< Jeremiah 52 >

1 Zedekiah was twenty-one years old when he began to reign. He reigned eleven years in Jerusalem. His mother’s name was Hamutal the daughter of Jeremiah of Libnah.
Sedekia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu baako. Ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfirinhyia dubaako. Na ne maame din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia babaa a ɔfiri Libna.
2 He did that which was evil in Yahweh’s sight, according to all that Jehoiakim had done.
Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ Yehoiakim yɛeɛ no.
3 For through Yahweh’s anger this happened in Jerusalem and Judah, until he had cast them out from his presence. Zedekiah rebelled against the king of Babylon.
Awurade abufuo enti na yeinom nyinaa baa Yerusalem ne Yuda so, na akyire no, ɔyii nʼani firii wɔn so. Afei, Sedekia sɔre tiaa Babiloniahene.
4 In the ninth year of his reign, in the tenth month, in the tenth day of the month, Nebuchadnezzar king of Babylon came, he and all his army, against Jerusalem, and encamped against it; and they built forts against it round about.
Enti Sedekia adedie afe a ɛtɔ so nkron no, bosome a ɛtɔ so edu ne da a ɛtɔ so edu no, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm nyinaa tuu Yerusalem so sa; Wɔtuaa kuropɔn no, na wɔyɛɛ mpie twaa ho hyiaeɛ.
5 So the city was besieged to the eleventh year of King Zedekiah.
Wɔkaa Yerusalem hyɛɛ kɔsii ɔhene Sedekia ahennie no mfeɛ dubaako so.
6 In the fourth month, in the ninth day of the month, the famine was severe in the city, so that there was no bread for the people of the land.
Ɛduruu Tammus bosome (bɛyɛ Kitawonsa) da a ɛtɔ so dunwɔtwe no, Sedekia ahennie mfeɛ dubaako mu no, na ɛkɔm a aba kuropɔn no mu no ano ayɛ den yie, ama wɔn aduane a aka no nyinaa asa.
7 Then a breach was made in the city, and all the men of war fled, and went out of the city by night by the way of the gate between the two walls, which was by the king’s garden. Now the Chaldeans were against the city all around. The men of war went toward the Arabah,
Na kuropɔn no ɔfasuo fa bi abu agu fam enti, asraafoɔ no nyinaa yɛɛ adwene sɛ, wɔbɛdwane afiri kuropɔn no mu. Nanso, ɛsiane sɛ na Babiloniafoɔ atwa kuropɔn no ho ahyia enti, wɔtwɛn kɔsii anadwo, na wɔdwane faa ɛpono a ɛda afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene no nturo no mu mu. Wɔyɛɛ ntɛm faa wiramkwan de wɔn ani kyerɛɛ Yordan bɔnhwa no.
8 but the army of the Chaldeans pursued the king, and overtook Zedekiah in the plains of Jericho; and all his army was scattered from him.
Nanso, Babilonia akodɔm no taa Ɔhene Sedekia kɔtoo no wɔ Yeriko tata so. Na nʼasraafoɔ no nyinaa afiri ne ho abɔ apete,
9 Then they took the king, and carried him up to the king of Babylon to Riblah in the land of Hamath; and he pronounced judgment on him.
na wɔkyeree no. Wɔfaa no dedua de no kɔmaa Babiloniahene wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na ɛhɔ na ɔbuu no atɛn.
10 The king of Babylon killed the sons of Zedekiah before his eyes. He also killed all the princes of Judah in Riblah.
Ribla hɔ na Babiloniahene kunkumm Sedekia mmammarima wɔ nʼanim na ɔkumm Yudafoɔ adwumayɛfoɔ nyinaa nso.
11 He put out the eyes of Zedekiah; and the king of Babylon bound him in fetters, and carried him to Babylon, and put him in prison until the day of his death.
Afei ɔtutuu Sedekia ani, de kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no sɛ ɔde no rekɔ Babilonia. Ɛhɔ na ɔde no too afiase kɔsii ne wu da.
12 Now in the fifth month, in the tenth day of the month, which was the nineteenth year of King Nebuchadnezzar, king of Babylon, Nebuzaradan the captain of the guard, who stood before the king of Babylon, came into Jerusalem.
Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) ɛda a ɛtɔ so dunan wɔ afe a ɛyɛ Nebukadnessar mfeɛ dunkron adedie mu no, Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin a ɔyɛ Babiloniahene mpanimfoɔ nu mu baako no kɔɔ Yerusalem.
