< Genesis 26 >

1 There was a famine in the land, in addition to the first famine that was in the days of Abraham. Isaac went to Abimelech king of the Philistines, to Gerar.
Na ɔkɔm kɛse bi baa asase no so; ɛsono ɔkɔm kɛse a ɛbaa Abraham bere so no. Ɛno nti, Isak tu kɔtenaa Gerar a ɛyɛ Filistifo hene Abimelek kurow mu.
2 Yahweh appeared to him, and said, “Don’t go down into Egypt. Live in the land I will tell you about.
Ɛhɔ na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Isak, ka kyerɛɛ no se, “Nkɔ Misraim, na mmom, tena asase a mɛkyerɛ wo no so.
3 Live in this land, and I will be with you, and will bless you. For I will give to you, and to your offspring, all these lands, and I will establish the oath which I swore to Abraham your father.
Tena asase yi so kakra, efisɛ mede saa asase no nyinaa bɛma wo ne wʼasefo, na mede asi bɔ a mehyɛɛ wʼagya Abraham no so dua.
4 I will multiply your offspring as the stars of the sky, and will give all these lands to your offspring. In your offspring all the nations of the earth will be blessed,
Mɛma wʼasefo adɔɔso te sɛ nsoromma a ɛwɔ soro, na mede saa nsase yi nyinaa ama wɔn. Ɛnam wʼasefo so na wobehyira wiase aman ahorow nyinaa.
5 because Abraham obeyed my voice, and kept my requirements, my commandments, my statutes, and my laws.”
Efisɛ Abraham tiee me nne, dii me nsɛm, mʼahyɛde ne me mmara nyinaa so.”
6 Isaac lived in Gerar.
Enti Isak tenaa Gerar.
7 The men of the place asked him about his wife. He said, “She is my sister,” for he was afraid to say, “My wife”, lest, he thought, “the men of the place might kill me for Rebekah, because she is beautiful to look at.”
Bere a Gerar mmarima bisaa Isak yere Rebeka ho asɛm no, ɔkae se, “Ɔyɛ me nuabea.” Efisɛ na osuro sɛ ɔbɛka se, “Ɔyɛ me yere.” Ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ na osusuw sɛ, esiane ne yere Rebeka ahoɔfɛ nti, anhwɛ a na kurom hɔ mmarima akum no.
8 When he had been there a long time, Abimelech king of the Philistines looked out at a window, and saw, and, behold, Isaac was caressing Rebekah, his wife.
Isak tenaa hɔ kyɛɛ kakra no, da bi, Filistifo hene Abimelek gyina ne mfɛnsere mu na ohuu sɛ Isak regoru ne yere Rebeka ho.
9 Abimelech called Isaac, and said, “Behold, surely she is your wife. Why did you say, ‘She is my sister’?” Isaac said to him, “Because I said, ‘Lest I die because of her.’”
Ɛno nti, Abimelek soma ma wɔkɔfrɛɛ Isak. Isak bae no, obisaa no se, “Ɔbea no yɛ wo yere ankasa. Adɛn nti na woka se, ‘Ɔyɛ me nuabea?’” Isak buaa no se, “Misusuwii sɛ, sɛ meka se ɔyɛ me yere a, ne nti, ebia na wɔakum me.”
10 Abimelech said, “What is this you have done to us? One of the people might easily have lain with your wife, and you would have brought guilt on us!”
Na ɔhene Abimelek kae se, “Dɛn asɛm na wo ne yɛn adi yi? Nokware a woamma anna adi nti, anka obi betumi afa wo yere no, na wode mmusu aba yɛn so.”
11 Abimelech commanded all the people, saying, “He who touches this man or his wife will surely be put to death.”
Ɛno nti, Abimelek bɔɔ ne manfo no kɔkɔ se, “Obiara a ɔde ne nsa bɛka saa ɔbarima yi, anaa ne yere no, ɔkwan biara so no wobekum no.”
12 Isaac sowed in that land, and reaped in the same year one hundred times what he planted. Yahweh blessed him.
Saa afe no ara Isak dɔw afuw. Na Awurade hyiraa nʼadwumade so. Ne nnɔbae baa bebree.
13 The man grew great, and grew more and more until he became very great.
Isak yɛɛ ɔdefo. Nʼahonya kɔɔ so dɔɔso ma odii taamu.
14 He had possessions of flocks, possessions of herds, and a great household. The Philistines envied him.
Onyaa nguan, anantwi, ne asomfo bebree ma ɛyɛɛ saa ma Filistifo no ani beree no yiye. Saa anibere yi nti, Filistifo no de dɔte kosisiw
15 Now all the wells which his father’s servants had dug in the days of Abraham his father, the Philistines had stopped, and filled with earth.
abura ahorow a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuu wɔ ne bere so no nyinaa ano.
16 Abimelech said to Isaac, “Go away from us, for you are much mightier than we.”
Ɛbaa saa no, ɔhene Abimelek ka kyerɛɛ Isak se, “Tu fi yɛn asase so, efisɛ wʼahonya dodow no aka yɛn ahyɛ.”
17 Isaac departed from there, encamped in the valley of Gerar, and lived there.
Isak tu fii Gerar kurow no mu, kɔɔ Gerar subon mu de hɔ kɔyɛɛ nʼatenae.
18 Isaac dug again the wells of water, which they had dug in the days of Abraham his father, for the Philistines had stopped them after the death of Abraham. He called their names after the names by which his father had called them.
