< Leviticus 19 >

1 Yahweh spoke to Moses, saying,
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
2 “Speak to all the congregation of the children of Israel, and tell them, ‘You shall be holy; for I, Yahweh your God, am holy.
“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, me Awurade a meyɛ mo Onyankopɔn no, meyɛ kronkron.
3 “‘Each one of you shall respect his mother and his father. You shall keep my Sabbaths. I am Yahweh your God.
“‘Ɛsɛ sɛ mode anidie ma mo maamenom ne mo agyanom na modi me homeda mmara no so, ɛfiri sɛ, meyɛ Awurade mo Onyankopɔn.
4 “‘Don’t turn to idols, nor make molten gods for yourselves. I am Yahweh your God.
“‘Monnsom ahoni, ɛfiri sɛ, meyɛ Awurade mo Onyankopɔn.
5 “‘When you offer a sacrifice of peace offerings to Yahweh, you shall offer it so that you may be accepted.
“‘Ɛsɛ sɛ mobɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ma Awurade a momfa ɛkwan pa so mmɔ na asɔ Awurade ani.
6 It shall be eaten the same day you offer it, and on the next day. If anything remains until the third day, it shall be burned with fire.
Ɛda a mobɛbɔ saa afɔdeɛ no, monni no ɛda no ara, na aboro so koraa na ɛsɛ sɛ modi no adekyeeɛ. Monhye deɛ ɛbɛdi nnansa no.
7 If it is eaten at all on the third day, it is an abomination. It will not be accepted;
Na deɛ mobɛdi no nnansa so no yɛ akyiwadeɛ ma me, enti mɛpo.
8 but everyone who eats it shall bear his iniquity, because he has profaned the holy thing of Yahweh, and that soul shall be cut off from his people.
Sɛ modi no nnansa so a, modi ho fɔ na moagu Awurade kronkronyɛ nso ho fi, na wɔbɛtwa mo asuo afiri Awurade nkurɔfoɔ mu.
9 “‘When you reap the harvest of your land, you shall not wholly reap the corners of your field, neither shall you gather the gleanings of your harvest.
“‘Sɛ motwa mo nnɔbaeɛ a, monntwa nnɔbaeɛ a ɛwɔ mo mfuo nhanoa no. Sɛ moretwa a, aba a ɛbɛgu fam no nso, monntase.
10 You shall not glean your vineyard, neither shall you gather the fallen grapes of your vineyard. You shall leave them for the poor and for the foreigner. I am Yahweh your God.
Saa ara na mo bobe so aba no nso, ɛnsɛ sɛ mote so nyinaa. Na deɛ ɛbɛte agu aseɛ no nso, monntase. Monnya mma ahiafoɔ ne akwantufoɔ a wɔbɛfa hɔ no na mene Awurade mo Onyankopɔn.
11 “‘You shall not steal. “‘You shall not lie. “‘You shall not deceive one another.
“‘Mommmɔ korɔno. “‘Monntwa atorɔ. “‘Na monnsisi obiara.
12 “‘You shall not swear by my name falsely, and profane the name of your God. I am Yahweh.
“‘Monnka ntanhunu mfa ngu mo Onyankopɔn din ho fi, ɛfiri sɛ, mene Awurade.
13 “‘You shall not oppress your neighbor, nor rob him. “‘The wages of a hired servant shall not remain with you all night until the morning.
“‘Nwia wo yɔnko na monnsisi obi. “‘Na mo apaafoɔ nso, montua wɔn ka ntɛm na mommma adeɛ nkye so.
14 “‘You shall not curse the deaf, nor put a stumbling block before the blind; but you shall fear your God. I am Yahweh.
“‘Monnnome ɔsotifoɔ na monntwintwane onifirani akwan mu. Monsuro mo Onyankopɔn; Mene Awurade.
15 “‘You shall do no injustice in judgment. You shall not be partial to the poor, nor show favoritism to the great; but you shall judge your neighbor in righteousness.
“‘Ɛsɛ sɛ ɛberɛ biara atemmufoɔ bu atɛntenenee a wɔnhwɛ sɛ deɛ wɔrebu no atɛn no yɛ ohiani anaa osikani. Ɛsɛ sɛ daa wɔn atemmuo yɛ pɛpɛɛpɛ.
16 “‘You shall not go around as a slanderer among your people. “‘You shall not endanger the life of your neighbor. I am Yahweh.
“‘Monnni nsekuro. “‘Mfa bɔne bi ho asɛm nto wo yɔnko so, na mene Awurade.
17 “‘You shall not hate your brother in your heart. You shall surely rebuke your neighbor, and not bear sin because of him.
“‘Ntane wo nua. Ka obiara a ɔyɛ bɔne anim; mma ɔbɔnefoɔ mfa ne ho nni. Sɛ woyɛ saa a, wo nso wodi ho fɔ saa ara.
18 “‘You shall not take vengeance, nor bear any grudge against the children of your people; but you shall love your neighbor as yourself. I am Yahweh.
“‘Ntɔ were. Nnya obi ho menasepɔ; na mmom, dɔ wo yɔnko sɛ wo ho, na mene Awurade.
19 “‘You shall keep my statutes. “‘You shall not cross-breed different kinds of animals. “‘You shall not sow your field with two kinds of seed; “‘Don’t wear a garment made of two kinds of material.
“‘Monni me mmara so: “‘Mma wo nantwie mforo aboa foforɔ bi. “‘Nnua afifideɛ a ɛgu ahodoɔ mmienu wɔ wʼafuo mu. “‘Nhyɛ atadeɛ a ɛfa yɛ kuntu na ɛfa nso yɛ serekye.