13 He burned Yahweh’s house, and the king’s house; and all the houses of Jerusalem, even every great house, he burned with fire.
Ɔde ogya too Awurade asɔredan, ahemfie ne afie a ɛwɔ Yerusalem nyinaa mu. Ɔhyee efie biara a ɛdi mu.
14 All the army of the Chaldeans, who were with the captain of the guard, broke down all the walls of Jerusalem all around.
Babiloniafoɔ akodɔm a wɔhyɛ ɔhene awɛmfoɔ so sahene ase no bubuu afasuo a atwa Yerusalem ho ahyia no nyinaa.
15 Then Nebuzaradan the captain of the guard carried away captive of the poorest of the people, and the rest of the people who were left in the city, and those who fell away, who defected to the king of Babylon, and the rest of the multitude.
Ɔsahene Nebusaradan a ɔtua awɛmfoɔ ano no faa wɔn a wɔdi hia no mu bi, wɔn a wɔkaa kuropɔn no mu, adwumfoɔ a wɔaka ne wɔn a wɔkɔdɔm Babiloniahene no kɔɔ nnommumfa mu.
16 But Nebuzaradan the captain of the guard left of the poorest of the land to be vineyard keepers and farmers.
Nanso, Nebusaradan gyaa wɔn a wɔdi hia wɔ asase no so no nkaeɛ sɛ wɔnhwɛ bobe nturo ne mfuo no.
17 The Chaldeans broke the pillars of bronze that were in Yahweh’s house and the bases and the bronze sea that were in Yahweh’s house in pieces, and carried all of their bronze to Babylon.
Babiloniafoɔ no bubuu kɔbere mfrafraeɛ afadum, nnyinasodeɛ a wɔtumi moma soɔ ne kɔbere mfrafraeɛ Po a na ɛwɔ Awurade asɔredan mu, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ no nyinaa kɔɔ Babilonia.
18 They also took away the pots, the shovels, the snuffers, the basins, the spoons, and all the vessels of bronze with which they ministered.
Afei, wɔfaa nkukuo, nsofi, kaneahoma twitwasoɔ, ɔpete nkuruwa, nwowaa ne kɔbere mfrafraeɛ nneɛma a wɔde yɛ ɔsom adwuma wɔ asɔredan mu no nso kɔeɛ.
19 The captain of the guard took away the cups, the fire pans, the basins, the pots, the lamp stands, the spoons, and the bowls; that which was of gold, as gold, and that which was of silver, as silver.
Ɔhene awɛmfoɔ sahene no faa nkankyee, nkankyee ntrawantrawa, ɔpete nkuruwa, nkukuo, kaneannua, nwowaa ne nkuruwa a wɔde di ɔnom afɔrebɔ ho dwuma no kɔeɛ; wɔde sikakɔkɔɔ amapa anaa dwetɛ na ɛyɛɛ yeinom nyinaa.
20 They took the two pillars, the one sea, and the twelve bronze bulls that were under the bases, which King Solomon had made for Yahweh’s house. The bronze of all these vessels was without weight.
Na wɔntumi nkari kɔbere mfrafraeɛ a wɔde yɛɛ afadum mmienu no, Ɛpo no ne anantwinini dumienu a ɛwɔ nʼase ne nnyinasoɔ a wɔmoma soɔ a Ɔhene Salomo yɛɛ wɔ Awurade asɔredan mu yi mu duru.
21 As for the pillars, the height of the one pillar was eighteen cubits; and a line of twelve cubits encircled it; and its thickness was four fingers. It was hollow.
Na afadum no biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduonu nson ɛnna ne kanko mu nso yɛ anammɔn dunwɔtwe. Emu da tokuro na nʼafaban no mu pipiripie yɛ nsateakwaa ɛnan.
22 A capital of bronze was on it; and the height of the one capital was five cubits, with network and pomegranates on the capital all around, all of bronze. The second pillar also had the same, with pomegranates.
Na kɔbere mfrafraeɛ ntaasoɔ a ɛsi afadum baako so no ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson ne fa a wɔde kɔbere mfrafraeɛ ateaa ahyehyɛ ho nyinaa ahyia. Afadum a aka no nso a wɔde kɔbere mfrafraeɛ ateaa ahyehyɛ ho no te sɛ baako no.
