< Acts 17 >

1 Now when they had passed through Amphipolis and Apollonia, they came to Thessalonica, where there was a Jewish synagogue.
Wɔtoaa wɔn akwantuo no so firii Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika a na Yudafoɔ hyiadan wɔ no.
2 Paul, as was his custom, went in to them; and for three Sabbath days reasoned with them from the Scriptures,
Sɛdeɛ Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu mprɛnsa ne nnipa no gyee akyinnyeɛ wɔ Atwerɛsɛm no ho,
3 explaining and demonstrating that the Christ had to suffer and rise again from the dead, and saying, “This Jesus, whom I proclaim to you, is the Christ.”
kyerɛɛ mu, dii adanseɛ sɛ ɛsɛ sɛ, Agyenkwa no hunu amane na ɔsɔre firi awufoɔ mu. Paulo kaa sɛ, “Saa Yesu a mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi ne Agyenkwa no.”
4 Some of them were persuaded and joined Paul and Silas: of the devout Greeks a great multitude, and not a few of the chief women.
Nnipa no bi gye diiɛ maa wɔdii Paulo ne Silas akyi. Saa ara nso na Helafoɔ bebree a wɔsom Onyankopɔn ne mmaa mpanin bi nso gye diiɛ de wɔn ho bɔɔ wɔn ara no no.
5 But the unpersuaded Jews took along some wicked men from the marketplace and gathering a crowd, set the city in an uproar. Assaulting the house of Jason, they sought to bring them out to the people.
Yudafoɔ mpanin no ani bereeɛ enti wɔboaboaa ahuhufoɔ bi ano maa wɔbɔɔ twi faa kuro no mu kɔtwaa Yason fie ho hyiaeɛ, pɛɛ sɛ wɔn nsa ka Paulo ne Silas de wɔn brɛ mpanin no.
6 When they didn’t find them, they dragged Jason and certain brothers before the rulers of the city, crying, “These who have turned the world upside down have come here also,
Esiane sɛ wɔn nsa anka wɔn no enti, wɔtwee Yason ne anuanom bi de wɔn baa mpanin no anim teateaam sɛ, “Saa nnipa a wɔma basabasa ba baabiara a wɔkɔ no aba yɛn kuro yi mu,
7 whom Jason has received. These all act contrary to the decrees of Caesar, saying that there is another king, Jesus!”
ama Yason agye wɔn atena ne fie. Wɔn nyinaa abu Ɔhempɔn Kaesare mmara a ɔde ama yɛn sɛ yɛnni so no so, ɛfiri sɛ, wɔka sɛ, ɔhene foforɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yesu.”
8 The multitude and the rulers of the city were troubled when they heard these things.
Saa asɛm yi hwanyanee dɔm no ne kuro no mu mpanin no.
9 When they had taken security from Jason and the rest, they let them go.
Kuro no mu mpanin no maa Yason ne anuanom no tuaa sika bi de dii wɔn agyinamu maa wɔgyaa wɔn.
10 The brothers immediately sent Paul and Silas away by night to Beroea. When they arrived, they went into the Jewish synagogue.
Adeɛ saeɛ ara pɛ, anuanom yi gyaa Paulo ne Silas ɛkwan ma wɔkɔɔ Beroia. Wɔduruiɛ no, wɔkɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu.
11 Now these were more noble than those in Thessalonica, in that they received the word with all readiness of mind, examining the Scriptures daily to see whether these things were so.
Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyɛ akyinnyegyefoɔ te sɛ Tesalonikafoɔ no. Wɔde ahosɛpɛ gyee asɛm no diiɛ a daa na wɔsua Atwerɛsɛm no pɛɛ sɛ wɔhunu sɛ nkyerɛkyerɛ a Paulo kyerɛkyerɛ no yɛ nokorɛ anaa.
12 Many of them therefore believed; also of the prominent Greek women, and not a few men.
Nnipa no mu bebree a Helafoɔ mmaa atitire ne mmarima ka ho no gyee nkyerɛkyerɛ no diiɛ.
