< James 5 >

1 Come now, you rich, weep and howl for your miseries that are coming on you.
Afei mo adefo nso muntie! Munsu na muntwa agyaadwo wɔ amanehunu a ɛreba mo so no ho.
2 Your riches are corrupted and your garments are moth-eaten.
Mo ahonya no aporɔw na nwewee awe mo ntama.
3 Your gold and your silver are corroded, and their corrosion will be for a testimony against you and will eat your flesh like fire. You have laid up your treasure in the last days.
Mo sika ne mo dwetɛ agye nkannare na saa nkannare no bedi adanse atia mo, na ahyew mo honam sɛ ogya. Moahyehyɛ agyapade wɔ nna a edi akyiri no mu.
4 Behold, the wages of the laborers who mowed your fields, which you have kept back by fraud, cry out; and the cries of those who reaped have entered into the ears of the Lord of Armies.
Muntuaa nnipa a wɔyɛɛ adwuma wɔ mo mfuw mu no ka enti wɔresi apini. Na wɔn apinisi no adu Onyankopɔn, Asafo Awurade no aso mu.
5 You have lived in luxury on the earth, and taken your pleasure. You have nourished your hearts as in a day of slaughter.
Mo asetena wɔ asase so ha yɛ afɛfɛde ne anigye. Moadɔ srade ama okum da.
6 You have condemned and you have murdered the righteous one. He doesn’t resist you.
Moabu nea ɔnnsɔre ntia mo no na onni fɔ no kumfɔ akum no.
7 Be patient therefore, brothers, until the coming of the Lord. Behold, the farmer waits for the precious fruit of the earth, being patient over it, until it receives the early and late rain.
Me nuanom, montɔ mo bo ase nkosi sɛ Awurade bɛba. Monhwɛ sɛnea okuafo nya boasetɔ twɛn asusow bere.
8 You also be patient. Establish your hearts, for the coming of the Lord is at hand.
Ɛsɛ sɛ mo nso motɔ mo bo ase. Momma mo anidaso mu nyɛ den, efisɛ da a Awurade bɛba no abɛn.
9 Don’t grumble, brothers, against one another, so that you won’t be judged. Behold, the judge stands at the door.
Anuanom, munnni nseku ntia mo ho mo ho, na Onyankopɔn ammu mo atɛn. Hwɛ, Otemmufo no gyina ɔpon no ano.
10 Take, brothers, for an example of suffering and of perseverance, the prophets who spoke in the name of the Lord.
Me nuanom, monkae adiyifo a wɔde Awurade din kasae no. Momfa wɔn sɛ nhwɛso wɔ wɔn boasetɔ ne tumi a wotumi de tenaa amanehunu mu no.
11 Behold, we call them blessed who endured. You have heard of the perseverance of Job and have seen the Lord in the outcome, and how the Lord is full of compassion and mercy.
Yɛde nidi ma wɔn, efisɛ wonyaa boasetɔ. Moate Hiob boasetɔ no na munim nea Awurade de dom no awiei no; efisɛ Awurade yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo.
12 But above all things, my brothers, don’t swear—not by heaven, or by the earth, or by any other oath; but let your “yes” be “yes”, and your “no”, “no”, so that you don’t fall into hypocrisy.
Ne nyinaa akyi no, anuanom, sɛ mohyɛ bɔ a, monnka ntam nsi so. Mommfa ɔsoro anaa asase anaa biribiara nka ntam. Sɛ mopɛ sɛ moka “Yiw” a, monka “Yiw.” Sɛ nso mopɛ sɛ moka “Dabi” a, monka “Dabi” na moamma Onyankopɔn atemmu ase.
13 Is any among you suffering? Let him pray. Is any cheerful? Let him sing praises.
Mo mu bi wɔ ɔhaw bi mu ana? Ɛsɛ sɛ saa onipa no bɔ mpae. Mo mu bi wɔ ahotɔ mu ana? Ɛsɛ sɛ ɔto ayeyi nnwom.
14 Is any among you sick? Let him call for the elders of the assembly, and let them pray over him, anointing him with oil in the name of the Lord;
Mo mu bi yare ana? Ɛsɛ sɛ saa onipa no frɛ asafo mpanyimfo na wɔde Awurade din bɔ mpae ma no na wɔsra no ngo.
15 and the prayer of faith will heal him who is sick, and the Lord will raise him up. If he has committed sins, he will be forgiven.
Sɛ wɔbɔ saa mpae no gyidi mu a, ɛbɛsa ɔyarefo no yare, na Awurade bɛma no anya ahoɔden, na ne bɔne a wayɛ nyinaa, wɔde bɛkyɛ no.
16 Confess your sins to one another and pray for one another, that you may be healed. The insistent prayer of a righteous person is powerfully effective.
Enti afei, monkeka mo bɔne nkyerɛ mo ho mo ho, na mommobɔ mpae mma mo ho mo ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsa mo yare. Onipa trenee mpaebɔ tumi yɛ nneɛma bebree.
17 Elijah was a man with a nature like ours, and he prayed earnestly that it might not rain, and it didn’t rain on the earth for three years and six months.
Yɛte sɛ Elia a ɔbɔɔ mpae nokware mu sɛ osu nntɔ, na ampa ara osu antɔ wɔ asase no so mfe abiɛsa ne fa.
18 He prayed again, and the sky gave rain, and the earth produced its fruit.
Ɔsan bɔɔ mpae bio maa osu tɔ maa asase nyaa nnɔbae.
19 Brothers, if any among you wanders from the truth and someone turns him back,
Me nuanom, sɛ mo mu bi guan fi nokware ho na ɔfoforo de no ba bio a,
20 let him know that he who turns a sinner from the error of his way will save a soul from death and will cover a multitude of sins.
monkae sɛ, nea ɔdan ɔdebɔneyɛni fi nʼakwammɔne ho no gye no nkwa fi owu mu ma wɔde ne bɔne dodow no nyinaa kyɛ no.

< James 5 >