< Ezekiel 18 >

1 Yahweh’s word came to me again, saying,
Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
2 “What do you mean, that you use this proverb concerning the land of Israel, saying, ‘The fathers have eaten sour grapes, and the children’s teeth are set on edge’?
“Sɛ mo saa nkurɔfo yi bu saa bɛ a ɛfa Israel asase yi ho a, na mopɛ sɛ mokyerɛ dɛn: “‘Agyanom di bobe bun, na mma se afem ana?’
3 “As I live,” says the Lord Yahweh, “you shall not use this proverb any more in Israel.
“Nokware, sɛ mete ase yi, sɛɛ na Awurade se, moremmu saa bɛ yi bio wɔ Israel.
4 Behold, all souls are mine; as the soul of the father, so also the soul of the son is mine. The soul who sins, he shall die.
Ɔkra teasefo biara yɛ me de, agya ne ɔba barima nyinaa, wɔn nyinaa yɛ me de. Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔne ne nea obewu.
5 “But if a man is just, and does that which is lawful and right,
“Sɛ ɛba sɛ onipa trenee bi wɔ hɔ a ɔyɛ nea ɛteɛ na ɛyɛ pɛ;
6 and has not eaten on the mountains, hasn’t lifted up his eyes to the idols of the house of Israel, hasn’t defiled his neighbor’s wife, hasn’t come near a woman in her impurity,
onnidi wɔ mmepɔw so abosonnan mu na ɔnsom ahoni a wɔwɔ Israelfi. Ongu ne yɔnko yere ho fi na ɔne ɔbea a wabu ne nsa nna.
7 and has not wronged any, but has restored to the debtor his pledge, has taken nothing by robbery, has given his bread to the hungry, and has covered the naked with a garment;
Ɔnhyɛ obiara so, na ɔde boseagyefo awowaside san ma no. Ɔmmɔ korɔn mmom ɔde nʼaduan ma nea ɔkɔm de no na ofura nea ɔda adagyaw no ntama.
8 he who hasn’t lent to them with interest, hasn’t taken any increase from them, who has withdrawn his hand from iniquity, has executed true justice between man and man,
Ɔmmɔ bosea nnye nsiho na onnye mfɛntom mmoroso. Ɔtwe ne ho fi bɔneyɛ ho na obu nipa baanu ntam atɛntrenee.
9 has walked in my statutes, and has kept my ordinances, to deal truly; he is just, he shall surely live,” says the Lord Yahweh.
Odi mʼahyɛde so na odi me mmara so nokware. Saa onipa no na ɔteɛ; na ampa ara obenya nkwa Awurade asɛm ni.
10 “If he fathers a son who is a robber who sheds blood, and who does any one of these things,
“Sɛ ɛba sɛ ɔwɔ ɔba barima a odi akakabensɛm na ohwie mogya gu anaasɛ ɔyɛ saa nneɛma yi mu biara a
11 or who does not do any of those things but has eaten at the mountain shrines and defiled his neighbor’s wife,
(ɛwɔ mu, agya no nyɛɛ eyinom mu biara ɛ): “Odidi wɔ mmepɔw so abosonnan mu. Ogu ne yɔnko yere ho fi.
12 has wronged the poor and needy, has taken by robbery, has not restored the pledge, and has lifted up his eyes to the idols, has committed abomination,
Ɔhyɛ ahiafo ne mmɔborɔfo so. Ɔbɔ korɔn. Ɔmmfa boseagyefo awowaside mma no. Ɔde ne ho to abosom so. Ɔyɛ akyiwade.
13 has lent with interest, and has taken increase from the poor, shall he then live? He shall not live. He has done all these abominations. He shall surely die. His blood will be on him.
Ɔbɔ bosea gye nsiho na ogye mfɛntom mmoroso. Saa onipa yi benya nkwa ana? Dabi da! Esiane sɛ wayɛ saa akyiwade yi nyinaa nti, ampa ara wobekum no na ne mogya bɛbɔ nʼankasa ti so.
14 “Now, behold, if he fathers a son who sees all his father’s sins which he has done, and fears, and doesn’t do likewise,
“Nanso sɛ ɛba sɛ saa ɔbabarima yi wɔ ɔbabarima a ohu bɔne a nʼagya yɛ no nyinaa nanso ɔnyɛ saa nneɛma no bi:
15 who hasn’t eaten on the mountains, hasn’t lifted up his eyes to the idols of the house of Israel, hasn’t defiled his neighbor’s wife,
“Onnidi wɔ mmepɔw so abosonnan mu na ɔmfa ne ho nto ahoni a ɛwɔ Israelfi so. Ongu ne yɔnko yere ho fi.
16 hasn’t wronged any, hasn’t taken anything to pledge, hasn’t taken by robbery, but has given his bread to the hungry, and has covered the naked with a garment;
Ɔnhyɛ obiara so na onnye boseagyefo hɔ awowaside. Ɔmmɔ korɔn, mmom ɔde nʼaduan ma nea ɔkɔm de no na ofura nea ɔda adagyaw no ntama.
17 who has withdrawn his hand from the poor, who hasn’t received interest or increase, has executed my ordinances, has walked in my statutes; he shall not die for the iniquity of his father. He shall surely live.
Ɔtwe ne ho fi bɔne ho, na onnye nsiho anaa mfɛntom mmoroso. Odi me mmara ne mʼahyɛde so. Ɔrenwu wɔ nʼagya no bɔne nti; ampa ara obenya nkwa.
18 As for his father, because he cruelly oppressed, robbed his brother, and did that which is not good among his people, behold, he will die in his iniquity.
