< Leviticus 25 >

1 Yahweh said to Moses on Mount Sinai,
Mose wɔ Sinai Bepɔw so no, Awurade ka kyerɛɛ no se,
2 “Speak to the children of Israel, and tell them, ‘When you come into the land which I give you, then the land shall keep a Sabbath to Yahweh.
“Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ mudu asase a mede rebɛma mo no so a, mfe ason biara, momma asase no nya Awurade mu homeda.
3 You shall sow your field six years, and you shall prune your vineyard six years, and gather in its fruits;
Momfa mfe asia nnua mo nnɔbae wɔ mo mfuw mu na munyiyi mo bobe nturo mu na muntwa mo nnɔbae.
4 but in the seventh year there shall be a Sabbath of solemn rest for the land, a Sabbath to Yahweh. You shall not sow your field or prune your vineyard.
Na mfe ason so no, asase no nna hɔ kwa wɔ Awurade anim. Monnyɛ so hwee. Munnnua so aba. Afe no nyinaa mu, munnyiyi mo bobe nturo no mu.
5 What grows of itself in your harvest you shall not reap, and you shall not gather the grapes of your undressed vine. It shall be a year of solemn rest for the land.
Na aba biara a ebefifi no, monntew mfa, na bobe no nso, mommmoaboa ano mfa. Efisɛ ɛyɛ afe a ɛsɛ sɛ asase no home.
6 The Sabbath of the land shall be for food for you; for yourself, for your servant, for your maid, for your hired servant, and for your stranger, who lives as a foreigner with you.
Nanso aba biara a asase no bɛma saa afe no bɛyɛ aduan ama wo ne wʼakoa, wʼafenaa, wo paani ne wo hɔho,
7 For your livestock also, and for the animals that are in your land, shall all its increase be for food.
wo nyɛmmoa ne wuram mmoa a ɛwɔ asase no so nyinaa. Munni biribiara a asase no bɛma biara.
8 “‘You shall count off seven Sabbaths of years, seven times seven years; and there shall be to you the days of seven Sabbaths of years, even forty-nine years.
“‘Bubu Homeda mfe ason, mfe ason ahorow ason, na wubenya mfe aduanan akron.
9 Then you shall sound the loud trumpet on the tenth day of the seventh month. On the Day of Atonement you shall sound the trumpet throughout all your land.
Afei, ɔsram a ɛto so ason no da du no yɛ Mpata Da. Monhyɛn torobɛnto wɔ baabiara. Mpata Da no, monhyɛn torobɛnto no denneennen nkyɛ wɔ ɔman no mu baabiara.
10 You shall make the fiftieth year holy, and proclaim liberty throughout the land to all its inhabitants. It shall be a jubilee to you; and each of you shall return to his own property, and each of you shall return to his family.
Montew mfe aduonum no ho na mompae ahofadi mma wɔn a wɔtete asase no so mmaa nyinaa. Ɛbɛyɛ mfirihyia aduonum afahyɛ ama mo, na mo mu biara bɛsan akɔ asase a wɔde ama mo agyanom no so, na moakɔka mo abusuafo ho.
11 That fiftieth year shall be a jubilee to you. In it you shall not sow, neither reap that which grows of itself, nor gather from the undressed vines.
Mfe aduonum so no bɛyɛ mfirihyia aduonum afahyɛ ama mo; munnnua biribiara na munntwa nnɔbae biara, na bobe a moadua nso, monntew so aba.
12 For it is a jubilee; it shall be holy to you. You shall eat of its increase out of the field.
Efisɛ ɛyɛ mfirihyia aduonum afahyɛ, na ɛsɛ sɛ ɛyɛ sononko na ɛho tew. Munni nea munya fi asase no mu nko ara.
13 “‘In this Year of Jubilee each of you shall return to his property.
“‘Saa mfirihyia aduonum afahyɛ yi, obiara bɛkɔ asase a wɔde maa nʼagyanom no so.
14 “‘If you sell anything to your neighbor, or buy from your neighbor, you shall not wrong one another.
