< 2 Kings 12 >

1 Jehoash began to reign in the seventh year of Jehu, and he reigned forty years in Jerusalem. His mother’s name was Zibiah of Beersheba.
Ɔhene Yehu adedi wɔ Israel no mfe ason so, na Yoas nso dii ade wɔ Yuda. Odii ade wɔ Yerusalem mfe aduanan. Na ne na Sibia fi Beer-Seba.
2 Jehoash did that which was right in Yahweh’s eyes all his days in which Jehoiada the priest instructed him.
Yoas asetena mu nyinaa, ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, efisɛ na ɔsɔfo Yehoiada kyerɛkyerɛ no.
3 However, the high places were not taken away. The people still sacrificed and burned incense in the high places.
Nanso wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no.
4 Jehoash said to the priests, “All the money of the holy things that is brought into Yahweh’s house, in current money, the money of the people for whom each man is evaluated, and all the money that it comes into any man’s heart to bring into Yahweh’s house,
Da bi, ɔhene Yoas ka kyerɛɛ asɔfo no se, “Mommoaboa sika a wɔde ba Awurade asɔredan mu sɛ afɔrebɔde kronkron no, sɛ ɛyɛ daa daa towtua, aboade anaa akyɛde a efi ɔpɛ mu no.
5 let the priests take it to them, each man from his donor; and they shall repair the damage to the house, wherever any damage is found.”
Momma asɔfo no mfa sika no bi nkotua asɔredan no asiesie ho ka biara.”
6 But it was so, that in the twenty-third year of King Jehoash the priests had not repaired the damage to the house.
Nanso ɔhene Yoas dii ade mfe aduonu abiɛsa no, na asɔfo no nsiesie Asɔredan no.
7 Then King Jehoash called for Jehoiada the priest, and for the other priests, and said to them, “Why aren’t you repairing the damage to the house? Now therefore take no more money from your treasurers, but deliver it for repair of the damage to the house.”
Enti ɔhene Yoas soma kɔfrɛɛ Yehoiada ne asɔfo a wɔaka no, bisaa wɔn se, “Adɛn nti na munsiesiee asɔredan no? Mommfa akyɛde no nhyɛ mo ho bio. Efi nnɛ rekɔ, ɛsɛ sɛ mode ne nyinaa siesie asɔredan no.”
8 The priests consented that they should take no more money from the people, and not repair the damage to the house.
Enti asɔfo no penee so sɛ wɔrennyigye sika mfi nnipa no nkyɛn bio. Wɔpenee so nso sɛ, wɔn ankasa rensiesie Asɔredan no.
9 But Jehoiada the priest took a chest and bored a hole in its lid, and set it beside the altar, on the right side as one comes into Yahweh’s house; and the priests who kept the threshold put all the money that was brought into Yahweh’s house into it.
Na ɔsɔfo Yehoiada tuu tokuru wɔ adaka kɛse bi atifi, de sii afɔremuka no nifa so wɔ Awurade Asɔredan no kwan ano. Asɔfo a wɔwɛn ɔkwan no ano no de nnipa no ntoboa nyinaa guu adaka no mu.
10 When they saw that there was much money in the chest, the king’s scribe and the high priest came up, and they put it in bags and counted the money that was found in Yahweh’s house.
Bere biara a adaka no bɛyɛ ma no, asɔre kyerɛwfo ne ɔsɔfopanyin no kan sika a wɔde aba Awurade Asɔredan no mu no nyinaa, de gu nkotoku mu.
11 They gave the money that was weighed out into the hands of those who did the work, who had the oversight of Yahweh’s house; and they paid it out to the carpenters and the builders who worked on Yahweh’s house,
Afei, wɔde sika no ma dwumadi sohwɛfo no ma wɔde tua nnipa a wɔyɛ Awurade Asɔredan no ka—nnua adwumfo, adansifo,
12 and to the masons and the stone cutters, and for buying timber and cut stone to repair the damage to Yahweh’s house, and for all that was laid out for the house to repair it.
abohyehyɛfo ne abotwafo. Wɔde sika no bi nso tɔ nnua ne abo a wɔatwa, a wɔde besiesie Awurade asɔredan no. Na ka biara a ɛba Asɔredan no asiesie ho no, wotua.
13 But there were not made for Yahweh’s house cups of silver, snuffers, basins, trumpets, any vessels of gold or vessels of silver, of the money that was brought into Yahweh’s house;
Na wɔamfa sika a wɔde bɛba Asɔredan mu hɔ no anyɛ dwetɛ nkuruwa, akanea adabaw, nkankyee akɛse, ntorobɛnto anaa nneɛma a wɔde sikakɔkɔɔ anaa dwetɛ yɛ ma Awurade Asɔredan no.
14 for they gave that to those who did the work, and repaired Yahweh’s house with it.
Na wɔde tuaa adwumayɛfo no ka, ma wɔde siesiee asɔredan no.
15 Moreover they didn’t demand an accounting from the men into whose hand they delivered the money to give to those who did the work; for they dealt faithfully.
Na adwuma no hwɛfo akontaabu biara ho anhia, efisɛ na wɔyɛ adwumayɛfo nokwafo.
16 The money for the trespass offerings and the money for the sin offerings was not brought into Yahweh’s house. It was the priests’.
Nanso afɔdi ne bɔneyɛ ho afɔrebɔde no de, na wɔmfa nkɔ Awurade Asɔredan mu hɔ. Na wɔde ma asɔfo no sɛ wɔn kyɛfa.
17 Then Hazael king of Syria went up and fought against Gath, and took it; and Hazael set his face to go up to Jerusalem.
Saa bere no ntam ara na Aramhene Hasael kɔko tiaa Gat, na ɔfaa ɔman no. Afei, ɔdan ne ho kɔtow hyɛɛ Yerusalem so.
18 Jehoash king of Judah took all the holy things that Jehoshaphat and Jehoram and Ahaziah, his fathers, kings of Judah, had dedicated, and his own holy things, and all the gold that was found in the treasures of Yahweh’s house, and of the king’s house, and sent it to Hazael king of Syria; and he went away from Jerusalem.
Ɔhene Yoas boaboaa akronkronne a Yehosafat, Yehoram ne Ahasia a na wɔyɛ Yuda ahemfo a wɔatwa mu no ato din ama Awurade ne nea ɔno ankasa nso ato din ama Awurade no nyinaa ano. Ɔde ne nyinaa a sikakɔkɔɔ a ɛwɔ akorae a ɛwɔ Awurade asɔredan mu hɔ ne ahemfi no kaa ho no kɔmaa Aramhene Hasael. Enti ɛmaa Hasael twee ɔsa a anka ɔretu wɔ Yerusalem so no sanee.
19 Now the rest of the acts of Joash, and all that he did, aren’t they written in the book of the chronicles of the kings of Judah?
Nsɛm a esisii wɔ Yoas ahenni mu ne nea ɔyɛe no nyinaa, wɔankyerɛw wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
20 His servants arose and made a conspiracy, and struck Joash at the house of Millo, on the way that goes down to Silla.
Nanso ne mpanyimfo pam ne ti so, kum no wɔ Bet-Milo kwan a ɛkɔ Sila no so.
21 For Jozacar the son of Shimeath, and Jehozabad the son of Shomer, his servants, struck him, and he died; and they buried him with his fathers in David’s city; and Amaziah his son reigned in his place.
Awudifo no yɛ Simeat babarima Yosabad ne Somer babarima Yehosabad a na wɔn nyinaa yɛ afotufo nokwafo. Wosiee Yoas wɔ nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Amasia na odii nʼade sɛ ɔhene foforo.

< 2 Kings 12 >