< Galatians 5 >

1 Stand firm therefore in the liberty by which Christ has made us free, and don’t be entangled again with a yoke of bondage.
Ahofadi nti na Kristo ama yɛade yɛn ho no. Munnyina pintinn. Mommma ho kwan mma wɔmmfa mo nyɛ nkoa bio.
2 Behold, I, Paul, tell you that if you receive circumcision, Christ will profit you nothing.
Muntie! Me Paulo, meka kyerɛ mo se, sɛ moma ho kwan ma wotwa mo twetia a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo so amma mfaso biara amma mo koraa.
3 Yes, I testify again to every man who receives circumcision that he is a debtor to do the whole law.
Mebɔ mo kɔkɔ bio sɛ obiara a ɔbɛma ho kwan ama wɔatwa no twetia no, na ɛsɛ sɛ odi mmara no nyinaa so.
4 You are alienated from Christ, you who desire to be justified by the law. You have fallen away from grace.
Mo a mopɛ sɛ wɔde mmara no bu mo bem no atew mo ho afi Kristo ho. Adom no nni mo so bio.
5 For we through the Spirit, by faith wait for the hope of righteousness.
Nanso yefi gyidi mu nam Honhom no so twɛn trenee a yɛn ani da so no.
6 For in Christ Jesus neither circumcision nor uncircumcision amounts to anything, but faith working through love.
Kristo Yesu mu no, twetiatwa ne momonotoyɛ so nni mfaso. Nea ɛho hia ne gyidi a ɛnam ɔdɔ so da ne ho adi.
7 You were running well! Who interfered with you that you should not obey the truth?
Na anka moresi mmirikakan no yiye! Na hena na otwintwan mo anan mu ma mugyaee nokware no tie?
8 This persuasion is not from him who calls you.
Saa nnaadaa no mfi nea ɔfrɛ mo no.
9 A little yeast grows through the whole lump.
“Mmɔkaw kakraa bi na ɛma mmɔre no nyinaa tu.”
10 I have confidence toward you in the Lord that you will think no other way. But he who troubles you will bear his judgment, whoever he is.
Mewɔ anidaso wɔ Awurade mu sɛ morennwen adwene foforo bi. Onipa ko a ɔde sakasakayɛ reba mo mu no, wobetua ne so ka.
11 But I, brothers, if I still preach circumcision, why am I still persecuted? Then the stumbling block of the cross has been removed.
Anuanom, sɛ migu so ka twetiatwa ho asɛm a, adɛn nti na wɔda so taa me? Na sɛ ɛno na ɛyɛ nokware a, anka mʼasɛm a meka fa Kristo asennua ho no renkɔfa ɔhaw mma. Ɛno de, na anka asennua no ho hintidua biara nni hɔ bio.
12 I wish that those who disturb you would cut themselves off.
Sɛ ɛkaa me nko a anka wɔn a wɔhaw mo no atwa wɔn ho atwitwa wɔn ho wɔn ho.
13 For you, brothers, were called for freedom. Only don’t use your freedom as an opportunity for the flesh, but through love be servants to one another.
Me nuanom, mo de, wɔfrɛɛ mo sɛ mommɛde mo ho. Nanso mommma saa ahofadi yi mmɔ ɔkwan mma bɔne; mmom momfa ɔdɔ nsom mo ho mo ho.
14 For the whole law is fulfilled in one word, in this: “You shall love your neighbor as yourself.”
Efisɛ Mmara no nyinaa tiaatwa ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”
15 But if you bite and devour one another, be careful that you don’t consume one another.
Na sɛ mokeka na momemene mo ho mo ho a, ɛno de monhwɛ yiye na moansɛe mo ho mo ho.
16 But I say, walk by the Spirit, and you won’t fulfill the lust of the flesh.
Na mise montena ase wɔ Honhom mu, na moremma ɔhonam akɔnnɔ ho kwan.
17 For the flesh lusts against the Spirit, and the Spirit against the flesh; and these are contrary to one another, that you may not do the things that you desire.
Efisɛ nea ɔhonam pɛ no tia nea Honhom no pɛ; saa ara nso na nea Honhom no pɛ no, ɔhonam no tia. Nʼabien no bɔ abira, enti ɛnsɛ sɛ moyɛ nea mopɛ.
18 But if you are led by the Spirit, you are not under the law.
Sɛ monantew Honhom mu a, na monnhyɛ Mmara ase.
19 Now the deeds of the flesh are obvious, which are: adultery, sexual immorality, uncleanness, lustfulness,
Dwuma a bɔne su di no da adi pefee. Eyinom ne aguamammɔ, efi, ahohwi,
20 idolatry, sorcery, hatred, strife, jealousies, outbursts of anger, rivalries, divisions, heresies,
abosonsom, aduto, ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, aperepere, kunsunkunsun, mpaapaemu,
21 envy, murders, drunkenness, orgies, and things like these; of which I forewarn you, even as I also forewarned you, that those who practice such things will not inherit God’s Kingdom.
nitan, nsabow, agobɔne, ne nneɛma a ɛtete saa. Mebɔ mo kɔkɔ sɛnea mabɔ mo dedaw no se, wɔn a wɔtena ase saa no renkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu.
22 But the fruit of the Spirit is love, joy, peace, patience, kindness, goodness, faith,
Na Honhom no aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi,
23 gentleness, and self-control. Against such things there is no law.
odwo ne ahohyɛso. Mmara biara nni hɔ a etia eyinom.
24 Those who belong to Christ have crucified the flesh with its passions and lusts.
Na wɔn a wɔyɛ Kristo de no abɔ wɔn nipasu no ne honam akɔnnɔ asennua mu.
25 If we live by the Spirit, let’s also walk by the Spirit.
Sɛ yɛte Honhom mu yi, momma yɛnnantew Honhom mu.
26 Let’s not become conceited, provoking one another, and envying one another.
Ɛnsɛ sɛ yɛhoahoa yɛn ho, yiyi yɛn ho yɛn ho abufuw, anaa yɛma yɛn ani bere yɛn ho yɛn ho.

< Galatians 5 >