“‘Sɛ wo ne wo yɔnko yɛ nhyehyɛe a wonam so retɔ anaa woretɔn agyapade bi a, ɛnsɛ sɛ obi sisi ne yɔnko.
15 According to the number of years after the Jubilee you shall buy from your neighbor. According to the number of years of the crops he shall sell to you.
Sɛ woretɔ asase afi wo yɔnko nkyɛn a, mobɛkan mfe dodow no so fa afi Mfirihyia Aduonum Afahyɛ a etwaa mu no. Ɔdetɔnfo no begye wo bo a egyina mfe dodow a aka ansa na mfirihyia aduonum afahyɛ a ɛreba no.
16 According to the length of the years you shall increase its price, and according to the shortness of the years you shall diminish its price; for he is selling the number of the crops to you.
Mfe no dodow na ɛma ɛbo no kɔ soro. Saa ara nso na mfe kakra bi ma ɛbo no kɔ fam. Eyinom nyinaa mu no, onipa a ɔretɔn asase no retɔn otwa dodow a wobetwa afi asase no so.
17 You shall not wrong one another, but you shall fear your God; for I am Yahweh your God.
Munsuro mo Nyankopɔn na obi ansisi ne yɔnko. Na mene Awurade.
18 “‘Therefore you shall do my statutes, and keep my ordinances and do them; and you shall dwell in the land in safety.
“‘Sɛ mopɛ sɛ motena asase no so asomdwoe mu de a, munni me mmara so.
19 The land shall yield its fruit, and you shall eat your fill, and dwell therein in safety.
Sɛ moyɛ osetie a, aduan bebu so wɔ asase no so na moadi amee wɔ asomdwoe mu.
20 If you said, “What shall we eat the seventh year? Behold, we shall not sow, nor gather in our increase;”
Mubebisa se, “Na sɛ wose yennnua anaa yenntwa saa afe no so a, dɛn na yebedi wɔ mfe ason no so no?”
21 then I will command my blessing on you in the sixth year, and it shall bear fruit for the three years.
Mmuae ara ne sɛ, mfe asia no so, mehyira mo ama nnɔbae aba abu so kosi sɛ mubetwa mfe awotwe mu nnɔbae no.
22 You shall sow the eighth year, and eat of the fruits from the old store until the ninth year. Until its fruits come in, you shall eat the old store.
Sɛ mudua nnɔbae wɔ mfe awotwe no mu a, mobɛkɔ so adi afe a etwaa mu no mu nnuan. Nokware, nnuan dedaw no na mubedi akosi sɛ otwabere bedu so mfe akron no mu.
23 “‘The land shall not be sold in perpetuity, for the land is mine; for you are strangers and live as foreigners with me.
“‘Na monkae sɛ asase no yɛ me dea enti munni ho kwan sɛ motɔn no afebɔɔ. Moyɛ ahɔho na meyɛ asase wura ma mo.
24 In all the land of your possession you shall grant a redemption for the land.
Asasetɔn mu no, ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛe sɛ asasetɔnfo no tumi san begye asase no bere biara.
25 “‘If your brother becomes poor, and sells some of his possessions, then his kinsman who is next to him shall come, and redeem that which his brother has sold.
“‘Sɛ ohia hia obi ma ɔtɔn nʼasase fa bi a, nʼabusuafo tumi begye.
26 If a man has no one to redeem it, and he becomes prosperous and finds sufficient means to redeem it,
Sɛ onni obi a obegye ama no na sɛ ɔno ankasa nya sika a,
27 then let him reckon the years since its sale, and restore the surplus to the man to whom he sold it; and he shall return to his property.
wɔbɛsese ɛso nnɔbae a wɔatwa ansa na Ahosɛpɛw Afe no reba na wɔagyina so atua ka no, na nea ɔtɔe no nso adan asase no ama no.
28 But if he isn’t able to get it back for himself, then what he has sold shall remain in the hand of him who has bought it until the Year of Jubilee. In the Jubilee it shall be released, and he shall return to his property.
Na sɛ nea asase no yɛ ne de no ankasa antumi annye a, ɛno de, ɛbɛyɛ nea ɔtɔ no dea ara kosi Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no, na nea ɔtɔe no de onipa no ade asan ama no.
