< John 14 >

1 “Don’t let your heart be troubled. Believe in God. Believe also in me.
Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mommma mo koma ntu. Munnye Onyankopɔn nni na munnye me nso nni.
2 In my Father’s house are many homes. If it weren’t so, I would have told you. I am going to prepare a place for you.
Tenabea bebree wɔ mʼAgya fi, ɛno nti merekɔ akosiesie baabi ama mo. Sɛ asɛm a mereka yi nyɛ nokware a anka merenka nkyerɛ mo.
3 If I go and prepare a place for you, I will come again and will receive you to myself; that where I am, you may be there also.
Na sɛ mekɔ na mikosiesie baabi ma mo a, mɛsan aba abɛfa mo akɔ na me ne mo akɔtena.
4 You know where I go, and you know the way.”
Munim faako a merekɔ no ne ɔkwan ko a mobɛfa so aba hɔ bi.”
5 Thomas said to him, “Lord, we don’t know where you are going. How can we know the way?”
Toma bisaa no se, “Awurade yennim faako a worekɔ na yɛbɛyɛ dɛn ahu ɔkwan aba hɔ bi?”
6 Jesus said to him, “I am the way, the truth, and the life. No one comes to the Father, except through me.
Yesu buae se, “Mene ɔkwan ne nokware ne nkwa no; obi ntumi nkɔ Agya no hɔ, gye sɛ ɔfa me so.”
7 If you had known me, you would have known my Father also. From now on, you know him and have seen him.”
Yesu kaa bio se, “Afei a moahu onipa ko a meyɛ yi, saa ara nso na mubehu mʼAgya no, na efi saa bere yi munim no, efisɛ moahu no!”
8 Philip said to him, “Lord, show us the Father, and that will be enough for us.”
Filipo bisaa no se, “Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, efisɛ nea yɛrehwehwɛ ara ne no.”
9 Jesus said to him, “Have I been with you such a long time, and do you not know me, Philip? He who has seen me has seen the Father. How do you say, ‘Show us the Father’?
Yesu buaa no se, “Filipo, enti me ne mo nantewee dedaada yi, wunnim onipa ko a meyɛ? Obiara a onim onipa ko a meyɛ no nim mʼAgya no. Adɛn nti na woka se, ‘Kyerɛ yɛn Agya’ no?
10 Don’t you believe that I am in the Father, and the Father in me? The words that I tell you, I speak not from myself; but the Father who lives in me does his works.
Filipo wunnye nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu ana? Yesu san ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, nsɛm a maka akyerɛ mo no mfi mʼankasa. Agya a ɔte me mu no na ɔnam me so yɛ nʼadwuma.
11 Believe me that I am in the Father, and the Father in me; or else believe me for the very works’ sake.
Munnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu. Sɛ munnnye nsɛm a maka no nni a, nnwuma a mayɛ no nti, munnye nni.
12 Most certainly I tell you, he who believes in me, the works that I do, he will do also; and he will do greater works than these, because I am going to my Father.
Mereka nokware akyerɛ mo, obiara a ogye me di no bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi na mpo ɔbɛyɛ nnwuma akɛseakɛse, efisɛ merekɔ mʼAgya no nkyɛn.
13 Whatever you will ask in my name, I will do it, that the Father may be glorified in the Son.
Na biribiara a mubebisa wɔ me din mu no, mɛyɛ ama mo, sɛnea ɛbɛyɛ a Agya no anuonyam nam ne Ba no so bɛda adi.
14 If you will ask anything in my name, I will do it.
Biribiara a mode me din bebisa no, mɛyɛ ama mo.”
15 If you love me, keep my commandments.
“Sɛ modɔ me a munni mʼahyɛde so.
16 I will pray to the Father, and he will give you another Counselor, that he may be with you forever: (aiōn g165)
Mebisa Agya no na wama mo ɔboafo foforo a ɔne Honhom Kronkron no a ɔda Onyankopɔn nokware nyinaa adi no na ɔne mo atena daa. (aiōn g165)
17 the Spirit of truth, whom the world can’t receive, for it doesn’t see him and doesn’t know him. You know him, for he lives with you and will be in you.
