< Acts 8 >

1 Saul was consenting to his death. A great persecution arose against the assembly which was in Jerusalem in that day. They were all scattered abroad throughout the regions of Judea and Samaria, except for the apostles.
Saulo penee kum a wokum Stefano no so. Saa da no ara, wɔtaa agyidifo a wɔwɔ Yerusalem no maa wɔn nyinaa bɔɔ ahwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so ma ɛkaa asomafo no nko ara.
2 Devout men buried Stephen and lamented greatly over him.
Onyamesurofo bi kɔfaa Stefano kosiee no. Wosuu no yiye.
3 But Saul ravaged the assembly, entering into every house and dragged both men and women off to prison.
Esiane sɛ na Saulo pɛ sɛ ogu asafo no nti ɔkɔɔ afi mu kɔkyekyeree agyidifo mmarima ne mmea de wɔn guu afiase.
4 Therefore those who were scattered abroad went around preaching the word.
Agyidifo a na wɔabɔ ahwete no kaa asɛmpa no wɔ baabiara a wɔkɔe.
5 Philip went down to the city of Samaria and proclaimed to them the Christ.
Filipo kɔɔ Samaria kurow bi mu kɔkaa Agyenkwa no ho asɛm kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no.
6 The multitudes listened with one accord to the things that were spoken by Philip when they heard and saw the signs which he did.
Bere a nnipakuw no tee asɛm a Filipo reka na wohuu anwonwade a ɔyɛe no, wɔn nyinaa tiee no.
7 For unclean spirits came out of many of those who had them. They came out, crying with a loud voice. Many who had been paralyzed and lame were healed.
Ahonhommɔne de nteɛteɛmu fii nnipa bebree mu. Saa ara na mmubuafo ne mpakye nso sɔre nantewee.
8 There was great joy in that city.
Eyi nti anigye baa Samaria.
9 But there was a certain man, Simon by name, who used to practice sorcery in the city and amazed the people of Samaria, making himself out to be some great one,
Na ɔbarima bi te saa kurow yi mu a wɔfrɛ no Simon a ɔyɛ nkonyaayifo a esiane ne nkonyaayi no nti Samariafo pii gye no di. Na ɔyɛ obi a ɔhoahoa ne ho sɛ odi mu.
10 to whom they all listened, from the least to the greatest, saying, “This man is that great power of God.”
Eyi maa nnipa a wɔwɔ kurow no mu no nyinaa gyee no too mu kae se, “Saa onipa yi ne Onyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Ɔkɛse no.”
11 They listened to him because for a long time he had amazed them with his sorceries.
Esiane ne nkonyaa a na oyi no nti, ɛmaa nnipa no nyinaa tu dii nʼakyi.
12 But when they believed Philip preaching good news concerning God’s Kingdom and the name of Jesus Christ, they were baptized, both men and women.
Bere a saa nnipa yi gyee asɛmpa a Filipo ka faa Onyankopɔn ahenni ne Yesu Kristo din no ho dii no, wɔbɔɔ mmarima ne mmea nyinaa asu.
13 Simon himself also believed. Being baptized, he continued with Philip. Seeing signs and great miracles occurring, he was amazed.
Simon nso gye dii ma wɔbɔɔ no asu. Baabiara a Filipo kɔe no, Simon dii nʼakyi. Anwonwade a ohuu no maa ne ho dwiriw no.
14 Now when the apostles who were at Jerusalem heard that Samaria had received the word of God, they sent Peter and John to them,
Bere a asomafo a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafo agye Onyankopɔn asɛm no adi no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn.
15 who, when they had come down, prayed for them, that they might receive the Holy Spirit;
Woduu hɔ no, wɔbɔɔ mpae maa agyidifo no sɛnea ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron bɛba wɔn so,
16 for as yet he had fallen on none of them. They had only been baptized in the name of Christ Jesus.
efisɛ saa bere no na asu kɛkɛ na wɔnam Awurade Yesu din so abɔ. Na Honhom Kronkron nnya mmaa wɔn so ɛ.
17 Then they laid their hands on them, and they received the Holy Spirit.
Afei Petro ne Yohane de wɔn nsa guguu wɔn so maa Honhom Kronkron baa wɔn so.
18 Now when Simon saw that the Holy Spirit was given through the laying on of the apostles’ hands, he offered them money,
Simon huu sɛ asomafo no nsa a wɔde guguu wɔn so no na ɛma wonyaa Honhom Kronkron no, ɔmaa Petro ne Yohane sika srɛɛ sɛ,
19 saying, “Give me also this power, that whomever I lay my hands on may receive the Holy Spirit.”
“Momma me saa tumi yi bi na obiara a mede me nsa begu no so no anya Honhom Kronkron no bi.”
20 But Peter said to him, “May your silver perish with you, because you thought you could obtain the gift of God with money!
Petro ka kyerɛɛ no se, “Nnome nka wo ne wo sika nyinaa, efisɛ wususuw sɛ wubetumi de sika atɔ Onyankopɔn akyɛde no.
21 You have neither part nor lot in this matter, for your heart isn’t right before God.
Wunni kyɛfa biara wɔ yɛn dwumadi yi mu, efisɛ wo koma mu ntew wɔ Onyankopɔn anim.