13 But when the Jews of Thessalonica had knowledge that the word of God was proclaimed by Paul at Beroea also, they came there likewise, agitating the multitudes.
Ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔwɔ Tesalonika no tee sɛ Paulo akɔka Onyankopɔn asɛm no wɔ Beroia no, wɔkɔɔ hɔ nso kɔhwanyanee ɛhɔfoɔ no nso.
14 Then the brothers immediately sent out Paul to go as far as to the sea, and Silas and Timothy still stayed there.
Enti, ntɛm ara, anuanom no gyaa Paulo ɛkwan sɛ ɔnkɔ mpoano, nanso Silas ne Timoteo de, wɔtenaa Beroia.
15 But those who escorted Paul brought him as far as Athens. Receiving a commandment to Silas and Timothy that they should come to him very quickly, they departed.
Nnipa a wɔkɔgyaa Paulo ɛkwan no de no kɔduruu Atene. Wɔresane akɔ Beroia no, Paulo kraa wɔn sɛ wɔnka nkyerɛ Silas ne Timoteo sɛ wɔmmɛka ne ho ntɛm.
16 Now while Paul waited for them at Athens, his spirit was provoked within him as he saw the city full of idols.
Ɛberɛ a Paulo retwɛn Silas ne Timoteo wɔ Atene no, ɔhunuu ahoni pii wɔ kuro no mu. Yei maa ne werɛ hoeɛ yie.
17 So he reasoned in the synagogue with the Jews and the devout persons, and in the marketplace every day with those who met him.
Enti, na ɔne Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔsom Onyankopɔn no taa hyia wɔ hyiadan mu ma ɔkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn asɛm. Saa ara nso na daa na ɔne nkurɔfoɔ gye akyinnyeɛ wɔ adwabɔeɛ ara no no.
18 Some of the Epicurean and Stoic philosophers also were conversing with him. Some said, “What does this babbler want to say?” Others said, “He seems to be advocating foreign deities,” because he preached Jesus and the resurrection.
Afei, ɔne Epikurofoɔ ne Stoikfoɔ anyansafoɔ bi nso gyee akyinnyeɛ. Ebinom kaa sɛ, “na ɛdeɛn na ɔtoatoafoɔ yi pɛ sɛ ɔkyerɛ yi?” Afoforɔ nso kaa sɛ, “Ɛsɛ deɛ ɔreka anyame afoforɔ bi ho asɛm.” Deɛ enti a wɔkaa yei ne sɛ, na Paulo reka Yesu Kristo ne ne wusɔreɛ ho asɛm.
19 They took hold of him and brought him to the Areopagus, saying, “May we know what this new teaching is, which you are speaking about?
Wɔde Paulo kɔɔ Areopago nhyiamu anim kaa sɛ, “Yɛpɛ sɛ yɛte nkyerɛkyerɛ foforɔ a worekyerɛkyerɛ yi ase,
20 For you bring certain strange things to our ears. We want to know therefore what these things mean.”
ɛfiri sɛ, nsɛm a woka no bi yɛ yɛn asom asɛm foforɔ, enti yɛpɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn mu yie.”
21 Now all the Athenians and the strangers living there spent their time in nothing else, but either to tell or to hear some new thing.
Na Atenefoɔ ne ahɔhoɔ a wɔwɔ hɔ no nni hwee yɛ sɛ wɔde wɔn adagyeɛ nyinaa bɛtie nsɛm foforɔ anaa wɔbɛka nsɛm foforɔ a wɔate no akyerɛ afoforɔ.
22 Paul stood in the middle of the Areopagus and said, “You men of Athens, I perceive that you are very religious in all things.
Paulo sɔre gyinaa Areopago nhyiamu no anim kaa sɛ, “Atenefoɔ, mehunu sɛ moyɛ nnipa a mopɛ nyamesom yie.
23 For as I passed along and observed the objects of your worship, I also found an altar with this inscription: ‘TO AN UNKNOWN GOD.’ What therefore you worship in ignorance, I announce to you.
