and mocked him. Dressing him in luxurious clothing, they sent him back to Pilate.
Herode ne nʼasomfo no bɔɔ Yesu adapaa, dii ne ho fɛw. Afei Herode hyehyɛɛ no sɛ ɔhene san de no kɔmaa Pilato.
12 Herod and Pilate became friends with each other that very day, for before that they were enemies with each other.
Da no ara, Herode ne Pilato a anka wɔyɛ aka no, bɔɔ mu.
13 Pilate called together the chief priests, the rulers, and the people,
Wɔde Yesu kɔmaa Pilato no, ɔfrɛɛ asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo ne nnipadɔm no,
14 and said to them, “You brought this man to me as one that perverts the people, and behold, having examined him before you, I found no basis for a charge against this man concerning those things of which you accuse him.
ka kyerɛɛ wɔn se, “Mode onipa yi brɛɛ me se, ɔyɛ obi a ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so hwanyan nnipa tia aban. Mahwehwɛ nsɛm a moka guu ne so no mu wɔ mo anim, nanso minhu afɔbusɛm biara a megyina so abu no fɔ.
15 Neither has Herod, for I sent you to him, and see, nothing worthy of death has been done by him.
Saa ara nso na Herode annya asɛm bi annyina so ammu no fɔ a ɛno nti, wasan de no abrɛ yɛn yi. Ɔnyɛɛ bɔne biara a ɛsɛ sɛ migyina so bu no kumfɔ.
16 I will therefore chastise him and release him.”
Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.”
17 Now he had to release one prisoner to them at the feast.
Twam Afahyɛ biara du a Pilato gyaa odeduani baako ma wɔn.
18 But they all cried out together, saying, “Away with this man! Release to us Barabbas!”—
Pilato kasa no akyi no, nnipadɔm no nyinaa bɔ gyee so se, “Kum no, na gyaa Baraba ma yɛn.”
19 one who was thrown into prison for a certain revolt in the city, and for murder.
Baraba yi yɛ obi a ɔhwanyan ɔman na ɔsan dii awu nti, wɔde no too afiase.
20 Then Pilate spoke to them again, wanting to release Jesus,
Pilato kɔɔ so di maa Yesu pɛɛ sɛ ogyaa no.
21 but they shouted, saying, “Crucify! Crucify him!”
Nanso wɔsan bɔ gyee so bio se, “Bɔ no asennua mu! Bɔ no asennua mu!”
22 He said to them the third time, “Why? What evil has this man done? I have found no capital crime in him. I will therefore chastise him and release him.”
Obisaa wɔn ne mprɛnsa so se, “Adɛn? Bɔne bɛn na wayɛ? Minhu afɔbusɛm biara a megyina so abu no kumfɔ. Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.”
23 But they were urgent with loud voices, asking that he might be crucified. Their voices and the voices of the chief priests prevailed.
Nanso wɔbɔ gyee so ara maa wɔn nne bu faa Pilato de no so se ɔmmɔ no asennua mu.
24 Pilate decreed that what they asked for should be done.
Enti Pilato penee wɔn abisade no so maa wɔn.
25 He released him who had been thrown into prison for insurrection and murder, for whom they asked, but he delivered Jesus up to their will.
Ogyaa Baraba a esiane sɛ ɔhwanyan ɔman san dii awu no nti ɔde no too afiase no maa wɔn. Na ɔde Yesu maa wɔn sɛnea wɔpɛ no.
26 When they led him away, they grabbed one Simon of Cyrene, coming from the country, and laid the cross on him to carry it after Jesus.
Wɔde Yesu rekɔ akɔbɔ no asennua mu no, wohyiaa Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon sɛ ofi afum reba Yerusalem. Wɔkyeree no, hyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no wɔ ne kɔn ho dii nʼakyi.
27 A great multitude of the people followed him, including women who also mourned and lamented him.
Nnipadɔm a mmea a wɔresu retwa agyaadwo fra wɔn mu no, tu dii nʼakyi.
28 But Jesus, turning to them, said, “Daughters of Jerusalem, don’t weep for me, but weep for yourselves and for your children.
Yesu dan ne ho ka kyerɛɛ wɔn se, “Yerusalem mmea, munnsu me na munsu mo ho ne mo mma.
29 For behold, the days are coming in which they will say, ‘Blessed are the barren, the wombs that never bore, and the breasts that never nursed.’
Na mmere bi reba a wɔbɛka se, ‘Nhyira ne abonin ne ɔyafunu a ɛnwoo da ne nufu a wonnum da.’
30 Then they will begin to tell the mountains, ‘Fall on us!’ and tell the hills, ‘Cover us.’
Saa bere no “‘na wɔbɛka akyerɛ mmepɔw se, “Munnwiriw ngu yɛn so!” ne nkoko nso se, “Monkata yɛn so!”’
31 For if they do these things in the green tree, what will be done in the dry?”
Na sɛ wɔde eyi yɛ me a meyɛ dummono no a, dɛn na wɔde bɛyɛ mo a moyɛ duwui?”
32 There were also others, two criminals, led with him to be put to death.
Bere a wɔde Yesu rekɔ no, wɔde nnebɔneyɛfo baanu bi kaa ne ho se wonkokum wɔn.
33 When they came to the place that is called “The Skull”, they crucified him there with the criminals, one on the right and the other on the left.
Woduu faako a wɔfrɛ hɔ Golgota no, wɔbɔɔ ɔne nnebɔneyɛfo baanu no asennua mu a ɔbaako wɔ ne nifa na ɔbaako nso wɔ ne benkum.
34 Jesus said, “Father, forgive them, for they don’t know what they are doing.” Dividing his garments among them, they cast lots.