22 Repent therefore of this, your wickedness, and ask God if perhaps the thought of your heart may be forgiven you.
Sakra wʼadwene fi wo bɔne yi ho na bɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo.
23 For I see that you are in the poison of bitterness and in the bondage of iniquity.”
Mihu sɛ anibere bɔne ahyɛ wo koma mu ama bɔne afa wo nnommum.”
24 Simon answered, “Pray for me to the Lord, that none of the things which you have spoken happen to me.”
Simon srɛɛ Petro ne Yohane se, “Mommɔ mpae mma me na saa nnome yi mu biara amma me so.”
25 They therefore, when they had testified and spoken the word of the Lord, returned to Jerusalem, and preached the Good News to many villages of the Samaritans.
Ansa na Petro ne Yohane redu Yerusalem no, wɔkaa asɛmpa no wɔ Samaria nkuraa bebree ase.
26 Then an angel of the Lord spoke to Philip, saying, “Arise, and go toward the south to the way that goes down from Jerusalem to Gaza. This is a desert.”
Awurade bɔfo ka kyerɛɛ Filipo se, “Sɔre siesie wo ho kɔ anafo kwan a efi Yerusalem kɔ Gasa no so.”
27 He arose and went; and behold, there was a man of Ethiopia, a eunuch of great authority under Candace, queen of the Ethiopians, who was over all her treasure, who had come to Jerusalem to worship.
Bere a Filipo rekɔ no, ohyiaa Etiopiani piamni bi a ɔyɛ Etiopiahemmea Kandake dabeni. Na saa onipa yi akɔ asɔre wɔ Yerusalem,
28 He was returning and sitting in his chariot, and was reading the prophet Isaiah.
a na ɔte ne teaseɛnam mu resan akɔ fie. Na ɔrekenkan Odiyifo Yesaia nhoma no.
29 The Spirit said to Philip, “Go near, and join yourself to this chariot.”
Honhom Kronkron ka kyerɛɛ Filipo se, “Twiw bɛn no.”
30 Philip ran to him, and heard him reading Isaiah the prophet, and said, “Do you understand what you are reading?”
Filipo yɛɛ ntɛm kɔɔ teaseɛnam no ho na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifo Yesaia nhoma no, obisaa se, “Wote nea worekenkan yi ase ana?”
31 He said, “How can I, unless someone explains it to me?” He begged Philip to come up and sit with him.
Piamni no buaa no se, “Mɛyɛ dɛn na mate ase? Gye sɛ obi kyerɛ me ase.” Afei ɔka kyerɛɛ Filipo se ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn wɔ ne teaseɛnam no mu.
32 Now the passage of the Scripture which he was reading was this, “He was led as a sheep to the slaughter. As a lamb before his shearer is silent, so he doesn’t open his mouth.
Na piamni no rekenkan saa Kyerɛwsɛm yi: “Ɔte sɛ oguamma a wɔrekokum no. Sɛnea oguamma yɛ komm wɔ ne nwitwitwafo anim no, saa ara na wammue nʼano.
33 In his humiliation, his judgment was taken away. Who will declare His generation? For his life is taken from the earth.”
Nʼanimguase mu, wannya odimafo. Na hena na ɔbɛka nʼasefo ho asɛm? Efisɛ woyii no fii asase yi so.”
34 The eunuch answered Philip, “Who is the prophet talking about? About himself, or about someone else?”
Piamni no bisaa Filipo se, “Odiyifo no reka nʼankasa ho asɛm anaa obi foforo ho asɛm?”
35 Philip opened his mouth, and beginning from this Scripture, preached to him about Jesus.
Filipo nam saa asɛm no so kaa nsɛmpa a ɛfa Yesu ho no kyerɛɛ no.
36 As they went on the way, they came to some water; and the eunuch said, “Behold, here is water. What is keeping me from being baptized?”
Wɔrekɔ no woduu asu bi ho. Piamni no ka kyerɛɛ Filipo se, “Nsu ni. Dɛn na esiw wo kwan sɛ wobɔ me asu?”
Filipo ka kyerɛ no se, “Sɛ wufi wo koma mu gye di a, mɛbɔ wo asu.” Piamni no buaa no se, “Migye di. Migye di sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba.”
38 He commanded the chariot to stand still, and they both went down into the water, both Philip and the eunuch, and he baptized him.
Piamni no hyɛ maa teaseɛnam no gyinae. Ɔne Filipo kɔɔ asu no ho ma ɔbɔɔ no asu.
39 When they came up out of the water, the Spirit of the Lord caught Philip away, and the eunuch didn’t see him any more, for he went on his way rejoicing.
Wofi nsu no mu no, Onyankopɔn Honhom hwim Filipo fii piamni no nkyɛn kɔe. Wanhu Filipo bio de, nanso ɔde anigye toaa nʼakwantu no so.
40 But Philip was found at Azotus. Passing through, he preached the Good News to all the cities until he came to Caesarea.
Filipo kopuee Asoto kɔɔ so kaa asɛmpa no wɔ nkurow no mu kosii sɛ okoduu Kaesarea.

< Acts 8 >