20 “‘If a man lies carnally with a woman who is a slave girl, pledged to be married to another man, and not ransomed or given her freedom; they shall be punished. They shall not be put to death, because she was not free.
“‘Sɛ obi bɔ afenaa bi a obi asi no asiwaa asɔn a, ɛsɛ sɛ wɔdi wɔn asɛm wɔ asɛnniiɛ nanso ɛnsɛ sɛ wɔkum wɔn, ɛfiri sɛ, afenaa no nne ne ho.
21 He shall bring his trespass offering to Yahweh, to the door of the Tent of Meeting, even a ram for a trespass offering.
Ɔbarima no na ɔde ne fɔdie afɔrebɔdeɛ bɛbrɛ Awurade wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Ɛsɛ sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ odwennini.
22 The priest shall make atonement for him with the ram of the trespass offering before Yahweh for his sin which he has committed; and the sin which he has committed shall be forgiven him.
Ɔsɔfoɔ no de odwennini no bɛyɛ mpatadeɛ ama ɔbarima no bɔne a ɔyɛeɛ no na ama wɔde ne bɔne no akyɛ no.
23 “‘When you come into the land, and have planted all kinds of trees for food, then you shall count their fruit as forbidden. For three years it shall be forbidden to you. It shall not be eaten.
“‘Sɛ mokɔ asase bi so kɔdua nnuaba ahodoɔ pii wɔ so a, nnɔbaetwa mmiɛnsa a ɛdi ɛkan no, monnni, ɛfiri sɛ, wɔbu no sɛ ɛho agu fi.
24 But in the fourth year all its fruit shall be holy, for giving praise to Yahweh.
Na ne mfeɛ ɛnan so no, momfa aba no nyinaa mma Awurade mfa nkamfo no.
25 In the fifth year you shall eat its fruit, that it may yield its increase to you. I am Yahweh your God.
Na ne mfeɛ enum so no, aba no yɛ mo dea. Mene Awurade mo Onyankopɔn.
26 “‘You shall not eat any meat with the blood still in it. You shall not use enchantments, nor practice sorcery.
“‘Monnwe aboa biara a wɔnsɔnee ne mu mogya ɛnam. “‘Na mommfa mo ho nto ntafowayie anaa bayie so.
27 “‘You shall not cut the hair on the sides of your head or clip off the edge of your beard.
“‘Ɛnsɛ sɛ motwitwa mo moma so nwi twitwa mo abɔgyesɛ so sɛdeɛ abosonsomfoɔ yɛ no.
28 “‘You shall not make any cuttings in your flesh for the dead, nor tattoo any marks on you. I am Yahweh.
“‘Mommotabota mo ho mma ayiyɛ, na monnyɛ nsohyɛdeɛ wɔ mo honam ani nso. Mene Awurade.
29 “‘Don’t profane your daughter, to make her a prostitute; lest the land fall to prostitution, and the land become full of wickedness.
“‘Mma wo babaa nkɔbɔ adwaman mfa ngu ne ho fi na asase no annane abɔnefoɔ asase.
30 “‘You shall keep my Sabbaths, and reverence my sanctuary; I am Yahweh.
“‘Monni me homeda mmara no so na monni mʼAhyiaeɛ Ntomadan no ni, ɛfiri sɛ, mene Awurade.
31 “‘Don’t turn to those who are mediums, nor to the wizards. Don’t seek them out, to be defiled by them. I am Yahweh your God.
“‘Monnkɔ abisa wɔ adebisafoɔ ne abayifoɔ nkyɛn mmfa ngu mo ho fi, na mene Awurade mo Onyankopɔn.
32 “‘You shall rise up before the gray head and honor the face of the elderly; and you shall fear your God. I am Yahweh.
“‘Momfa obuo ne anidie mma mpanimfoɔ wɔ Onyamesuro mu. Mene Awurade.
33 “‘If a stranger lives as a foreigner with you in your land, you shall not do him wrong.
“‘Mommfa no sɛ yɛwɔ ahɔhoɔ wɔ yɛn ɔman yi mu enti yɛbɛsisi wɔn.
34 The stranger who lives as a foreigner with you shall be to you as the native-born among you, and you shall love him as yourself; for you lived as foreigners in the land of Egypt. I am Yahweh your God.
Mommu wɔn sɛdeɛ mobu onipa biara. Monnodɔ wɔn sɛ mo ho na monkae sɛ, na mo nso moyɛ ahɔhoɔ wɔ Misraim asase so. Mene Awurade mo Onyankopɔn.
35 “‘You shall do no unrighteousness in judgment, in measures of length, of weight, or of quantity.
“‘Ɛnsɛ sɛ mobu ntɛnkyea wɔ adesusuo, adekari anaa ade dodoɔ mu.
36 You shall have just balances, just weights, a just ephah, and a just hin. I am Yahweh your God, who brought you out of the land of Egypt.
Ɛsɛ sɛ mo nsania ne mo nkariboɔ yɛ pɛpɛɛpɛ. Adeɛ a mode susu nsunsudeɛ ne nneɛma a ɛnyɛ nsunsu no nso, ɛsɛ sɛ ɛyɛ pɛpɛɛpɛ, ɛfiri sɛ, mene Awurade mo Onyankopɔn a mede mo firi Misraim baeɛ no.
37 “‘You shall observe all my statutes and all my ordinances, and do them. I am Yahweh.’”
“‘Ɛsɛ sɛ modi me mmaransɛm ne mʼahyɛdeɛ no nyinaa so, na mene Awurade.’”

< Leviticus 19 >