Yesu kae se, “Agya, fa kyɛ wɔn, efisɛ wonnim nea wɔreyɛ.” Asraafo no kyekyɛɛ ne ntade mu bɔɔ so ntonto fae.
35 The people stood watching. The rulers with them also scoffed at him, saying, “He saved others. Let him save himself, if this is the Christ of God, his chosen one!”
Saa bere no na nnipadɔm no gyinagyina hɔ rehwɛ no. Yudafo mpanyimfo no dii ne ho fɛw se, “Ogyee ebinom nkwa; sɛ ose ɔno ne Kristo, Onyankopɔn Ba no a, onnye ne ho nkwa na yɛnhwɛ.”
36 The soldiers also mocked him, coming to him and offering him vinegar,
Asraafo no nso dii ne ho fɛw de nsa a ɛkeka bi brɛɛ no
37 and saying, “If you are the King of the Jews, save yourself!”
kae se, “Sɛ wone Yudafo hene no a gye wo ho nkwa.”
38 An inscription was also written over him in letters of Greek, Latin, and Hebrew: “THIS IS THE KING OF THE JEWS.”
Wɔkyerɛw saa asɛm yi bɔɔ nʼatifi wɔ asennua no so se, “YUDAFO HENE NO NI.”
39 One of the criminals who was hanged insulted him, saying, “If you are the Christ, save yourself and us!”
Nnebɔneyɛfo baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asennua mu no mu baako dii Yesu ho fɛw se, “Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso.”
40 But the other answered, and rebuking him said, “Don’t you even fear God, seeing you are under the same condemnation?
Nanso ɔdebɔneyɛni a ɔka ho no kaa nʼanim se, “Wunsuro Onyankopɔn? Hu sɛ yɛn nyinaa wɔ afɔbu koro no ara mu.
41 And we indeed justly, for we receive the due reward for our deeds, but this man has done nothing wrong.”
Yɛn de, saa asotwe yi fata yɛn; yɛn bɔne so akatua na yɛanya yi, na oyi de, ɔnyɛɛ bɔne biara.”
42 He said to Jesus, “Lord, remember me when you come into your Kingdom.”
Ɔsan kae se, “Yesu, wudu wʼahenni mu a kae me.”
43 Jesus said to him, “Assuredly I tell you, today you will be with me in Paradise.”
Yesu buaa no se, “Merehyɛ wo bɔ se nnɛ wobɛka me ho wɔ Paradise.”
44 It was now about the sixth hour, and darkness came over the whole land until the ninth hour.
Eduu owigyinae no, asase no so nyinaa duruu sum kabii kosii nnɔnabiɛsa.
45 The sun was darkened, and the veil of the temple was torn in two.
Owia duruu sum na ntama a etwa asɔredan no mu nso mu tewee abien.
46 Jesus, crying with a loud voice, said, “Father, into your hands I commit my spirit!” Having said this, he breathed his last.
Yesu teɛɛ mu dennen se, “Agya, wo nsam na mede me honhom hyɛ!” Ɔkaa eyi no, ogyaa mu.
47 When the centurion saw what was done, he glorified God, saying, “Certainly this was a righteous man.”
Asraafo panyin a na ogyina hɔ no huu nea asi no, oyii Onyankopɔn ayɛ se, “Ampa ara, saa onipa yi yɛ ɔtreneeni.”
48 All the multitudes that came together to see this, when they saw the things that were done, returned home beating their chests.
Nnipa a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ Yesu asennuambɔ no huu sɛ wawu no, wɔde awerɛhow fii hɔ kɔe.
49 All his acquaintances and the women who followed with him from Galilee stood at a distance, watching these things.
Saa bere no na Yesu nnamfo ne mmea bi a wodii nʼakyi fi Galilea baa no gyinagyina akyirikyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so no nyinaa.
50 Behold, there was a man named Joseph, who was a member of the council, a good and righteous man
Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yosef a ofi Arimatea a ɛwɔ Yudaman mu. Na saa ɔbarima yi yɛ onipa pa a ɔteɛ wɔ Onyankopɔn anim a na ɔretwɛn Onyankopɔn ahenni a ɛbɛba no.
51 (he had not consented to their counsel and deed), from Arimathaea, a city of the Jews, who was also waiting for God’s Kingdom.
Ɛwɔ mu sɛ na ɔyɛ Yudafo baguafo no mu baako de, nanso wampene gyinae a wosisii ne nea wɔyɛɛ no so.
52 This man went to Pilate, and asked for Jesus’ body.
Ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no.
53 He took it down and wrapped it in a linen cloth, and laid him in a tomb that was cut in stone, where no one had ever been laid.
Ɔma woyii Yesu amu no maa no, na ɔde nwera kyekyeree no de no kɔtoo ɔboda bi a obiara nnaa mu da no mu.
54 It was the day of the Preparation, and the Sabbath was drawing near.
Wosiee Yesu Fida a na Yudafo resiesie wɔn ho atwɛn Homeda no.
55 The women who had come with him out of Galilee followed after, and saw the tomb and how his body was laid.
Wosiee amu no wiee no, mmea a wodi Yesu akyi fi Galilea no ne Yosef kɔhwɛɛ faako a wɔde no toe ne sɛnea wosiee no fae.
56 They returned and prepared spices and ointments. On the Sabbath they rested according to the commandment.
Saa mmea yi san wɔn akyi kɔɔ fie kɔhwehwɛɛ nnuhuam ne ngo a wɔde besiesie Yesu amu no, nanso esiane sɛ na Homeda no adu nti wɔtenaa ase komm sɛnea Yudafo mmara kyerɛ no.

< Luke 23 >