< Isaiah 60 >

1 “Arise, shine; for your light has come, and Yahweh’s glory has risen on you!
“Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba, na Awurade anuonyam apue wo so.
2 For behold, darkness will cover the earth, and thick darkness the peoples; but Yahweh will arise on you, and his glory shall be seen on you.
Hwɛ, sum akata asase so na sum kabii akata aman no so, nanso Awurade apue wo so na nʼanuonyam ada adi wɔ wo so.
3 Nations will come to your light, and kings to the brightness of your rising.
Amanaman bɛba wo hann no mu, na Ahemfo bɛba wo adekyee hann no mu.
4 “Lift up your eyes all around, and see: they all gather themselves together. They come to you. Your sons will come from far away, and your daughters will be carried in arms.
“Ma wʼani so na hwɛ wo ho hyia: wɔn nyinaa aboa wɔn ho ano reba wo nkyɛn; wo mmabarima fifi akyirikyiri, na wokura wo mmabea wɔ abasa so.
5 Then you shall see and be radiant, and your heart will thrill and be enlarged; because the abundance of the sea will be turned to you. The wealth of the nations will come to you.
Afei wobɛhwɛ na wʼanim atew, wo koma bɛbɔ na anigye ahyɛ no ma; ahonya a ɛwɔ po so, wɔde bɛbrɛ wo, na amanaman no ahode nso bɛba wo nkyɛn.
6 A multitude of camels will cover you, the dromedaries of Midian and Ephah. All from Sheba will come. They will bring gold and frankincense, and will proclaim the praises of Yahweh.
Yoma akuwakuw bɛyɛ wʼasase so ma, yomaforo a wufi Midian ne Efa. Na wɔn a wofi Seba nyinaa bɛba, wɔsoso sika kɔkɔɔ ne nnuhuam na wɔpae mu ka Awurade ayeyi.
7 All the flocks of Kedar will be gathered together to you. The rams of Nebaioth will serve you. They will be accepted as offerings on my altar; and I will beautify my glorious house.
Wɔbɛboaboa Kedar nguankuw nyinaa ano abrɛ wo, Nebaiot adwennini bɛsom wo; wobegye wɔn sɛ afɔrebɔde wɔ mʼafɔremuka so, na mɛhyɛ mʼasɔredan kronkron no anuonyam.
8 “Who are these who fly as a cloud, and as the doves to their windows?
“Henanom ne eyinom a wotu sɛ omununkum, te sɛ mmorɔnoma a wɔrekɔ wɔn berebuw mu yi?
9 Surely the islands will wait for me, and the ships of Tarshish first, to bring your sons from far away, their silver and their gold with them, for the name of Yahweh your God, and for the Holy One of Israel, because he has glorified you.
Ampa ara asupɔw no ani da me so; Tarsis ahyɛn na wodi anim, wɔde wo mmabarima fifi akyirikyiri reba, wɔsoso wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ, de rebɛhyɛ Awurade, wo Nyankopɔn anuonyam, Israel Kronkronni No, efisɛ wahyɛ wo anuonyam.
10 “Foreigners will build up your walls, and their kings will serve you; for in my wrath I struck you, but in my favor I have had mercy on you.
“Ananafo bɛto wʼafasu no bio, na wɔn ahemfo bɛsom wo. Ɛwɔ mu, mede abufuw asɛe wo de, nanso menam adom so behu wo mmɔbɔ.
11 Your gates also shall be open continually; they shall not be shut day nor night, that men may bring to you the wealth of the nations, and their kings led captive.
Wo apon ano bɛdeda hɔ bere biara, wɔrentoto mu awia anaa anadwo, sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo de amanaman no ahonya bɛbrɛ wo, wɔn ahemfo dii nkonimdi santen no anim.
12 For that nation and kingdom that will not serve you shall perish; yes, those nations shall be utterly wasted.
Na ɔman anaa ahenni a wɔrensom wo no bɛyera, wɔbɛsɛe no pasaa.
