< Genesis 49 >

1 Jacob called to his sons, and said: “Gather yourselves together, that I may tell you that which will happen to you in the days to come.
Yakob frɛɛ ne mmabarima nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Mummetwa me ho nhyia, na menka mo nea ɛbɛba mo so daakye.
2 Assemble yourselves, and hear, you sons of Jacob. Listen to Israel, your father.
“Yakob mmabarima, mommoaboa mo ho ano, na muntie; muntie mo agya Israel.
3 “Reuben, you are my firstborn, my might, and the beginning of my strength, excelling in dignity, and excelling in power.
“Ruben, wo na woyɛ mʼabakan. Wo na woyɛ me tumi ne mʼahoɔden nsɛnkyerɛnne a edi kan a ɛboro anuonyam ne tumi so.
4 Boiling over like water, you shall not excel, because you went up to your father’s bed, then defiled it. He went up to my couch.
Woyɛ kitikiti sɛ asorɔkye, nanso worenkɔ so bio, efisɛ woforoo wʼagya mpa ne ne yere kɔdae, de guu mʼanim ase.
5 “Simeon and Levi are brothers. Their swords are weapons of violence.
“Simeon ne Lewi yɛ anuanom. Wogyina hɔ ma basabasayɛ ne asisi.
6 My soul, don’t come into their council. My glory, don’t be united to their assembly; for in their anger they killed men. In their self-will they hamstrung cattle.
Mma me nkɔka wɔn agyinatu ho, efisɛ wɔnam wɔn abufuw so akunkum nnipa, na wokunkum anantwi de gyee wɔn ani.
7 Cursed be their anger, for it was fierce; and their wrath, for it was cruel. I will divide them in Jacob, and scatter them in Israel.
Nnome nka wɔn abufuw, efisɛ ano yɛ den, na ɛyɛ atirimɔdensɛm! Ɛno nti, mɛbɔ wɔn asefo ahwete Israelman mu nyinaa.
8 “Judah, your brothers will praise you. Your hand will be on the neck of your enemies. Your father’s sons will bow down before you.
“Yuda, wo nuabarimanom beyi wo ayɛ. Wobɛsɛe wʼatamfo nyinaa. Wʼagya mmabarima bɛkotow wo.
9 Judah is a lion’s cub. From the prey, my son, you have gone up. He stooped down, he crouched as a lion, as a lioness. Who will rouse him up?
Yuda, woyɛ gyata ba a woawe wʼatamfo nam awie. Wote sɛ gyata a wabutuw. Hena na obetumi akɔka no?
10 The scepter will not depart from Judah, nor the ruler’s staff from between his feet, until he comes to whom it belongs. The obedience of the peoples will be to him.
Ahempema remfi Yuda nsam, na saa ara nso na ahempema remfi nʼanan ntam, kosi sɛ, nea ɛyɛ ne dea a aman nyinaa betie no no bɛba.
11 Binding his foal to the vine, his donkey’s colt to the choice vine, he has washed his garments in wine, his robes in the blood of grapes.
Ɔbɛsa nʼafurum wɔ bobe dua mu. Ɔde nʼafurum ba bɛsa bobe pa mman mu. Ɔbɛhoro ne ntama wɔ nsa mu, na wahoro nʼatade nso wɔ bobesa kɔɔ mu.
12 His eyes will be red with wine, his teeth white with milk.
Nʼaniwa aba bebiri asen bobesa. Ne se bɛyɛ fitaa asen nufusu.
13 “Zebulun will dwell at the haven of the sea. He will be for a haven of ships. His border will be on Sidon.
“Sebulon bɛtena mpoano. Obesisi ahyɛngyinabea ama ahyɛn. Nʼahye so bɛtrɛw akosi Sidon.
14 “Issachar is a strong donkey, lying down between the saddlebags.
“Isakar yɛ afurum hoɔdenfo a obutuw hɔ rehome wɔ nguankuw mu.
15 He saw a resting place, that it was good, the land, that it was pleasant. He bows his shoulder to the burden, and becomes a servant doing forced labor.
Sɛ ohu sɛnea nʼahomegyebea ye fa, ne sɛnea nʼasase no so dwo a, obekuntun agye adesoa, na wapene so sɛ akoa ama ɔhyɛ adwuma.
16 “Dan will judge his people, as one of the tribes of Israel.
“Dan bebu ne manfo atɛn sɛ Israel mmusuakuw no baako.
17 Dan will be a serpent on the trail, an adder in the path, that bites the horse’s heels, so that his rider falls backward.
Dan bɛyɛ sɛ ɔwɔ a ɔda kwankyɛn; ɔbɛyɛ sɛ ahurutoa a ɔnam ɔtempɔn mu a ɔka ɔpɔnkɔ nantin, sɛnea ɛbɛma ne sotefo atew ahwe nʼakyi.
