< Jeremiah 8 >

1 “At that time,” says Yahweh, “they will bring the bones of the kings of Judah, the bones of his princes, the bones of the priests, the bones of the prophets, and the bones of the inhabitants of Jerusalem, out of their graves.
“‘Saa bere no, sɛnea Awurade se ni, wobeyiyi Yuda ahemfo ne adwumayɛfo nnompe, asɔfo ne adiyifo nnompe ne Yerusalemfo nnompe afi wɔn nna mu.
2 They will spread them before the sun, the moon, and all the army of the sky, which they have loved, which they have served, after which they have walked, which they have sought, and which they have worshiped. They will not be gathered or be buried. They will be like dung on the surface of the earth.
Wɔbɛsɛw no kɛtɛ wɔ owia ne ɔsram ne ɔsorosoro nsoromma nyinaa a wɔdɔe, na wɔsomee, na wodii akyi kɔɔ so abisa na wɔsɔree no ase. Wɔremmoa wɔn ano na wɔrensie wɔn; mmom, wɔbɛyɛ sɛ sumina a egugu fam.
3 Death will be chosen rather than life by all the residue that remain of this evil family, that remain in all the places where I have driven them,” says Yahweh of Armies.
Baabiara a metwa saa ɔman bɔne yi nkae no asu akɔ no, wɔbɛpɛ sɛ wobewu sen sɛ wɔbɛtena nkwa mu, sɛnea Asafo Awurade se ni.’
4 “Moreover you shall tell them, ‘Yahweh says: “‘Do men fall, and not rise up again? Does one turn away, and not return?
“Ka kyerɛ wɔn se, ‘Nea Awurade se ni: “‘Sɛ nnipa hwe ase a, wɔnsɔre ana? Sɛ onipa dan ne ho a, ɔnsan nʼakyi ana?
5 Why then have the people of Jerusalem fallen back by a perpetual backsliding? They cling to deceit. They refuse to return.
Afei adɛn nti na saa nnipa yi adan wɔn ho? Adɛn nti na Yerusalem dan ne ho daa yi? Wokura nnaadaa mu pintinn; na wɔmpɛ sɛ wɔsan wɔn akyi.
6 I listened and heard, but they didn’t say what is right. No one repents of his wickedness, saying, “What have I done?” Everyone turns to his course, as a horse that rushes headlong in the battle.
Mawɛn mʼaso atie, nanso wɔnnka nea ɛteɛ. Wɔn mu biara nnu ne ho wɔ nʼamumɔyɛ ho, na ɔka se, “Dɛn na mayɛ?” Obiara fa ne kwan te sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrepem akɔ akono.
7 Yes, the stork in the sky knows her appointed times. The turtledove, the swallow, and the crane observe the time of their coming; but my people don’t know Yahweh’s law.
Mpo aturukuku a ɔwɔ wim nim ne mmere a wɔahyehyɛ ama no, na asukɔnkɔn, asomfena ne agyenkuku hu bere a wotu kɔtena baabi, nanso me nkurɔfo nnim nea Awurade hwehwɛ.
8 “‘How do you say, “We are wise, and Yahweh’s law is with us”? But, behold, the false pen of the scribes has made that a lie.
“‘Adɛn na mutumi ka se, “Yenim nyansa, efisɛ yɛwɔ Awurade mmara,” wɔ bere a akyerɛwfo kyerɛwdua torofo de atoro adannan mu?
9 The wise men are disappointed. They are dismayed and trapped. Behold, they have rejected Yahweh’s word. What kind of wisdom is in them?
Anyansafo no anim begu ase; wɔn ho bedwiriw wɔn na afide ayi wɔn. Sɛ wɔapo Awurade asɛm no a, na nyansa bɛn na wɔwɔ?
10 Therefore I will give their wives to others and their fields to those who will possess them. For everyone from the least even to the greatest is given to covetousness; from the prophet even to the priest everyone deals falsely.
Mede wɔn yerenom bɛma mmarima afoforo ne wɔn mfuw nso ama afoforo. Efi akumaa so kosi ɔkɛse so, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo de pɛ ahonya; adiyifo ne asɔfo te saa, wɔn nyinaa yɛ asisifo.
