< Acts 11 >

1 Now the apostles and the brothers who were in Judea heard that the Gentiles had also received the word of God.
Asomafo ne agyidifo a wɔwɔ Yudea nyinaa tee sɛ amanamanmufo no nso agye Onyankopɔn asɛm no adi.
2 When Peter had come up to Jerusalem, those who were of the circumcision contended with him,
Petro kɔɔ Yerusalem no, Yudafo agyidifo no ne no nyaa akasakasa kae se,
3 saying, “You went in to uncircumcised men and ate with them!”
“Woakɔ wɔn a wɔnnyɛ twetiatwafo no nkyɛn ne wɔn akodidi.”
4 But Peter began, and explained to them in order, saying,
Petro bɔɔ wɔn biribiara a esii no ho amanneɛ se,
5 “I was in the city of Joppa praying, and in a trance I saw a vision: a certain container descending, like it was a great sheet let down from heaven by four corners. It came as far as me.
“Na merebɔ mpae wɔ Yopa na minyaa anisoadehu. Mihuu biribi a ɛte sɛ ntama kɛse a wɔakyekyere sɛ efi ɔsoro afanan resian ba fam wɔ faako a mewɔ no.
6 When I had looked intently at it, I considered, and saw the four-footed animals of the earth, wild animals, creeping things, and birds of the sky.
Mehwɛɛ mu no, mihuu ntɔteboa ahorow, mmoa a wɔwea ne wuram nnomaa.
7 I also heard a voice saying to me, ‘Rise, Peter, kill and eat!’
Afei, nne bi ka kyerɛɛ me se, ‘Petro! Sɔre! Kum na we!’
8 But I said, ‘Not so, Lord, for nothing unholy or unclean has ever entered into my mouth.’
“Mibuae se, ‘Dabi da, Awurade! Minnii biribiara a ɛho ntew da.’
9 But a voice answered me the second time out of heaven, ‘What God has cleansed, don’t you call unclean.’
“Nne no ka kyerɛɛ me bio se, ‘Biribiara a Onyankopɔn atew ho no, nka se ɛho ntew.’
10 This was done three times, and all were drawn up again into heaven.
Saa anisoadehu yi baa mprɛnsa, na ɛsan kɔɔ ɔsoro.
11 Behold, immediately three men stood before the house where I was, having been sent from Caesarea to me.
“Saa bere no ara mu, nnipa baasa a wɔasoma wɔn fi Kaesarea no beduu ofi a na mete mu no mu.
12 The Spirit told me to go with them without discriminating. These six brothers also accompanied me, and we entered into the man’s house.
Honhom Kronkron ka kyerɛɛ me se menntwentwɛn me nan ase na me ne wɔn nkɔ. Saa agyidifo baasa yi a wofi Yopa no kaa me ho kɔɔ Kaesarea ma yɛn nyinaa kɔɔ Kornelio fi.
13 He told us how he had seen the angel standing in his house and saying to him, ‘Send to Joppa and get Simon, who is called Peter,
Ɔkaa sɛnea ohuu ɔsoro ɔbɔfo wɔ ne fi ma ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Soma kɔ Yopa kɔfrɛ ɔbarima bi a ne din de Simon Petro no.
14 who will speak to you words by which you will be saved, you and all your house.’
Ɔno na ɔbɛka nsɛm a ebegye wo ne wo fifo nyinaa nkwa akyerɛ mo.’
15 As I began to speak, the Holy Spirit fell on them, even as on us at the beginning.
“Bere a mifii ase kasae no, Honhom Kronkron baa wɔn so sɛnea yɛn nso mfiase no, ɛbaa yɛn so no ara pɛ.
16 I remembered the word of the Lord, how he said, ‘John indeed baptized in water, but you will be baptized in the Holy Spirit.’
Ɛhɔ ara mekaee asɛm a Awurade kae se, ‘Yohane de nsu na ɛbɔɔ asu na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu’ no.
17 If then God gave to them the same gift as us when we believed in the Lord Jesus Christ, who was I, that I could withstand God?”