29 “‘If a man sells a dwelling house in a walled city, then he may redeem it within a whole year after it has been sold. For a full year he shall have the right of redemption.
“‘Sɛ obi tɔn ofi wɔ kurom a, ɔwɔ afe a otumi san gye nʼade a biribiara nsiw no ho kwan.
30 If it isn’t redeemed within the space of a full year, then the house that is in the walled city shall be made sure in perpetuity to him who bought it, throughout his generations. It shall not be released in the Jubilee.
Na sɛ afe no mu wantumi annye a, ɛbɛyɛ nea ɔtɔe no de korakora. Ɔrensan mfa mma onipa a kan no na ɛyɛ ne dea no wɔ Ahosɛpɛw Afe no mu.
31 But the houses of the villages which have no wall around them shall be accounted for with the fields of the country: they may be redeemed, and they shall be released in the Jubilee.
Nanso akuraa dan a wɔntoo ɔfasu ntwaa ho nhyiae te sɛ agyapade a ɛwɔ wuram de, wotumi san kogye no bere biara, na Mfe Aduonum Afahyɛ mu no, ɛsɛ sɛ wɔsan de ma ne wura ankasa.
32 “‘Nevertheless, in the cities of the Levites, the Levites may redeem the houses in the cities of their possession at any time.
“‘Asɛm baako bi na ɛnka ho. Lewifo afi a ɛwɔ nkurow a wɔde afasu atwa ho mu no, wotumi san gye no bere biara.
33 The Levites may redeem the house that was sold, and the city of his possession, and it shall be released in the Jubilee; for the houses of the cities of the Levites are their possession among the children of Israel.
Enti Lewifo de, wotumi gye wɔn agyapade; wɔn kurow biara mu ofi a wɔtɔnee, ɛsɛ sɛ wɔdan ma wɔn wuranom wɔ Ahosɛpɛw Afe no mu, efisɛ afi no yɛ wɔn dea.
34 But the field of the pasture lands of their cities may not be sold, for it is their perpetual possession.
Ɛnsɛ sɛ wɔtɔn nsase a atwa Lewifo no nkurow ho ahyia, efisɛ eyinom yɛ wɔn agyapade afebɔɔ a ɛnsɛ sɛ wɔne obiara kyɛ.
35 “‘If your brother has become poor, and his hand can’t support himself among you, then you shall uphold him. He shall live with you like an alien and a temporary resident.
“‘Sɛ ohia hia wo nua a, ɛsɛ sɛ woboa no; ma no mmra ma ɔmmɛtena hɔ bi.
36 Take no interest from him or profit; but fear your God, that your brother may live among you.
Suro wo Nyankopɔn na ma wo nua ntena wo nkyɛn; na sɛ wobɔ no bosea a, nnye no ho mfɛntom.
37 You shall not lend him your money at interest, nor give him your food for profit.
Kae sɛ worennye ho mfɛntom biara; na ma no biribiara a ɛho hia no na ɛnyɛ wo ka. Mpɛ mfaso!
38 I am Yahweh your God, who brought you out of the land of Egypt, to give you the land of Canaan, and to be your God.
Efisɛ me Awurade a meyɛ mo Nyankopɔn no yii mo fii Misraim de Kanaan asase maa mo sɛnea mɛyɛ mo Nyankopɔn.
39 “‘If your brother has grown poor among you, and sells himself to you, you shall not make him to serve as a slave.
“‘Sɛ ohia hia wo yɔnko Israelni na ɔtɔn ne ho ma wo a, nhyɛ ne so sɛ ɔdɔnkɔ;
40 As a hired servant, and as a temporary resident, he shall be with you; he shall serve with you until the Year of Jubilee.
na mmom, yɛ no sɛ obi a wutua no ne som a ɔsom ho ka, anaa fa no sɛ wo hɔho na ɔnsom wo nkosi Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no.
41 Then he shall go out from you, he and his children with him, and shall return to his own family, and to the possession of his fathers.
Edu saa bere no a, ɔne ne mma nyinaa tumi tu de wɔn agyapade nyinaa kɔ wɔn abusuafo nkyɛn.
