< John 18 >

1 When Jesus had spoken these words, he went out with his disciples over the brook Kidron, where there was a garden, into which he and his disciples entered.
Yesu bɔɔ saa mpae yi wiei no, ɔne nʼasuafo no fii faako a wɔwɔ no kotwaa asu Kidron kɔɔ turo bi mu.
2 Now Judas, who betrayed him, also knew the place, for Jesus often met there with his disciples.
Esiane sɛ na Yesu ne nʼasuafo no taa kɔ hɔ no nti, na Yuda a oyii no mae no nim hɔ.
3 Judas then, having taken a detachment of soldiers and officers from the chief priests and the Pharisees, came there with lanterns, torches, and weapons.
Asɔfo mpanyin ne Farisifo no somaa Yuda ne asraafo ne asɔredan mu awɛmfo a wokurakura akode ne akanea kɔɔ faako a wɔwɔ no.
4 Jesus therefore, knowing all the things that were happening to him, went out and said to them, “Who are you looking for?”
Yesu a na onim nea ɛbɛba ne so nyinaa no kohyiaa wɔn bisaa wɔn se, “Hena na mohwehwɛ no?”
5 They answered him, “Jesus of Nazareth.” Jesus said to them, “I am he.” Judas also, who betrayed him, was standing with them.
Wobuaa no se, “Yesu a ofi Nasaret no.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me ni!” Na Yuda a oyii no maa no gyina hɔ bi.
6 When therefore he said to them, “I am he,” they went backward and fell to the ground.
Yesu kae se, “Me ni” no, wopinpinii wɔn akyi na wɔhwehwee ase.
7 Again therefore he asked them, “Who are you looking for?” They said, “Jesus of Nazareth.”
Ɔsan bisaa wɔn bio se, “Morehwehwɛ hena?” Na wobuae se, “Yesu a ofi Nasaret no.”
8 Jesus answered, “I told you that I am he. If therefore you seek me, let these go their way,”
Yesu buaa wɔn se, “Maka akyerɛ mo dedaw se me ni. Sɛ me na morehwehwɛ me de a, ɛno de, momma mʼasuafo no nkɔ.”
9 that the word might be fulfilled which he spoke, “Of those whom you have given me, I have lost none.”
Ɔkaa eyi nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a nsɛm a wɔaka se, “Agya, wɔn a wode wɔn maa me no mu baako koraa nyerae” no bɛba mu.
10 Simon Peter therefore, having a sword, drew it, struck the high priest’s servant, and cut off his right ear. The servant’s name was Malchus.
Saa bere no Petro a na okura afoa no twe de twaa ɔsɔfopanyin no asomfo no mu baako aso nifa. Saa akoa no din de Malko.
11 Jesus therefore said to Peter, “Put the sword into its sheath. The cup which the Father has given me, shall I not surely drink it?”
Yesu ka kyerɛɛ Petro se, “Fa wʼafoa no san hyɛ faako a wotwe fii. Ɛnsɛ sɛ menom kuruwa a mʼAgya de ama me no ano ana?”
12 So the detachment, the commanding officer, and the officers of the Jews seized Jesus and bound him,
Asraafo no ne wɔn panyin ne asɔredan mu awɛmfo no kyeree Yesu, kyekyeree ne nsa,
13 and led him to Annas first, for he was father-in-law to Caiaphas, who was high priest that year.
de no dii kan kɔmaa Anas a na nʼase ne Kaiafa a saa bere no na ɔyɛ Ɔsɔfopanyin no.
14 Now it was Caiaphas who advised the Jews that it was expedient that one man should perish for the people.
Kaiafa na otuu Yudafo no fo se, eye sɛ onipa baako bewu ama ɔman no.
15 Simon Peter followed Jesus, as did another disciple. Now that disciple was known to the high priest, and entered in with Jesus into the court of the high priest;
Simon Petro ne osuani baako dii Yesu akyi. Na osuani baako no yɛ obi a ɔsɔfopanyin no nim no yiye. Saa osuani no na onyaa kwan kɔɔ ɔsɔfopanyin no fi hɔ.
