< Ezekiel 48 >

1 “Now these are the names of the tribes: From the north end, beside the way of Hethlon to the entrance of Hamath, Hazar Enan at the border of Damascus, northward beside Hamath (and they shall have their sides east and west), Dan, one portion.
“Mmusuakuw no din na edidi so yi: “Dan benya kyɛfa baako wɔ atifi hye so hɔ; ɛbɛfa Hetlon kwan so akɔ Lebo Hamat, Hasar-Enan ne Damasko atifi fam hye a edi Hamat so no bɛyɛ ɔhye a efi apuei fam kɔ atɔe fam no fa bi.
2 “By the border of Dan, from the east side to the west side, Asher, one portion.
Aser benya kyɛfa baako; ɛne Dan kyɛfa no bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
3 “By the border of Asher, from the east side even to the west side, Naphtali, one portion.
Naftali benya kyɛfa baako; ɛne Aser kyɛfa no bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
4 “By the border of Naphtali, from the east side to the west side, Manasseh, one portion.
Manase benya kyɛfa baako; ɛne Naftali kyɛfa no bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
5 “By the border of Manasseh, from the east side to the west side, Ephraim, one portion.
Efraim benya kyɛfa baako; ɛne Manase asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
6 “By the border of Ephraim, from the east side even to the west side, Reuben, one portion.
Ruben benya kyɛfa baako; ɛne Efraim asase bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
7 “By the border of Reuben, from the east side to the west side, Judah, one portion.
Yuda benya kyɛfa baako; ɛne Ruben asase bɛbɔ hye afi apuei fam akosi atɔe fam.
8 “By the border of Judah, from the east side to the west side, shall be the offering which you shall offer, twenty-five thousand reeds in width, and in length as one of the portions, from the east side to the west side; and the sanctuary shall be in the middle of it.
“Yuda nsase no hye a efi apuei kosi atɔe no so na kyɛfa a wode bɛma sɛ akyɛde sononko no bedi. Ne trɛw bɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum. Na ne tenten, efi apuei kosi atɔe no ne mmusuakuw no kyɛfa baako bɛyɛ pɛ, na kronkronbea no bɛwɔ mfimfini.
9 “The offering that you shall offer to Yahweh shall be twenty-five thousand reeds in length, and ten thousand in width.
“Kyɛfa sononko a wode bɛma Awurade no tenten bɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum. Na ne trɛw ayɛ anammɔn mpem dunum.
10 For these, even for the priests, shall be the holy offering: toward the north twenty-five thousand in length, and toward the west ten thousand in width, and toward the east ten thousand in width, and toward the south twenty-five thousand in length; and the sanctuary of Yahweh shall be in the middle of it.
Eyi bɛyɛ kyɛfa kronkron ama asɔfo no. Ɛbɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum ne tenten mu wɔ atifi fam, na ayɛ anammɔn mpem dunum wɔ atɔe fam. Ɛbɛyɛ anammɔn mpem dunum wɔ apuei fam, na anafo fam nso ɛbɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum. Ne mfimfini bɛyɛ Awurade kronkronbea.
11 It shall be for the priests who are sanctified of the sons of Zadok, who have kept my instruction, who didn’t go astray when the children of Israel went astray, as the Levites went astray.
Eyi bɛyɛ Sadokfo asɔfo a wɔayɛ wɔn kronkron no de, wɔn a wodii me nokware som me na wɔannan amfi me nkyɛn sɛnea Lewifo yɛe, bere a Israelfo dan fii me nkyɛn no.
12 It shall be to them an offering from the offering of the land, a most holy thing, by the border of the Levites.
Ɛbɛyɛ akyɛde sononko a efi asase no kyɛfa a ɛyɛ kronkron no mu ama wɔn, kyɛfa kronkron mu kronkron a ɛne Lewifo asase no bɔ hye.
13 “Alongside the border of the priests, the Levites shall have twenty-five thousand cubits in length and ten thousand in width. All the length shall be twenty-five thousand, and the width ten thousand.
