< Jeremiah 38 >

1 Shephatiah the son of Mattan, Gedaliah the son of Pashhur, Jucal the son of Shelemiah, and Pashhur the son of Malchijah heard the words that Jeremiah spoke to all the people, saying,
Matan babarima Sefatia, Pashur babarima Gedalia, Selemia babarima Yukal ne Malkia babarima Pashur tee nsɛm a na Yeremia reka kyerɛ nnipa no nyinaa sɛ,
2 “Yahweh says, ‘He who remains in this city will die by the sword, by the famine, and by the pestilence, but he who goes out to the Chaldeans will live. He will escape with his life and he will live.’
“Yei ne deɛ Awurade seɛ: Obiara a ɔbɛtena kuropɔn yi mu bɛwu wɔ akofena, ɛkɔm anaa ɔyaredɔm ano, nanso obiara a ɔbɛkɔ Babiloniafoɔ afa no bɛtena nkwa mu. Ɔbɛnya ne tiri adidi mu, ɔbɛtena nkwa mu.
3 Yahweh says, ‘This city will surely be given into the hand of the army of the king of Babylon, and he will take it.’”
Na yei ne deɛ Awurade seɛ, ‘Ampa ara, wɔde saa kuropɔn yi bɛhyɛ Babiloniahene akodɔm nsa, na wɔn na wɔbɛdi so.’”
4 Then the princes said to the king, “Please let this man be put to death, because he weakens the hands of the men of war who remain in this city, and the hands of all the people, in speaking such words to them; for this man doesn’t seek the welfare of this people, but harm.”
Ɛno enti adwumayɛfoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wɔkum saa ɔbarima yi. Ɔde nsɛm a ɔreka no bu asraafoɔ a wɔaka wɔ kuropɔn yi mu ne nnipa no nyinaa aba mu. Saa ɔbarima yi nhwehwɛ saa nnipa yi yiedie na mmom wɔn sɛeɛ.”
5 Zedekiah the king said, “Behold, he is in your hand; for the king can’t do anything to oppose you.”
Ɔhene Sedekia buaa sɛ, “Ɔwɔ mo nsam, ɔhene rentumi nyɛ biribiara ntia mo.”
6 Then they took Jeremiah and threw him into the dungeon of Malchijah the king’s son, that was in the court of the guard. They let down Jeremiah with cords. In the dungeon there was no water, but mire; and Jeremiah sank in the mire.
Enti wɔfaa Yeremia de no kɔhyɛɛ ɔhene babarima Malkia abura a ɛwɔ awɛmfoɔ adihɔ no mu. Wɔde ntampehoma gyaagyaa no too abura no mu; na nsuo nni mu, mmom atɛkyɛ na na ɛwom, enti Yeremia kɔhyɛɛ atɛkyɛ no mu.
7 Now when Ebedmelech the Ethiopian, a eunuch, who was in the king’s house, heard that they had put Jeremiah in the dungeon (the king was then sitting in Benjamin’s gate),
Na Ebed-Melek Kusni odwumayɛni a ɔwɔ ahemfie hɔ tee sɛ wɔde Yeremia akɔto abura no mu. Ɛberɛ a ɔhene no te Benyamin Ɛpono hɔ no,
8 Ebedmelech went out of the king’s house, and spoke to the king, saying,
Ebed-Melek firii ahemfie hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ,
9 “My lord the king, these men have done evil in all that they have done to Jeremiah the prophet, whom they have cast into the dungeon. He is likely to die in the place where he is, because of the famine; for there is no more bread in the city.”
“Ɔdɛɛfoɔ, deɛ saa nnipa yi ayɛ nyinaa yɛ amumuyɛsɛm a ɛtia odiyifoɔ Yeremia. Wɔato no atwene abura mu, baabi a ɛkɔm bɛkum no wɔ ɛberɛ a burodo asa wɔ kuropɔn yi mu.”
10 Then the king commanded Ebedmelech the Ethiopian, saying, “Take from here thirty men with you, and take up Jeremiah the prophet out of the dungeon, before he dies.”
Ɛna ɔhene hyɛɛ Kusni, Ebed-Melek sɛ, “Fa mmarima aduasa firi ha ka wo ho, na monkɔyi odiyifoɔ Yeremia mfiri abura no mu, ansa na wawu.”
11 So Ebedmelech took the men with him, and went into the house of the king under the treasury, and took from there rags and worn-out garments, and let them down by cords into the dungeon to Jeremiah.
Ɛno enti, Ebed-Melek faa mmarima no kaa ne ho, na wɔkɔɔ ɛdan bi a ɛwɔ adekorabea ase, wɔ ahemfie hɔ. Ɔkɔsesaa ntomago ne ntadeɛ dada de kyekyeree ntampehoma ho, gyaa mu maa Yeremia wɔ abura no mu.
12 Ebedmelech the Ethiopian said to Jeremiah, “Now put these rags and worn-out garments under your armpits under the cords.” Jeremiah did so.
Na Kusni, Ebed-Melek ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Fa ntomago ne ntadeɛ dada no hyehyɛ wo mmɔtoam, na ntampehoma no ammia wo.” Na Yeremia yɛɛ saa,
13 So they lifted Jeremiah up with the cords, and took him up out of the dungeon; and Jeremiah remained in the court of the guard.
Wɔde ntampehoma no twetwee no de yii no firii abura no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfoɔ adihɔ hɔ.
14 Then Zedekiah the king sent and took Jeremiah the prophet to himself into the third entry that is in Yahweh’s house. Then the king said to Jeremiah, “I will ask you something. Hide nothing from me.”
Na Ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa odiyifoɔ Yeremia baa Awurade asɔredan ano ɛkwan a ɛtɔ so mmiɛnsa hɔ. Ɔhene ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Merebɛbisa wo asɛm bi, mfa biribiara nsie me.”
