< Exodus 34 >

1 Yahweh said to Moses, “Chisel two stone tablets like the first. I will write on the tablets the words that were on the first tablets, which you broke.
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Yɛ abo kyerɛw apon abien te sɛ nea woyɛɛ kan no na mɛkyerɛw mmara koro no ara sɛnea na ɛwɔ nea wububuu mu no so ara pɛ ama wo.
2 Be ready by the morning, and come up in the morning to Mount Sinai, and present yourself there to me on the top of the mountain.
Siesie wo ho na bra Sinai Bepɔw so anɔpa na fa wo ho bɛkyerɛ me.
3 No one shall come up with you or be seen anywhere on the mountain. Do not let the flocks or herds graze in front of that mountain.”
Mfa obiara nka wo ho na ɛnsɛ sɛ obiara bɛn bepɔw no ho baabiara. Mma mmoa biara nkɔ adidi mmɛn bepɔw no.”
4 He chiseled two tablets of stone like the first; then Moses rose up early in the morning, and went up to Mount Sinai, as Yahweh had commanded him, and took in his hand two stone tablets.
Enti Mose twaa kyerɛw apon abien te sɛ kan de no de kɔɔ Sinai Bepɔw so anɔpahema sɛnea Awurade hyɛe no no.
5 Yahweh descended in the cloud, and stood with him there, and proclaimed Yahweh’s name.
Awurade sian baa sɛ omununkum fadum begyinaa Mose ho bɔɔ ne din kronkron Awurade no.
6 Yahweh passed by before him, and proclaimed, “Yahweh! Yahweh, a merciful and gracious God, slow to anger, and abundant in loving kindness and truth,
Awurade faa Mose anim frɛɛ no kae se, “Me, Awurade, Onyankopɔn mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo a me bo kyɛ fuw na mewɔ ɔdɔ na midi nokware nso;
7 keeping loving kindness for thousands, forgiving iniquity and disobedience and sin; and who will by no means clear the guilty, visiting the iniquity of the fathers on the children, and on the children’s children, on the third and on the fourth generation.”
me Awurade, medɔ nnipa mpempem na mede atirimɔden, atuatew ne bɔne kyɛ. Nanso metwe afɔdi aso na metwe Agyanom, mma ne nananom aso kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan aso.”
8 Moses hurried and bowed his head toward the earth, and worshiped.
Mose kotow Awurade som no.
9 He said, “If now I have found favor in your sight, Lord, please let the Lord go among us, even though this is a stiff-necked people; pardon our iniquity and our sin, and take us for your inheritance.”
Ɔkae se, “Sɛ ɛyɛ nokware pa ara sɛ woagye me ato mu de a, Awurade, wo ne yɛnkɔ bɔhyɛ asase no so. Saa nnipa yi aso yɛ den de, nanso fa yɛn bɔne kyɛ yɛn na gye yɛn sɛ wo ara wo nnipa.”
10 He said, “Behold, I make a covenant: before all your people I will do marvels, such as have not been worked in all the earth, nor in any nation; and all the people among whom you are shall see the work of Yahweh; for it is an awesome thing that I do with you.
Awurade buae se, “Eye, me ne wo bɛyɛ nhyehyɛe bi. Merebɛyɛ anwonwade bi a bi nsii asase so da, na ɛnam so ama Israelfo nyinaa ahu tumi a Awurade wɔ. Menam wo so na mɛyɛ saa tumide no.
11 Observe that which I command you today. Behold, I will drive out before you the Amorite, the Canaanite, the Hittite, the Perizzite, the Hivite, and the Jebusite.
Wo fam de a wobɛyɛ ara ne sɛ, wubetie nsɛm a mɛhyɛ wo no na woayɛ ne nyinaa; na sɛ ɛba saa a, mɛpam Amorifo, Kanaanfo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo no nyinaa afi wʼanim.
12 Be careful, lest you make a covenant with the inhabitants of the land where you are going, lest it be for a snare among you;
Hwɛ wo ho so yiye pa ara na wo ne ɔman a worekɔ mu no mufo ampam, anyɛ saa a, wɔbɛyɛ mfiri wɔ mo mu a ebeyiyi mo.
13 but you shall break down their altars, and dash in pieces their pillars, and you shall cut down their Asherah poles;
Bubu wɔn abosonsom afɔremuka no. Sɛe wɔn abo adum no na muntutu wɔn abosom no ngu.
14 for you shall worship no other god; for Yahweh, whose name is Jealous, is a jealous God.
Na monnsom onyame foforo biara nka Awurade ho, na ɔno nko ara ne Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ mosom no.
15 “Don’t make a covenant with the inhabitants of the land, lest they play the prostitute after their gods, and sacrifice to their gods, and one call you and you eat of his sacrifice;
“Wo ne onipa biara a ɔte asase no so nnyɛ asomdwoe apam biara, efisɛ wonni me nokware, na wɔbɔ afɔre ma wɔn anyame de tia me. Sɛ wo ne wɔn yɛ adwene a, wɔbɛto nsa afrɛ wo ama woakodi wɔn abosom so nnuan.
16 and you take of their daughters to your sons, and their daughters play the prostitute after their gods, and make your sons play the prostitute after their gods.
Afei nso, ɛyɛ saa a, mubegye wɔn mmabea aware ama mo mmabarima no akɔsom wɔn yerenom no anyame bi de atia me.
17 “You shall make no cast idols for yourselves.
“Monnyɛ ahoni biara.
18 “You shall keep the feast of unleavened bread. Seven days you shall eat unleavened bread, as I commanded you, at the time appointed in the month Abib; for in the month Abib you came out of Egypt.
