< Jude 1 >

1 Jude, a servant of Jesus Christ, and brother of James, to those who are called, sanctified by God the Father, and kept for Jesus Christ:
Yesu Kristo ɔsomfoɔ Yuda a meyɛ Yakobo nua na metwerɛɛ krataa yi, Mede kɔma wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn na wɔte Agya Onyankopɔn dɔ ne Yesu Kristo banbɔ mu:
2 May mercy, peace, and love be multiplied to you.
Mmɔborɔhunu ne ɔdɔ a ɛdɔɔso nka mo.
3 Beloved, while I was very eager to write to you about our common salvation, I was constrained to write to you exhorting you to contend earnestly for the faith which was once for all delivered to the saints.
Me nnamfonom, anka merebɔ mmɔden atwerɛ mo afa nkwagyeɛ a yɛn nyinaa te mu no ho. Nanso, ɛsɛ sɛ metwerɛ mo wɔ asɛm foforɔ ho na moyere mo ho gyina nokorɛ a Onyankopɔn de ama ne nkurɔfoɔ afebɔɔ, a ɛnsɛ sɛ wɔsesa mu da biara da.
4 For there are certain men who crept in secretly, even those who were long ago written about for this condemnation: ungodly men, turning the grace of our God into indecency, and denying our only Master, God, and Lord, Jesus Christ.
Nnipa bi awiawia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔkyea asɛm a ɛfa yɛn Onyankopɔn adom no ka sɛ adom no enti abrabɔ bɔne nsɛe hwee. Wɔnnye Yesu Kristo a ɔno nko ara ne yɛn Wura ne yɛn Awurade no nto mu. Atwerɛsɛm no aka wɔn afɔbuo a aba wɔn so no ho asɛm dada.
5 Now I desire to remind you, though you already know this, that the Lord, having saved a people out of the land of Egypt, afterward destroyed those who didn’t believe.
Ɛwom sɛ monim yeinom dada, nanso mepɛ sɛ mekae mo adwene wɔ ɔgye a Awurade gyee Israelfoɔ firii Misraim asase so na akyire yi, ɔsɛee wɔn a na wɔnnye asɛm no nni no ho.
6 Angels who didn’t keep their first domain, but deserted their own dwelling place, he has kept in everlasting bonds under darkness for the judgment of the great day. (aïdios g126)
Monkae abɔfoɔ a wɔdii tumi trasoɔ ma wɔgyaa wɔn atenaeɛ no. Wɔagu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ sum kabii mu, na Onyankopɔn de wɔn asie retwɛn ɛda kɛseɛ no, na wabu wɔn atɛn. (aïdios g126)
7 Even as Sodom and Gomorrah and the cities around them, having in the same way as these given themselves over to sexual immorality and gone after strange flesh, are shown as an example, suffering the punishment of eternal fire. (aiōnios g166)
Monkae Sodom ne Gomora ne nkuro a na atwa wɔn ho ahyia no sɛ, na emu nnipa no yɛ adwamanfoɔ. Onyankopɔn twee wɔn aso de yɛɛ nhwɛsoɔ maa wɔn a wɔbɛnya asotwe a ɛde wɔn kɔ ogya a ɛnnum da no mu. (aiōnios g166)
8 Yet in the same way, these also in their dreaming defile the flesh, despise authority, and slander celestial beings.
Saa ɛkwan korɔ no ara so na adaeɛsofoɔ yi nam. Wogu wɔn ankasa onipadua ho fi. Wɔpo tumidie, na wɔka nsɛmmɔne fa animuonyamfoɔ a wɔwɔ ɔsoro ho.
9 But Michael, the archangel, when contending with the devil and arguing about the body of Moses, dared not bring against him an abusive condemnation, but said, “May the Lord rebuke you!”
Ɔbɔfopanin Mikael mpo nyɛɛ saa da. Ɛberɛ a Mikael ne ɔbonsam repere Mose amu so a akasakasa sii wɔn ntam no mpo, wante ɔbonsam atua, na mmom, asɛm a ɔkaeɛ ara ne sɛ, “Awurade nka wʼanim.”
10 But these speak evil of whatever things they don’t know. They are destroyed in these things that they understand naturally, like the creatures without reason.
Nanso, saa nnipa yi te nneɛma a wɔnte aseɛ ho atua. Sɛdeɛ mmoa a wɔnni nyansa di wɔn atenka akyi no, saa ara na wɔn nso wɔdi wɔn atenka akyi wɔ nneɛma a wɔnte aseɛ ho, na yei de ɔsɛeɛ bɛba wɔn so.
11 Woe to them! For they went in the way of Cain, and ran riotously in the error of Balaam for hire, and perished in Korah’s rebellion.
