< Acts 27 >

1 When it was determined that we should sail for Italy, they delivered Paul and certain other prisoners to a centurion named Julius, of the Augustan band.
Wosii gyinae wiee sɛ yɛnkɔ Italia no, wɔde Paulo ne nneduafo bi hyɛɛ Yulio a ɔyɛ Roma asraafo panyin no nsa.
2 Embarking in a ship of Adramyttium, which was about to sail to places on the coast of Asia, we put to sea, Aristarchus, a Macedonian of Thessalonica being with us.
Yɛkɔtenaa hyɛn bi a ɛrekɔ Asia fam no mu wɔ Adramitio. Na Makedoniani Aristarko a ofi Tesalonika no ka yɛn ho.
3 The next day, we touched at Sidon. Julius treated Paul kindly and gave him permission to go to his friends and refresh himself.
Ade kyee no, yekoduu Sidon. Yulio yɛɛ Paulo adɔe ma ɔkɔsraa ne nnamfo ma wɔmaa no nneɛma a ɛho hia no.
4 Putting to sea from there, we sailed under the lee of Cyprus, because the winds were contrary.
Esiane sɛ yetuu wɔ hɔ no na mframa bɔ hyia yɛn no nti yɛka kɔɔ Kipro nifa fam.
5 When we had sailed across the sea which is off Cilicia and Pamphylia, we came to Myra, a city of Lycia.
Yɛnam po so kɔfaa Kilikia ne Pamfilia koduu Mira a ɛwɔ Likia mantam mu no mu.
6 There the centurion found a ship of Alexandria sailing for Italy, and he put us on board.
Ɛhɔ na asraafo panyin no huu hyɛn bi a efi Aleksandria rekɔ Italia. Enti ɔde yɛn kɔtenaa mu.
7 When we had sailed slowly many days, and had come with difficulty opposite Cnidus, the wind not allowing us further, we sailed under the lee of Crete, opposite Salmone.
Hyɛn no kɔɔ brɛoo enti yedii nna wɔ po no so. Yɛbrɛɛ ansa na yɛredu Knido. Esiane sɛ na mframa bɔ hyia yɛn no nti, yɛfaa Salmoni hyɛngyinabea ka kɔɔ Kreta nifa fam.
8 With difficulty sailing along it we came to a certain place called Fair Havens, near the city of Lasea.
Yɛka kɔɔ mpoano nkakrankakra kosii sɛ yɛde ɔbrɛ beduu baabi a wɔfrɛ hɔ Hyɛn Agyinae a ɛbɛn kurow Lasea.
9 When much time had passed and the voyage was now dangerous because the Fast had now already gone by, Paul admonished them
Na yɛasɛe mmere pii, na saa bere no nso po no sofa yɛ hu efisɛ na ɛyɛ Mpata Da akyi. Paulo tuu wɔn fo se,
10 and said to them, “Sirs, I perceive that the voyage will be with injury and much loss, not only of the cargo and the ship, but also of our lives.”
“Anuanom, mihu sɛ, sɛ yɛtoa yɛn akwantu yi so a, yebehu amane ama ebia hyɛn no abɔ ama emu nneɛma asɛe ama nnipa ahwere wɔn nkwa.”
11 But the centurion gave more heed to the master and to the owner of the ship than to those things which were spoken by Paul.
Nanso asraafo panyin no antie fo a Paulo tuu wɔn no, na mmom otiee nsɛm a hyɛnkafo no ne hyɛn no wura kae no.
12 Because the haven was not suitable to winter in, the majority advised going to sea from there, if by any means they could reach Phoenix and winter there, which is a port of Crete, looking southwest and northwest.
Esiane sɛ na hyɛngyinabea hɔ nye mma sɛ wɔbɛtena hɔ awɔwbere mu no nti nnipa no bebree pɛe sɛ, sɛ ebetumi a anka hyɛn no betu afi hɔ akɔ Foinike. Foinike yɛ hyɛngyinabea a ɛwɔ Kreta a ɛda atifi ne anafo ntam wɔ Atɔe fam. Ɛyɛ baabi a wobetumi atena hɔ awɔwbere mu.
13 When the south wind blew softly, supposing that they had obtained their purpose, they weighed anchor and sailed along Crete, close to shore.
Mframa a ano nyɛ den bɔ fii anafo fam no, nnipa no susuw sɛ wobetumi atoa wɔn akwantu no so sɛnea wɔahyehyɛ no. Enti wotuu sɛkyɛ no de hyɛn no faa Kreta mpoano.
