< Isaiah 42 >

1 “Behold, my servant, whom I uphold, my chosen, in whom my soul delights: I have put my Spirit on him. He will bring justice to the nations.
“Me somfo a mahyɛ no den ni, nea mayi no na ɔsɔ mʼani; mede me Honhom begu no so na ɔde atɛntrenee bɛbrɛ aman no.
2 He will not shout, nor raise his voice, nor cause it to be heard in the street.
Ɔrenteɛ mu anaa ɔremma ne nne so. Ɔremma ne nne so wɔ mmɔnten so.
3 He won’t break a bruised reed. He won’t quench a dimly burning wick. He will faithfully bring justice.
Demmire a ayɛ mmerɛw no, ɔremmu mu. Kanea ntamabamma a ɛnnɛw yiye no, ɔrennum. Nokware mu na ɔbɛda trenee adi;
4 He will not fail nor be discouraged, until he has set justice in the earth, and the islands wait for his law.”
ɔrenhinhim na ɔrempa abaw kosi sɛ ɔde trenee bɛba asase so. Ne mmara so na amanaman no de wɔn ani bɛto.”
5 God Yahweh, he who created the heavens and stretched them out, he who spread out the earth and that which comes out of it, he who gives breath to its people and spirit to those who walk in it, says:
Sɛɛ na Onyankopɔn, Awurade no se, nea ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛw mu, nea ɔtwee asase mu ne nea efi mu nyinaa, nea ɔma wɔn a wɔte so home, na ɔma wɔn a wɔnantew so no nkwa:
6 “I, Yahweh, have called you in righteousness. I will hold your hand. I will keep you, and make you a covenant for the people, as a light for the nations,
“Me, Awurade, mafrɛ wo trenee mu; meso wo nsa. Mɛhwɛ wo so na mede wo ayɛ apam ama nkurɔfo no ne kanea ama amanamanmufo,
7 to open the blind eyes, to bring the prisoners out of the dungeon, and those who sit in darkness out of the prison.
na woabue ani a afura, na woayi nneduafo afi afiase na woagye wɔn a wɔda afiase amoa mu, wɔn a wɔte sum kabii mu no.
8 “I am Yahweh. That is my name. I will not give my glory to another, nor my praise to engraved images.
“Mene Awurade; me din ne no! Meremfa mʼanuonyam mma obi anaa mʼayeyi mma ahoni.
9 Behold, the former things have happened and I declare new things. I tell you about them before they come up.”
Hwɛ, nneɛma dedaw no asisi, na nneɛma foforo no mepae mu ka; ansa na ɛbɛba mu no, meka kyerɛ mo.”
10 Sing to Yahweh a new song, and his praise from the end of the earth, you who go down to the sea, and all that is therein, the islands and their inhabitants.
Monto dwom foforo mma Awurade! Nʼayeyi mfi asase ano, mo a mokɔ po so ne nea ɛwo mu nyinaa, mo asupɔw ne wɔn a wɔtete so nyinaa.
11 Let the wilderness and its cities raise their voices, with the villages that Kedar inhabits. Let the inhabitants of Sela sing. Let them shout from the top of the mountains!
Ma nweatam ne so nkurow mma wɔn nne so; ma atenae a Kedar te so no nsɛpɛw wɔn ho. Ma nnipa a wɔwɔ Sela nto nnwom nnye wɔn ani; ma wɔnteɛ mu mfi mmepɔw no atifi!
12 Let them give glory to Yahweh, and declare his praise in the islands.
Ma wɔnhyɛ Awurade anuonyam; na wɔmpae mu nka nʼayeyi no wɔ asupɔw no so.
13 Yahweh will go out like a mighty man. He will stir up zeal like a man of war. He will raise a war cry. Yes, he will shout aloud. He will triumph over his enemies.
Awurade bepue aba sɛ ɔkatakyi, te sɛ ɔkofo no, ɔbɛhyɛ ne mmɔdemmɔ mu den; ɔde nteɛmu bɛyɛ ɔkofo nkanyan na obedi nʼatamfo so nkonim.
