< John 12 >

1 Then, six days before the Passover, Jesus came to Bethany, where Lazarus was, who had been dead, whom he raised from the dead.
Aka nnansia na Twam Afahyɛ no adu no, Yesu kɔɔ Betania, kurow a na Lasaro a Yesu nyan no fii awufo mu no te mu no mu.
2 So they made him a supper there. Martha served, but Lazarus was one of those who sat at the table with him.
Wɔtoo Yesu pon. Marta na ɔsomee wɔ saa aponto yi ase. Lasaro tenaa Yesu nkyɛn pɛɛ wɔ ɔpon no ho.
3 Therefore Mary took a pound of ointment of pure nard, very precious, and anointed Jesus’ feet and wiped his feet with her hair. The house was filled with the fragrance of the ointment.
Wɔredidi no, Maria faa ngohuam bi a ne bo yɛ den behwie guu Yesu nan ase de ne tinwi pepae. Ngo no hua gyee fie hɔ nyinaa.
4 Then Judas Iscariot, Simon’s son, one of his disciples, who would betray him, said,
Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo no mu baako a akyiri no obeyi Yesu ama no ani annye nea ɔbea yi yɛe no ho,
5 “Why wasn’t this ointment sold for three hundred denarii and given to the poor?”
enti ɔkae se, “Adɛn nti na woantɔn saa ngohuam yi na yɛamfa sika no amma ahiafo?”
6 Now he said this, not because he cared for the poor, but because he was a thief, and having the money box, used to steal what was put into it.
Ɛnyɛ sɛ na odwen ahiafo ho nti na ɔkaa saa asɛm yi, na mmom, na ɔyɛ ɔkorɔmfo, na esiane sɛ na ɔhwɛ asuafo no sika so nti, na owiawia bi.
7 But Jesus said, “Leave her alone. She has kept this for the day of my burial.
Yesu kae se, “Munnyaa ɔbea yi haw! Nea ɔbea yi ayɛ yi, ɔde asiesie me ama me wu.
8 For you always have the poor with you, but you don’t always have me.”
Mo ne ahiafo na ɛwɔ hɔ bere biara, na me de, me ne mo rentena hɔ daa.”
9 A large crowd therefore of the Jews learned that he was there; and they came, not for Jesus’ sake only, but that they might see Lazarus also, whom he had raised from the dead.
Bere a Yudafo no tee sɛ Yesu wɔ Betania no, wɔn mu pii kɔɔ hɔ. Ɛnyɛ Yesu nko nti na wɔkɔɔ hɔ, na mmom, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔhwɛ Lasaro a Yesu nyan no fii awufo mu no nso.
10 But the chief priests conspired to put Lazarus to death also,
Afei, asɔfo mpanyin no bɔɔ pɔw sɛ wobekum Lasaro nso,
11 because on account of him many of the Jews went away and believed in Jesus.
efisɛ esiane Lasaro wusɔre no nti, na nnipa bebree retwe wɔn ho afi Yudafo mpanyin no ho abedi Yesu akyi.
12 On the next day a great multitude had come to the feast. When they heard that Jesus was coming to Jerusalem,
Ade kyee no, nnipadɔm a wɔaba Twam Afahyɛ no tee sɛ Yesu reba Yerusalem no,
13 they took the branches of the palm trees and went out to meet him, and cried out, “Hosanna! Blessed is he who comes in the name of the Lord, the King of Israel!”
wobubuu berɛw de kohyiaa no kwan de ahurusi teɛteɛɛ mu se, “Hosiana!” “Nhyira nka nea ɔreba wɔ Awurade din mu no!” “Nhyira nka Israelhene!”
14 Jesus, having found a young donkey, sat on it. As it is written,
Yesu rekɔ no, na ɔte afurum ba bi so sɛnea Kyerɛwsɛm hyɛɛ ho nkɔm se,
15 “Don’t be afraid, daughter of Zion. Behold, your King comes, sitting on a donkey’s colt.”
“Nsuro, Ɔbabea Sion! Hwɛ sɛ wo hene te afurum ba so reba wo nkyɛn.”
16 His disciples didn’t understand these things at first, but when Jesus was glorified, then they remembered that these things were written about him, and that they had done these things to him.
Mfiase no, asuafo no ante eyinom nyinaa ase kosii sɛ wɔhyɛɛ Yesu anuonyam no ansa na wɔrekae se, Kyerɛwsɛm no aka saa asɛm yi nyinaa afa ne ho dedaw, na ɛno ara ne nea wɔayɛ no.
17 The multitude therefore that was with him when he called Lazarus out of the tomb and raised him from the dead was testifying about it.