14 But before long, a stormy wind beat down from shore, which is called Euroclydon.
Ankyɛ koraa na mframa kɛse bi a wɔfrɛ no “Apueitifi Mframa” bɔ fii supɔw no so.
15 When the ship was caught and couldn’t face the wind, we gave way to it and were driven along.
Mframa no bɔ bunkam faa yɛn hyɛn no so twee no kɔɔ po no mu. Yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛdan hyɛn no ani na anyɛ yiye no, yegyae maa mframa no twee no kɔe.
16 Running under the lee of a small island called Clauda, we were able, with difficulty, to secure the boat.
Yeduu supɔw ketewa bi a wɔfrɛ no Klauda ho a na ɛhɔ mframa ano nyɛ den mpo no, yɛbrɛɛ ansa na yɛretumi atwe hyɛn no korow a ɛsɛn akyi no aba mu.
17 After they had hoisted it up, they used cables to help reinforce the ship. Fearing that they would run aground on the Syrtis sand bars, they lowered the sea anchor, and so were driven along.
Hyɛn no mu nnwumayɛfo no maa so baa hyɛn no mu bɛkyekyeree no denneennen. Esiane sɛ na wosuro sɛ wɔbɛkɔ akɔka nwea mu nti, woyiyii hyɛn dua no so ntama maa mframa no bɔɔ hyɛn no kɔɔ baabiara a ɛpɛ.
18 As we labored exceedingly with the storm, the next day they began to throw things overboard.
Mframahweam no kɔɔ so bɔe; ɛno nti ade kyee no woyiyii hyɛn no mu nneɛma no bi tow guu po no mu.
19 On the third day, they threw out the ship’s tackle with their own hands.
Ne nnansa so no, wɔsesaw hyɛn no ho nneɛma no bi tow gui.
20 When neither sun nor stars shone on us for many days, and no small storm pressed on us, all hope that we would be saved was now taken away.
Nna bebree twaa mu a na yenhu owia anaa nsoromma a na mframahweam no gu so retu. Eyi maa yɛn anidaso nyinaa sae.
21 When they had been long without food, Paul stood up in the middle of them and said, “Sirs, you should have listened to me, and not have set sail from Crete and have gotten this injury and loss.
Nna bebree twaa mu a na obiara nnidi no, Paulo ka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, sɛ mutiee me na yɛantu amfi Kreta a anka ɛnyɛ ɛne yɛn amanehunu yi.
22 Now I exhort you to cheer up, for there will be no loss of life among you, but only of the ship.
Nanso momma mo bo ntɔ mo yam, efisɛ mo mu biara renwu na mmom, hyɛn no na ɛbɛbɔ.
23 For there stood by me this night an angel, belonging to the God whose I am and whom I serve,
Nnɛra anadwo, Onyankopɔn a mesom no no bɔfo baa me nkyɛn
24 saying, ‘Don’t be afraid, Paul. You must stand before Caesar. Behold, God has granted you all those who sail with you.’
bɛka kyerɛɛ me se, ‘Paulo, nsuro! Nea ɛbɛyɛ biara wubedu Kaesare anim ama wɔadi wʼasɛm. Wɔn a wɔka wo ho yi nso, Onyankopɔn adom nti, biribiara renyɛ wɔn.’
25 Therefore, sirs, cheer up! For I believe God, that it will be just as it has been spoken to me.
Anuanom, momma mo bo ntɔ mo yam, efisɛ migye Onyankopɔn di na asɛm a waka akyerɛ me no bɛba mu pɛpɛɛpɛ.
26 But we must run aground on a certain island.”
Nanso nea ɛbɛyɛ biara no hyɛn no bɛbɔ wɔ supɔw bi mpoano.”
27 But when the fourteenth night had come, as we were driven back and forth in the Adriatic Sea, about midnight the sailors surmised that they were drawing near to some land.
Ne nnaawɔtwe abien anadwo no a na mframahweam no nti hyɛn no redi akɔneaba wɔ Adria po so no, ɔdasu mu na hyɛn no mu adwumayɛfo huu sɛ yɛrebɛn asase.
28 They took soundings and found twenty fathoms. After a little while, they took soundings again, and found fifteen fathoms.
Wɔtoo susuhama huu sɛ asu no mu tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonu. Ɛyɛɛ kakra a wosusuw bio no, wohuu sɛ ɛyɛ anammɔn aduɔkron.
29 Fearing that we would run aground on rocky ground, they let go four anchors from the stern, and wished for daylight.
Esiane sɛ na wosuro sɛ anyɛ a hyɛn no bɛpem ɔbotan bi nti wɔtoo sɛkyɛ anan wɔ hyɛn no akyi twɛn kosii adekyee.
