< Jeremiah 30 >

1 The word that came to Jeremiah from Yahweh, saying,
Asɛm a efi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ ni:
2 “Yahweh, the God of Israel, says, ‘Write all the words that I have spoken to you in a book.
“Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, se: ‘Kyerɛw nsɛm a maka akyerɛ wo nyinaa gu nhoma mu.
3 For, behold, the days come,’ says Yahweh, ‘that I will reverse the captivity of my people Israel and Judah,’ says Yahweh. ‘I will cause them to return to the land that I gave to their fathers, and they will possess it.’”
Nna bi reba,’ sɛnea Awurade se, ‘a mede me nkurɔfo Israelfo ne Yudafo befi nnommum mu asan aba na mede wɔn aba asase a mede maa wɔn agyanom sɛ wɔmfa ntena so no so,’ Awurade na ose.”
4 These are the words that Yahweh spoke concerning Israel and concerning Judah.
Eyi ne nsɛm a Awurade ka faa Israel ne Yuda ho:
5 For Yahweh says: “We have heard a voice of trembling; a voice of fear, and not of peace.
“Nea Awurade se ni: “‘Akomatu nteɛteɛmu na mete, mete basabasayɛ, na ɛnyɛ asomdwoe.
6 Ask now, and see whether a man travails with child. Why do I see every man with his hands on his waist, as a woman in travail, and all faces are turned pale?
Mummisa na munhu: Ɔbarima betumi awo mma ana? Afei, adɛn nti na mihu ɔbarima hoɔdenfo biara sɛ ne nsa gu ne yafunu so te sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu, na anim biara ayɛ bosaa saa?
7 Alas, for that day is great, so that none is like it! It is even the time of Jacob’s trouble; but he will be saved out of it.
Sɛnea da no bɛyɛ hu afa! Da biara renyɛ sɛ ɛno. Ɛbɛyɛ amanehunu bere ama Yakob, nanso wobeyi no afi mu.
8 It will come to pass in that day, says Yahweh of Armies, that I will break his yoke from off your neck, and will burst your bonds. Strangers will no more make them their bondservants;
“‘Saa da no,’ Asafo Awurade na ose, ‘Mebubu konnua no afi wɔn kɔn mu, na matetew wɔn nkyehama no mu; ananafo remfa wɔn nyɛ nkoa bio.
9 but they will serve Yahweh their God, and David their king, whom I will raise up to them.
Na mmom wɔbɛsom Awurade, wɔn Nyankopɔn ne Dawid, wɔn hene, a mɛpagyaw no ama wɔn.
10 Therefore don’t be afraid, O Jacob my servant, says Yahweh. Don’t be dismayed, Israel. For, behold, I will save you from afar, and save your offspring from the land of their captivity. Jacob will return, and will be quiet and at ease. No one will make him afraid.
“‘Enti nsuro, Yakob, me somfo; mma wʼaba mu mmu, Israel,’ nea Awurade se ni. ‘Nokware, megye wo afi akyirikyiri, ne wʼasefo afi wɔn nnommum asase so. Yakob bɛsan anya asomdwoe ne bammɔ na obiara renhunahuna no bio.
11 For I am with you, says Yahweh, to save you; for I will make a full end of all the nations where I have scattered you, but I will not make a full end of you; but I will correct you in measure, and will in no way leave you unpunished.”
Me ne wo wɔ hɔ na megye wo nkwa,’ Awurade na ose. ‘Ɛwɔ mu, mesɛe amanaman no nyinaa pasaa, emu na mebɔ mo ahwete kɔ, nanso merensɛe mo korakora. Mɛteɛteɛ mo, nanso mɛyɛ no wɔ trenee kwan so; meremma mo mfa mo ho nni koraa a merentwe mo aso.’
12 For Yahweh says, “Your hurt is incurable. Your wound is grievous.
“Sɛɛ na Awurade se: “‘Wʼapirakuru ayɛ akisikuru, na wontumi nsa.
13 There is no one to plead your cause, that you may be bound up. You have no healing medicines.
Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo, wo kuru no rennya aduru, na worennya ayaresa.
