< Galatians 3 >

1 Foolish Galatians, who has bewitched you not to obey the truth, before whose eyes Jesus Christ was openly portrayed among you as crucified?
Mo Galatifo adwenharefo! Hena na ɔdan mo adwene saa? Mo ara mo anim na wɔkyerɛɛ mu pefee sɛ wɔbɔɔ Yesu Kristo asennua mu.
2 I just want to learn this from you: Did you receive the Spirit by the works of the law, or by hearing of faith?
Mummua me saa asɛm yi: Moyɛɛ nea Mmara no hwehwɛ sɛ monyɛ ansa na Onyankopɔn Honhom no reba mo so ana? Anaasɛ mutiee Asɛmpa no gye dii ansa?
3 Are you so foolish? Having begun in the Spirit, are you now completed in the flesh?
Saa na mo adwene mu yɛ hare nen? Mode Onyankopɔn Honhom fii ase; afei mopɛ sɛ mode mo ara mo tumi wie?
4 Did you suffer so many things in vain, if it is indeed in vain?
Mo osuahu yi nyinaa so amma mfaso biara? Minnye nni saa.
5 He therefore who supplies the Spirit to you and does miracles among you, does he do it by the works of the law, or by hearing of faith?
Onyankopɔn nam mmara no so na ɔde ne Honhom no maa mo ana? Anaasɛ ɔnam mmara no so na ɔyɛɛ anwonwade wɔ mo mu ana? Ɛnyɛ asɛm no gye a mugye dii nti?
6 Even so, Abraham “believed God, and it was counted to him for righteousness.”
Kyerɛwsɛm no kaa Abraham ho asɛm se, “Ogyee Onyankopɔn dii na esiane ne gyidi nti, Onyankopɔn gyee no sɛ onipa trenee.”
7 Know therefore that those who are of faith are children of Abraham.
Enti ɛsɛ sɛ mote ase sɛ nnipa a wɔwɔ gyidi no na wɔyɛ Abraham asefo turodoo.
8 The Scripture, foreseeing that God would justify the Gentiles by faith, preached the Good News beforehand to Abraham, saying, “In you all the nations will be blessed.”
Kyerɛwsɛm no dii kan huu sɛ Onyankopɔn nam gyidi so bebu amanamanmufo no bem. Eyi nti Kyerɛwsɛm no dii kan kaa Asɛmpa no kyerɛɛ Abraham se, “Ɛnam wo so na Onyankopɔn behyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.”
9 So then, those who are of faith are blessed with the faithful Abraham.
Abraham gye dii ma wohyiraa no, na wɔn a wogye di nyinaa nso, wɔahyira wɔn sɛnea wohyiraa no no.
10 For as many as are of the works of the law are under a curse. For it is written, “Cursed is everyone who doesn’t continue in all things that are written in the book of the law, to do them.”
Wɔadome obiara a ɔde ne ho bɛto ne nnwuma a efi mmara no mu so. Efisɛ wɔakyerɛw sɛ, “Wɔadome obiara a wankɔ so anni nea wɔakyerɛw wɔ Mmara Nhoma mu no nyinaa so.”
11 Now that no man is justified by the law before God is evident, for, “The righteous will live by faith.”
Afei akyinnye biara nni ho sɛ obiara rentumi mfa mmara no sodi nsɔ Onyankopɔn ani. Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛnam gyidi so na ɔtreneeni benya nkwa.”
12 The law is not of faith, but, “The man who does them will live by them.”
Mmara no nnyinaso nyɛ gyidi; efisɛ wɔakyerɛw se nea odi mmara no so benya nkwa.
13 Christ redeemed us from the curse of the law, having become a curse for us. For it is written, “Cursed is everyone who hangs on a tree,”
Ɛno nti na Kristo agye yɛn afi nnome a Mmara no de brɛɛ yɛn no mu. Wayɛ nnome ama yɛn sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a wɔbɛsɛn no wɔ dua so no hyɛ Onyankopɔn nnome ase.”
14 that the blessing of Abraham might come on the Gentiles through Christ Jesus, that we might receive the promise of the Spirit through faith.
Kristo gyee yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a nhyira a wohyiraa Abraham no nam Kristo so bɛba amanamanmufo so, na yɛnam gyidi so anya Honhom a wɔhyɛɛ yɛn ho bɔ no.
15 Brothers, speaking of human terms, though it is only a man’s covenant, yet when it has been confirmed, no one makes it void or adds to it.
Anuanom, mede yɛn asetena mu asɛm bi bɛyɛ nhwɛso: Sɛ nnipa baanu bi pene asɛm bi so na wɔyɛ ho apam a, obiara rentumi mmu apam no so na wɔrentumi mfa biribi nka ho.