14 “I have been silent a long time. I have been quiet and restrained myself. Now I will cry out like a travailing woman. I will both gasp and pant.
“Mayɛ komm akyɛ, mayɛ dinn na mahyɛ me ho so. Nanso afei, te sɛ ɔbea a ɔrewo no, meteɛ mu, mehome a ensi so na mehome afrɛ so.
15 I will destroy mountains and hills, and dry up all their herbs. I will make the rivers islands, and will dry up the pools.
Mɛsɛe mmepɔw ne nkoko no na mahyew so afifide nyinaa. Mɛdan nsubɔnten ama ayɛ asupɔw, na mama atare ayoyow.
16 I will bring the blind by a way that they don’t know. I will lead them in paths that they don’t know. I will make darkness light before them, and crooked places straight. I will do these things, and I will not forsake them.
Medi anifuraefo anim afa akwan a wonnim so so, akwan a wonnim so papa so na mɛkyerɛ wɔn kwan. Mɛma sum no ayɛ hann wɔ wɔn anim, na mayɛ mmeae a ɛyɛ abonkyiabonkyi no trontrom. Eyinom ne nneɛma a mɛyɛ; merennyaw wɔn mu.
17 “Those who trust in engraved images, who tell molten images, ‘You are our gods,’ will be turned back. They will be utterly disappointed.
Na wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni so, na wɔka kyerɛ nsɛsode se, ‘Moyɛ yɛn anyame’ no, wɔbɛpam wɔn wɔ animguase mu.”
18 “Hear, you deaf, and look, you blind, that you may see.
“Tie, wo ɔsotifo; hwɛ, wo onifuraefo na hu!
19 Who is blind, but my servant? Or who is as deaf as my messenger whom I send? Who is as blind as he who is at peace, and as blind as Yahweh’s servant?
Hena ne onifuraefo sɛ me somfo, na ɔyɛ ɔsotifo sɛ ɔbɔfo a mesoma no? Hena na nʼani afura sɛ nea ɔde ne werɛ ahyɛ me mu, nʼani afura sɛ Awurade somfo?
20 You see many things, but don’t observe. His ears are open, but he doesn’t listen.
Woahu nneɛma bebree, nanso amfa wo ho; Ɔkwan da wʼasom, nanso wonte hwee.”
21 It pleased Yahweh, for his righteousness’ sake, to magnify the law and make it honorable.
Ɛsɔɔ Awurade ani, ne trenee nti sɛ ɔbɛma ne mmara ayɛ kɛse na anya anuonyam.
22 But this is a robbed and plundered people. All of them are snared in holes, and they are hidden in prisons. They have become captives, and no one delivers, and a plunder, and no one says, ‘Restore them!’
Nanso saa nnipa a wɔawia wɔn na wɔafow wɔn yi, wɔn nyinaa aka amoa mu anaa wɔde wɔn asie wɔ afiase. Wɔayɛ wɔn asade na wonni obi a obegye wɔn; wɔayɛ wɔn akorɔnne na wonni obi a ɔbɛka se, “Momfa wɔn nsan nkɔ.”
23 Who is there among you who will give ear to this? Who will listen and hear for the time to come?
Mo mu hena na obetie eyi anaa nʼani beku ho yiye akyiri yi?
24 Who gave Jacob as plunder, and Israel to the robbers? Didn’t Yahweh, he against whom we have sinned? For they would not walk in his ways, and they disobeyed his law.
Hena na ɔde Yakob maa sɛ ɔmmɛyɛ akorɔnne, na ɔde Israel maa afowfo? Ɛnyɛ Awurade a yɛayɛ bɔne atia no no? Efisɛ wɔannantew nʼakwan so; na wɔanni ne mmara so.
25 Therefore he poured the fierceness of his anger on him, and the strength of battle. It set him on fire all around, but he didn’t know. It burned him, but he didn’t take it to heart.”
Enti ohwiee nʼabufuwhyew guu wɔn so, akodi mu basabasayɛ. Ɛde ogyaframa bunkam wɔn so, nanso wɔante ase. Ɛhyew wɔn, nanso amfa wɔn ho.

< Isaiah 42 >