Wɔnnue! Ɛkwan a Kain faa so no ara so na wɔnam. Sikanibereɛ enti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm ase. Wɔate atua atia Onyankopɔn sɛdeɛ Kora yɛeɛ pɛpɛɛpɛ. Yei enti wɔbɛsɛe wɔn.
12 These are hidden rocky reefs in your love feasts when they feast with you, shepherds who without fear feed themselves; clouds without water, carried along by winds; autumn trees without fruit, twice dead, plucked up by the roots;
Wɔte sɛ nkekaeɛ fi a ɛwɔ wo nua aduane a ɔne wo di mu a wɔmfɛre ho. Wɔn ani ku wɔn ara wɔn ho. Na wɔte sɛ omununkum a ɛsi na mframa bɔ no, nanso osuo ntɔ. Wɔte sɛ nnua a ɛnso aba asusɔberɛ mu. Wɔte sɛ nnua a wɔatutu ne nhini ama awu koraa.
13 wild waves of the sea, foaming out their own shame; wandering stars, for whom the blackness of darkness has been reserved forever. (aiōn g165)
Wɔte sɛ ɛpo asorɔkye a ano yɛ den a ɛhuru sɛ ahuro da wɔn aniwudeɛ adi. Wɔte sɛ nsoromma a ɛkyinkyini a Onyankopɔn de wɔn asie ɔsɛeɛ esum kabii mu afebɔɔ. (aiōn g165)
14 About these also Enoch, the seventh from Adam, prophesied, saying, “Behold, the Lord came with ten thousands of his holy ones,
Henok, Adam aseni a ɔtɔ no so nsia na ɔhyɛɛ saa nnipa yi ho nkɔm teteete sɛ, “Hwɛ, Awurade ne nʼabɔfoɔ Kronkron mpempem reba,
15 to execute judgment on all, and to convict all the ungodly of all their works of ungodliness which they have done in an ungodly way, and of all the hard things which ungodly sinners have spoken against him.”
na wɔabɛbu mo nyinaa atɛn na wɔabu nnebɔneyɛfoɔ nyinaa atɛn wɔ wɔn bɔne a wɔayɛ ne nsɛm a wɔaka atia Onyankopɔn no ho.”
16 These are murmurers and complainers, walking after their lusts—and their mouth speaks proud things—showing respect of persons to gain advantage.
Ɛberɛ biara, saa nnipa yi nwiinwii na wɔde mfomsoɔ to afoforɔ so. Wɔdi wɔn akɔnnɔ akyi. Wɔhoahoa wɔn ho na wɔdaadaa afoforɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛba abɛdi wɔn akyi.
17 But you, beloved, remember the words which have been spoken before by the apostles of our Lord Jesus Christ.
Me nnamfonom, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafoɔ no kaeɛ.
18 They said to you, “In the last time there will be mockers, walking after their own ungodly lusts.”
Wɔkaa sɛ, “Sɛ awieeɛ no duru a, nnipa a wɔdi mo ho fɛ bɛba, wɔn a wɔdi wɔn akɔnnɔ akyi.”
19 These are those who cause divisions and are sensual, not having the Spirit.
Yeinom ne nnipa a wɔnam wɔn akɔnnɔ so de mpaapaemu ba no. Na wɔnni Honhom no wɔ wɔn mu.
20 But you, beloved, keep building up yourselves on your most holy faith, praying in the Holy Spirit.
Enti, mo a moyɛ me nnamfonom, metu mo fo sɛ, monkɔ so mmia mo gyidie mu. Mommɔ mpaeɛ wɔ Honhom Kronkron no tumi mu,
21 Keep yourselves in God’s love, looking for the mercy of our Lord Jesus Christ to eternal life. (aiōnios g166)
na montena Onyankopɔn dɔ mu ɛberɛ a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ nʼahummɔborɔ mu ama wama mo nkwa a ɛnni awieeɛ no. (aiōnios g166)
22 On some have compassion, making a distinction,
Monhunu wɔn a wɔn gyidie sua mmɔbɔ.
23 and some save, snatching them out of the fire with fear, hating even the clothing stained by the flesh.
Montwe wɔn mfiri ogya mu nnye wɔn nkwa. Momfa suro nhunu wɔn mmɔbɔ, na monkyiri ntadeɛ a wɔn bɔne nkekaeɛ akeka mu.
24 Now to him who is able to keep them from stumbling, and to present you faultless before the presence of his glory in great joy,
Na deɛ ɔbɛtumi asɔ mo mu na moanhwinti, na ɔde mo asi nʼanimuonyam anim sɛ nnipa a wɔnni dɛm wɔ ahosane mu no,
25 to God our Savior, who alone is wise, be glory and majesty, dominion and power, both now and forever. Amen. (aiōn g165)
Onyankopɔn korɔ a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na animuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmerɛ a atwam, ne ɛnnɛ ne daa nyinaa. Amen. (aiōn g165)

< Jude 1 >