16 Now the promises were spoken to Abraham and to his offspring. He doesn’t say, “To descendants”, as of many, but as of one, “To your offspring”, which is Christ.
Onyankopɔn hyɛɛ Abraham ne nʼaseni bɔ. Kyerɛwsɛm no nka se, “Wo ne wʼasefo” a ɛkyerɛ nnipa bebree. Ɛka se, “Wo ne wʼaseni” a ɛkyerɛ sɛ onipa baako a ɔno ne Kristo no.
17 Now I say this: A covenant confirmed beforehand by God in Christ, the law, which came four hundred thirty years after, does not annul, so as to make the promise of no effect.
Mekyerɛ sɛ: Onyankopɔn yɛɛ apam na ɔhyɛɛ bɔ se obedi so. Mmara no a ɛbaa akyiri no ntumi nsesa anaa ɛrentumi ntwa bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ mfirihyia ahannan ne aduasa ansa na ɔde Mmara no mae, no mu.
18 For if the inheritance is of the law, it is no more of promise; but God has granted it to Abraham by promise.
Na sɛ nhyira a Onyankopɔn de maa no gyina Mmara so a, ɛno de na ɛnyɛ bɔhyɛ bio. Nanso Onyankopɔn fi nʼadom mu, nam bɔhyɛ so de agyapade no maa Abraham.
19 Then why is there the law? It was added because of transgressions, until the offspring should come to whom the promise has been made. It was ordained through angels by the hand of a mediator.
Ɛno de, na Mmara no so mfaso ne dɛn? Wɔde maa akyiri no de kyerɛɛ sɛ yɛyɛ nnebɔneyɛfo kosi sɛ Aseni no a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bɛba. Abɔfo no na wɔde Mmara no maa Mose, na ɔno nso yɛɛ Onyankopɔn ne nnipa no ntamgyinafo.
20 Now a mediator is not between one, but God is one.
Yenim sɛ ntamgyinafo ho hia ma nnipa baanu anaa nea ɛboro saa, nanso Onyankopɔn a ɔyɛ ɔbaako no amfa ntamgyinafo wɔ bere a ɔhyɛɛ Abraham bɔ no.
21 Is the law then against the promises of God? Certainly not! For if there had been a law given which could make alive, most certainly righteousness would have been of the law.
Eyi kyerɛ sɛ Mmara no tia Onyankopɔn bɔhyɛ no ana? Dabi da! Sɛ mmara bi wɔ hɔ a etumi ma nnipa nkwa a, ɛno de anka onipa nam saa mmara no so betumi ateɛ wɔ Onyankopɔn anim.
22 But the Scripture imprisoned all things under sin, that the promise by faith in Jesus Christ might be given to those who believe.
Nanso Kyerɛwsɛm no aka se wiase nyinaa hyɛ bɔne tumi ase. Ɛno nti akyɛde a wɔhyɛɛ ho bɔ no, wɔnam Yesu Kristo so nko ara de bɛma wɔn a wogye di no.
23 But before faith came, we were kept in custody under the law, confined for the faith which should afterwards be revealed.
Ansa na gyidi no reba no, Mmara no too yɛn mpokyerɛ kosii sɛ wɔbɛdaa gyidi no adi.
24 So that the law has become our tutor to bring us to Christ, that we might be justified by faith.
Enti Mmara no na ɛhyɛɛ yɛn so kosii sɛ Kristo bae, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnam gyidi so bebu yɛn bem.
25 But now that faith has come, we are no longer under a tutor.
Afei a bere adu sɛ yegye Kristo di no, Mmara no nni yɛn so tumi bio.
26 For you are all children of God, through faith in Christ Jesus.
Ɛnam gyidi so nti na mo nyinaa yɛ Onyankopɔn mma a mo ne Kristo Yesu aka abɔ mu no.
27 For as many of you as were baptized into Christ have put on Christ.
Wɔbɔɔ mo asu hyɛɛ Kristo mu nti moafa Kristo mu nnepa no ato mo ho so.
28 There is neither Jew nor Greek, there is neither slave nor free man, there is neither male nor female; for you are all one in Christ Jesus.
Yenni Yudani anaa Helani, yenni akoa anaa ɔdehye, yenni ɔbarima anaa ɔbea, na mo nyinaa yɛ nnipa koro wɔ Kristo Yesu mu.
29 If you are Christ’s, then you are Abraham’s offspring and heirs according to promise.
Enti sɛ moyɛ Kristo de a, na moyɛ Abraham asefo, na bɔhyɛ no nti moyɛ adedifo nso.

< Galatians 3 >