Nnipa a na wɔwɔ hɔ a wohuu sɛ Yesu nyan Lasaro fii awufo mu no kaa asɛm a esii no kyerɛɛ afoforo.
18 For this cause also the multitude went and met him, because they heard that he had done this sign.
Eyi nti na nnipa bebree kɔɔ se wɔrekohyia Yesu kwan no, efisɛ na wɔate sɛ wayɛ anwonwade.
19 The Pharisees therefore said among themselves, “See how you accomplish nothing. Behold, the world has gone after him.”
Farisifo no huu nea ɛrekɔ so no, wɔkae se, “Anyɛ yiye! Monhwɛ sɛ nnipa no nyinaa atu adi nʼakyi!”
20 Now there were certain Greeks among those who went up to worship at the feast.
Afahyɛbere no mu no, Helafo bi nso kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekɔsom.
21 Therefore, these came to Philip, who was from Bethsaida of Galilee, and asked him, saying, “Sir, we want to see Jesus.”
Wɔkɔɔ Filipo a ofi Betsaida no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Owura, yɛpɛ sɛ yehu Yesu.”
22 Philip came and told Andrew, and in turn, Andrew came with Philip, and they told Jesus.
Filipo kɔbɔɔ Andrea amanneɛ ma wɔn baanu kɔka kyerɛɛ Yesu.
23 Jesus answered them, “The time has come for the Son of Man to be glorified.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Bere no aso sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no anuonyam.
24 Most certainly I tell you, unless a grain of wheat falls into the earth and dies, it remains by itself alone. But if it dies, it bears much fruit.
Mereka nokware akyerɛ mo se, sɛ wɔamfa burofua anhyɛ fam amma amporɔw na amfifi a, ɛda so yɛ burofua no ara, nanso sɛ ɛporɔw na efifi a, ɛsow aba pii.
25 He who loves his life will lose it. He who hates his life in this world will keep it to eternal life. (aiōnios g166)
Obiara a ɔdɔ ne kra no bɛhwere ne nkwa, na nea ɔnnɔ ne kra no benya nkwa a enni awiei. (aiōnios g166)
26 If anyone serves me, let him follow me. Where I am, there my servant will also be. If anyone serves me, the Father will honor him.
Obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom me no, ɛsɛ sɛ odi mʼakyi, na baabiara a mewɔ no, ɛsɛ sɛ mʼasomfo nso wɔ hɔ bi.”
27 “Now my soul is troubled. What shall I say? ‘Father, save me from this time’? But I came to this time for this cause.
Yesu kae se, “Afei de, me kra ho yeraw no na asɛm bɛn na menka? Menka se, ‘Agya, gye me fi saa amanehunu yi mu ana?’ Nanso, eyi nti na wosomaa me baa wiase sɛ mimmehu amane.
28 Father, glorify your name!” Then a voice came out of the sky, saying, “I have both glorified it and will glorify it again.”
Agya, hyɛ wo din anuonyam!” Ɔkasa wiee no, nne bi fi ɔsoro kae se, “Mahyɛ no anuonyam dedaw na mɛsan mahyɛ no bio.”
29 Therefore the multitude who stood by and heard it said that it had thundered. Others said, “An angel has spoken to him.”
Nnipakuw a na wɔwɔ hɔ no tee nne no, wɔkae se aprannaa na ɛrebobɔ mu. Ebinom nso kae se, ɔsoro ɔbɔfo na ɔkasa kyerɛɛ no.
30 Jesus answered, “This voice hasn’t come for my sake, but for your sakes.
Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo nti na saa nne yi kasae na ɛnyɛ me nti.
31 Now is the judgment of this world. Now the prince of this world will be cast out.
Afei, bere adu sɛ wobu wiase atɛn na wotu ɔbonsam a odi wiase so no gu.
32 And I, if I am lifted up from the earth, will draw all people to myself.”
Sɛ wonya ma me so fi asase so a, mɛtwe nnipa nyinaa aba me nkyɛn.”
33 But he said this, signifying by what kind of death he should die.
Ɔkaa eyi de kyerɛɛ owu ko a obewu no.
34 The multitude answered him, “We have heard out of the law that the Christ remains forever. How do you say, ‘The Son of Man must be lifted up’? Who is this Son of Man?” (aiōn g165)
Nnipa no kae se, “Kyerɛwsɛm no di adanse sɛ, Agyenkwa no renwu da. Adɛn nti na woka kyerɛ yɛn se, ‘Ɛsɛ sɛ wɔma Onipa Ba no so’. Hena ne saa Onipa Ba no?” (aiōn g165)
35 Jesus therefore said to them, “Yet a little while the light is with you. Walk while you have the light, that darkness doesn’t overtake you. He who walks in the darkness doesn’t know where he is going.