23 There were ninety-six pomegranates on the sides; all the pomegranates were one hundred on the network all around.
Na Kɔbere mfrafraeɛ ateaa aba a ɛsensɛn ntaasoɔ no ano no yɛ aduɔkron nsia, ɛnna deɛ ɛkata ntaasoɔ no ho yɛ ɔha.
24 The captain of the guard took Seraiah the chief priest, and Zephaniah the second priest, and the three keepers of the threshold,
Awɛmfoɔ no sahene no faa ɔsɔfopanin Seraia, abadiakyire Sefania ne ɔpono ano hwɛfoɔ baasa no sɛ nneduafoɔ.
25 and out of the city he took an officer who was set over the men of war; and seven men of those who saw the king’s face, who were found in the city; and the scribe of the captain of the army, who mustered the people of the land; and sixty men of the people of the land, who were found in the middle of the city.
Ɔfaa ɔpanin a ɔtua asraafoɔ no ano, ne adehyeɛ afotufoɔ baason firii nnipa a na wɔda so wɔ kuropɔn no mu no. Afei ɔfaa ɔtwerɛfoɔ a na ɔyɛ adwumayɛfoɔ panin ma wɔn a wɔfa nnipa ma wɔkɔyɛ asraafoɔ wɔ asase no so, ne nʼadwumayɛfoɔ no mu aduosia a ɔhunuu wɔn wɔ kuropɔn no mu.
26 Nebuzaradan the captain of the guard took them, and brought them to the king of Babylon to Riblah.
Ɔsahene Nebusaradan faa wɔn nyinaa de wɔn brɛɛ Babiloniahene wɔ Ribla.
27 The king of Babylon struck them, and put them to death at Riblah in the land of Hamath. So Judah was carried away captive out of his land.
Wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat hɔ no, ɔhene no ma wɔkunkum wɔn. Enti wɔtwaa Yuda asuo firii nʼasase so.
28 This is the number of the people whom Nebuchadnezzar carried away captive: in the seventh year, three thousand twenty-three Jews;
Nnipa dodoɔ a Nebukadnessar de wɔn kɔɔ nkoasom mu nie: nʼadedie afe a ɛtɔ so nson mu, Yudafoɔ 3,023;
29 in the eighteenth year of Nebuchadnezzar, he carried away captive from Jerusalem eight hundred thirty-two persons;
Nebukadnessar adedie afe a ɛtɔ so dunwɔtwe mu, nnipa a wɔfiri Yerusalem, 832;
30 in the twenty-third year of Nebuchadnezzar, Nebuzaradan the captain of the guard carried away captive of the Jews seven hundred forty-five people. All the people numbered four thousand six hundred.
nʼadedie afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa mu, ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no de Yudafoɔ 745 kɔɔ nnommumfa mu. Nnipa no nyinaa dodoɔ yɛ 4,600.
31 In the thirty-seventh year of the captivity of Jehoiachin king of Judah, in the twelfth month, in the twenty-fifth day of the month, Evilmerodach king of Babylon, in the first year of his reign, lifted up the head of Jehoiachin king of Judah, and released him from prison.
Ɔhene Yehoiakin dii mfeɛ aduasa nson wɔ nʼasutwa mu wɔ Babilonia no, Ewil-Merodak bɛdii Babiloniahene. Ɔhunuu Yehoiakyin mmɔbɔ, enti ɔyii no firii afiase saa afe no ara mu Adar bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so mmienu.
32 He spoke kindly to him, and set his throne above the throne of the kings who were with him in Babylon,
Ɔkaa abodwosɛm kyerɛɛ no, na ɔmaa no diberɛ a ɛwɔ animuonyam sene ahemfo a wɔne no wɔ Babilonia no deɛ.
33 and changed his prison garments. Jehoiachin ate bread before him continually all the days of his life.
Enti Yehoiakin yii nʼafiase ntadeɛ guu nkyɛn, na ɛfiri saa ɛda no ɔdidii wɔ ɔhene didipono so ɛberɛ biara kɔsii ne wu da.
34 For his allowance, there was a continual allowance given him by the king of Babylon, every day a portion until the day of his death, all the days of his life.
Na Babiloniahene no sane maa Yehoiakin sika berɛ ano berɛ ano, ma ɔde tuatua ne ho aka kɔsii ne owuda.

< Jeremiah 52 >