< Exodus 30 >

1 “You shall make an altar to burn incense on. You shall make it of acacia wood.
“Fa okuo yɛ afɔrebukyia ketewa bi a wobɛhye aduhwam wɔ so.
2 Its length shall be a cubit, and its width a cubit. It shall be square, and its height shall be two cubits. Its horns shall be of one piece with it.
Ma ɛnyɛ ahinanan a ne fa biara susu nsateakwaa dunwɔtwe, na ne ɔsorokɔ nso nyɛ anammɔn mmiɛnsa a wɔasene mmɛn a ɛfiri dua a wɔde yɛɛ afɔrebukyia no ara mu ama ɛtuatua ho. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ mmɛn a wɔsene firi baabi bɛtuatuaa ho.
3 You shall overlay it with pure gold, its top, its sides around it, and its horns; and you shall make a gold molding around it.
Fa sikakɔkɔɔ kata ne soro, ne nkyɛn ne mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no ho no nyinaa. Na fa sikakɔkɔɔ ntotoano twa afɔrebukyia no ho nyinaa hyia.
4 You shall make two golden rings for it under its molding; on its two ribs, on its two sides you shall make them; and they shall be for places for poles with which to bear it.
Fa sikakɔkɔɔ nkawa mmienu bobɔ afɔrebukyia no afanu no nkyɛn mu ase na wɔde nnua a wɔde bɛsoa no awurawura mu.
5 You shall make the poles of acacia wood, and overlay them with gold.
Wɔmfa okuo na ɛnyɛ nnua no, na wɔmfa sikakɔkɔɔ nnura ho nyinaa.
6 You shall put it before the veil that is by the ark of the covenant, before the mercy seat that is over the covenant, where I will meet with you.
Fa afɔrebukyia no si ntwamutam no akyi wɔ mpata beaeɛ hɔ a ɛbɔ faako a Apam Adaka a Mmaransɛm Edu no wɔ hɔ no ho ban. Mɛhyia mo hɔ.
7 Aaron shall burn incense of sweet spices on it every morning. When he tends the lamps, he shall burn it.
“Ɛda biara anɔpa, sɛ Aaron resiesie kanea no a, ɔbɛhye aduhwam wɔ afɔrebukyia no so.
8 When Aaron lights the lamps at evening, he shall burn it, a perpetual incense before Yahweh throughout your generations.
Anwummerɛ biara, sɛ ɔsɔ kanea no a, ɔbɛhye aduhwam wɔ Awurade anim. Yei bɛtoa so firi awoɔ ntoatoasoɔ so akɔsi awo ntoatoasoɔ so.
9 You shall offer no strange incense on it, nor burnt offering, nor meal offering; and you shall pour no drink offering on it.
Monhye aduhwam a wɔama ho ɛkwan wɔ afɔrebukyia no so. Mommmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ wɔ so, na mommfa ahwiesa ngu so.
10 Aaron shall make atonement on its horns once in the year; with the blood of the sin offering of atonement once in the year he shall make atonement for it throughout your generations. It is most holy to Yahweh.”
Afe biara, ɛsɛ sɛ Aaron dwira afɔrebukyia no ho yɛ no kronkron. Ɔde mogya bɛsrasra mmɛn a ɛtuatua ho no so sɛ mpatadeɛ. Ɛsɛ sɛ afe biara wɔte afɔrebukyia no ho yɛ no kronkron firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awo ntoatoasoɔ so, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Awurade afɔrebukyia kronkron.”
11 Yahweh spoke to Moses, saying,
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
12 “When you take a census of the children of Israel, according to those who are counted among them, then each man shall give a ransom for his soul to Yahweh when you count them, that there be no plague among them when you count them.
“Ɛberɛ biara a wobɛkan Israelfoɔ no, obiara a wɔbɛkan no no mfa ne mpatadeɛ mmrɛ Awurade mma ne kra, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔyaredɔm biara remma wɔn mu bi so.
13 They shall give this, everyone who passes over to those who are counted, half a shekel according to the shekel of the sanctuary (the shekel is twenty gerahs); half a shekel for an offering to Yahweh.
Ɛsɛ sɛ obiara a wɔkan no no ma dwetɛbena fa, a emu duru yɛ gram nsia (sɛdeɛ kronkronbea mu dwetɛbena boɔ teɛ no).
14 Everyone who passes over to those who are counted, from twenty years old and upward, shall give the offering to Yahweh.
Obiara a wadi mfeɛ aduonu rekorɔ no na ɔbɛbɔ saa afɔdeɛ yi.
15 The rich shall not give more, and the poor shall not give less, than the half shekel, when they give the offering of Yahweh, to make atonement for your souls.
Ɛnsɛ sɛ adefoɔ ma ma ɛboro sika a wɔatwa ato hɔ no so. Ɛnsɛ sɛ ahiafoɔ nso ma deɛ ɛsua sene saa, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Awurade afɔdeɛ a ɔde rete yɛn ho ama yɛn.
16 You shall take the atonement money from the children of Israel, and shall appoint it for the service of the Tent of Meeting; that it may be a memorial for the children of Israel before Yahweh, to make atonement for your souls.”
Momfa saa sika yi nsiesie Ahyiaeɛ Ntomadan no. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛma Awurade ani aba mo, Israelfoɔ so, na ayɛ mpatadeɛ nso ama mo.”
17 Yahweh spoke to Moses, saying,
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ.
18 “You shall also make a basin of bronze, and its base of bronze, in which to wash. You shall put it between the Tent of Meeting and the altar, and you shall put water in it.
