< Exodus 1 >

1 Now these are the names of the sons of Israel, who came into Egypt (every man and his household came with Jacob):
Yakob mma ne wɔn abusuafoɔ a wɔne no tu kɔtenaa no din na ɛdidi so yi.
2 Reuben, Simeon, Levi, and Judah,
Ruben, Simeon, Lewi ne Yuda;
3 Issachar, Zebulun, and Benjamin,
Isakar, Sebulon ne Benyamin;
4 Dan and Naphtali, Gad and Asher.
Dan, Naftali; Gad ne Aser.
5 All the souls who came out of Jacob’s body were seventy souls, and Joseph was in Egypt already.
Yakob asefoɔ a ɔne wɔn kɔeɛ no nyinaa ano si aduɔson. Na Yosef wɔ Misraim dada.
6 Joseph died, as did all his brothers, and all that generation.
Yosef ne ne nuanom ne wɔn ɛberɛ sofoɔ no nyinaa wuwuiɛ,
7 The children of Israel were fruitful, and increased abundantly, and multiplied, and grew exceedingly mighty; and the land was filled with them.
nanso Israelfoɔ no ase dɔreeɛ, na wɔyɛɛ bebree, hyɛɛ asase no so ma.
8 Now there arose a new king over Egypt, who didn’t know Joseph.
Na ɔhene foforɔ bi bɛdii adeɛ wɔ Misraim a na ɔnnim Yosef ho asɛm.
9 He said to his people, “Behold, the people of the children of Israel are more and mightier than we.
Ɔka kyerɛɛ ne mamfoɔ no sɛ, “Monhwɛ, Israelfoɔ yi ase adɔre, wɔreyɛ adɔɔso dodo ama yɛn.
10 Come, let’s deal wisely with them, lest they multiply, and it happen that when any war breaks out, they also join themselves to our enemies and fight against us, and escape out of the land.”
Momma yɛmpɛ ɛkwan bi na yɛmfa so nsi saa dɔre a wɔredɔre no ano. Sɛ yɛanyɛ saa na ɔko bi si a, wɔbɛdɔm yɛn atamfoɔ ne wɔn ako atia yɛn na wɔafiri ɔman yi mu.”
11 Therefore they set taskmasters over them to afflict them with their burdens. They built storage cities for Pharaoh: Pithom and Raamses.
Enti wɔde nkoa sohwɛfoɔ gyinagyinaa wɔn kɔn so ma wɔyɛɛ adwuma den de kyekyeree adekora nkuropɔn Pitom ne Rameses maa Farao.
12 But the more they afflicted them, the more they multiplied and the more they spread out. They started to dread the children of Israel.
Nanso mpɛn dodoɔ a Misraimfoɔ no hyɛɛ wɔn so no, dɔ ara na Israelfoɔ no dɔɔso. Yei maa Misraimfoɔ no suroo Israelfoɔ
13 The Egyptians ruthlessly made the children of Israel serve,
na wɔkɔɔ so hyɛɛ Israelfoɔ no so ketee.
14 and they made their lives bitter with hard service in mortar and in brick, and in all kinds of service in the field, all their service, in which they ruthlessly made them serve.
Wɔde adwumadenyɛ dii Israelfoɔ no nya. Wɔma wɔyɛɛ ntayaa ne dɔteɛ ho adwuma a ɛyɛ den ne mfuom nnwuma ahodoɔ. Yeinom nyinaa akyiri no Misraimfoɔ yɛɛ atirimuɔden akwan bebree so kyerɛɛ Israelfoɔ no.
15 The king of Egypt spoke to the Hebrew midwives, of whom the name of the one was Shiphrah, and the name of the other Puah,
Misraimhene ka kyerɛɛ Hebrifoɔ awogyefoɔ a wɔn din ne Sifra ne Pua sɛ,
16 and he said, “When you perform the duty of a midwife to the Hebrew women, and see them on the birth stool, if it is a son, then you shall kill him; but if it is a daughter, then she shall live.”
“Sɛ mokɔgye Hebrini biara awoɔ, na awoeɛ hɔ mohunu sɛ ɔyɛ ɔbabarima a, monkum no, na sɛ ɔyɛ ɔbabaa deɛ a, monnyɛ no hwee.”
17 But the midwives feared God, and didn’t do what the king of Egypt commanded them, but saved the baby boys alive.
Esiane sɛ na awogyefoɔ no yɛ onyamesurofoɔ no enti, wɔanni mmara a ɔhene no hyɛɛ wɔn no so maa mmarimaa a wɔwowoo wɔn no tenaeɛ.
18 The king of Egypt called for the midwives, and said to them, “Why have you done this thing and saved the boys alive?”
Ɔhene no frɛɛ wɔn bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moanni mmara a mehyɛeɛ no so na moama mmarimaa a Hebrifoɔ no wowoo wɔn no atena?”
19 The midwives said to Pharaoh, “Because the Hebrew women aren’t like the Egyptian women; for they are vigorous and give birth before the midwife comes to them.”
Wɔbuaa no sɛ, “Hebrifoɔ mmaa no de ahoɔden wo ɔherɛ so enti yɛbɛduru hɔ no, na wɔawo dada. Wɔnte sɛ Misraimfoɔ mmaa no.”
20 God dealt well with the midwives, and the people multiplied, and grew very mighty.
Onyankopɔn hyiraa awogyefoɔ no. Na Israelfoɔ no dɔɔso ara bɛyɛɛ ɔman kɛseɛ.
21 Because the midwives feared God, he gave them families.
Esiane sɛ na awogyefoɔ no yɛ nyamesurofoɔ enti, Onyankopɔn domm wɔn mma.
22 Pharaoh commanded all his people, saying, “You shall cast every son who is born into the river, and every daughter you shall save alive.”
Afei, Farao hyɛɛ mmara sɛ Herbrifoɔ mmarimaa a wɔbɛwo wɔn foforɔ no, wɔnto wɔn ngu Asubɔnten Nil mu na mmaayewa a wɔbɛwo wɔn foforɔ no deɛ, wɔntena hɔ.

< Exodus 1 >