< Luke 2 >

1 Now in those days, a decree went out from Caesar Augustus that all the world should be enrolled.
Saa bere no na Kaesare Augusto a na ɔyɛ Roma hempɔn no hyɛɛ mmara bi se wɔnkan ne man no mu nnipa nyinaa.
2 This was the first enrollment made when Quirinius was governor of Syria.
Saa nnipakan yi ne nea edi kan wɔ Kirenio a ɔyɛ amrado wɔ Siria no bere so.
3 All went to enroll themselves, everyone to his own city.
Obiara kɔɔ ne kurom ma wɔkyerɛw ne din.
4 Joseph also went up from Galilee, out of the city of Nazareth, into Judea, to David’s city, which is called Bethlehem, because he was of the house and family of David,
Esiane sɛ na Yosef yɛ Ɔhene Dawid busuani nti, na ɛsɛ sɛ ofi Galilea kurow a wɔfrɛ no Nasaret mu kɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea.
5 to enroll himself with Mary, who was pledged to be married to him as wife, being pregnant.
Ɔne ne yere Maria a saa bere no na ɔyem no na wɔkɔe.
6 While they were there, the day had come for her to give birth.
Wɔwɔ Betlehem no, awo kaa Maria,
7 She gave birth to her firstborn son. She wrapped him in bands of cloth and laid him in a feeding trough, because there was no room for them in the inn.
na ɔwoo ɔbarima. Wɔde kuntu kyekyeree abofra no ho de no too mmoa adididaka mu, efisɛ wɔannya baabi ansoɛ wɔ ahɔhobea hɔ.
8 There were shepherds in the same country staying in the field, and keeping watch by night over their flock.
Anadwo no ara, na nguanhwɛfo bi nso wɔ sare so baabi rewɛn wɔn nguan.
9 Behold, an angel of the Lord stood by them, and the glory of the Lord shone around them, and they were terrified.
Mpofirim, ɔsoro ɔbɔfo baa wɔn nkyɛn, na Onyankopɔn anuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyia maa wɔn ho dwiriw wɔn.
10 The angel said to them, “Don’t be afraid, for behold, I bring you good news of great joy which will be to all the people.
Ɔsoro ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro, mede anigyesɛm rebrɛ mo ne amansan nyinaa.
11 For there is born to you today, in David’s city, a Savior, who is Christ the Lord.
Nnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no ama mo wɔ Dawid kurom.
12 This is the sign to you: you will find a baby wrapped in strips of cloth, lying in a feeding trough.”
Eyi ne nsɛnkyerɛnne a mubehu. Mubehu akokoaa a wɔde kuntu akyekyere ne ho a ɔda mmoa adididaka mu.”
13 Suddenly, there was with the angel a multitude of the heavenly army praising God and saying,
Amono mu hɔ ara, abɔfokuw bɛkaa ɔbɔfo a ɔwɔ hɔ no ho ma wɔtoo ayeyi dwom se,
14 “Glory to God in the highest, on earth peace, good will toward men.”
“Anuonyam nka Ɔsorosoro Nyankopɔn, na asomdwoe mmra wɔn a wɔsɔ nʼani wɔ asase so no so.”
15 When the angels went away from them into the sky, the shepherds said to one another, “Let’s go to Bethlehem, now, and see this thing that has happened, which the Lord has made known to us.”
Bere a abɔfokuw yi san kɔɔ ɔsoro no, nguanhwɛfo no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Momma yɛnkɔ Betlehem hɔ na yɛnkɔhwɛ saa anwonwasɛm a asi wɔ hɔ a Awurade ada no adi akyerɛ yɛn yi.”
16 They came with haste and found both Mary and Joseph, and the baby was lying in the feeding trough.
Wɔde ahoɔhare kɔɔ Betlehem kohuu Maria ne Yosef. Na wohuu abofra no nso sɛ ɔda mmoa adididaka mu.
17 When they saw it, they publicized widely the saying which was spoken to them about this child.
Nguanhwɛfo no huu abofra no, wɔkaa ne ho asɛm a ɔsoro ɔbɔfo no bɛka kyerɛɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ nnipa a wɔahyia wo hɔ no.
18 All who heard it wondered at the things which were spoken to them by the shepherds.
Wɔn a wɔtee nguanhwɛfo yi asɛm no nyinaa ho dwiriw wɔn.