18 I have waited for your salvation, Yahweh.
“Awurade, wo nkwagye na meretwɛn.
19 “A troop will press on Gad, but he will press on their heel.
“Nnipa bɔnefo bɛtow ahyɛ Gad so, na ɔno nso betiw wɔn atow ahyɛ wɔn so.
20 “Asher’s food will be rich. He will produce royal dainties.
“Aser aduan a odi no bɛyɛ aduan pa. Na ɔbɛma ahennuan a ɛyɛ akɔnnɔ.
21 “Naphtali is a doe set free, who bears beautiful fawns.
“Naftali te sɛ ɔforote a wɔagyaa no a ɔwo mma ahoɔfɛfo.
22 “Joseph is a fruitful vine, a fruitful vine by a spring. His branches run over the wall.
“Yosef yɛ ngodua a ɛsow aba, a esi asuten ho, na ne mman tra afasu.
23 The archers have severely grieved him, shot at him, and persecuted him:
Agyantowfo kaa no hyɛe, de abufuw tow hyɛɛ ne so.
24 But his bow remained strong. The arms of his hands were made strong, by the hands of the Mighty One of Jacob, (from there is the shepherd, the stone of Israel),
Nanso ne bɛma no gyinaa pintinn, na ne basa mu yɛɛ den; esiane Otumfo Nyankopɔn a Yakob som no no a ɔyɛ oguanhwɛfo ne Israel botantim no;
25 even by the God of your father, who will help you, by the Almighty, who will bless you, with blessings of heaven above, blessings of the deep that lies below, blessings of the breasts, and of the womb.
esiane Onyankopɔn a wʼagya som no a ɔboa wo no; Otumfo a ɔde ɔsoro nhyira behyira wo; nhyira a efi asase ase pɛɛ; nhyira a efi nufu ne ɔyafunu mu no.
26 The blessings of your father have prevailed above the blessings of my ancestors, above the boundaries of the ancient hills. They will be on the head of Joseph, on the crown of the head of him who is separated from his brothers.
Wʼagya nhyira a wɔahyira no no bɛdɔɔso asen tete nteredee mmepɔw ne nkoko a etintim hɔ daa no so nnɔbae. Eyinom nyinaa mmra Yosef ti so, engugu anuanom no mu nea wɔapaw no no anintɔn so.
27 “Benjamin is a ravenous wolf. In the morning he will devour the prey. At evening he will divide the plunder.”
“Benyamin yɛ pataku a ɔyɛ nam; ɔbɔ aporɔw anɔpa, kyere ne hanam we, na edu anwummere a, ɔkyekyɛ nam nkae no.”
28 All these are the twelve tribes of Israel, and this is what their father spoke to them, and blessed them. He blessed everyone according to his own blessing.
Eyi ne nhyira a Israel mmusuakuw dumien no agya de hyiraa wɔn; obiara ne sɛnea ɛfata no.
29 He instructed them, and said to them, “I am to be gathered to my people. Bury me with my fathers in the cave that is in the field of Ephron the Hittite,
Yakob rebewu no, ɔka kyerɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn se, “Aka kakraa bi, na wɔrebɛfa me akɔka me mpanyimfo ho. Sɛ miwu a, munsie me wɔ ɔboda a ɛwɔ Hetini Efron afuw a wosiee me mpanyimfo wɔ mu no mu.
30 in the cave that is in the field of Machpelah, which is before Mamre, in the land of Canaan, which Abraham bought with the field from Ephron the Hittite as a burial place.
Ɛno ne ɔboda ne afuw a ɛwɔ Makpela, a ɛbɛn Mamrɛ a ɛwɔ Kanaan asase so no. Abraham tɔɔ saa ɔboda no fii Hetini Efron nkyɛn, de yɛɛ amusiei.
31 There they buried Abraham and Sarah, his wife. There they buried Isaac and Rebekah, his wife, and there I buried Leah:
Saa ɔboda no mu na wosiee Abraham ne ne yere Sara. Ɛhɔ ara nso na wosiee Isak ne ne yere Rebeka, na misiee Lea nso.
32 the field and the cave that is therein, which was purchased from the children of Heth.”
Me nena Abraham tɔɔ afuw no ne ɔboda a ɛka ho no nyinaa fii Hetifo no nkyɛn.”
33 When Jacob finished charging his sons, he gathered up his feet into the bed, breathed his last breath, and was gathered to his people.
Bere a Yakob kasa kyerɛɛ ne mma no wiee no, ɔmaa ne nan so guu ne mpa so wui. Wokosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn.

< Genesis 49 >