< Isaiah 63 >

1 Who is this who comes from Edom, with dyed garments from Bozrah? Who is this who is glorious in his clothing, marching in the greatness of his strength? “It is I who speak in righteousness, mighty to save.”
Hena ne oyi a ofi Edom reba, nea ofi Bosra a nkekae kɔkɔɔ wɔ nʼatade mu yi? Hena ne oyi a wɔahyehyɛ no kɔsɔɔ yi, a ɔde nʼahoɔden kɛse retutu taataa yi? “Ɛyɛ me a, mekasa wɔ trenee mu, nea otumi gye nkwa no.”
2 Why is your clothing red, and your garments like him who treads in the wine vat?
Adɛn nti na mo ntade bere kɔɔ, te sɛ obi a ɔretiatia nsakyiamoa so de yi?
3 “I have trodden the wine press alone. Of the peoples, no one was with me. Yes, I trod them in my anger and trampled them in my wrath. Their lifeblood is sprinkled on my garments, and I have stained all my clothing.
“Me nko ara atiatia nsakyiamoa so, na amanaman no mu obiara anka me ho. Mitiatia wɔn so wɔ mʼabufuw mu na mimiaa wɔn so wɔ mʼabufuwhyew mu; wɔn mogya bɔ petee me ntade mu, maa nkekae yɛɛ mʼadurade nyinaa mu.
4 For the day of vengeance was in my heart, and the year of my redeemed has come.
Na aweretɔda wɔ me koma mu na me gye afe aba.
5 I looked, and there was no one to help; and I wondered that there was no one to uphold. Therefore my own arm brought salvation to me. My own wrath upheld me.
Mehwɛe, nanso na ɔboafo biara nni hɔ, ɛyɛɛ me ahodwiriw sɛ obiara anso me mu; enti mʼankasa abasa yɛɛ nkwagyedwuma maa me, na mʼabufuw wowaw me.
6 I trod down the peoples in my anger and made them drunk in my wrath. I poured their lifeblood out on the earth.”
Mitiatiaa amanaman no so wɔ mʼabufuw mu; mema wɔbobowee wɔ mʼabufuwhyew mu na mihwiee wɔn mogya guu fam.”
7 I will tell of the loving kindnesses of Yahweh and the praises of Yahweh, according to all that Yahweh has given to us, and the great goodness toward the house of Israel, which he has given to them according to his mercies, and according to the multitude of his loving kindnesses.
Mɛka Awurade ayamye ho asɛm, ne nneyɛe a enti ɔsɛ ayeyi, wɔ nea Awurade ayɛ ama yɛn nyinaa ho Yiw, wɔ nneɛma pa bebree a wayɛ ama Israelfifo. Wɔ nʼayamhyehye ne ne mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no nti.
8 For he said, “Surely, they are my people, children who will not deal falsely;” so he became their Savior.
Ɔkae se, “Ampa ara wɔyɛ me nkurɔfo, mmabarima a wɔrenni me huammɔ;” ɛno nti ɔbɛyɛɛ wɔn Agyenkwa.
9 In all their affliction he was afflicted, and the angel of his presence saved them. In his love and in his pity he redeemed them. He bore them, and carried them all the days of old.
Wɔn amanehunu nyinaa mu, ɔno nso huu amane, na ɔbɔfo a ɔka ne ho no nso gyee wɔn. Ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu, ogyee wɔn; ɔmaa wɔn so na ɔsoaa wɔn mfe a atwa mu no nyinaa mu.
10 But they rebelled and grieved his Holy Spirit. Therefore he turned and became their enemy, and he himself fought against them.
Nanso wɔtew atua de how ne Honhom Kronkron werɛ. Enti ɔbɛyɛɛ wɔn tamfo na ɔno ankasa ko tiaa wɔn.
11 Then he remembered the days of old, Moses and his people, saying, “Where is he who brought them up out of the sea with the shepherds of his flock? Where is he who put his Holy Spirit among them?”
Afei ne nkurɔfo kae tete nna no, Mose ne ne nkurɔfo nna no. Ɛhe na nea ɔde wɔn faa po mu no wɔ? Ɔne ne nguan no hwɛfo no? Ɛhe na nea ɔmaa ne Honhom Kronkron no tenaa wɔn mu no wɔ,
12 Who caused his glorious arm to be at Moses’ right hand? Who divided the waters before them, to make himself an everlasting name?
nea ɔsomaa nʼanuonyam basa a ɛwɔ tumi sɛ ommegyina Mose nsa nifa so no, nea ɔpaee asu no mu wɔ wɔn anim, de gyee din maa ne ho afebɔɔ no,
13 Who led them through the depths, like a horse in the wilderness, so that they didn’t stumble?
nea odii wɔn anim faa bun mu sɛnea ɔpɔnkɔ fa asase tamaa so, wɔanhintiw;
14 As the livestock that go down into the valley, Yahweh’s Spirit caused them to rest. So you led your people to make yourself a glorious name.
te sɛ anantwi a wɔkɔ sare so, Awurade Honhom ma wɔhomee. Sɛnea wokyerɛɛ wo nkurɔfo kwan de gyee anuonyam abodin maa wo ho ni.
15 Look down from heaven, and see from the habitation of your holiness and of your glory. Where are your zeal and your mighty acts? The yearning of your heart and your compassion is restrained toward me.
Brɛ wʼani ase hwɛ fam fi wʼahengua a ɛkorɔn, ɛyɛ kronkron na ho wɔ nyam no so. Mo mmɔdemmɔ ne mo ahoɔden wɔ he? Wɔayi wʼayamhyehye ne wʼahummɔbɔ afi yɛn so.
16 For you are our Father, though Abraham doesn’t know us, and Israel does not acknowledge us. You, Yahweh, are our Father. Our Redeemer from everlasting is your name.
Nanso wo ara wo ne yɛn Agya ɛwɔ mu, Abraham nnim yɛn na Israel nso nnye yɛn nto mu de; nanso wo, Awurade, wo ne yɛn Agya; efi tete, wo din ne; Yɛn Gyefo.
17 O Yahweh, why do you make us wander from your ways, and harden our heart from your fear? Return for your servants’ sake, the tribes of your inheritance.
Adɛn, Awurade, na woma yɛkwati wʼakwan na wupirim yɛn koma enti ɛmma yenni wo ni? San bra, esiane wʼasomfo, mmusuakuw a wɔyɛ wʼagyapade no nti.
18 Your holy people possessed it but a little while. Our adversaries have trodden down your sanctuary.
Bere tiaa bi mu wo nkurɔfo faa wo kronkronbea nanso mprempren yɛn atamfo atiatia so.
19 We have become like those over whom you never ruled, like those who were not called by your name.
Enti yɛyɛ wo de fi tete, nanso wɔn de, wunnii wɔn so hene na wɔmmɔɔ wo din mfrɛɛ wɔn da.

< Isaiah 63 >