19 But Mary kept all these sayings, pondering them in her heart.
Nanso Maria de, ɔde saa nsɛm a ɔtee no nyinaa siee ne tirim dwenee ho.
20 The shepherds returned, glorifying and praising God for all the things that they had heard and seen, just as it was told them.
Nguanhwɛfo no kohuu nea ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn no, wɔde anigye san wɔn akyi kɔɔ nea wɔn nguan no wɔ hɔ. Wɔrekɔ no nyinaa, na wɔreyi Onyankopɔn ayɛ.
21 When eight days were fulfilled for the circumcision of the child, his name was called Jesus, which was given by the angel before he was conceived in the womb.
Abofra no dii nnaawɔtwe no, wɔtoo ne din Yesu sɛnea ɔsoro ɔbɔfo no kyerɛɛ ansa na wɔrenyinsɛn no no. Da no ara na wotwaa no twetia.
22 When the days of their purification according to the law of Moses were fulfilled, they brought him up to Jerusalem to present him to the Lord
Bere duu sɛ Yosef ne Maria kodwira wɔn ho sɛnea Mose mmara kyerɛ no, wɔde abofra no kɔɔ Yerusalem sɛ wɔde no rekɔhyɛ Onyankopɔn nsa.
23 (as it is written in the law of the Lord, “Every male who opens the womb shall be called holy to the Lord”),
Sɛnea Mose mmara no kyerɛ no, “Sɛ ɔbea wo nʼabakan na ɔyɛ ɔbarima a wɔde no ma Awurade.”
24 and to offer a sacrifice according to that which is said in the law of the Lord, “A pair of turtledoves, or two young pigeons.”
Wɔkɔɔ asɔredan no mu hɔ nso kɔbɔɔ afɔre, sɛnea mmara no kyerɛ no wɔde nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien na ɛbɔ afɔre no.
25 Behold, there was a man in Jerusalem whose name was Simeon. This man was righteous and devout, looking for the consolation of Israel, and the Holy Spirit was on him.
Da no na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simeon a ɔte Yerusalem no nso wɔ asɔredan mu hɔ bi. Na Simeon yɛ onipa trenee, ɔhotefo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma a na daa ɔhwɛ Agyenkwa no kwan.
26 It had been revealed to him by the Holy Spirit that he should not see death before he had seen the Lord’s Christ.
Ɔno na na Honhom Kronkron ayi akyerɛ no se ɔrenwu kosi sɛ obehu Agyenkwa a Awurade asra no no.
27 He came in the Spirit into the temple. When the parents brought in the child, Jesus, that they might do concerning him according to the custom of the law,
Enti bere a Maria ne Yosef duu asɔredan no mu sɛ wɔde abofra no rekɔma Awurade sɛnea mmara no te no,
28 then he received him into his arms and blessed God, and said,
wɔkɔtoo Simeon nso wɔ hɔ, na Simeon gyee abofra no, hyɛɛ Awurade anuonyam se,
29 “Now you are releasing your servant, Master, according to your word, in peace;
“Awurade, afei ma wʼakoa nwu wɔ asomdwoe mu
30 for my eyes have seen your salvation,
efisɛ mʼani ahu Agyenkwa
31 which you have prepared before the face of all peoples;
a wohyɛɛ me ne ho bɔ no.
32 a light for revelation to the nations, and the glory of your people Israel.”
Ɔno ne hann a ɛbɛhyerɛn wiase nyinaa na wahyɛ wo man Israel anuonyam!”
33 Joseph and his mother were marveling at the things which were spoken concerning him.
Nsɛm a wɔka faa Yesu ho no yɛɛ nʼagya Yosef ne ne na Maria nwonwa.
34 Simeon blessed them, and said to Mary, his mother, “Behold, this child is appointed for the falling and the rising of many in Israel, and for a sign which is spoken against.
Afei Simeon hyiraa wɔn na ɔka kyerɛɛ ne na Maria se, “Saa abofra yi so na Israelfo mu dodow no ara nkwagye ne wɔn asehwe begyina.
35 Yes, a sword will pierce through your own soul, that the thoughts of many hearts may be revealed.”
Na ɔbɛma dodow no ara tirim ahintasɛm ada adi; na wo Maria de, wubesi apini wɔ wo mu.”