13 “The glory of Lebanon shall come to you, the cypress tree, the pine, and the box tree together, to beautify the place of my sanctuary; and I will make the place of my feet glorious.
“Lebanon anuonyam bɛba wo nkyɛn, ɔpepaw, ɔsɛsɛ ne kwabɔhɔre bɛbɔ mu, abesiesie me kronkronbea hɔ; na mɛhyɛ beae a me nan sisi no anuonyam.
14 The sons of those who afflicted you will come bowing to you; and all those who despised you will bow themselves down at the soles of your feet. They will call you Yahweh’s City, the Zion of the Holy One of Israel.
Wo nhyɛsofo mmabarima bɛba abɛkotow wo; wɔn a wobu wo animtiaa nyinaa bɛkotow wʼanan ase na wɔbɛfrɛ wo Awurade Kuropɔn, Israel Kronkronni, Sion.
15 “Whereas you have been forsaken and hated, so that no one passed through you, I will make you an eternal excellency, a joy of many generations.
“Ɛwɔ mu, wɔapa wʼakyi atan wo, a obiara ntu kwan mfa wo mu, nanso mɛyɛ wo ahohoahoade a ɛte hɔ daa ne awo ntoatoaso nyinaa anigyede.
16 You will also drink the milk of the nations, and will nurse from royal breasts. Then you will know that I, Yahweh, am your Savior, your Redeemer, the Mighty One of Jacob.
Wobɛnom amanaman nufusu no na woanum adehye nufu. Afei wubehu sɛ me Awurade, me ne wo Agyenkwa, wo gyefo, Yakob Tumfo no.
17 For bronze I will bring gold; for iron I will bring silver; for wood, bronze, and for stones, iron. I will also make peace your governor, and righteousness your ruler.
Mede sikakɔkɔɔ besi kɔbere anan mu abrɛ wo, na dwetɛ asi dade anan mu. Mede kɔbere besi dua anan mu abrɛ wo, na dade asi abo anan mu. Mede asomdwoe bɛyɛ wo so amrado na trenee ayɛ wo sodifo.
18 Violence shall no more be heard in your land, nor desolation or destruction within your borders; but you will call your walls Salvation, and your gates Praise.
Wɔrente awurukasɛm wɔ wʼasase so bio, anaa nnwiriwii ne ɔsɛe wɔ wʼahye so mmom wobɛfrɛ wʼafasu se Nkwagye ne wʼapon se Ayeyi.
19 The sun will be no more your light by day, nor will the brightness of the moon give light to you, but Yahweh will be your everlasting light, and your God will be your glory.
Owia renyɛ wo hann adekyee mu bio na ɔsram hann renhyerɛn wo so, efisɛ Awurade bɛyɛ wo daapem hann, na wo Nyankopɔn bɛyɛ wo anuonyam.
20 Your sun will not go down any more, nor will your moon withdraw itself; for Yahweh will be your everlasting light, and the days of your mourning will end.
Wo wia rentɔ bio, wo sram rennum bio, Awurade bɛyɛ wo daapem hann, na wʼawerɛhownna to betwa.
21 Then your people will all be righteous. They will inherit the land forever, the branch of my planting, the work of my hands, that I may be glorified.
Na afei wo nkurɔfo nyinaa bɛyɛ atreneefo na wɔbɛfa asase no adi so afebɔɔ. Wɔyɛ ade a madua na afefɛw me nsa ano adwuma a ɛbɛda mʼanuonyam adi.
22 The little one will become a thousand, and the small one a strong nation. I, Yahweh, will do this quickly in its time.”
Mo mu akumaa koraa bɛdɔ ayɛ apem, na aketewa no ayɛ ɔman kɛse. Mene Awurade; na ne bere mu, mɛyɛ eyi ntɛm so.”

< Isaiah 60 >