Ɛfiri sɛ, metuu mpase faa mo kuro yi mu, na mehunuu mmeaeɛ ahodoɔ a mosom no, mehunuu afɔrebukyia bi a wɔatwerɛ ho sɛ, Onyame a wɔnnim no no de. Enti, adeɛ a monnim na mosɔre no no, ɛno ho asɛm na mereka akyerɛ mo yi.
24 The God who made the world and all things in it, he, being Lord of heaven and earth, doesn’t dwell in temples made with hands.
“Onyankopɔn a ɔbɔɔ ewiase ne nneɛma a ɛwɔ mu nyinaa no na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase. Awurade no nte asɔredan a nnipa asi mu.
25 He isn’t served by men’s hands, as though he needed anything, seeing he himself gives to all life and breath and all things.
Saa ara nso na biribiara a nnipa nam wɔn dwumadie so de bɛma no no nso ho nhia no, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔma nnipa nkwa ne biribiara a ɛhia wɔn.
26 He made from one blood every nation of men to dwell on all the surface of the earth, having determined appointed seasons and the boundaries of their dwellings,
Ɔnam onipa baako so na ɔbɔɔ nnipa ahodoɔ nyinaa de wɔn tenaa asase so. Ɔno ankasa na ansa na ɔrebɛbɔ nnipa no, ɔhyehyɛɛ amanaman ɛberɛ a wɔbɛsɔre ne ɛberɛ a wɔbɛhwe ase. Saa ara nso na ɔhyehyɛɛ wɔn tenabea ahyeɛ.
27 that they should seek the Lord, if perhaps they might reach out for him and find him, though he is not far from each one of us.
Ɛwom sɛ Onyankopɔn bɛn yɛn de, nanso ɔyɛ yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhwehwɛ nʼakyi kwan atwe abɛn no;
28 ‘For in him we live, move, and have our being.’ As some of your own poets have said, ‘For we are also his offspring.’
sɛdeɛ obi ka sɛ, ‘Ne mu na yɛte ase na yɛkeka yɛn ho’ no no. Saa ara nso na mo nnwomtofoɔ bi nso aka sɛ, ‘Yɛn nso yɛyɛ ne mma’ no.
29 Being then the offspring of God, we ought not to think that the Divine Nature is like gold, or silver, or stone, engraved by art and design of man.
“Ɛnneɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma de a, ɛnsɛ sɛ yɛsusu sɛ Onyankopɔn tebea te sɛ ohoni bi a onipa de dwetɛ anaa sika anaa ɛboɔ ayɛ.
30 The times of ignorance therefore God overlooked. But now he commands that all people everywhere should repent,
Onyankopɔn buu nʼani guu ɛberɛ a na nnipa nnim no no so, nanso afei de, ɔhyɛ nnipa nyinaa sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri akwammɔne so.
31 because he has appointed a day in which he will judge the world in righteousness by the man whom he has ordained; of which he has given assurance to all men, in that he has raised him from the dead.”
Ɛfiri sɛ, wayi da bi ato hɔ a ɔnam onipa bi a wayi no no so bɛbu nnipa nyinaa atɛntenenee. Ɔnam sɔre a ɔmaa saa onipa yi sɔre firii awufoɔ mu no so adi adanseɛ akyerɛ nnipa nyinaa.”
32 Now when they heard of the resurrection of the dead, some mocked; but others said, “We want to hear you again concerning this.”
Ɛberɛ a nnipa no tee sɛ Paulo reka owusɔreɛ ho asɛm no, ebinom dii ne ho fɛw, na afoforɔ nso kaa sɛ, “Yɛpɛ sɛ wosane ka saa asɛm no bio.”
33 Thus Paul went out from among them.
Saa nsɛm a ɛkɔɔ so yi maa Paulo firii nhyiamu no ase hɔ kɔeɛ.
34 But certain men joined with him and believed, including Dionysius the Areopagite, and a woman named Damaris, and others with them.
Nanso, nnipa kakra bi gyee no diiɛ de wɔn ho bɔɔ no. Saa nnipa no mu bi ne Dionisio a ɔfra Areopagofoɔ mu ne ɔbaa bi a ne din de Damari ne afoforɔ bi.

< Acts 17 >