16 but Peter was standing at the door outside. So the other disciple, who was known to the high priest, went out and spoke to her who kept the door, and brought in Peter.
Petro de, ɔkaa ɔpon no akyi. Saa osuani a na onim ɔsɔfopanyin no yiye no san bae, ne abaawa a na ɔhwɛ ɔpon no ano no bɛkasa maa Petro nyaa kwan kɔɔ mu.
17 Then the maid who kept the door said to Peter, “Are you also one of this man’s disciples?” He said, “I am not.”
Abaawa a ogyina ɔpon ano no bisaa Petro se, “Wonyɛ saa onipa no asuafo no mu baako ana?” Petro buae se, “Dabi.”
18 Now the servants and the officers were standing there, having made a fire of coals, for it was cold. They were warming themselves. Peter was with them, standing and warming himself.
Saa bere no na ɛyɛ awɔwbere, enti na asomfo no ne asraafo no asɔ gya a wɔreto. Petro nso kogyinaa hɔ too gya no bi.
19 The high priest therefore asked Jesus about his disciples and about his teaching.
Ɔsɔfopanyin no bisaa Yesu nsɛm faa nʼasuafo no ne ne nkyerɛkyerɛ ho.
20 Jesus answered him, “I spoke openly to the world. I always taught in synagogues and in the temple, where the Jews always meet. I said nothing in secret.
Yesu buae se, “Mekaa me nsɛm nyinaa wɔ gua mu na mekyerɛkyerɛɛ wɔ asɔredan ne hyiadan mu a nnipa nyinaa hyia hɔ no. Menkaa asɛm biara wɔ kokoa mu.
21 Why do you ask me? Ask those who have heard me what I said to them. Behold, they know the things which I said.”
Adɛn nti na wubisa saa asɛm yi? Bisa wɔn a wotiee me no. Wɔn na wonim asɛm a mekae.”
22 When he had said this, one of the officers standing by slapped Jesus with his hand, saying, “Do you answer the high priest like that?”
Yesu kaa saa no, awɛmfo no mu baako bɔɔ no sotɔre kae se, “Wo sɛɛ ne hena a wutumi kasa ɔsɔfopanyin anim saa?”
23 Jesus answered him, “If I have spoken evil, testify of the evil; but if well, why do you beat me?”
Yesu buaa no se, “Sɛ maka asɛmmɔne bi a, ka asɛm a mekae no na obiara a ɔwɔ ha nte bi. Na sɛ asɛm a mekaa no nso yɛ nokware de a, adɛn nti na wobɔ me?”
24 Annas sent him bound to Caiaphas, the high priest.
Afei, Anas ma wɔde Yesu a wɔakyekyere ne nsa no kɔɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa anim.
25 Now Simon Peter was standing and warming himself. They said therefore to him, “You aren’t also one of his disciples, are you?” He denied it and said, “I am not.”
Bere a Petro da so gyina hɔ reto gya no bi no, wɔn a na wogyina hɔ no mu bi bisaa no se, “Wo nso wonyɛ ɔbarima no asuafo no mu baako ana?” Petro san bio sɛ, “Dabi, menka wɔn ho.”
26 One of the servants of the high priest, being a relative of him whose ear Peter had cut off, said, “Didn’t I see you in the garden with him?”
Ɔsɔfopanyin no asomfo no mu baako a na ɔyɛ nea Petro twaa nʼaso no busuani no nso bisaa no se, “Ɛnyɛ wo na na wo ne no wɔ turo no mu hɔ no?”
27 Peter therefore denied it again, and immediately the rooster crowed.
Petro san san bio se, “Dabi.” Nʼano sii ara pɛ na akokɔ bɔnee.
28 They led Jesus therefore from Caiaphas into the Praetorium. It was early, and they themselves didn’t enter into the Praetorium, that they might not be defiled, but might eat the Passover.