36 There was one Anna, a prophetess, the daughter of Phanuel, of the tribe of Asher (she was of a great age, having lived with a husband seven years from her virginity,
Saa bere no, na Fanuel babea odiyifo Ana a ofi Aser abusua mu no nso wɔ hɔ bi. Na Ana yɛ obi a wanyin. Ɔwaree ne mmabaabere mu ne ne kunu tenae mfe ason pɛ na ne kunu no wui.
37 and she had been a widow for about eighty-four years), who didn’t depart from the temple, worshiping with fastings and petitions night and day.
Ne kunu no wu akyi no, ɔyɛɛ kuna kosii sɛ odii mfe aduɔwɔtwe anan, na bere biara nso na ɔwɔ asɔredan mu de mmuadadi ne mpaebɔ som Onyankopɔn.
38 Coming up at that very hour, she gave thanks to the Lord, and spoke of him to all those who were looking for redemption in Jerusalem.
Saa bere no ara na ɔno nso begyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara. Ɔkaa abofra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ogye a obegye Yerusalem no nyinaa.
39 When they had accomplished all things that were according to the law of the Lord, they returned into Galilee, to their own city, Nazareth.
Wowiee amanne sɛnea Awurade mmara kyerɛ no, wɔsan kɔɔ wɔn kurom Nasaret a ɛwɔ Galilea,
40 The child was growing, and was becoming strong in spirit, being filled with wisdom, and the grace of God was upon him.
Abofra no nyinii, na nyansa hyɛɛ no ma, na na Onyankopɔn adom nso wɔ ne so.
41 His parents went every year to Jerusalem at the feast of the Passover.
Afe biara na Yesu awofo kɔ Yerusalem kodi Twam Afahyɛ no.
42 When he was twelve years old, they went up to Jerusalem according to the custom of the feast;
Sɛnea na wɔn amanne te no, Yesu dii mfe dumien no, nʼawofo de no kɔɔ Yerusalem kodii Twam Afahyɛ no.
43 and when they had fulfilled the days, as they were returning, the boy Jesus stayed behind in Jerusalem. Joseph and his mother didn’t know it,
Wowiee afahyɛ no di a wɔresan akɔ wɔn kurom no, Yesu kaa Yerusalem a nʼawofo no nnim.
44 but supposing him to be in the company, they went a day’s journey; and they looked for him among their relatives and acquaintances.
Wotwaa da koro kwan a wɔn ani baa wɔn ho so sɛ Yesu nka wɔn ho no, wofii ase bisabisaa nʼase fii wɔn abusuafo ne amannifo nkyɛn.
45 When they didn’t find him, they returned to Jerusalem, looking for him.
Na wɔanhu no no, wɔsan baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no.
46 After three days they found him in the temple, sitting in the middle of the teachers, both listening to them and asking them questions.
Ne nnansa akyi no, wokohuu no wɔ Yerusalem asɔredan mu sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo bi a wɔahyia mu ntam na ɔretie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm.
47 All who heard him were amazed at his understanding and his answers.
Yesu nyansa ne ne nimdeɛ a ɛdaa adi wɔ ne mmuae nyinaa mu no, yɛɛ nnipa a na wɔretie no no nyinaa nwonwa.
48 When they saw him, they were astonished; and his mother said to him, “Son, why have you treated us this way? Behold, your father and I were anxiously looking for you.”
Wɔkɔtoo no sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo no mfimfini retie wɔn no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Ne na frɛɛ no bisaa no se, “Me ba, adɛn na woyɛ yɛn saa? Woama me ne wʼagya ahwehwɛ wo abrɛ.”
49 He said to them, “Why were you looking for me? Didn’t you know that I must be in my Father’s house?”
Yesu buaa wɔn se, “Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛyɛ mʼasɛde sɛ metena mʼagya fi som no ana?”
50 They didn’t understand the saying which he spoke to them.
Nanso nʼawofo no ante nea ɔkae no ase.
51 And he went down with them and came to Nazareth. He was subject to them, and his mother kept all these sayings in her heart.
Yesu ne nʼawofo kɔɔ Nasaret no, ɔyɛɛ osetie maa wɔn. Ne na de nsɛm a esisii no nyinaa siee ne tirim.
52 And Jesus increased in wisdom and stature, and in favor with God and men.
Yesu nyinii nyansa mu ne honam fam, na onyaa Onyankopɔn ne nnipa anim adom.

< Luke 2 >