< Genesis 21 >

1 Yahweh visited Sarah as he had said, and Yahweh did to Sarah as he had spoken.
Afei, Awurade dom Sara sɛnea ɔhyɛɛ no bɔ no.
2 Sarah conceived, and bore Abraham a son in his old age, at the set time of which God had spoken to him.
Sara nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham wɔ ne nkwakoraabere mu, bere a Awurade hyɛɛ no bɔ no mu pɛpɛɛpɛ.
3 Abraham called his son who was born to him, whom Sarah bore to him, Isaac.
Abraham too ɔbabarima a Sara woo no maa no no din Isak, a ase ne Serew.
4 Abraham circumcised his son, Isaac, when he was eight days old, as God had commanded him.
Bere a Isak dii nnaawɔtwe no, otwaa no twetia, sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no no.
5 Abraham was one hundred years old when his son, Isaac, was born to him.
Wɔwoo Isak maa Abraham no, na wadi mfe ɔha.
6 Sarah said, “God has made me laugh. Everyone who hears will laugh with me.”
Sara kae se, “Onyankopɔn ama maserew. Na obiara a ɔbɛte saa asɛm yi ne me bɛbɔ mu aserew.”
7 She said, “Who would have said to Abraham that Sarah would nurse children? For I have borne him a son in his old age.”
Sara ka kaa ho se, “Hena na ɔsoo ho dae ka kyerɛɛ Abraham se Sara bɛwo mma. Nanso ne nkwakoraabere mu yi, mawo ɔbabarima ama no.”
8 The child grew and was weaned. Abraham made a great feast on the day that Isaac was weaned.
Abofra no nyin ma wotwaa no nufu. Da a wotwaa Isak nufu no, Abraham too pon kɛse.
9 Sarah saw the son of Hagar the Egyptian, whom she had borne to Abraham, mocking.
Nanso Sara hui sɛ, ɔbabarima a nʼafenaa Misraimni Hagar woo no maa Abraham no redi Isak ho fɛw.
10 Therefore she said to Abraham, “Cast out this servant and her son! For the son of this servant will not be heir with my son, Isaac.”
Enti Sara ka kyerɛɛ Abraham se, “Pam saa afenaa yi ne ne babarima yi fi ha; na Isak ne saa afenaa babarima yi nni wʼagyapade biara mu kyɛfa.”
11 The thing was very grievous in Abraham’s sight on account of his son.
Abraham tee saa asɛm no, esiane ne babarima Ismael nti, ne werɛ how yiye.
12 God said to Abraham, “Don’t let it be grievous in your sight because of the boy, and because of your servant. In all that Sarah says to you, listen to her voice. For your offspring will be named through Isaac.
Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, “Mma wo babarima Ismael ne wʼafenaa Hagar ho asɛm no nhaw wo bebree. Asɛm biara a Sara bɛka akyerɛ wo no, tie, efisɛ Isak so na wɔnam bɛkan wʼasefo.
13 I will also make a nation of the son of the servant, because he is your child.”
Mɛma afenaa no babarima Ismael no nso asefo ayɛ ɔman kɛse, efisɛ ɔno nso yɛ wʼaseni.”
14 Abraham rose up early in the morning, and took bread and a container of water, and gave it to Hagar, putting it on her shoulder; and gave her the child, and sent her away. She departed, and wandered in the wilderness of Beersheba.
Ade kyee anɔpatutuutu no, Abraham faa aduan ne nsu a egu aboa nhoma mu de maa Hagar. Ɔde aduan no ne nsu no sisii Hagar mmati so, ka kyerɛɛ ɔne ne ba Ismael no se wɔnkɔ. Ofii hɔ kokyinkyin Beer-Seba sare so a na onhu baabi a ɔrekɔ.
15 The water in the container was spent, and she put the child under one of the shrubs.
Nsu a ɛwɔ aboa nhoma no mu sae no, ɔde ne babarima no kohintaw wura no mu baabi.
16 She went and sat down opposite him, a good way off, about a bow shot away. For she said, “Don’t let me see the death of the child.” She sat opposite him, and lifted up her voice, and wept.
Na ɔkɔtenaa akyiri baabi a wotow ɔbo a ɛbɛtɔ, kae se, “Merentumi nhwɛ sɛ abarimaa no bewu.” Na bere a Hagar te hɔ saa no, ofii ase sui.
17 God heard the voice of the boy. The angel of God called to Hagar out of the sky, and said to her, “What troubles you, Hagar? Don’t be afraid. For God has heard the voice of the boy where he is.
