< Job 24 >

1 “Why aren’t times laid up by the Almighty? Why don’t those who know him see his days?
“Adɛn nti na Onyankopɔn nhyɛ bere mma atemmu? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn a wonim no no hwɛ saa da no anim nanso ɛmma da?
2 There are people who remove the landmarks. They violently take away flocks, and feed them.
Nnipa yiyi abo a wɔde ato ɔhye; na wɔde nguankuw a wɔawia kɔ hɔ adidi.
3 They drive away the donkey of the fatherless, and they take the widow’s ox for a pledge.
Wɔpam ayisaa mfurum na wogye akunafo anantwi sɛ awowaside.
4 They turn the needy out of the way. The poor of the earth all hide themselves.
Wosum ahiafo fi kwan so na wɔhyɛ asase no so ahiafo ma wɔkɔtetɛw.
5 Behold, as wild donkeys in the desert, they go out to their work, seeking diligently for food. The wilderness yields them bread for their children.
Sɛnea sare so mfurum yɛ no saa ara na ahiafo no yɛ wɔn adwuma de pɛ aduan; asase kesee no so na wonya aduan ma wɔn mma.
6 They cut their food in the field. They glean the vineyard of the wicked.
Wɔboaboa mmoa aduan ano wɔ mfuw no so na wodi mpɛpɛ wɔ amumɔyɛfo bobe nturo mu.
7 They lie all night naked without clothing, and have no covering in the cold.
Wonni ntama, na wɔda adagyaw anadwo; wonni hwee a wɔde kata wɔn ho wɔ awɔw mu.
8 They are wet with the showers of the mountains, and embrace the rock for lack of a shelter.
Mmepɔw so osu tɔ fɔw wɔn kyam na wɔtetare abotan no ho, efisɛ wonni nnae.
9 There are those who pluck the fatherless from the breast, and take a pledge of the poor,
Wɔtew ayisaa fi nufu ano; na wɔfa ohiani abotafowa de si ne ka anan mu.
10 so that they go around naked without clothing. Being hungry, they carry the sheaves.
Wɔnenam adagyaw a wonni ntama; wɔsoa awi afiafi, nanso ɔkɔm de wɔn ara.
11 They make oil within the walls of these men. They tread wine presses, and suffer thirst.
Wokyi ngo wɔn adan mu; wotiatia nsakyiamoa mu, nanso osukɔm de wɔn.
12 From out of the populous city, men groan. The soul of the wounded cries out, yet God doesn’t regard the folly.
Wɔn a wɔrewuwu no apinisi fi kuropɔn no mu, na apirafo kra su pɛ mmoa. Nanso Onyankopɔn mfa bɔne nto obiara so.
13 “These are of those who rebel against the light. They don’t know its ways, nor stay in its paths.
“Ebinom wɔ hɔ a wɔsɔre tia hann no, wɔn a wonnim nʼakwan anaasɛ wɔnnantew nʼatempɔn so no.
14 The murderer rises with the light. He kills the poor and needy. In the night he is like a thief.
Sɛ adekyee hann no kɔ a, owudifo no sɔre na okum ohiani ne mmɔborɔni; anadwo, mu owiawia ne ho sɛ ɔkorɔmfo.
15 The eye also of the adulterer waits for the twilight, saying, ‘No eye will see me.’ He disguises his face.
Ɔwaresɛefo twɛn bere a anim rebiribiri; ɔka se, ‘obiara renhu me,’ na ɔde nʼanim hintaw.
16 In the dark they dig through houses. They shut themselves up in the daytime. They don’t know the light.
Sum mu na nnipa bubu apon wura afi mu, na adekyee, wɔtoto wɔn ho apon mu; wɔne hann nni hwee yɛ.
17 For the morning is to all of them like thick darkness, for they know the terrors of the thick darkness.
Sum kabii yɛ adekyee ma wɔn nyinaa; wɔne sum mu nneɛma a ɛyɛ hu fa nnamfo.
18 “They are foam on the surface of the waters. Their portion is cursed in the earth. They don’t turn into the way of the vineyards.
“Nanso wɔte sɛ ahuru a ɛte nsu ani; wɔadome wɔn kyɛfa wɔ asase no so, enti obiara nkɔ bobe nturo no mu.
19 Drought and heat consume the snow waters, so does Sheol those who have sinned. (Sheol h7585)
Sɛnea ɔhyew ne ɔpɛ hwim sukyerɛmma a anan kɔ no, saa ara na ɔda de wɔn a wɔayɛ bɔne kɔ ne no. (Sheol h7585)
20 The womb will forget him. The worm will feed sweetly on him. He will be no more remembered. Unrighteousness will be broken as a tree.
Awotwaa werɛ fi wɔn, na osunson di wɔn nam; nnipa bɔne de wɔnnkae wɔn bio na mmom wobubu te sɛ dua.
21 He devours the barren who don’t bear. He shows no kindness to the widow.
Wɔde ɔbea bonin a onni ba yɛ hanam, na wonhu akunafo mmɔbɔ.
22 Yet God preserves the mighty by his power. He rises up who has no assurance of life.
Onyankopɔn nam ne tumi so twe atumfo kɔ; ɛwɔ mu sɛ wonya asetena pa de, nanso wonni nkwa ho bɔhyɛ.
23 God gives them security, and they rest in it. His eyes are on their ways.
Otumi ma wɔn tena ase asomdwoe mu, nanso nʼani wɔ wɔn akwan so.
24 They are exalted; yet a little while, and they are gone. Yes, they are brought low, they are taken out of the way as all others, and are cut off as the tops of the ears of grain.
Wɔma wɔn so bere tiaa bi, na afei wonni hɔ bio; wɔbrɛ wɔn ase boaboa wɔn ano sɛ nnipa nyinaa; wotwitwa wɔn gu te sɛ aburow ti.
25 If it isn’t so now, who will prove me a liar, and make my speech worth nothing?”
“Sɛ eyi nte saa a, hena na obetumi agye me akyinnye na ama nea maka no ayɛ nsɛnhunu?”

< Job 24 >