“Asɔfo no asase nkyɛn mu no, Lewifo no benya kyɛfa a ne tenten yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum, na ne trɛw yɛ anammɔn mpem dunum. Ne tenten nyinaa bɛyɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum, na ne trɛw nyinaa nso asi anammɔn mpem dunum.
14 They shall sell none of it, nor exchange it, nor shall the first fruits of the land be alienated, for it is holy to Yahweh.
Ɛnsɛ sɛ wɔtɔn anaasɛ wɔde mu fa biara sesa biribi. Asase no mu nea ɛyɛ papa ni na ɛnsɛ sɛ ɛkɔ obi foforo nsam, efisɛ ɛyɛ kronkron ma Awurade.
15 “The five thousand cubits that are left in the width, in front of the twenty-five thousand, shall be for common use, for the city, for dwelling and for pasture lands; and the city shall be in the middle of it.
“Asase a aka a ne trɛw yɛ anammɔn mpem ason ne ahannum na ne tenten nso yɛ anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum no bɛda hɔ ama kuropɔn no mufo. Wobesisi adan wɔ so na wɔde bi nso ayɛ mmoa adidibea. Kuropɔn no bɛda ne mfimfini
16 These shall be its measurements: the north side four thousand and five hundred, and the south side four thousand and five hundred, and on the east side four thousand and five hundred, and the west side four thousand and five hundred.
na ne kɛse bɛyɛ anammɔn mpem asia ahanson aduonum wɔ atifi fam, anafo fam, apuei fam ne atɔe fam.
17 The city shall have pasture lands: toward the north two hundred fifty, and toward the south two hundred fifty, and toward the east two hundred fifty, and toward the west two hundred fifty.
Kuropɔn yi mmoa adidibea no kɛse bɛyɛ anammɔn ahaasa aduɔson anum wɔ nʼafanan biara.
18 The remainder of the length, alongside the holy offering, shall be ten thousand eastward and ten thousand westward; and it shall be alongside the holy offering. Its increase shall be for food to those who labor in the city.
Asase a aka a ɛda kyɛfa kronkron no ho wɔ ne tenten mu no bɛyɛ anammɔn mpem dunum wɔ nʼapuei fam ne nʼatɔe fam. So nnɔbae no na kuropɔn no mu adwumayɛfo bedi.
19 Those who labor in the city, out of all the tribes of Israel, shall cultivate it.
Kuropɔn no mu adwumayɛfo a wɔyɛ asase no so kua no bɛyɛ wɔn a wofi Israel mmusuakuw nyinaa no mu.
20 All the offering shall be a square of twenty-five thousand by twenty-five thousand. You shall offer it as a holy offering, with the possession of the city.
Asase no nyinaa bɛyɛ ahinanan a ne fa biara susuw anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum. Wubeyi kyɛfa kronkron no ne kuropɔn no asase asi nkyɛn sɛ akyɛde sononko.
21 “The remainder shall be for the prince, on the one side and on the other of the holy offering and of the possession of the city; in front of the twenty-five thousand of the offering toward the east border, and westward in front of the twenty-five thousand toward the west border, alongside the portions, it shall be for the prince. The holy offering and the sanctuary of the house shall be in the middle of it.
“Asase a aka a ɛdeda kyɛfa kronkron ne kuropɔn no asase ho no bɛyɛ ɔhene no dea. Efi apuei fam a esusuw anammɔn mpem aduasa ason ne ahannum no, asase no bɛtrɛw akosi apuei fam hye so, na atɔe fam nso, ɛbɛtrɛw akosi atɔe fam hye so. Nsase abien a ɛne mmusuakuw asase no sa so no bɛyɛ ɔhene no dea, na kyɛfa kronkron a asɔredan no kronkronbea ka ho no bɛwɔ wɔn mfimfini.
22 Moreover, from the possession of the Levites, and from the possession of the city, being in the middle of that which is the prince’s, between the border of Judah and the border of Benjamin, shall be for the prince.
