< 2 Thessalonians 1 >

1 Paul, Silvanus, and Timothy, to the assembly of the Thessalonians in God our Father and the Lord Jesus Christ:
Saa nhoma yi fi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn, Wɔde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nkurɔfo no:
2 Grace to you and peace from God our Father and the Lord Jesus Christ.
Adom ne asomdwoe a efi Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo.
3 We are bound to always give thanks to God for you, brothers, even as it is appropriate, because your faith grows exceedingly, and the love of each and every one of you toward one another abounds,
Anuanom, ɛsɛ sɛ da biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa, efisɛ mo gyidi ne ɔdɔ a modɔ afoforo no mu den ara na ɛreyɛ.
4 so that we ourselves boast about you in the assemblies of God for your perseverance and faith in all your persecutions and in the afflictions which you endure.
Saa nti na yɛn ankasa yɛde mo hoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn asafo ahorow mu no. Yɛde ɔtaa ne amanehunu a mokɔ so gyina ano no hoahoa yɛn ho.
5 This is an obvious sign of the righteous judgment of God, to the end that you may be counted worthy of God’s Kingdom, for which you also suffer.
Eyinom nyinaa di adanse sɛ Onyankopɔn bu atɛntrenee; ɛno nti wɔbɛkan mo afra wɔn a wɔbɛkɔ nʼahenni a morehu ho amane no mu.
6 For it is a righteous thing with God to repay affliction to those who afflict you,
Onyankopɔn bɛyɛ nea ɛteɛ. Wɔn a wɔbɛma mo ahu amane no, ɔno nso bɛma wɔahu amane,
7 and to give relief to you who are afflicted with us when the Lord Jesus is revealed from heaven with his mighty angels in flaming fire,
na wama mo a morehu amane no ne yɛn nso ahome. Saa asɛm yi besi wɔ bere a Awurade Yesu nam ogyaframa mu fi ɔsoro reba a nʼabɔfo atumfo ka ne ho no,
8 punishing those who don’t know God, and to those who don’t obey the Good News of our Lord Jesus,
abɛtwe wɔn a wonnim Onyankopɔn na wontie yɛn Awurade Yesu Asɛmpa no aso.
9 who will pay the penalty: eternal destruction from the face of the Lord and from the glory of his might, (aiōnios g166)
Wɔbɛkɔ daa ɔsɛe mu na wɔayi wɔn afi Awurade anim ne nʼanuonyam mu, (aiōnios g166)
10 when he comes in that day to be glorified in his saints and to be admired among all those who have believed, because our testimony to you was believed.
da a ɔbɛma nʼakyidifo ne nʼasuafo ahyɛ no anuonyam no. Mo nso mobɛfra saa nkurɔfo no mu, efisɛ moagye asɛm a yɛka kyerɛɛ mo no adi.
11 To this end we also pray always for you that our God may count you worthy of your calling, and fulfill every desire of goodness and work of faith with power,
Eyi nti na daa yɛbɔ mpae ma mo no. Yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma mo ntumi mmɔ ɔbra a ɛno nti ɔfrɛɛ mo no. Onnyina ne tumi so mma mo tumi, nyɛ mo apɛde ne biribiara a mo gyidi bɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no nyinaa.
12 that the name of our Lord Jesus may be glorified in you, and you in him, according to the grace of our God and the Lord Jesus Christ.
Yɛbɔ mpae sɛnea monam yɛn Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom so bɛhyɛ Awurade Yesu din anuonyam wɔ mo mu na mo nso, wɔahyɛ mo anuonyam wɔ ne mu.

< 2 Thessalonians 1 >