11 They have healed the hurt of the daughter of my people slightly, saying, “Peace, peace,” when there is no peace.
Wɔtoto me nkurɔfo apirakuru te sɛnea ɛnyɛ hu. Wɔka se, “Asomdwoe, asomdwoe” wɔ mmere a asomdwoe nni hɔ.
12 Were they ashamed when they had committed abomination? No, they were not at all ashamed. They couldn’t blush. Therefore they will fall among those who fall. In the time of their visitation they will be cast down, says Yahweh.
Wɔn ani wu wɔ wɔn animguase nneyɛe no ho ana? Dabi da, wɔn ani nnwu koraa; wonnim fɛre mpo. Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfo mu; wɔbɛhwehwe ase, sɛ metwe wɔn aso a, sɛnea Awurade se ni.
13 “‘I will utterly consume them, says Yahweh. No grapes will be on the vine, no figs on the fig tree, and the leaf will fade. The things that I have given them will pass away from them.’”
“‘Mɛfa wɔn twabere nnɔbae akɔ, nea Awurade se ni. Aba biara remma bobe nnua no so. Aba biara remma borɔdɔma nnua no so, ɛso nhaban begunguan. Nea mede ama wɔn no, wobegye afi wɔn nsam.’”
14 “Why do we sit still? Assemble yourselves! Let’s enter into the fortified cities, and let’s be silent there; for Yahweh our God has put us to silence, and given us poisoned water to drink, because we have sinned against Yahweh.
Adɛn nti na yɛtete ha? Mommoaboa mo ho ano! Momma yenguan nkɔ nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ mu na yenkowuwu wɔ hɔ! efisɛ Awurade yɛn Nyankopɔn abu yɛn kumfɔ na wama yɛn nsu a awuduru wɔ mu sɛ yɛnnom, efisɛ yɛayɛ bɔne atia no.
15 We looked for peace, but no good came; and for a time of healing, and behold, dismay!
Yɛhwɛɛ kwan sɛ yebenya asomdwoe nanso biribi pa biara amfi mu amma, yɛhwɛɛ ayaresabere kwan nanso ehu nko ara na ɛkaa yɛn.
16 The snorting of his horses is heard from Dan. The whole land trembles at the sound of the neighing of his strong ones; for they have come, and have devoured the land and all that is in it, the city and those who dwell therein.”
Wɔte atamfo no apɔnkɔ home fii Dan; na wɔn apɔnkɔnini su ma asase no nyinaa wosow. Wɔaba sɛ wɔrebɛsɛe asase no ne so nneɛma nyinaa, kuropɔn no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa.
17 “For, behold, I will send serpents, adders among you, which will not be charmed; and they will bite you,” says Yahweh.
“Hwɛ, mɛsoma awɔ a wɔn ano wɔ bɔre aba mo mu, nhurutoa a wontumi nnwudwo wɔn, na wɔbɛkeka mo,” nea Awurade se ni.
18 Oh that I could comfort myself against sorrow! My heart is faint within me.
Wone mʼawerɛhow mu Werɛkyekyefo, me koma abotow wɔ me mu.
19 Behold, the voice of the cry of the daughter of my people from a land that is very far off: “Isn’t Yahweh in Zion? Isn’t her King in her?” “Why have they provoked me to anger with their engraved images, and with foreign idols?”
Tie me nkurɔfo sufrɛ; a efi akyirikyiri asase so: “Awurade nni Sion ana? Ne Hene no nni hɔ bio ana?” “Adɛn nti na wɔde wɔn nsɛsode ahyɛ me abufuw, wɔn ananafo ahoni huhuw no?”
20 “The harvest is past. The summer has ended, and we are not saved.”
“Otwabere no atwa mu, ahuhuru bere no aba awiei, na wonnnyee yɛn nkwa.”
21 For the hurt of the daughter of my people, I am hurt. I mourn. Dismay has taken hold of me.
Sɛ wɔadwerɛw me nkurɔfo no nti, wɔadwerɛw me; midi awerɛhow, na ahodwiriw akyekyere me.
22 Is there no balm in Gilead? Is there no physician there? Why then isn’t the health of the daughter of my people recovered?
Aduru bi nni Gilead ana? Ɔyaresafo bi nni hɔ ana? Na afei adɛn nti na ayaresa nni hɔ mma me nkurɔfo apirakuru?

< Jeremiah 8 >