< Genesis 46 >

1 Israel traveled with all that he had, and came to Beersheba, and offered sacrifices to the God of his father, Isaac.
Enti Israel de nʼahode nyinaa sii mu koduu Beer-Seba. Ɔbɔɔ Onyankopɔn a na nʼagya Isak som no no afɔre wɔ hɔ.
2 God spoke to Israel in the visions of the night, and said, “Jacob, Jacob!” He said, “Here I am.”
Anadwo anisoadehu mu no, Onyankopɔn frɛɛ Yakob se, “Yakob! Yakob!” Yakob gyee so se, “Me ni.”
3 He said, “I am God, the God of your father. Don’t be afraid to go down into Egypt, for there I will make of you a great nation.
Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Mene Onyankopɔn. Onyankopɔn a wʼagya som no. Nsuro sɛ wobɛkɔ Misraim, efisɛ mɛma wʼase adɔ ayɛ ɔman kɛse wɔ hɔ.
4 I will go down with you into Egypt. I will also surely bring you up again. Joseph’s hand will close your eyes.”
Mʼankasa ne wo bɛkɔ Misraim, na masan de wo aba ha. Edu bere a worebewu a, wubewu wɔ Yosef nsam.”
5 Jacob rose up from Beersheba, and the sons of Israel carried Jacob, their father, their little ones, and their wives, in the wagons which Pharaoh had sent to carry him.
Na Yakob sii mu fii Beer-Seba. Israelmma no de wɔn agya Yakob, wɔn yerenom ne wɔn mma tenatenaa nteaseɛnam a Farao soma ma wɔde bɛfaa wɔn no mu.
6 They took their livestock, and their goods, which they had gotten in the land of Canaan, and came into Egypt—Jacob, and all his offspring with him,
Wɔfaa wɔn mmoa ne wɔn agyapade a wɔanya wɔ Kanaan asase so no nyinaa kaa wɔn ho kɔɔ Misraim. Yakob ne nʼasefo nyinaa sii mu kɔɔ Misraim.
7 his sons, and his sons’ sons with him, his daughters, and his sons’ daughters, and he brought all his offspring with him into Egypt.
Israel de ne mmabarima, ne nenanom, ne mmabea ne wɔn mma a wɔn nyinaa yɛ nʼasefo kaa ne ho kɔɔ Misraim.
8 These are the names of the children of Israel, who came into Egypt, Jacob and his sons: Reuben, Jacob’s firstborn.
Din a edidi so yi yɛ Israelfo, Yakob asefo a ɔde wɔn kɔɔ Misraim. Ruben yɛ Yakob abakan.
9 The sons of Reuben: Hanoch, Pallu, Hezron, and Carmi.
Ruben nso mmabarima din na edidi so yi: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.
10 The sons of Simeon: Jemuel, Jamin, Ohad, Jachin, Zohar, and Shaul the son of a Canaanite woman.
Simeon nso mmabarima yɛ: Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a ne na yɛ Kanaanni.
11 The sons of Levi: Gershon, Kohath, and Merari.
Lewi mmabarima din na edidi so yi: Gerson, Kohat ne Merari.
12 The sons of Judah: Er, Onan, Shelah, Perez, and Zerah; but Er and Onan died in the land of Canaan. The sons of Perez were Hezron and Hamul.
Yuda nso mmabarima yɛ: Er, Onan, Sela, Peres ne Serah. Nanso Er ne Onan de, wowuwuu wɔ Kanaan asase so ansa na Israel reba Misraim asase so. Peres mmabarima yɛ: Hesron ne Hamul.
13 The sons of Issachar: Tola, Puvah, Iob, and Shimron.
Isakar mmabarima nso yɛ: Tola, Puwa, Hiob ne Simron.
14 The sons of Zebulun: Sered, Elon, and Jahleel.
Sebulon mmabarima nso yɛ: Sered, Elon ne Yakleel.
15 These are the sons of Leah, whom she bore to Jacob in Paddan Aram, with his daughter Dinah. All the souls of his sons and his daughters were thirty-three.
Wɔn a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Lea mma a ɔne Yakob woo wɔ Paddan-Aram a ne babea Dina nso ka ho. Saa mmabarima ne ne babea yi nyinaa dodow si nnipa aduasa abiɛsa.
16 The sons of Gad: Ziphion, Haggi, Shuni, Ezbon, Eri, Arodi, and Areli.
Gad nso mma din na edidi so yi: Sifion, Hagi, Suni, Esbon, Eri, Arodi ne Areli.
17 The sons of Asher: Imnah, Ishvah, Ishvi, Beriah, and Serah their sister. The sons of Beriah: Heber and Malchiel.
Aser nso mma din na edidi so yi: Yimna, Isua, Isui ne Beria ne wɔn nuabea Sera. Beria nso mma yɛ: Heber ne Malkiel.
