< Exodus 2 >

1 A man of the house of Levi went and took a daughter of Levi as his wife.
Na Lewini bi waree ɔbea bi fii Lewi abusuakuw mu.
2 The woman conceived and bore a son. When she saw that he was a fine child, she hid him three months.
Ɔbea no nyinsɛn woo abarimaa. Abofra no na huu sɛ ne ho yɛ fɛ yiye nti ɔde no siee fie asram abiɛsa.
3 When she could no longer hide him, she took a papyrus basket for him, and coated it with tar and with pitch. She put the child in it, and laid it in the reeds by the river’s bank.
Eduu bere bi no, na ɔde no sie a ɛnyɛ yiye nti, ɔde mfea nwenee kɛntɛn bi de ɛhyɛ ne ama faa ho sɛnea ɛbɛyɛ a, nsu rentumi nkɔ mu. Ɔde abofra no too mu de no kosii asu Nil konkɔn so wɔ wura a na ɛwɔ hɔ no bi mu.
4 His sister stood far off, to see what would be done to him.
Abofra no nuabea kogyinaa akyiri baabi a na ɔwɛn no.
5 Pharaoh’s daughter came down to bathe at the river. Her maidens walked along by the riverside. She saw the basket among the reeds, and sent her servant to get it.
Farao babea kɔɔ asu no mu sɛ ɔrekoguare. Bere a ɔne ne mmaawa nam asu no konkɔn so no, ohuu kɛntɛn no sɛ ɛhyɛ wuram hɔ baabi, enti ɔsomaa ne mmaawa no mu baako sɛ ɔnkɔfa mmrɛ no.
6 She opened it, and saw the child, and behold, the baby cried. She had compassion on him, and said, “This is one of the Hebrews’ children.”
Ɔde bae a obuee so no, ohuu sɛ abarimaa bi da mu a ɔresu. Asɛm no yɛɛ no awerɛhow. Ɔkae se, “Ɔyɛ Hebrifo yi bi ba.”
7 Then his sister said to Pharaoh’s daughter, “Should I go and call a nurse for you from the Hebrew women, that she may nurse the child for you?”
Abofra no nuabea a na ɔrewɛn no no kɔɔ ɔhene babea no nkyɛn kobisaa no se, “Menkɔfrɛ Hebrifo mmea no baako na ɔmmɛhwɛ no mma wo ana?”
8 Pharaoh’s daughter said to her, “Go.” The young woman went and called the child’s mother.
Ɔhene babea no buae se, “Yiw.” Enti, abeawa no tuu mmirika kɔɔ fie kɔfrɛɛ abofra no na de no bae.
9 Pharaoh’s daughter said to her, “Take this child away, and nurse him for me, and I will give you your wages.” The woman took the child, and nursed it.
Ɔhene babea no ka kyerɛɛ no se, “Fa abofra no kɔ fie na kɔhwɛ no ma me na metua wo ho ka.” Enti ɔde no kɔɔ fie kɔhwɛɛ no.
10 The child grew, and she brought him to Pharaoh’s daughter, and he became her son. She named him Moses, and said, “Because I drew him out of the water.”
Onyin kakra no, ɔde no brɛɛ ɔhene babea no ma ogyee no de no yɛɛ ne ba. Ɔkae se, “Mɛto ne din Mose efisɛ miyii no fii nsu mu.”
11 In those days, when Moses had grown up, he went out to his brothers and saw their burdens. He saw an Egyptian striking a Hebrew, one of his brothers.
Mose nyin no, da bi, ɔkɔsraa ne manfo Hebrifo no. Oduu hɔ no, ohuu sɛ ne manfo no reyɛ adwumaden. Nsrahwɛ no mu na Mose huu sɛ Misraimni bi reboro Hebrini a ɔyɛ ne nua.
12 He looked this way and that way, and when he saw that there was no one, he killed the Egyptian, and hid him in the sand.
Mose hwɛɛ ha hwɛɛ ha huu sɛ obiara nni hɔ no, okum Misraimni no tutuu nwea mu de no hyɛɛ hɔ.