42 For they are my servants, whom I brought out of the land of Egypt. They shall not be sold as slaves.
Efisɛ Israelfo no yɛ mʼasomfo a mede wɔn fi Misraim asase so bae; ɛnsɛ sɛ wɔtɔn wɔn sɛ nkoa.
43 You shall not rule over him with harshness, but shall fear your God.
Mommfa atirimɔden nni wɔn so; munsuro mo Nyankopɔn.
44 “‘As for your male and your female slaves, whom you may have from the nations that are around you, from them you may buy male and female slaves.
“‘Nanso mubetumi atɔ asomfo afi aman afoforo a atwa mo ho ahyia no so.
45 Moreover, of the children of the aliens who live among you, of them you may buy, and of their families who are with you, which they have conceived in your land; and they will be your property.
Saa ara nso na mutumi tɔ ahɔho a mo ne wɔn te no mma a ɛmfa ho sɛ wɔte mo mu.
46 You may make them an inheritance for your children after you, to hold for a possession. Of them you may take your slaves forever, but over your brothers the children of Israel you shall not rule, one over another, with harshness.
Mubetumi ayɛ wɔn nkoa afebɔɔ ama mo ne mo nkyirimma, nanso mo nuanom Israelfo no de, ɛnsɛ sɛ moyɛ wɔn saa.
47 “‘If an alien or temporary resident with you becomes rich, and your brother beside him has grown poor, and sells himself to the stranger or foreigner living among you, or to a member of the stranger’s family,
“‘Sɛ ɔhɔho a ɔte mo mu no bɛyɛ ɔdefo, na sɛ Israelni di hia, na ɔtɔn ne ho ma ɔhɔho no anaa ɔhɔho no abusuafo a,
48 after he is sold he may be redeemed. One of his brothers may redeem him;
ɔwɔ kwan sɛ wogye no wɔ ne tɔn akyi; ne nuanom bi tumi begye no.
49 or his uncle, or his uncle’s son, may redeem him, or any who is a close relative to him of his family may redeem him; or if he has grown rich, he may redeem himself.
Saa ara nso na ne wɔfa, ne wɔfaase anaa ne ho nipa bi a ɔbɛn no tumi gye no ara ne no. Sɛ ɔno ara nso benya sika a, otumi de begye ne ho.
50 He shall reckon with him who bought him from the year that he sold himself to him to the Year of Jubilee. The price of his sale shall be according to the number of years; he shall be with him according to the time of a hired servant.
Ne ho a obegye no gyina mfe a aka na Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no adu ne sika dodow a sɛ anka wɔde kɔfaa ɔsomfo a, anka obegye saa mfe a aka no mu no so.
51 If there are yet many years, according to them he shall give back the price of his redemption out of the money that he was bought for.
Sɛ aka mfe pii ansa na Ahosɛpɛw Afe no aso a, obetua sika a ogyee wɔ bere a ɔtɔn ne ho no nyinaa.
52 If there remain but a few years to the year of jubilee, then he shall reckon with him; according to his years of service he shall give back the price of his redemption.
Sɛ mfe no pii atwam ama aka kakra na Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no adu a, ɛno de, obetua sika a ogyee bere a ɔtɔn ne ho no mu kakraa bi.
53 As a servant hired year by year shall he be with him. He shall not rule with harshness over him in your sight.
Sɛ ɔtɔn ne ho ma ɔhɔho a, ɔhɔho no bɛfa no sɛ ne somfo a otua no ka. Ɛnsɛ sɛ ɔfa no sɛ ne somfo koraa anaa nʼagyapade.
54 If he isn’t redeemed by these means, then he shall be released in the Year of Jubilee: he and his children with him.
“‘Sɛ Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no du na wonnyee no a, wobegyaa ɔne ne mma nyinaa,
55 For to me the children of Israel are servants; they are my servants whom I brought out of the land of Egypt. I am Yahweh your God.
efisɛ wɔyɛ mʼasomfo. Mede wɔn fi Misraim na ɛbae. Mene Awurade mo Nyankopɔn no.

< Leviticus 25 >