< Isaiah 54 >

1 “Sing, barren, you who didn’t give birth! Break out into singing, and cry aloud, you who didn’t travail with child! For more are the children of the desolate than the children of the married wife,” says Yahweh.
“To nnwom, obonin, wo a wonwoo da; pae mu to nnwom, teɛ mu di ahurusi, wo a awo nkaa wo da; efisɛ ɔbea a wannya awo da no mma dɔɔso sen nea ɔwɔ kunu,” Awurade na ose.
2 “Enlarge the place of your tent, and let them stretch out the curtains of your habitations; don’t spare; lengthen your cords, and strengthen your stakes.
“Trɛw wo ntamadan no mu; twe wo ntamadan ntwamu no mu, nnyae yɛ; toa wo ntampehama no so, bobɔ wo nnyinaso no so ma entim yiye.
3 For you will spread out on the right hand and on the left; and your offspring will possess the nations and settle in desolate cities.
Efisɛ wobɛtrɛw akɔ nifa ne benkum; wʼasefo begye aman afa na wɔatena wɔn nkuropɔn amamfo so.
4 “Don’t be afraid, for you will not be ashamed. Don’t be confounded, for you will not be disappointed. For you will forget the shame of your youth. You will remember the reproach of your widowhood no more.
“Nsuro; wʼanim rengu ase. Nsuro aniwu; wɔremmrɛ wo ase. Wo werɛ befi wo mmabun mu aniwu na wo kunayɛ mu ahohora nso worenkae bio.
5 For your Maker is your husband; Yahweh of Armies is his name. The Holy One of Israel is your Redeemer. He will be called the God of the whole earth.
Na wo Bɔfo yɛ wo kunu Asafo Awurade ne ne din, Israel Kronkronni no yɛ wo Gyefo. Wɔfrɛ no asase nyinaa so Nyankopɔn.
6 For Yahweh has called you as a wife forsaken and grieved in spirit, even a wife of youth, when she is cast off,” says your God.
Awurade bɛsan afrɛ wo te sɛ ɔyere a woagyaa no na odi yaw wɔ ne koma mu, ɔyere a ɔwaree mmabaabere mu na wogyaa no mpofirim,” wo Nyankopɔn na ose.
7 “For a small moment I have forsaken you, but I will gather you with great mercies.
“Migyaw wo bere tiaa bi mu, nanso mifi ayamhyehye a mu dɔ mu bɛsan de wo aba.
8 In overflowing wrath I hid my face from you for a moment, but with everlasting loving kindness I will have mercy on you,” says Yahweh your Redeemer.
Abufuw mmoroso mu, mede mʼani hintaw wo mmere tiaa bi, nanso mʼayamye a ɛnsa da nti, mehu wo mmɔbɔ,” nea Awurade, wo Gyefo se ni.
9 “For this is like the waters of Noah to me; for as I have sworn that the waters of Noah will no more go over the earth, so I have sworn that I will not be angry with you, nor rebuke you.
“Eyi te sɛ Noa mmere so a mekaa ntam se meremma nsuyiri nkata asase ani bio. Enti afei maka ntam se meremma me bo mfuw wo bio, na merenka wʼanim bio.
10 For the mountains may depart, and the hills be removed, but my loving kindness will not depart from you, and my covenant of peace will not be removed,” says Yahweh who has mercy on you.
Sɛ mmepɔw wosow, na nkoko tutu a, me dɔ a ɛnsa da a mewɔ ma wo no renhinhim na mʼasomdwoe apam no rentwa mu,” sɛɛ na Awurade a ɔwɔ ahummɔbɔ ma mo no se.
11 “You afflicted, tossed with storms, and not comforted, behold, I will set your stones in beautiful colors, and lay your foundations with sapphires.
“Kuropɔn a ahum abubu wo na wɔnkyekyee wo werɛ ɛ, mede abo anintɔnka besiesie wo, na mede aboɔdemmo bibiri ayɛ wo fapem.
12 I will make your pinnacles of rubies, your gates of sparkling jewels, and all your walls of precious stones.
Mede bogyabo bɛto wʼabantifi afasu, na mede abohemaa a ɛhyerɛn ayɛ wʼapon, na mede aboɔdemmo ayɛ wʼafasu nyinaa.
13 All your children will be taught by Yahweh, and your children’s peace will be great.
Awurade bɛkyerɛkyerɛ wo mmabarima nyinaa, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.
14 You will be established in righteousness. You will be far from oppression, for you will not be afraid, and far from terror, for it shall not come near you.
Wubetim wɔ trenee mu: Wo ne nhyɛsotraso ntam kwan bɛware worensuro biribiara. Ahupoo bɛkɔ akyirikyiri, na ɛremmɛn wo.
15 Behold, they may gather together, but not by me. Whoever gathers together against you will fall because of you.
Sɛ obi tow hyɛ wo so a, na emfi me; na nea ɔtow hyɛ wo so no de ne ho bɛma wo.
16 “Behold, I have created the blacksmith who fans the coals into flame, and forges a weapon for his work; and I have created the destroyer to destroy.
“Hwɛ, ɛyɛ me na mebɔɔ ɔtomfo a ofita nnyansramma mu ma ɛdɛw na ɔde ahoɔden bɔ akode a ɛfata ne dwumadi. Na ɛyɛ me na mabɔ ɔsɛefo sɛ ɔmmɛsɛe ade;
17 No weapon that is formed against you will prevail; and you will condemn every tongue that rises against you in judgment. This is the heritage of Yahweh’s servants, and their righteousness is of me,” says Yahweh.
akode biara a wɔabɔ atia wo no rennyina na tɛkrɛma biara a ɛbɛbɔ wo sobo no wobɛbɔ agu. Eyi ne Awurade nkoa agyapade, ne wɔn bembu a efi me,” Awurade na ose.

< Isaiah 54 >

A Dove is Sent Forth from the Ark
A Dove is Sent Forth from the Ark