Onyankopɔn tee sɛ abarimaa no resu. Onyankopɔn bɔfo fi ɔsoro frɛɛ Hagar bisaa no se, “Hagar! Ɛyɛ dɛn? Nsuro, efisɛ Onyankopɔn ate abarimaa no su wɔ faako a ɔda no.
18 Get up, lift up the boy, and hold him with your hand. For I will make him a great nation.”
Ma abarimaa no so, efisɛ mɛma no ayɛ ɔman kɛse.”
19 God opened her eyes, and she saw a well of water. She went, filled the container with water, and gave the boy a drink.
Na Onyankopɔn buee Hagar ani ma ohuu asubura bi. Ɔde aboa nhoma no kɔsaw nsu ma, na ɔmaa abarimaa no bi nomee.
20 God was with the boy, and he grew. He lived in the wilderness, and as he grew up, he became an archer.
Onyankopɔn adom nti, abarimaa no nyinii. Ɔtenaa sare no so huu agyantow yiye.
21 He lived in the wilderness of Paran. His mother got a wife for him out of the land of Egypt.
Bere a ɔte Paran sare so no, ne na kɔfaa ɔbea fi Misraim asase so de no brɛɛ no aware.
22 At that time, Abimelech and Phicol the captain of his army spoke to Abraham, saying, “God is with you in all that you do.
Saa bere no mu, ɔhene Abimelek ne ne sahene Pikol baa Abraham nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Biribiara a woyɛ no, Onyankopɔn ka wo ho.
23 Now, therefore, swear to me here by God that you will not deal falsely with me, nor with my son, nor with my son’s son. But according to the kindness that I have done to you, you shall do to me, and to the land in which you have lived as a foreigner.”
Enti afei, di nsew ka ntam wɔ Onyankopɔn anim kyerɛ me wɔ ha se, worentwa me mma anaa mʼasefo nkontompo. Saa ayamye a mayɛ wo no, saa ara na fa yɛ me ne ɔman a wote so sɛ ɔnanani no.”
24 Abraham said, “I will swear.”
Abraham penee so se, “Meka saa ntam no!”
25 Abraham complained to Abimelech because of a water well, which Abimelech’s servants had violently taken away.
Na Abraham de asubura bi a Abimelek nkoa de anuɔden afa no ho asɛm kɔtoo Abimelek anim.
26 Abimelech said, “I don’t know who has done this thing. You didn’t tell me, and I didn’t hear of it until today.”
Nanso Abimelek kae se, “Minnim onipa ko a ɔyɛɛ saa ade no. Woammɔ me ho amanneɛ. Nnɛ na mate saa asɛm yi.”
27 Abraham took sheep and cattle, and gave them to Abimelech. Those two made a covenant.
Enti Abraham de nguan ne anantwi brɛɛ Abimelek. Na mmarima baanu yi de yɛɛ apam.
28 Abraham set seven ewe lambs of the flock by themselves.
Abraham yii nguantenmma abere ason fii nguankuw no mu gyinaa nkyɛn,
29 Abimelech said to Abraham, “What do these seven ewe lambs, which you have set by themselves, mean?”
na Abimelek bisaa Abraham se, “Nguantenmma abere ason a woayi wɔn agyina nkyɛn yi ase kyerɛ dɛn?”
30 He said, “You shall take these seven ewe lambs from my hand, that it may be a witness to me, that I have dug this well.”
Abraham buae se, “Ne nkyerɛase ara ne sɛ, ɛyɛ akyɛde a mede rema wo de adi adanse sɛ, me na mituu saa abura yi.”
31 Therefore he called that place Beersheba, because they both swore an oath there.
Efi saa bere no rekɔ no, wɔfrɛɛ saa abura no Beer-Seba, a ase ne Ntanka Abura, efisɛ ɛhɔ na wɔn baanu yɛɛ apam no.
32 So they made a covenant at Beersheba. Abimelech rose up with Phicol, the captain of his army, and they returned into the land of the Philistines.
Wɔyɛɛ apam no wiee wɔ Beer-Seba no, ɔhene Abimelek ne ne Sahene Pikol san kɔɔ Filistifo asase so.
33 Abraham planted a tamarisk tree in Beersheba, and there he called on the name of Yahweh, the Everlasting God.
Abraham nso duaa dua bi a wɔfrɛ no asantɛw wɔ abura no ho wɔ Beer-Seba. Ɛhɔ na na ɔsom Awurade teasefo no daa.
34 Abraham lived as a foreigner in the land of the Philistines many days.
Abraham tenaa Filistifo asase no so sɛ ɔnanani nna bebree.

< Genesis 21 >