Nanso nʼagya no bewu wɔ ɔno ara bɔne nti, efisɛ osisii nnipa, bɔɔ ne yɔnko korɔn, na ɔyɛɛ bɔne wɔ ne nkurɔfo mu.
19 “Yet you say, ‘Why doesn’t the son bear the iniquity of the father?’ When the son has done that which is lawful and right, and has kept all my statutes, and has done them, he will surely live.
“Nanso mubisa se, ‘Adɛn nti na ɔbabarima no nnya nʼagya afɔdi no bi ho asotwe?’ Esiane sɛ ɔbabarima no ayɛ nea ɛteɛ na ɛyɛ pɛ na wahwɛ yiye adi mʼahyɛde nyinaa so no nti, ampa ara obenya nkwa.
20 The soul who sins, he shall die. The son shall not bear the iniquity of the father, neither shall the father bear the iniquity of the son. The righteousness of the righteous shall be on him, and the wickedness of the wicked shall be on him.
Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ne nea obewu. Ɔbabarima no rennya nʼagya afɔdi no ho asotwe bi, saa ara na agya no nso rennya ɔbabarima no afɔdi ho asotwe no bi. Wɔde ɔtreneeni adetreneeyɛ so aba bɛma no, na wobebu omumɔyɛfo amumɔyɛsɛm atia no.
21 “But if the wicked turns from all his sins that he has committed, and keeps all my statutes, and does that which is lawful and right, he shall surely live. He shall not die.
“Na sɛ omumɔyɛfo twe ne ho fi bɔne a wayɛ nyinaa ho, na odi mʼahyɛde so, na afei ɔyɛ nea ɛteɛ ne nea ɛyɛ papa a, ampa ara obenya nkwa na ɔrenwu.
22 None of his transgressions that he has committed will be remembered against him. In his righteousness that he has done, he shall live.
Wɔrennyina bɔne a wayɛ no mu biara so mmu no atɛn. Ne trenee nneyɛe nti obenya nkwa.
23 Have I any pleasure in the death of the wicked?” says the Lord Yahweh, “and not rather that he should return from his way, and live?
Mʼani gye amumɔyɛfo wu ho ana? Otumfo Awurade bisa. Sɛ wɔtwe wɔn ho fi wɔn akwammɔne ho na wonya nkwa a, mʼani nnye ana?
24 “But when the righteous turns away from his righteousness, and commits iniquity, and does according to all the abominations that the wicked man does, should he live? None of his righteous deeds that he has done will be remembered. In his trespass that he has trespassed, and in his sin that he has sinned, in them he shall die.
“Na sɛ ɔtreneeni twe ne ho fi ne trenee nneyɛe ho, kɔyɛ bɔne, na ɔyɛ akyiwade a amumɔyɛfo yɛ a, obenya nkwa ana? Wɔrenkae ne trenee nneyɛe no. Esiane sɛ odi nokwaredi ho fɔ na wayɛ bɔne nti, obewu.
25 “Yet you say, ‘The way of the Lord is not equal.’ Hear now, house of Israel: Is my way not equal? Aren’t your ways unequal?
“Nanso moka se, ‘Awurade kwan nteɛ.’ Muntie! Mo, Israelfi. Me kwan nteɛ ana? Ɛnyɛ mo akwan mmom na ɛnteɛ?
26 When the righteous man turns away from his righteousness, and commits iniquity, and dies in it, then he dies in his iniquity that he has done.
Sɛ ɔtreneeni twe ne ho fi ne trenee nneyɛe ho na ɔkɔyɛ bɔne a, ɛno nti obewu, bɔne a wayɛ nti obewu.
27 Again, when the wicked man turns away from his wickedness that he has committed, and does that which is lawful and right, he will save his soul alive.
Nanso sɛ omumɔyɛfo twe ne ho fi amumɔyɛsɛm a wadi ho, na ɔyɛ nea ɛteɛ ne nea ɛyɛ papa a, obegye ne kra nkwa.
28 Because he considers, and turns away from all his transgressions that he has committed, he shall surely live. He shall not die.
Esiane sɛ wahu ne mmarato na watwe ne ho afi ho no nti, obenya nkwa na ɔrenwu.
29 Yet the house of Israel says, ‘The way of the Lord is not fair.’ House of Israel, aren’t my ways fair? Aren’t your ways unfair?
Nanso Israelfi ka se, ‘Awurade kwan nteɛ.’ Mʼakwan nteɛ! Mo, Israelfi! Ɛnyɛ mo akwan mmom na ɛnteɛ ana?
30 “Therefore I will judge you, house of Israel, everyone according to his ways,” says the Lord Yahweh. “Return, and turn yourselves from all your transgressions, so iniquity will not be your ruin.
“Ɛno nti, mo Israelfo, mebu mo mu biara atɛn sɛnea nʼakwan te, Otumfo Awurade na ose. Monsakra mo adwene! Montwe mo ho mfi mo mmarato nyinaa ho; na afei bɔne remfa mo nkɔ asehwe mu bio.
31 Cast away from you all your transgressions in which you have transgressed; and make yourself a new heart and a new spirit. For why will you die, house of Israel?
Montow mfomso a moayɛ nyinaa ngu na moanya koma foforo ne honhom foforo. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ muwu, Israelfifo?
32 For I have no pleasure in the death of him who dies,” says the Lord Yahweh. “Therefore turn yourselves, and live!
Mʼani nnye obiara wu ho, Otumfo Awurade na ose. ‘Monsakra mo adwene na moanya nkwa!’

< Ezekiel 18 >