“Fa kɔbere yɛ atam a ne nnyinasoɔ nso yɛ kɔbere. Fa si Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam na fa nsuo gu mu.
19 Aaron and his sons shall wash their hands and their feet in it.
Ɛhɔ na Aaron ne ne mmammarima bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho
20 When they go into the Tent of Meeting, they shall wash with water, that they not die; or when they come near to the altar to minister, to burn an offering made by fire to Yahweh.
ɛberɛ a wɔrekɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu de wɔn ho akɔkyerɛ Awurade, anaasɛ nso wɔrekɔ akɔbɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so ama Awurade no. Ɛberɛ biara a wɔrekɔdi saa dwuma yi no, ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn ho; anyɛ saa a, wɔbɛwuwu.
21 So they shall wash their hands and their feet, that they not die. This shall be a statute forever to them, even to him and to his descendants throughout their generations.”
Yei ne mmara a wɔahyɛ ama Aaron ne ne mmammarima firi awo ntoatoasoɔ so kɔsi awo ntoatoasoɔ so no.”
22 Moreover Yahweh spoke to Moses, saying,
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
23 “Also take fine spices: of liquid myrrh, five hundred shekels; and of fragrant cinnamon half as much, even two hundred and fifty; and of fragrant cane, two hundred and fifty;
“Hwehwɛ nnuhwam papa sɛ kurobo, kilogram nsia, sinamon kilogram mmiɛnsa ne mmɛtire hwamhwam kilogram mmiɛnsa.
24 and of cassia five hundred, according to the shekel of the sanctuary; and a hin of olive oil.
Kurobo dodoɔ a mobɛfa no nyɛ sɛ sinamon no dodoɔ na momfa ngo dua mu ngo lita ɛnan.
25 You shall make it into a holy anointing oil, a perfume compounded after the art of the perfumer: it shall be a holy anointing oil.
Awurade ahyɛ nnuhwamfrafoɔ a wɔaben yie, sɛ wɔmfra saa nnuhwam yi ma ɛnyɛ ngo kronkron a wɔde te onipa ho.
26 You shall use it to anoint the Tent of Meeting, the ark of the covenant,
Awurade kaa sɛ, momfa yei nte Ahyiaeɛ Ntomadan ne Apam Adaka,
27 the table and all its articles, the lamp stand and its accessories, the altar of incense,
ne ɛpono ne ɛho nkyɛnsee ne ɔhyeɛ afɔrebukyia no ho.
28 the altar of burnt offering with all its utensils, and the basin with its base.
Saa ara nso na momfa nte afɔrebukyia no ne ɛho nneɛma ne atam ne deɛ ɛsi mu no ho.
29 You shall sanctify them, that they may be most holy. Whatever touches them shall be holy.
Monte ho na ɛnyɛ kronkron; biribiara a ɛbɛka saa nneɛma yi ho bɛte.
30 You shall anoint Aaron and his sons, and sanctify them, that they may minister to me in the priest’s office.
“Momfa nsra Aaron ne ne mmammarima ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛte na wɔatumi ayɛ asɔfodwuma ama me.
31 You shall speak to the children of Israel, saying, ‘This shall be a holy anointing oil to me throughout your generations.
Na monka nkyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Yei ne me srango kronkron.
32 It shall not be poured on man’s flesh, and do not make any like it, according to its composition. It is holy. It shall be holy to you.
Ɛnsɛ sɛ wɔhwie gu obiara so kwa, na ɛnsɛ sɛ mo ara ankasa nso moyɛ bi, ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron enti ɛsɛ sɛ mo nso moyɛ no kronkron.
33 Whoever compounds any like it, or whoever puts any of it on a stranger, he shall be cut off from his people.’”
Obiara a ɔbɛfra aduhwam a ɛte sɛ no anaa ɔbɛhwie bi agu obi a ɔnyɛ ɔsɔfoɔ so no, wɔbɛtwa no asuo.’”
34 Yahweh said to Moses, “Take to yourself sweet spices, gum resin, onycha, and galbanum: sweet spices with pure frankincense. There shall be an equal weight of each.
Awurade hyɛɛ mmara a ɛfa aduhwam no ho maa Mose sɛ, “Fa nnuhwam aneneduro ne nworahwam ne prɛkɛsɛ hwamhwam ne ohwamfufuo gyenegyene na wɔnsusu ne nyinaa mu duru ma ɛnyɛ pɛ,
35 You shall make incense of it, a perfume after the art of the perfumer, seasoned with salt, pure and holy.
na fa yɛ aduhwam a wɔhyeɛ a aduhwamfrani a waben yɛ no bi, na wɔmfa nkyene mfra mu; na ɛbɛyɛ aduhwam kronkron.
36 You shall beat some of it very small, and put some of it before the covenant in the Tent of Meeting, where I will meet with you. It shall be to you most holy.
Monyam bi ma ɛnyɛ muhumuhu na momfa bi nsi Apam Adaka no anim baabi a mɛhyia mo wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ no. Saa aduhwam yi ne deɛ ɛyɛ kronkron koraa wɔ ne nyinaa mu.
37 You shall not make this incense, according to its composition, for yourselves: it shall be to you holy for Yahweh.
Monnyɛ bi mfa, ɛfiri sɛ, wɔakora ama Awurade enti, ɛsɛ sɛ mohunu sɛ ɛyɛ kronkron.
38 Whoever shall make any like that, to smell of it, he shall be cut off from his people.”
Obiara a ɔbɛyɛ bi afa no, wɔbɛtwa no asuo.”

< Exodus 30 >