< Luke 18 >

1 He also spoke a parable to them that they must always pray and not give up,
Da bi, Yesu nam mmebu so kyerɛɛ nʼasuafo no hia a ehia sɛ wɔbɔ mpae daa a wɔmpa abaw.
2 saying, “There was a judge in a certain city who didn’t fear God and didn’t respect man.
Yesu kae se, “Otemmufo bi tenaa kurow bi mu a na onsuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara.
3 A widow was in that city, and she often came to him, saying, ‘Defend me from my adversary!’
Na ɔbea kunafo bi te saa kurow no mu a ɔne obi wɔ asɛm. Daa na saa okunafo yi kɔ otemmufo no nkyɛn kɔsrɛ no se onni nʼasɛm no mma no.
4 He wouldn’t for a while; but afterward he said to himself, ‘Though I neither fear God nor respect man,
“Mfiase no, otemmufo no ammua no. Nanso akyiri no ɔkae se, ‘Ɛwɔ mu sɛ minsuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara de,
5 yet because this widow bothers me, I will defend her, or else she will wear me out by her continual coming.’”
nanso esiane sɛ daa ɔbea yi haw me nti, mɛhwɛ adi asɛm no yiye ama no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremmɛhaw me bio!’”
6 The Lord said, “Listen to what the unrighteous judge says.
Awurade toaa so se, “Moate asɛm a otemmufo yi a ɔnteɛ no kae.
7 Won’t God avenge his chosen ones who are crying out to him day and night, and yet he exercises patience with them?
Munnnye nni sɛ Onyankopɔn bedi ama ne mma a daa wosu frɛ no awia ne anadwo no? Anaa ɔbɛtwentwɛn ne nan ase anaa?
8 I tell you that he will avenge them quickly. Nevertheless, when the Son of Man comes, will he find faith on the earth?”
Merema moate ase sɛ ɔbɛyɛ wɔn apɛde ama wɔn ntɛm. Sɛ Onipa Ba no san ba a, nnipa dodow ahe na obehu sɛ wɔwɔ ne mu gyidi?”
9 He also spoke this parable to certain people who were convinced of their own righteousness, and who despised all others:
Yesu san buu bɛ bi faa nnipa a wobu wɔn ho sɛ atreneefo na ɛno nti wobu afoforo animtiaa no ho se,
10 “Two men went up into the temple to pray; one was a Pharisee, and the other was a tax collector.
“Da bi nnipa baanu bi kɔɔ asɔredan mu kɔbɔɔ mpae. Na wɔn mu baako yɛ Farisini a obu ne ho, na ɔbaako no nso yɛ towgyeni.
11 The Pharisee stood and prayed by himself like this: ‘God, I thank you that I am not like the rest of men: extortionists, unrighteous, adulterers, or even like this tax collector.
Farisini yi kogyinaa faako a obiara behu no bɔɔ mpae se, ‘Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a wɔaka no; apoobɔfo nkontompofo, aguamammɔfo ne saa towgyeni a ogyina hɔ yi.
12 I fast twice a week. I give tithes of all that I get.’
Nnaawɔtwe biara midi mmuada mprenu na nea minya biara nso, miyi mu nkyemu du mu baako de ma.’
13 But the tax collector, standing far away, wouldn’t even lift up his eyes to heaven, but beat his chest, saying, ‘God, be merciful to me, a sinner!’
“Saa bere no na towgyeni no gyina akyiri baabi a ɔmpɛ sɛ ɔma nʼani so kyerɛ ɔsoro. Ɔde ne nsa guu ne bo bɔɔ mpae se, ‘Onyankopɔn, hu me ɔdebɔneyɛni mmɔbɔ!’
14 I tell you, this man went down to his house justified rather than the other; for everyone who exalts himself will be humbled, but he who humbles himself will be exalted.”
“Mereka akyerɛ mo se, nea towgyeni no yɛe no sɔɔ Onyankopɔn ani sen nea Farisini no yɛe no. Obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”
15 They were also bringing their babies to him, that he might touch them. But when the disciples saw it, they rebuked them.
Da bi, awofo bi de wɔn mma nketewa brɛɛ Yesu se ɔmfa ne nsa nka wɔn nhyira wɔn. Asuafo no huu awofo no, wɔkaa wɔn anim.
16 Jesus summoned them, saying, “Allow the little children to come to me, and don’t hinder them, for God’s Kingdom belongs to such as these.
Yesu frɛɛ mmofra no awofo no baa ne nkyɛn na ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Momma mmofra nketewa no mmra me nkyɛn na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni no yɛ wɔn dea.
17 Most certainly, I tell you, whoever doesn’t receive God’s Kingdom like a little child, he will in no way enter into it.”
Mereka akyerɛ mo se obiara a ɔrennye Onyankopɔn Ahenni no sɛ abofra no, ɔrentumi nhyɛn mu.”
18 A certain ruler asked him, saying, “Good Teacher, what shall I do to inherit eternal life?” (aiōnios g166)
Da bi, Yudani sikani bi bisaa Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya nkwa a enni awiei?” (aiōnios g166)
19 Jesus asked him, “Why do you call me good? No one is good, except one: God.
Yesu buaa no se, “Adɛn nti na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn.
20 You know the commandments: ‘Don’t commit adultery,’ ‘Don’t murder,’ ‘Don’t steal,’ ‘Don’t give false testimony,’ ‘Honor your father and your mother.’”
