< Acts 6 >

1 Now in those days, when the number of the disciples was multiplying, a complaint arose from the Hellenists against the Hebrews, because their widows were neglected in the daily service.
Bere bi akyi a na asuafo no redɔɔso no, akasakasa sii Hebrifo a wɔka Arameike ne Hebrifo a wɔka Hela kasa no ntam. Na Hebrifo a wɔka Hela no asɛm ne sɛ, Hebrifo a wɔka Arameike no nhwɛ wɔn akunafo yiye.
2 The twelve summoned the multitude of the disciples and said, “It is not appropriate for us to forsake the word of God and serve tables.
Enti asomafo dumien no frɛɛ asuafo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnsɛ sɛ yegyae Onyankopɔn asɛnka kɔkyɛ aduan.
3 Therefore, select from among you, brothers, seven men of good report, full of the Holy Spirit and of wisdom, whom we may appoint over this business.
Enti anuanom, munyi mo mu nnipa baason a Honhom Kronkron ahyɛ wɔn ma na wonim nyansa na wɔahwɛ aka saa asɛm no.
4 But we will continue steadfastly in prayer and in the ministry of the word.”
Yɛn ankasa de, yɛde yɛn adagyew nyinaa bɛbɔ mpae aka Asɛmpa no.”
5 These words pleased the whole multitude. They chose Stephen, a man full of faith and of the Holy Spirit, Philip, Prochorus, Nicanor, Timon, Parmenas, and Nicolaus, a proselyte of Antioch,
Nnipa no nyinaa penee adwene a asomafo no de bae no so. Enti, woyii Stefano a na gyidi ne Honhom Kronkron ahyɛ no ma no, ne Filipo, Prokoro, Nikanor, Timon, Pamina ne Nikolao a ofi Antiokia a na anka ɔwɔ Yudasom mu no.
6 whom they set before the apostles. When they had prayed, they laid their hands on them.
Wɔde saa nnipa yi kyerɛɛ asuafo no ma wɔbɔɔ mpae de wɔn nsa guu wɔn so.
7 The word of God increased and the number of the disciples greatly multiplied in Jerusalem. A great company of the priests were obedient to the faith.
Nnipa pii gyee asɛm no di maa wɔn mu dodow no ara bɛkaa wɔn ho. Yudafo no mu pii nso gyee wɔn nkyerɛkyerɛ no dii.
8 Stephen, full of faith and power, performed great wonders and signs among the people.
Stefano a Onyankopɔn adom ne tumi ahyɛ no ma no yɛɛ anwonwade ahorow bebree wɔ asafo no mu.
9 But some of those who were of the synagogue called “The Libertines”, and of the Cyrenians, of the Alexandrians, and of those of Cilicia and Asia arose, disputing with Stephen.
Nanso da koro bi, nnipa bi a wofi Yudafo hyiadan bi a wɔfrɛ no “Ahofadifo Hyiadan” no mu a wɔyɛ Yudafo a wofi Kirene ne Aleksandria ne wɔn a wofi Kilikia ne Asia no ne Stefano gyee akyinnye.
10 They weren’t able to withstand the wisdom and the Spirit by which he spoke.
Nanso Honhom no maa Stefano nyansa ma ɔde kasae a obiara antumi anka hwee.
11 Then they secretly induced men to say, “We have heard him speak blasphemous words against Moses and God.”
Ɛno nti wɔka hyɛɛ nkurɔfo bi ano se, “Yɛtee sɛ ɔreka abususɛm atia Mose ne Onyankopɔn.”
12 They stirred up the people, the elders, and the scribes, and came against him and seized him, then brought him in to the council,
Wɔnam saa ɔkwan yi so maa nnipa no ne mpanyin no ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no sɔre tiaa Stefano. Wɔbɛkyeree Stefano de no kɔɔ baguafo anim.
13 and set up false witnesses who said, “This man never stops speaking blasphemous words against this holy place and the law.
Afei, wɔde nnipa ba bedii adansekurum tiaa Stefano se, “Saa onipa yi ka abususɛm tia yɛn asɔredan kronkron no ne Mose Mmara no daa.
14 For we have heard him say that this Jesus of Nazareth will destroy this place, and will change the customs which Moses delivered to us.”
Yɛtee mpo sɛ ɔreka se, saa Yesu Nasareni no bedwiriw yɛn asɔredan no agu na wasesa yɛn amanne a Mose de gyaw yɛn no!”
15 All who sat in the council, fastening their eyes on him, saw his face like it was the face of an angel.
Nnipa a na wɔte bagua mu hɔ no nyinaa hwɛɛ Stefano anim, na wohuu sɛ nʼanim ayɛ te sɛ ɔsoro ɔbɔfo anim.

< Acts 6 >