15 Then Jeremiah said to Zedekiah, “If I declare it to you, will you not surely put me to death? If I give you counsel, you will not listen to me.”
Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ, “Sɛ mema wo mmuaeɛ a, worenkum me anaa? Mpo sɛ metu wo fo a, worentie me.”
16 So Zedekiah the king swore secretly to Jeremiah, saying, “As Yahweh lives, who made our souls, I will not put you to death, neither will I give you into the hand of these men who seek your life.”
Nanso ɔhene Sedekia kaa saa ntam yi kɔkoam kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Sɛ Awurade a ɔma yɛn nkwa no te ase yi, merenkum wo, na meremfa wonhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum wo no nsa.”
17 Then Jeremiah said to Zedekiah, “Yahweh, the God of Armies, the God of Israel, says: ‘If you will go out to the king of Babylon’s princes, then your soul will live, and this city will not be burned with fire. You will live, along with your house.
Afei Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ, “Yei ne deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn, no seɛ: ‘Sɛ wode wo ho ma Babiloniahene adwumayɛfoɔ a, wɔrenkum wo na wɔrenhye kuropɔn yi, wo ne wʼabusuafoɔ bɛtena nkwa mu.
18 But if you will not go out to the king of Babylon’s princes, then this city will be given into the hand of the Chaldeans, and they will burn it with fire, and you won’t escape out of their hand.’”
Na sɛ woremfa wo ho mma Babiloniahene adwumayɛfoɔ a, wɔde saa kuropɔn yi bɛma Babiloniafoɔ, na wɔbɛhye no dwerɛbee; na wʼankasa rentumi nnwane mfiri wɔn nsam.’”
19 Zedekiah the king said to Jeremiah, “I am afraid of the Jews who have defected to the Chaldeans, lest they deliver me into their hand, and they mock me.”
Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Mesuro Yudafoɔ a wɔkɔ Babiloniafoɔ afa no, ɛfiri sɛ, ebia Babiloniafoɔ no de me bɛma wɔn na wɔayɛ me ayakayakadeɛ.”
20 But Jeremiah said, “They won’t deliver you. Obey, I beg you, Yahweh’s voice, in that which I speak to you; so it will be well with you, and your soul will live.
Yeremia buaa sɛ, “Wɔremfa wo mma wɔn. Tie Awurade asɛm na yɛ deɛ meka kyerɛ woɔ. Ɛno na ɛbɛma asi wo yie na woanya nkwa.
21 But if you refuse to go out, this is the word that Yahweh has shown me:
Nanso sɛ woamfa wo ho amma Babiloniafoɔ no de a, deɛ Awurade ayi akyerɛ me nie:
22 ‘Behold, all the women who are left in the king of Judah’s house will be brought out to the king of Babylon’s princes, and those women will say, “Your familiar friends have turned on you, and have prevailed over you. Your feet are sunk in the mire, they have turned away from you.”
Mmaa a wɔaka wɔ Yudahene ahemfie hɔ nyinaa no, wɔde wɔn bɛfiri adi abrɛ Babiloniahene adwumayɛfoɔ no. Saa mmaa no bɛka akyerɛ wo sɛ, “‘Wɔdaadaa wo na wɔdii wo so wo nnamfonom a wogye wɔn die no. Wo nan amem wɔ atɛkyɛ mu; wo nnamfonom agya wo hɔ kɔ.’
23 They will bring out all your wives and your children to the Chaldeans. You won’t escape out of their hand, but will be taken by the hand of the king of Babylon. You will cause this city to be burned with fire.’”
“Wɔde wo yerenom nyinaa ne wo mma bɛbrɛ Babiloniafoɔ no. Wo deɛ worentumi nnwane mfiri wɔn nsam, na mmom Babiloniahene bɛkye wo, na wɔbɛhye saa kuropɔn yi.”
24 Then Zedekiah said to Jeremiah, “Let no man know of these words, and you won’t die.
Na Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Mma obiara nte saa nkɔmmɔdie yi, anyɛ saa a, wobɛwu.
25 But if the princes hear that I have talked with you, and they come to you, and tell you, ‘Declare to us now what you have said to the king; don’t hide it from us, and we will not put you to death; also tell us what the king said to you;’
Sɛ adwumayɛfoɔ no te sɛ me ne wo kasaeɛ, na wɔbɛbisa wo sɛ, ‘Ma yɛnte deɛ woka kyerɛɛ ɔhene ne deɛ ɔhene nso ka kyerɛɛ woɔ; mfa nsie yɛn anyɛ saa a yɛbɛkum wo a,’
26 then you shall tell them, ‘I presented my supplication before the king, that he would not cause me to return to Jonathan’s house, to die there.’”
ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Na meresrɛ ɔhene sɛ ɔmmfa me nsane nkɔ Yonatan efie mma me nkɔwu wɔ hɔ.’”
27 Then all the princes came to Jeremiah, and asked him; and he told them according to all these words that the king had commanded. So they stopped speaking with him, for the matter was not perceived.
Adwumayɛfoɔ no nyinaa baa Yeremia hɔ bɛbisaa no, na ɔkaa deɛ ɔhene hyɛɛ no sɛ ɔnka no nyinaa. Enti, wɔanka hwee ankyɛre no bio, ɛfiri sɛ obiara ante ɔne ɔhene nkɔmmɔdie no.
28 So Jeremiah stayed in the court of the guard until the day that Jerusalem was taken.
Na Yeremia tenaa ɔwɛmfoɔ adihɔ hɔ kɔsii da a wɔfaa Yerusalem. Sɛdeɛ wɔfaa Yerusalem nie:

< Jeremiah 38 >