Sɛ Onyankopɔn ama wɔn akyɛde a bere a yegyee Awurade Yesu Kristo dii no ɔmaa yɛn bi no a, ɛno de me sɛɛ ne hena a mesiw Onyankopɔn kwan.”
18 When they heard these things, they held their peace and glorified God, saying, “Then God has also granted to the Gentiles repentance to life!”
Wɔtee saa asɛm yi no, wogyaee wɔn nsɛmmisa no yii Awurade ayɛ se, “Afei de Onyankopɔn ama ho kwan ama amanamanmufo anya adwensakra a ɛde wɔn bɛkɔ nkwagye mu.”
19 They therefore who were scattered abroad by the oppression that arose about Stephen traveled as far as Phoenicia, Cyprus, and Antioch, speaking the word to no one except to Jews only.
Wokum Stefano no, wɔtaa agyidifo no ma wɔbɔɔ ahwete. Wɔn mu bi kyinkyin koduu Foinike, ne Kipro, ne Antiokia a na wɔreka asɛmpa no kyerɛ Yudafo nko ara.
20 But there were some of them, men of Cyprus and Cyrene, who, when they had come to Antioch, spoke to the Hellenists, preaching the Lord Jesus.
Agyidifo bi a wofi Kipro ne Kirene kɔɔ Antiokia kɔkaa asɛmpa a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho no kyerɛɛ amanamanmufo no.
21 The hand of the Lord was with them, and a great number believed and turned to the Lord.
Esiane sɛ na Awurade ka wɔn ho no nti nnipa pii gyee asɛm no dii ma wɔdan baa Awurade nkyɛn.
22 The report concerning them came to the ears of the assembly which was in Jerusalem. They sent out Barnabas to go as far as Antioch,
Saa asɛm yi trɛw koduu Yerusalem asafo no mu nti wɔsomaa Barnaba kɔɔ Antiokia.
23 who, when he had come, and had seen the grace of God, was glad. He exhorted them all, that with purpose of heart they should remain near to the Lord.
Oduu hɔ a ohuu sɛnea Onyankopɔn ahyira wɔn no, nʼani gye ma ɔhyɛɛ wɔn nkuran se womfi wɔn koma nyinaa mu nnye Awurade nni na wonni no nokware nso.
24 For he was a good man, and full of the Holy Spirit and of faith, and many people were added to the Lord.
Esiane sɛ na Barnaba yɛ onipa pa a Honhom Kronkron ahyɛ no ma na ɔwɔ gyidi nti, ɛmaa nnipa bebree nam ne so de wɔn ho maa Awurade.
25 Barnabas went out to Tarsus to look for Saul.
Barnaba kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo.
26 When he had found him, he brought him to Antioch. For a whole year they were gathered together with the assembly, and taught many people. The disciples were first called Christians in Antioch.
Ohuu no no, ɔde no baa Antiokia. Wɔn baanu tenaa hɔ afe kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree. Antiokia ha na wɔtoo asuafo no din se “Kristofo.”
27 Now in these days, prophets came down from Jerusalem to Antioch.
Saa bere koro no ara mu na adiyifo bi fi Yerusalem kɔɔ Antiokia.
28 One of them named Agabus stood up and indicated by the Spirit that there should be a great famine all over the world, which also happened in the days of Claudius.
Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Agabo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no sɔre gyina hyɛɛ nkɔm se ɔkɔm kɛse bɛba asase nyinaa so. Saa ɔkɔm yi sii bere a na Klaudio di ade no.
29 As any of the disciples had plenty, each determined to send relief to the brothers who lived in Judea;
Asuafo no yɛɛ adwene sɛ biribiara a obi wɔ no wɔde bɛba na wɔde akɔboa anuanom a wɔwɔ Yudea no.
30 which they also did, sending it to the elders by the hands of Barnabas and Saul.
Wɔde akyɛde a wɔn nsa kae no somaa Barnaba ne Saulo ma wɔde kɔmaa asafo no mu mpanyimfo.

< Acts 11 >