< Ephesians 6 >

1 Children, obey your parents in the Lord, for this is right.
Mma, muntie mo awofo asɛm wɔ Awurade mu efisɛ saa na eye.
2 “Honor your father and mother,” which is the first commandment with a promise:
“Di wʼagya ne wo na ni,” eyi ne mmaransɛm a edi kan a bɔhyɛ ka ho,
3 “that it may be well with you, and you may live long on the earth.”
“na asi wo yiye na wo nna nso aware wɔ asase yi so.”
4 You fathers, don’t provoke your children to wrath, but nurture them in the discipline and instruction of the Lord.
Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuw. Na mmom montetew wɔn wɔ Awurade nkyerɛkyerɛ mu.
5 Servants, be obedient to those who according to the flesh are your masters, with fear and trembling, in singleness of your heart, as to Christ,
Nkoa, momfa obu ne osuro mfi koma pa mu nyɛ osetie mma mo honam fam wuranom, sɛnea mobɛyɛ osetie ama Kristo no ara.
6 not in the way of service only when eyes are on you, as men pleasers, but as servants of Christ, doing the will of God from the heart,
Monyɛ osetie mma wɔn, ɛnyɛ sɛ mobɛsɔ wɔn ani wɔ bere a wɔrehwɛ mo nko ara, na mmom monyɛ sɛ Kristo nkoa a mufi mo koma mu reyɛ Onyankopɔn apɛde.
7 with good will doing service as to the Lord and not to men,
Momfa mo koma nyinaa nsom sɛnea moresom Awurade a ɛnyɛ nnipa,
8 knowing that whatever good thing each one does, he will receive the same good again from the Lord, whether he is bound or free.
efisɛ munim sɛ adwuma pa biara a obi yɛ no, sɛ ɔyɛ ɔsomfo anaa ɔde ne ho no, Awurade betua no so ka.
9 You masters, do the same things to them, and give up threatening, knowing that he who is both their Master and yours is in heaven, and there is no partiality with him.
Awuranom, saa ara na mo nso monyɛ mo asomfo. Munnyae wɔn ahunahuna efisɛ mo ne mo asomfo nyinaa wɔ owura baako a ɔwɔ ɔsoro; na ɔno de, ɔnhwɛ anim.
10 Finally, be strong in the Lord and in the strength of his might.
Nea etwa to ne sɛ, monyɛ den wɔ ne tumi kɛse no mu.
11 Put on the whole armor of God, that you may be able to stand against the wiles of the devil.
Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa na moatumi agyina ɔbonsam nhyehyɛe ano.
12 For our wrestling is not against flesh and blood, but against the principalities, against the powers, against the world’s rulers of the darkness of this age, and against the spiritual forces of wickedness in the heavenly places. (aiōn g165)
Efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne ɔhonam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔ na anya. (aiōn g165)
13 Therefore put on the whole armor of God, that you may be able to withstand in the evil day, and having done all, to stand.
Eyi nti, monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na sɛ da bɔne no ba a moatumi agyina, na muwie biribiara a moagyina pintinn.
14 Stand therefore, having the utility belt of truth buckled around your waist, and having put on the breastplate of righteousness,
Enti munnyina pintinn na momfa nokware mmɔ mo asen, na monhyɛ trenee nkatabo,
15 and having fitted your feet with the preparation of the Good News of peace,
na momfa Asɛmpa no asomdwoe no nhyehyɛ mo anan.
16 above all, taking up the shield of faith, with which you will be able to quench all the fiery darts of the evil one.
Eyinom nyinaa akyi no, momfa gyidi kyɛm, nea mode bedum ɔbɔnefo bɛma a ɛredɛw no.
17 And take the helmet of salvation, and the sword of the Spirit, which is the word of God;
Momfa nkwagye dade kyɛw ne Honhom no afoa a ɛyɛ Onyankopɔn asɛm no.
18 with all prayer and requests, praying at all times in the Spirit, and being watchful to this end in all perseverance and requests for all the saints.
Mommɔ mpae mmere nyinaa mu wɔ Honhom mu, mpaebɔ ahorow ne nkotosrɛ mu. Eyi nti monna mo ho so, na mommɔ mpae mma ahotefo.
19 Pray for me, that utterance may be given to me in opening my mouth, to make known with boldness the mystery of the Good News,
Mommɔ mpae mma me nso na sɛ mibue mʼano a, wɔama me asɛm aka, na matumi akasa akokoduru so ada Asɛmpa no mu ahintasɛm adi.
20 for which I am an ambassador in chains; that in it I may speak boldly, as I ought to speak.
Mprempren meyɛ ho nanmusini a meda mpokyerɛ mu. Ɛno nti, mommɔ mpae mma me na matumi de akokoduru apae mu aka no sɛnea ɛsɛ sɛ meka no.
21 But that you also may know my affairs, how I am doing, Tychicus, the beloved brother and faithful servant in the Lord, will make known to you all things.
Yɛn nua dɔfo Tihiko a ɔyɛ Awurade adwumayɛ mu somfo nokwafo no bɛka biribiara akyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu sɛnea me ho te ne dwuma a meredi.
22 I have sent him to you for this very purpose, that you may know our state and that he may comfort your hearts.
Eyi nti na meresoma no mo nkyɛn, ama moahu sɛnea yɛn ho te, na wahyɛ mo nkuran nso.
23 Peace be to the brothers, and love with faith, from God the Father and the Lord Jesus Christ.
Asomdwoe nka anuanom nyinaa, na Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma mo nokware dɔ.
24 Grace be with all those who love our Lord Jesus Christ with incorruptible love. Amen.
Onyankopɔn adom nka wɔn a wɔdɔ yɛn Awurade Yesu Kristo daa nyinaa no.

< Ephesians 6 >