Wunim Mose mmara no: ‘Mmɔ aguaman! Nni awu! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! Di wʼagya ne wo na ni!’”
21 He said, “I have observed all these things from my youth up.”
Osikani yi ka kyerɛɛ Yesu se, “Madi saa mmara yi nyinaa so fi me mmofraase.”
22 When Jesus heard these things, he said to him, “You still lack one thing. Sell all that you have and distribute it to the poor. Then you will have treasure in heaven; then come, follow me.”
Yesu tee nea osikani no kae no, ɔka kyerɛɛ no se, “Ade baako pɛ na aka wo a ɛsɛ sɛ woyɛ. Kɔ na kɔtɔn wʼahode nyinaa na kyɛ sika no ma ahiafo na wubenya agyapade wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu, na afei bra bedi mʼakyi.”
23 But when he heard these things, he became very sad, for he was very rich.
Osikani yi tee saa asɛm yi no, anyɛ no dɛ koraa efisɛ na ɔwɔ ahode pii.
24 Jesus, seeing that he became very sad, said, “How hard it is for those who have riches to enter into God’s Kingdom!
Yesu huu sɛ ne werɛ ahow no, ɔkae se, “Ɛyɛ den ma ahonyafo sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni no mu!
25 For it is easier for a camel to enter in through a needle’s eye than for a rich man to enter into God’s Kingdom.”
Mereka akyerɛ mo se, ɛyɛ mmerɛw sɛ yoma bewura pane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni no mu.”
26 Those who heard it said, “Then who can be saved?”
Na wɔn a wɔtee nea Yesu kae no bisae se, “Ɛno de, na hena na wobegye no nkwa?”
27 But he said, “The things which are impossible with men are possible with God.”
Yesu buae se, “Onipa fam de, ɛyɛ den, na Onyankopɔn fam de, biribiara betumi aba mu.”
28 Peter said, “Look, we have left everything and followed you.”
Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Yagyaw nea yɛwɔ nyinaa hɔ abedi wʼakyi.”
29 He said to them, “Most certainly I tell you, there is no one who has left house, or wife, or brothers, or parents, or children, for God’s Kingdom’s sake,
Yesu buaa Petro se, “Merema mo ate ase sɛ, obiara nni hɔ a, esiane Onyankopɔn ahenni no nti, wagyaw ne fi anaa ne nuanom anaa nʼawofo anaa ne mma
30 who will not receive many times more in this time, and in the world to come, eternal life.” (aiōn g165, aiōnios g166)
na ɔrennya mma ɛmmoro nea wahwere no so saa bere yi mu, na daakye nso, ɔrennya nkwa a enni awiei.” (aiōn g165, aiōnios g166)
31 He took the twelve aside and said to them, “Behold, we are going up to Jerusalem, and all the things that are written through the prophets concerning the Son of Man will be completed.
Yesu frɛɛ asuafo dumien no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛrekɔ Yerusalem, na biribiara a adiyifo no aka afa Onipa Ba no ho no bɛba mu.
32 For he will be delivered up to the Gentiles, will be mocked, treated shamefully, and spit on.
Wobeyi no ama amanamanmufo ama wɔadi ne ho fɛw, na wɔabɔ no adapaa, ate ntasu agu ne so,
33 They will scourge and kill him. On the third day, he will rise again.”
aka no mpire, akum no na ne nnansa so no, wasɔre.”
34 They understood none of these things. This saying was hidden from them, and they didn’t understand the things that were said.
Asuafo no ante nea Yesu kaa no biara ase, efisɛ na asɛm no boro wɔn adwene so.
35 As he came near Jericho, a certain blind man sat by the road, begging.
Yesu ne nʼasuafo no rebɛn Yeriko no, wohuu onifuraefo bi a ɔte kwankyɛn resrɛsrɛ ade.
36 Hearing a multitude going by, he asked what this meant.
Onifuraefo no tee sɛ nkurɔfokuw bi retwa mu no, obisaa asɛm a asi.
37 They told him that Jesus of Nazareth was passing by.
Wɔka kyerɛɛ no se, “Yesu Nasareni no na ɔretwam!”
38 He cried out, “Jesus, you son of David, have mercy on me!”
Ɔtee saa no, ɔteɛteɛɛ mu se, “Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!”
39 Those who led the way rebuked him, that he should be quiet; but he cried out all the more, “You son of David, have mercy on me!”
Wɔn a wodi anim no teɛteɛɛ no se ommua nʼano, nanso wantie, na ɔkɔɔ so teɛteɛɛ mu denneennen se, “Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!”
40 Standing still, Jesus commanded him to be brought to him. When he had come near, he asked him,
Yesu duu faako a onifuraefo no te no, ɔma wɔde no brɛɛ no. Wɔde no duu Yesu nkyɛn no, obisaa no se,
41 “What do you want me to do?” He said, “Lord, that I may see again.”
“Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?” Onifuraefo no buae se, “Awurade, ma minhu ade.”
42 Jesus said to him, “Receive your sight. Your faith has healed you.”
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Hu ade, wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den.”
43 Immediately he received his sight and followed him, glorifying God. All the people, when they saw it, praised God.
Amono mu hɔ ara, onifuraefo yi huu ade, na odii Yesu akyi yii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔn a wohuu ayaresa no nyinaa nso yii Onyankopɔn ayɛ.

< Luke 18 >