“Munni Apiti Afahyɛ no. Munni brodo a mmɔkaw nni mu nnanson sɛnea meka kyerɛɛ mo no. Monyɛ eyi afe biara mu ɔsram Abib (Yudafo ɔsram a edi kan) mu, efisɛ saa ɔsram no mu na mutu fii Misraim.
19 “All that opens the womb is mine; and all your livestock that is male, the firstborn of cow and sheep.
“Abakan biara yɛ me dea, sɛ ɛyɛ nantwi, oguan anaa abirekyi.
20 You shall redeem the firstborn of a donkey with a lamb. If you will not redeem it, then you shall break its neck. You shall redeem all the firstborn of your sons. No one shall appear before me empty.
Afurum ba a ɔyɛ abakan de, wɔmfa no nsesa oguamma. Na sɛ wompɛ sɛ wode no di nsesa de a, bu ne kɔn mu. Mo mmabarima de, munnye wɔn nyinaa. “Obiara mma mʼanim a onkura akyɛde bi.
21 “Six days you shall work, but on the seventh day you shall rest: in plowing time and in harvest you shall rest.
“Nnansia pɛ na momfa nyɛ adwuma. Da a ɛto so ason no de, munnni dwuma biara. Ofuntumbere anaa otwabere mpo, momfa nnansia nyɛ adwuma. Da a ɛto so ason no, monhome.
22 “You shall observe the feast of weeks with the first fruits of wheat harvest, and the feast of harvest at the year’s end.
“Monkae na munni saa afahyɛ abiɛsa a ɛwɔ afe mu no nyinaa. Eyinom ne: Otwabere Afahyɛ (anaasɛ Pentekoste), Atoko a edi kan Afahyɛ ne Asese Afahyɛ.
23 Three times in the year all your males shall appear before the Lord Yahweh, the God of Israel.
Saa afahyɛ abiɛsa yi mu biara du so a, ɛsɛ sɛ Israelfo mmarima ne mmarimaa nyinaa ba Awurade anim.
24 For I will drive out nations before you and enlarge your borders; neither shall any man desire your land when you go up to appear before Yahweh, your God, three times in the year.
Sɛ mokɔ Awurade mo Nyankopɔn anim saa mprɛnsa no nyinaa afe biara mu a, obiara nni hɔ a ɔbɛtoa mo abedi mo asase no so. Mɛpam saa aman no wɔ mo anim na matrɛw mo ahye mu.
25 “You shall not offer the blood of my sacrifice with leavened bread. The sacrifice of the feast of the Passover shall not be left to the morning.
“Mommfa brodo a mmɔkaw wɔ mu mmɔ me afɔre. Na Twam Afahyɛ nam no nso, mommfa bi nsi hɔ mma ade nkye so.
26 “You shall bring the first of the first fruits of your ground to the house of Yahweh your God. “You shall not boil a young goat in its mother’s milk.”
“Sɛ mutwa mo nnɔbae a, Momfa mo nnɔbae mu nea ɛsɔ ani koraa no mmra Awurade mo Nyankopɔn fi. “Monnoa abirekyi ba wɔ ne na nufusu mu.”
27 Yahweh said to Moses, “Write these words; for in accordance with these words I have made a covenant with you and with Israel.”
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kyerɛw saa mmara a mede ama wo yi nyinaa gu hɔ, efisɛ ɛyɛ me ne wo, Israel ntam apam.”
28 He was there with Yahweh forty days and forty nights; he neither ate bread, nor drank water. He wrote on the tablets the words of the covenant, the ten commandments.
Mose ne Awurade de adaduanan, awia ne anadwo, dii nkitaho wɔ bepɔw no so, na saa bere no, Mose annidi, annom. Saa bere no, Onyankopɔn kyerɛw Mmaransɛm Du no guu ɔbo kyerɛwpon no so.
29 When Moses came down from Mount Sinai with the two tablets of the covenant in Moses’ hand, when he came down from the mountain, Moses didn’t know that the skin of his face shone by reason of his speaking with him.
Bere a Mose de kyerɛw apon no fi Onyankopɔn nkyɛn resian bepɔw no, na onnim sɛ nʼanim rehyerɛn.
30 When Aaron and all the children of Israel saw Moses, behold, the skin of his face shone; and they were afraid to come near him.
Esiane nʼanim hyerɛn a na ɛhyerɛn no nti, Aaron ne Israelfo no huu Mose no, wosuroe sɛ wɔbɛbɛn no.
31 Moses called to them, and Aaron and all the rulers of the congregation returned to him; and Moses spoke to them.
Nanso Mose frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn maa Aaron ne ɔman no mu ntuanofo ne no bɛkasae.
32 Afterward all the children of Israel came near, and he gave them all the commandments that Yahweh had spoken with him on Mount Sinai.
Akyiri no, nnipa no nyinaa baa ne nkyɛn ma ɔde mmaransɛm a Awurade de maa no wɔ bepɔw no so hɔ no maa wɔn.
33 When Moses was done speaking with them, he put a veil on his face.
Mose ne wɔn kasa wiee no, ɔde nkataanim kataa nʼanim,
34 But when Moses went in before Yahweh to speak with him, he took the veil off, until he came out; and he came out, and spoke to the children of Israel that which he was commanded.
na bere biara a ɔbɛkɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ ne Awurade akɔkasa no, oyi nkataanim no kosi sɛ ɔbɛsan aba bio; ɔba saa a, asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ no no, na ɔno nso ka kyerɛ nnipa no
35 The children of Israel saw Moses’ face, that the skin of Moses’ face shone; so Moses put the veil on his face again, until he went in to speak with him.
a wohu sɛ nʼanim ayɛ hyerɛnn no. Akyiri no, ɔde nkataanim no kata nʼanim bio kosi sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn na ɔne no akɔkasa.

< Exodus 34 >