18 These are the sons of Zilpah, whom Laban gave to Leah, his daughter, and these she bore to Jacob, even sixteen souls.
Eyinom nso ne Silpa, afenaa a Laban de no maa ne babea Lea a ɔno nso de no maa ne kunu Yakob waree no mma. Wɔn nyinaa dodow ano si nnipa dunsia.
19 The sons of Rachel, Jacob’s wife: Joseph and Benjamin.
Yakob yere Rahel mma yɛ: Yosef ne Benyamin.
20 To Joseph in the land of Egypt were born Manasseh and Ephraim, whom Asenath, the daughter of Potiphera, priest of On, bore to him.
Yosef ne ne yere Asnat, a ɔyɛ Potifera a ɔyɛ On bosomfo babea woo Manase ne Efraim wɔ Misraim.
21 The sons of Benjamin: Bela, Becher, Ashbel, Gera, Naaman, Ehi, Rosh, Muppim, Huppim, and Ard.
Benyamin nso mmabarima din na edidi so yi: Bela, Beker, Asbel, Gera, Naaman, Ehi, Ros, Mupim, Hupim ne Ard.
22 These are the sons of Rachel, who were born to Jacob: all the souls were fourteen.
Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ Rahel mmabarima a ɔne Yakob woe. Wɔn nyinaa dodow yɛ nnipa dunan.
23 The son of Dan: Hushim.
Dan babarima yɛ Husim.
24 The sons of Naphtali: Jahzeel, Guni, Jezer, and Shillem.
Naftali nso mmabarima din na edidi so yi: Yahseel, Guni, Yeser ne Silem.
25 These are the sons of Bilhah, whom Laban gave to Rachel, his daughter, and these she bore to Jacob: all the souls were seven.
Bilha a ɔyɛ Laban afenaa a ɔde no maa ne babea Rahel mmabarima a ɔne Yakob woo no na wɔabobɔ wɔn din yi. Na wɔn dodow yɛ nnipa baason.
26 All the souls who came with Jacob into Egypt, who were his direct offspring, in addition to Jacob’s sons’ wives, all the souls were sixty-six.
Nnipa a Yakob de wɔn kɔɔ Misraim nyinaa, a wɔyɛ nʼasefo ankasa, a ne mmabarima yerenom nka ho dodow yɛ aduosia asia.
27 The sons of Joseph, who were born to him in Egypt, were two souls. All the souls of the house of Jacob, who came into Egypt, were seventy.
Sɛ wɔde Yosef mmabarima baanu a ɔwoo wɔn wɔ Misraim no ka ho a, na Yakob asefo a ɔde wɔn kɔɔ Misraim no nyinaa dodow yɛ nnipa aduɔson.
28 Jacob sent Judah before him to Joseph, to show the way before him to Goshen, and they came into the land of Goshen.
Israel somaa Yuda ma odii kan kɔɔ Yosef hɔ kobisaa no Gosen kwan. Akyiri no, wokoduu Gosen.
29 Joseph prepared his chariot, and went up to meet Israel, his father, in Goshen. He presented himself to him, and fell on his neck, and wept on his neck a good while.
Yosef siesiee ne nteaseɛnam ma wɔkɔɔ Gosen kohyiaa nʼagya Israel. Yosef duu nʼagya Yakob anim pɛ na ɔbam no, sui ara kwansin.
30 Israel said to Joseph, “Now let me die, since I have seen your face, that you are still alive.”
Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Ohu a mahu wo sɛ wote ase yi nti, sɛ owu bɛfa me nnɛ koraa a, mepɛ.”
31 Joseph said to his brothers, and to his father’s house, “I will go up, and speak with Pharaoh, and will tell him, ‘My brothers, and my father’s house, who were in the land of Canaan, have come to me.
Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no ne nʼagya fifo no se, “Mɛkɔ akɔka akyerɛ Farao se, ‘Me nuabarimanom ne mʼagya fifo a na anka wɔte Kanaan asase so nyinaa aba ha abɛka me ho.
32 These men are shepherds, for they have been keepers of livestock, and they have brought their flocks, and their herds, and all that they have.’
Mmarima no yɛ nguanhwɛfo. Wɔhwɛ mmoa so. Na wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi ne biribiara a wɔwɔ aba.’
33 It will happen, when Pharaoh summons you, and will say, ‘What is your occupation?’
Sɛ Farao frɛ mo, na obisa mo se, ‘Adwuma bɛn na moyɛ a,’
34 that you shall say, ‘Your servants have been keepers of livestock from our youth even until now, both we, and our fathers:’ that you may dwell in the land of Goshen; for every shepherd is an abomination to the Egyptians.”
momma no mmuae se, ‘Wo nkoa ayɛn mmoa fi wɔn mmofraase, te sɛ nea yɛn agyanom yɛe no ara pɛpɛɛpɛ.’ Sɛ moka saa kyerɛ no a, ɔbɛma mode Gosen ayɛ mo atenae, efisɛ Misraimfo kyi nguanhwɛfo kɔkɔɔkɔ.”

< Genesis 46 >