Wiase rentumi nnye no, efisɛ wonhu no, na wonnim no. Nanso mo de, munim no, efisɛ ɔne mo na ɛte.
18 I will not leave you orphans. I will come to you.
Merennyaw mo sɛ ayisaa; mɛsan aba mo nkyɛn bio.
19 Yet a little while, and the world will see me no more; but you will see me. Because I live, you will live also.
Ɛrenkyɛ biara nnipa renhu me bio, nanso mo de, mubehu me; na esiane sɛ mete ase no nti mo nso mobɛtena ase.
20 In that day you will know that I am in my Father, and you in me, and I in you.
Na da a mɛsɔre afi awufo mu no du a, mubehu sɛ mewɔ mʼAgya no mu na mo nso mowɔ me mu, sɛnea me nso mewɔ mo mu no.
21 One who has my commandments and keeps them, that person is one who loves me. One who loves me will be loved by my Father, and I will love him, and will reveal myself to him.”
Obiara a odi mʼahyɛde so no ne obi a ɔdɔ me. Obiara a ɔdɔ me no mʼAgya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no na mada me ho adi akyerɛ no.”
22 Judas (not Iscariot) said to him, “Lord, what has happened that you are about to reveal yourself to us, and not to the world?”
Yuda a ɛnyɛ Iskariot no, kae se, “Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na wobɛda wo ho adi akyerɛ yɛn nko ara na ɛnyɛ nnipa nyinaa?”
23 Jesus answered him, “If a man loves me, he will keep my word. My Father will love him, and we will come to him and make our home with him.
Yesu buaa no se, “Obiara a ɔdɔ me no bedi me nsɛm so. MʼAgya bɛdɔ no na me ne mʼAgya bɛba ne nkyɛn ne no abɛtena.
24 He who doesn’t love me doesn’t keep my words. The word which you hear isn’t mine, but the Father’s who sent me.
Obiara a ɔnnɔ me no renni me nsɛm so. Nsɛm a moate no nyɛ me ara me nsɛm, na mmom efi mʼAgya a ɔsomaa me no nkyɛn.
25 “I have said these things to you while still living with you.
“Mewɔ mo nkyɛn yi na mereka eyinom nyinaa akyerɛ mo.
26 But the Counselor, the Holy Spirit, whom the Father will send in my name, will teach you all things, and will remind you of all that I said to you.
Honhom Kronkron no a ɔne ɔboafo a Agya no bɛsoma no wɔ me din mu no bɛkyerɛkyerɛ mo biribiara, na wakaakae mo biribiara a maka akyerɛ mo no.
27 Peace I leave with you. My peace I give to you; not as the world gives, I give to you. Don’t let your heart be troubled, neither let it be fearful.
Asomdwoe na mede regyaw mo; mʼasomdwoe na mede regyaw mo. Ɛnyɛ wiase asomdwoe na mede regyaw mo. Mommma mo koma ntu; na munnsuro nso.
28 You heard how I told you, ‘I am going away, and I will come back to you.’ If you loved me, you would have rejoiced because I said ‘I am going to my Father;’ for the Father is greater than I.
“Motee sɛ mekae se, ‘Merekɔ nanso mɛsan aba mo nkyɛn bio’ no. Sɛ modɔ me ampa ara a, anka mo ani begye, efisɛ afei de, metumi akɔ Agya a ɔwɔ tumi sen me no nkyɛn.
29 Now I have told you before it happens so that when it happens, you may believe.
Maka eyinom akyerɛ mo sɛnea ɛba mu a mubegye me adi.
30 I will no more speak much with you, for the prince of the world comes, and he has nothing in me.
Merentumi nkɔ so nkasa pii nkyerɛ mo bio, efisɛ ɔbonsam no reba, nanso onni me so tumi.
31 But that the world may know that I love the Father, and as the Father commanded me, even so I do. Arise, let’s go from here.
Na ɛsɛ sɛ nnipa hu sɛ medɔ Agya no, ɛno nti na asɛm biara a ɔbɛka no meyɛ no. “Afei mommra mma yɛnkɔ.”

< John 14 >