Enti Isak maa ne nkoa san tutuu mmura a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuu na ne wu akyi no Filistifo no sisiw ne nyinaa no. Ɔsan de din koro no ara a nʼagya Abraham de totoo mmura no totoo no bio.
19 Isaac’s servants dug in the valley, and found there a well of flowing water.
Isak nkoa no tuu abura foforo bi wɔ Gerar subon no mu, kɔtoo nsu a ɛyɛ kurunnyenn.
20 The herdsmen of Gerar argued with Isaac’s herdsmen, saying, “The water is ours.” So he called the name of the well Esek, because they contended with him.
Nanso Gerar nguanhwɛfo ne Isak nguanhwɛfo gyee abura no ho akyinnye. Gerar nguanhwɛfo no kae se, “Abura yi yɛ yɛn de.” Eyi maa Isak too saa abura no din Esek, a ase kyerɛ akyinnyegye abura.
21 They dug another well, and they argued over that, also. So he called its name Sitnah.
Isak nkoa no san tuu abura foforo, nanso Gerar nguanhwɛfo no san ne wɔn kasakasaa ɛno nso so. Eyi maa Isak san too saa abura no nso din Sitna, a ase kyerɛ Aperedi.
22 He left that place, and dug another well. They didn’t argue over that one. So he called it Rehoboth. He said, “For now Yahweh has made room for us, and we will be fruitful in the land.”
Isak gyaw saa abura no hɔ kotuu abura foforo. Afei, nnipa a wɔne no te hɔ no gyaee no haw a obiara ne no ankasa so bio. Eyi maa Isak too saa abura yi din Rehobot a ase ne “Afei de Awurade abɔ yɛn atenase na yebenya yɛn ho wɔ asase yi so.”
23 He went up from there to Beersheba.
Isak tu fii hɔ kɔɔ Beer-Seba.
24 Yahweh appeared to him the same night, and said, “I am the God of Abraham your father. Don’t be afraid, for I am with you, and will bless you, and multiply your offspring for my servant Abraham’s sake.”
Anadwo no, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ no, ka kyerɛɛ no se, “Mene wʼagya, Abraham Nyankopɔn. Nsuro, efisɛ me ne wo na ɛwɔ hɔ. Bɔ a mahyɛ mʼakoa Abraham nti, mehyira wo na mama wʼasefo adɔɔso, na wɔayɛ ɔman kɛse.”
25 He built an altar there, and called on Yahweh’s name, and pitched his tent there. There Isaac’s servants dug a well.
Isak sii afɔremuka, som Awurade wɔ hɔ. Osii ntamadan tenaa hɔ, na ne nkoa nso tuu abura maa no.
26 Then Abimelech went to him from Gerar with Ahuzzath his friend, and Phicol the captain of his army.
Da bi, ɔhene Abimelek ne ne fotufo Ahusad ne ne sahene Pikol fi Gerar bɛsraa Isak.
27 Isaac said to them, “Why have you come to me, since you hate me, and have sent me away from you?”
Isak bisaa wɔn se, “Adɛn nti na mo a na mo ne me nka, na mopam me fii mo nkyɛn aba me ha nnɛ sɛ morebɛsra me?”
28 They said, “We saw plainly that Yahweh was with you. We said, ‘Let there now be an oath between us, even between us and you, and let’s make a covenant with you,
Wobuaa no se, “Yehu pefee sɛ Awurade wɔ wʼafa nti, yɛasi gyinae sɛ, yɛne wo bɛyɛ apam. Apam no bɛda wo ne yɛn ntam. Pene so, na yɛne wo nyɛ saa apam no
29 that you will do us no harm, as we have not touched you, and as we have done to you nothing but good, and have sent you away in peace.’ You are now the blessed of Yahweh.”
sɛ worenhaw yɛn, sɛnea yɛn nso, yɛanhaw wo no. Yɛne wo tenaa yiye. Yegyaa wo kwan asomdwoe mu. Na afei, hwɛ sɛnea Awurade ahyira wo.”
30 He made them a feast, and they ate and drank.
Isak too wɔn pon, na wodidi nomee de twɛn apam a wɔne no rebɛyɛ no.
31 They rose up some time in the morning, and swore an oath to one another. Isaac sent them away, and they departed from him in peace.
Ade kyee anɔpa no, Isak ne mmarima no kekaa wɔn ho wɔn ho ntam, de sii wɔn apam a wɔayɛ no so dua. Na Isak gyaa wɔn kwan ma wɔkɔɔ asomdwoe mu.
32 The same day, Isaac’s servants came, and told him concerning the well which they had dug, and said to him, “We have found water.”
Da no ara, Isak asomfo bɛkaa abura a na wɔretu no ho asɛm kyerɛɛ no se, “Yɛato nsu.”
33 He called it “Shibah”. Therefore the name of the city is “Beersheba” to this day.
Isak too abura no din Seba a, ase kyerɛ sɛ “Ntanka abura.” Kurow a akyiri no wɔkyekyeree wɔ hɔ no, wɔtoo hɔ din Beer-Seba a ebesi nnɛ, wɔda so frɛ hɔ saa ara.
34 When Esau was forty years old, he took as wife Judith, the daughter of Beeri the Hittite, and Basemath, the daughter of Elon the Hittite.
Esau dii mfe aduanan no, ɔwaree ababaa bi a na wɔfrɛ no Yudit. Na nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Beeri. Esau san waree Basmat a nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Elon.
35 They grieved Isaac’s and Rebekah’s spirits.
Nanso Isak ne Rebeka bo annwo wɔ saa aware no ho.

< Genesis 26 >