Wɔde Yesu fii Kaiafa fi de no kɔɔ Pilato ahemfi. Saa bere no na ɛyɛ anɔpahema. Esiane sɛ na Yudafo no mpɛ sɛ fi ka wɔn na wɔatumi adi Twam Afahyɛ aduan no bi nti, wɔankɔ hɔ bi.
29 Pilate therefore went out to them and said, “What accusation do you bring against this man?”
Pilato fii adi baa faako a na nnipa no wɔ no bebisaa wɔn se, “Bɔne bɛn na saa onipa yi ayɛ?”
30 They answered him, “If this man weren’t an evildoer, we wouldn’t have delivered him up to you.”
Nnipa no buaa no se, “Sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara a anka yɛamfa no amma wʼanim ha.”
31 Pilate therefore said to them, “Take him yourselves, and judge him according to your law.” Therefore the Jews said to him, “It is illegal for us to put anyone to death,”
Pilato ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ara momfa no nkɔ na momfa mo mmara so nni nʼasɛm.” Yudafo no nso kae se, “Yenni tumi sɛ yekum obi.”
32 that the word of Jesus might be fulfilled, which he spoke, signifying by what kind of death he should die.
Nea esii yi maa nsɛm a Yesu ka de kyerɛɛ owu ko a obewu no daa adi pefee.
33 Pilate therefore entered again into the Praetorium, called Jesus, and said to him, “Are you the King of the Jews?”
Pilato san kɔɔ nʼahemfi hɔ kobisaa Yesu se, “Wone Yudafo hene no ana?”
34 Jesus answered him, “Do you say this by yourself, or did others tell you about me?”
Yesu nso bisaa no se, “Wo ara wʼadwene na wode rebisa me saa asɛm yi, anaasɛ nnipa bi na wɔaka me ho asɛm akyerɛ wo?”
35 Pilate answered, “I’m not a Jew, am I? Your own nation and the chief priests delivered you to me. What have you done?”
Pilato buaa Yesu se, “Wususuw sɛ meyɛ Yudani ana? Wo ara wo nkurɔfo ne wɔn asɔfo mpanyin na wɔde wo brɛɛ me. Dɛn na woayɛ?”
36 Jesus answered, “My Kingdom is not of this world. If my Kingdom were of this world, then my servants would fight, that I wouldn’t be delivered to the Jews. But now my Kingdom is not from here.”
Yesu buaa no se, “Mʼahenni nyɛ asase so ahenni; sɛ mʼahenni yɛ asase so ahenni a, anka mʼakyidifo bɛko agye me afi Yudafo mpanyimfo no nsam. Mereka bio se, mʼahenni nyɛ asase so ahenni.”
37 Pilate therefore said to him, “Are you a king then?” Jesus answered, “You say that I am a king. For this reason I have been born, and for this reason I have come into the world, that I should testify to the truth. Everyone who is of the truth listens to my voice.”
Pilato see no sɛ, “Ɛno de, na woyɛ ɔhene ana?” Yesu buaa no se, “Wo na wuse meyɛ ɔhene. Ade baako pɛ nti na wɔwoo me baa wiase ha, sɛ mimmedi nokware ho adanse. Obiara a ɔpɛ nokware no tie me.”
38 Pilate said to him, “What is truth?” When he had said this, he went out again to the Jews, and said to them, “I find no basis for a charge against him.
Pilato bisaa no se, “Dɛn ne saa nokware no?” Afei Pilato fii adi kɔɔ Yudafo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ.
39 But you have a custom that I should release someone to you at the Passover. Therefore, do you want me to release to you the King of the Jews?”
Nanso sɛnea mo Twam Afahyɛ amanne te no, afe biara moma migyaa odeduani baako ma mo. Mopɛ sɛ migyaa Yudafo hene no ma mo ana?”
40 Then they all shouted again, saying, “Not this man, but Barabbas!” Now Barabbas was a robber.
Yudafo no teɛteɛɛ mu se, “Dabi! Ɛnyɛ saa onipa yi. Gyaa Baraba ma yɛn!” Na saa Baraba yi yɛ ɔmammɔfo.

< John 18 >