Yesu buaa wɔn se, “Me hann no bɛhyerɛn ama mo mmere tiaa bi mu. Ɛno nti, monnantew mu bere a mowɔ saa hann no mu yi nkɔ baabiara a mopɛ sɛ mokɔ, ansa na sum aduru; anyɛ saa a morenhu kwan.
36 While you have the light, believe in the light, that you may become children of light.” Jesus said these things, and he departed and hid himself from them.
Bere a mowɔ hann mu yi, munnye hann no nni na moayɛ hann no mma.” Yesu kaa nsɛm yi wiee no, ofii hɔ de ne ho kohintawee.
37 But though he had done so many signs before them, yet they didn’t believe in him,
Ɛwɔ mu sɛ na Yesu ayɛ anwonwade ahorow ama Yudafo no ahu de, nanso na wonnye no nni ara.
38 that the word of Isaiah the prophet might be fulfilled, which he spoke: “Lord, who has believed our report? To whom has the arm of the Lord been revealed?”
Eyi ne Odiyifo Yesaia asɛm a ɔkae se, “Awurade, hena na wagye yɛn asɛnka adi? Na hena nso na Awurade wʼanwonwadwuma no ada adi akyerɛ no?”
39 For this cause they couldn’t believe, for Isaiah said again:
Yudafo no annye anni efisɛ, na Odiyifo Yesaia asan aka se,
40 “He has blinded their eyes and he hardened their heart, lest they should see with their eyes, and perceive with their heart, and would turn, and I would heal them.”
“Onyankopɔn afura wɔn ani, na wapirim wɔn koma, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentumi nnan mma me nkyɛn na masa wɔn yare.”
41 Isaiah said these things when he saw his glory, and spoke of him.
Yesaia kaa eyi faa Yesu anuonyam a daakye obenya a Onyankopɔn yi kyerɛɛ no no ho.
42 Nevertheless, even many of the rulers believed in him, but because of the Pharisees they didn’t confess it, so that they wouldn’t be put out of the synagogue,
Mpo, na Yudafo mpanyimfo no mu pii gye Yesu di, nanso na wosuro sɛ, sɛ Farisifo no hu wɔn a, wɔremma wɔmma asɔredan no mu bio.
43 for they loved men’s praise more than God’s praise.
Na wɔpɛ sɛ nnipa bɛkamfo wɔn sen sɛ Onyankopɔn bɛhyɛ wɔn anuonyam.
44 Jesus cried out and said, “Whoever believes in me, believes not in me, but in him who sent me.
Yesu teɛɛ mu se, “Obiara a ogye me di no, ɛnyɛ me nko na ogye me di, na ogye nea ɔsomaa me no nso di.
45 He who sees me sees him who sent me.
Na nea ohu me no hu nea ɔsomaa me no nso.
46 I have come as a light into the world, that whoever believes in me may not remain in the darkness.
Maba wiase sɛ hann, na obiara a ogye me di no ankɔ so antena sum mu.
47 If anyone listens to my sayings and doesn’t believe, I don’t judge him. For I came not to judge the world, but to save the world.
“Obiara a ɔte mʼasɛm na onni so no, meremmu no atɛn. Efisɛ mamma sɛ merebebu nnipa atɛn, na mmom, mebae sɛ merebegye wɔn nkwa.
48 He who rejects me, and doesn’t receive my sayings, has one who judges him. The word that I spoke will judge him in the last day.
Obiara a ɔpo me na onnye mʼasɛm nni no, otemmufo bi wɔ hɔ a obebu no atɛn. Me nsɛm a maka akyerɛ mo no na atemmuda no ebebu mo atɛn.
49 For I spoke not from myself, but the Father who sent me gave me a commandment, what I should say and what I should speak.
Nsɛm a maka no nyinaa, ɛnyɛ mʼankasa mʼadwene na mede ka kyerɛɛ mo, na mmom ɛyɛ nea Agya no ka kyerɛɛ me se menka nkyerɛ mo no.
50 I know that his commandment is eternal life. The things therefore which I speak, even as the Father has said to me, so I speak.” (aiōnios g166)
Minim sɛ asɛm biara a Agya no ahyɛ me sɛ menka no de nnipa kɔ nkwa a enni awiei mu; enti asɛm a ɔbɛka akyerɛ me sɛ menka biara no, ɛno na meka!” (aiōnios g166)

< John 12 >