Ɛno nti Lewifo no asase ne kuropɔn no asase bɛda ɔhene asase no mfimfini. Ɔhene no asase no bɛda Yuda ne Benyamin ahye no ntam.
23 “As for the rest of the tribes: from the east side to the west side, Benjamin, one portion.
“Mmusuakuw a aka no, “Benyamin benya kyɛfa baako; ebefi apuei fam akɔ atɔe fam.
24 “By the border of Benjamin, from the east side to the west side, Simeon, one portion.
Simeon benya kyɛfa baako, ɛne Benyamin asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akɔ atɔe fam.
25 “By the border of Simeon, from the east side to the west side, Issachar, one portion.
Isakar benya kyɛfa baako; ɛne Simeon asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akɔ atɔe fam.
26 “By the border of Issachar, from the east side to the west side, Zebulun, one portion.
Sebulon benya kyɛfa baako; ɛne Isakar asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akɔ atɔe fam.
27 “By the border of Zebulun, from the east side to the west side, Gad, one portion.
Gad benya kyɛfa baako; ɛne Sebulon asase no bɛbɔ hye afi apuei fam akɔ atɔe fam.
28 “By the border of Gad, at the south side southward, the border shall be even from Tamar to the waters of Meribath Kadesh, to the brook, to the great sea.
Gad kyɛfa no hye a ɛda anafo fam no bɛkɔ anafo fam afi Tamar akɔ Meriba Kades nsuwansuwa ho, ɛbɛfa Misraim asuwa akosi Po Kɛse no.
29 “This is the land which you shall divide by lot to the tribes of Israel for inheritance, and these are their several portions, says the Lord Yahweh.
“Eyi ne asase a wobɛkyekyɛ ama Israel mmusuakuw no sɛ agyapade, na eyinom bɛyɛ wɔn kyɛfa,” Otumfo Awurade asɛm ni.
30 “These are the exits of the city: On the north side four thousand five hundred reeds by measure;
“Eyinom ne apon a wɔbɛfa mu apue afi kuropɔn no mu: “Efi ase wɔ atifi fam fasu a ne tenten yɛ anammɔn mpem asia ahanson ne aduonum no,
31 and the gates of the city shall be named after the tribes of Israel, three gates northward: the gate of Reuben, one; the gate of Judah, one; the gate of Levi, one.
wɔde Israel mmusuakuw dumien no din bɛtoto kuropɔn apon no. Apon abiɛsa a ɛwɔ atifi fam no bɛyɛ: Ruben pon, Yuda pon ne Lewi pon.
32 “At the east side four thousand five hundred reeds, and three gates: even the gate of Joseph, one; the gate of Benjamin, one; the gate of Dan, one.
Apuei fam fasu a ne tenten yɛ anammɔn mpem asia ahanson ne aduonum no, wɔde apon abiɛsa bɛtoto Yosef, Benyamin ne Dan.
33 “At the south side four thousand five hundred reeds by measure, and three gates: the gate of Simeon, one; the gate of Issachar, one; the gate of Zebulun, one.
Anafo fam fasu a ne tenten yɛ anammɔn mpem asia ahanson aduonum no, wɔde apon abiɛsa no bɛtoto Simeon, Isakar ne Sebulon.
34 “At the west side four thousand five hundred reeds, with their three gates: the gate of Gad, one; the gate of Asher, one; the gate of Naphtali, one.
Atɔe fam fasu a ne tenten yɛ anammɔn mpem asia ahanson aduonum no, wɔde apon abiɛsa no bɛtoto Gad, Aser ne Naftali.
35 “It shall be eighteen thousand reeds in circumference; and the name of the city from that day shall be, ‘Yahweh is there.’
“Ɔkwan a etwa kuropɔn no nyinaa ho hyia no tenten yɛ anammɔn mpem aduonu ason. “Na efi saa da no, wɔbɛfrɛ kuropɔn no se, ‘Awurade Wɔ Hɔ.’”

< Ezekiel 48 >