30 As the sailors were trying to flee out of the ship and had lowered the boat into the sea, pretending that they would lay out anchors from the bow,
Hyɛn no mu nnwumayɛfo pɛɛ sɛ woguan. Enti wogyaw hyɛn no korow no sii po no ani boapa yɛɛ sɛnea wɔrekɔto sɛkyɛ wɔ hyɛn no anim.
31 Paul said to the centurion and to the soldiers, “Unless these stay in the ship, you can’t be saved.”
Paulo ka kyerɛɛ asraafo panyin no ne asraafo a wɔka ne ho no se, “Sɛ hyɛn yi mu nnwumayɛfo no guan a, mubewuwu.”
32 Then the soldiers cut away the ropes of the boat and let it fall off.
Eyi nti asraafo no twaa hama a ɛkyekye hyɛn no korow no mu no ma ɛkɔe.
33 While the day was coming on, Paul begged them all to take some food, saying, “Today is the fourteenth day that you wait and continue fasting, having taken nothing.
Ade reyɛ akye no, Paulo srɛɛ wɔn nyinaa se wonnidi. Nea ɔkae ne sɛ, “Nnaawɔtwe abien ni, mo mu biara mfaa aduan nkaa nʼano.
34 Therefore I beg you to take some food, for this is for your safety; for not a hair will perish from any of your heads.”
Mesrɛ mo, obiara nnidi sɛnea ɛbɛyɛ a, mubenya ahoɔden. Biribiara renyɛ obiara.”
35 When he had said this and had taken bread, he gave thanks to God in the presence of all; then he broke it and began to eat.
Paulo kasa wiei no, ɔfaa brodo bɔɔ mpae daa Onyankopɔn ase wɔ wɔn nyinaa anim na obuu bi dii.
36 Then they all cheered up, and they also took food.
Amono mu hɔ ara wɔn nyinaa bo tɔɔ wɔn yam ma wofii ase didii.
37 In all, we were two hundred seventy-six souls on the ship.
Nnipa a na yɛwɔ hyɛn no mu no dodow yɛ ahannu ne aduɔson asia.
38 When they had eaten enough, they lightened the ship, throwing out the wheat into the sea.
Obiara didi mee no, hyɛn no mu nnwumayɛfo no tow aburow a ɛwɔ hyɛn no mu no guu po no mu maa hyɛn no mu yɛɛ hare.
39 When it was day, they didn’t recognize the land, but they noticed a certain bay with a beach, and they decided to try to drive the ship onto it.
Ade kyee no, hyɛn no mu nnwumayɛfo no anhu sɛ wɔadu mpoano. Wohuu faako a po no adidi akɔ asase no mu a nsu taa hɔ. Enti wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛka hyɛn no akɔ hɔ ama akɔka.
40 Casting off the anchors, they left them in the sea, at the same time untying the rudder ropes. Hoisting up the foresail to the wind, they made for the beach.
Ɛno nti wotwitwaa hyɛn no sɛkyɛ ahama no mu maa sɛkyɛ no guu po mu. Afei wɔsansan hama a ekura akwankyerɛde no mu na afei wosii ntama a ɛwɔ hyɛn no anim no sɛnea ɛbɛyɛ a mframa betumi abɔ hyɛn no akɔ mpoano.
41 But coming to a place where two seas met, they ran the vessel aground. The bow struck and remained immovable, but the stern began to break up by the violence of the waves.
Nanso ɛhyɛn no kɔpem nweatam bi ma ɛkae. Hyɛn no anim kaa denneennen na asorɔkye a na ɛrebɔ no maa akyi no nso bubui.
42 The soldiers’ counsel was to kill the prisoners, so that none of them would swim out and escape.
Asraafo no yɛɛ wɔn adwene sɛ wobekunkum nneduafo no nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara rennya kwan nguan.
43 But the centurion, desiring to save Paul, stopped them from their purpose, and commanded that those who could swim should throw themselves overboard first to go toward the land;
Nanso esiane sɛ na asraafo panyin no pɛ sɛ ogye Paulo nkwa no nti wamma wɔn ho kwan. Mmom, ɔhyɛɛ sɛ wɔn a wobetumi aguare no mfi ase nguare nkɔ mpoano.
44 and the rest should follow, some on planks and some on other things from the ship. So they all escaped safely to the land.
Wɔn a wɔaka no nso ntetare mmerɛte ne nnua asinasin a abubu fi hyɛn no mu no so nkɔ mpoano. Saa ɔkwan yi so na yɛnam beduu mpoano nohɔ dwoodwoo.

< Acts 27 >