13 He went out the second day, and behold, two men of the Hebrews were fighting with each other. He said to him who did the wrong, “Why do you strike your fellow?”
Ade kyee no, ɔsan kɔɔ Hebrifo no nsrahwɛ. Oduu hɔ no, na wɔn mu baanu reko. Obisaa nea nʼasɛm nyɛ dɛ no se, “Dɛn na woreyɛ yi a worebobɔ wo nua Hebrini saa?”
14 He said, “Who made you a prince and a judge over us? Do you plan to kill me, as you killed the Egyptian?” Moses was afraid, and said, “Surely this thing is known.”
Ɔbarima no nso bisaa no se, “Wufi he? Hena na ɔde wo yɛɛ yɛn sodifo ne temmufo? Anaasɛ woayɛ wʼadwene sɛ wobekum me sɛnea nnɛra wukum Misraimni no?” Mose huu sɛ bɔne a wayɛ no ho ada hɔ no, osuroe.
15 Now when Pharaoh heard this thing, he sought to kill Moses. But Moses fled from the face of Pharaoh, and lived in the land of Midian, and he sat down by a well.
Na Farao nso tee asɛm no, ɔhyɛɛ sɛ wɔnkɔfa Mose mmra na wonkum no. Nanso Mose guan kɔɔ Midian asase so. Da bi a Mose kɔtenaa abura bi ho wɔ hɔ no,
16 Now the priest of Midian had seven daughters. They came and drew water, and filled the troughs to water their father’s flock.
Midian sɔfo mmabea baason bi baa hɔ sɛ wɔrebɛtow nsu de akɔma wɔn papa nguan.
17 The shepherds came and drove them away; but Moses stood up and helped them, and watered their flock.
Nanso nguanhwɛfo bi pampam mmeawa no. Mose begyee wɔn fii nguanhwɛfo no nsam maa mmeawa no nguan no nsu nomee.
18 When they came to Reuel, their father, he said, “How is it that you have returned so early today?”
Wɔsan koduu wɔn agya Reuel nkyɛn no, obisaa wɔn se, “Ɛyɛɛ dɛn na nnɛ de, munyaa nsu maa nguan yi nom ntɛm sɛɛ?”
19 They said, “An Egyptian delivered us out of the hand of the shepherds, and moreover he drew water for us, and watered the flock.”
Wɔka kyerɛɛ wɔn agya se, “Misraimni bi na ogyee yɛn fii nguanhwɛfo no nsam. Ɔno ara na ɔtow nsu no maa yɛn nguan no nomee.”
20 He said to his daughters, “Where is he? Why is it that you have left the man? Call him, that he may eat bread.”
Wɔn agya bisae se, “Na ɔwɔ he? Mugyaw no wɔ hɔ ana? Monkɔfrɛ no na ommedidi.”
21 Moses was content to dwell with the man. He gave Moses Zipporah, his daughter.
Mose kɔɔ Reuel frɛ no. Akyiri no, ɔne wɔn kɔtenae, maa Reuel de ne babea Sipora maa no aware.
22 She bore a son, and he named him Gershom, for he said, “I have lived as a foreigner in a foreign land.”
Wɔwoo ɔbabarima maa Mose too no din Gersom, ase ne Ɔhɔho, efisɛ Mose kyerɛ ase se, “Meyɛ ɔhɔho wɔ ananafo asase so.”
23 In the course of those many days, the king of Egypt died, and the children of Israel sighed because of the bondage, and they cried, and their cry came up to God because of the bondage.
Mfe bi akyi no, Misraimhene no wui. Na Israelfo no resi apini wɔ wɔn nkoasom no mu. Enti na wɔresu frɛ Onyankopɔn.
24 God heard their groaning, and God remembered his covenant with Abraham, with Isaac, and with Jacob.
Onyankopɔn nso tiee wɔn sufrɛ no, kaee bɔ a ɔhyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ ɔde nʼasefo bɛsan aba Kanaan asase so no.
25 God saw the children of Israel, and God understood.
Onyankopɔn hwɛ huu sɛ bere adu sɛ ogye wɔn.

< Exodus 2 >