14 All your lovers have forgotten you. They don’t seek you. For I have wounded you with the wound of an enemy, with the chastisement of a cruel one, for the greatness of your iniquity, because your sins were increased.
Wʼapamfo nyinaa werɛ afi wo; wo ho biribiara mfa wɔn ho. Mabɔ wo sɛnea wo tamfo bɛyɛ na matwe wʼaso sɛnea otirimɔdenfo bɛtwe, efisɛ wʼafɔdi so dodo na wʼamumɔyɛ nso dɔɔso.
15 Why do you cry over your injury? Your pain is incurable. For the greatness of your iniquity, because your sins have increased, I have done these things to you.
Adɛn nti na wusu dennen wɔ wʼapirakuru, wo yawdi a ano nni aduru no ho? Wʼafɔdi kɛse ne wʼamumɔyɛ bebrebe nti na mede saa nneɛma yi ayɛ wo.
16 Therefore all those who devour you will be devoured. All your adversaries, everyone of them, will go into captivity. Those who plunder you will be plunder. I will make all who prey on you become prey.
“‘Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo; mo atamfo nyinaa bɛkɔ nnommum mu. Wɔn a wɔfow mo no wɔbɛfow wɔn wɔn a wɔtow hyɛɛ mo so no, mɛtow ahyɛ wɔn so.
17 For I will restore health to you, and I will heal you of your wounds,” says Yahweh, “because they have called you an outcast, saying, ‘It is Zion, whom no man seeks after.’”
Nanso mɛma wo ahoɔden bio na masa wʼapirakuru,’ Awurade na ose, ‘efisɛ wɔfrɛ wo nea wɔapam no, Sion a wo ho nhia obiara.’”
18 Yahweh says: “Behold, I will reverse the captivity of Jacob’s tents, and have compassion on his dwelling places. The city will be built on its own hill, and the palace will be inhabited in its own place.
Sɛɛ na Awurade se: “‘Mɛsan de Yakob ntamadan mu ahonyade aba na manya ayamhyehye ama nʼatenae ahorow no; wɔbɛkyekye kuropɔn no bio wɔ ne mmubui so, na ahemfi no besi nea ɛsɛ sɛ esi.
19 Thanksgiving will proceed out of them with the voice of those who make merry. I will multiply them, and they will not be few; I will also glorify them, and they will not be small.
Wɔn mu na aseda nnwom befi aba ne ahosɛpɛw nnyigyei. Mɛma wɔadɔɔso, na wɔn dodow no so rentew; mɛhyɛ wɔn anuonyam, na wɔremmu wɔn abomfiaa.
20 Their children also will be as before, and their congregation will be established before me. I will punish all who oppress them.
Wɔn mma bedi yiye sɛ kan no, mɛma wɔn asafo atim wɔ mʼanim; wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa mɛtwe wɔn aso.
21 Their prince will be one of them, and their ruler will proceed from among them. I will cause him to draw near, and he will approach me; for who is he who has had boldness to approach me?” says Yahweh.
Wɔn kannifo bɛyɛ wɔn ankasa nipa; na wɔn sodifo befi wɔn mu. Mɛka no abata me ho na wabɛn me, na hena na ɔde ne ho bɛma sɛ ɔbɛbɛn me?’” Awurade na ose.
22 “You shall be my people, and I will be your God.
“‘Enti mobɛyɛ me nkurɔfo, na mayɛ mo Nyankopɔn.’”
23 Behold, Yahweh’s storm, his wrath, has gone out, a sweeping storm; it will burst on the head of the wicked.
Hwɛ, Awurade ahum betu abufuwhyew mu, mfɛtɛ bedi kyinhyia wɔ amumɔyɛfo mpampam.
24 The fierce anger of Yahweh will not return until he has accomplished, and until he has performed the intentions of his heart. In the latter days you will understand it.”
Awurade abufuw rennwo kosi sɛ obewie ne koma mu nhyehyɛe nyinaa. Nna a ɛreba no mu no mobɛte eyi ase.

< Jeremiah 30 >