< 2 Chronicles 26 >

1 All the people of Judah took Uzziah, who was sixteen years old, and made him king in the place of his father Amaziah.
Yuda manfo de Amasia babarima Usia a na wadi mfe dunsia tenaa ahengua so sɛ wɔn hene foforo.
2 He built Eloth and restored it to Judah. After that the king slept with his fathers.
Usia agya wu akyi no, ɔsan kyekyeree Elot kurow no, na ɔdan maa Yuda.
3 Uzziah was sixteen years old when he began to reign; and he reigned fifty-two years in Jerusalem. His mother’s name was Jechiliah, of Jerusalem.
Usia dii ade no, na wadi mfirihyia dunsia, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum abien. Na ne na a ofi Yerusalem no din de Yeholia.
4 He did that which was right in Yahweh’s eyes, according to all that his father Amaziah had done.
Na ɔteɛ wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagya Amasia teɛ no.
5 He set himself to seek God in the days of Zechariah, who had understanding in the vision of God; and as long as he sought Yahweh, God made him prosper.
Sakaria bere so no, Usia hwehwɛɛ Onyankopɔn akyi kwan, efisɛ ɔkaa Onyankopɔn suro ho nsɛm kyerɛɛ no. Na esiane sɛ ɔhene no hwehwɛɛ Onyankopɔn akyi kwan no nti, Onyankopɔn maa no nkɔso.
6 He went out and fought against the Philistines, and broke down the wall of Gath, the wall of Jabneh, and the wall of Ashdod; and he built cities in the country of Ashdod, and among the Philistines.
Otuu Filistifo so sa, na obubuu Gat, Yabne ne Asdod afasu. Na ɔkyekyeree nkurow afoforo wɔ Asdod fam ne mmeaemmeae bi a ɛwɔ Filistia.
7 God helped him against the Philistines, and against the Arabians who lived in Gur Baal, and the Meunim.
Ɛnyɛ ɔko a ɔne Filistifo koe no mu nko ara na Onyankopɔn boaa no, na mmom ɔko a ɔne Arabfo a wɔwɔ Gur Baal koe ne Meunifo ko mu nso, ɔboaa no.
8 The Ammonites gave tribute to Uzziah. His name spread abroad even to the entrance of Egypt, for he grew exceedingly strong.
Meunifo no tuaa sonkahiri maa no, na ne din hyeta koduu Misraim, efisɛ na ɔwɔ tumi a ɛso.
9 Moreover Uzziah built towers in Jerusalem at the corner gate, at the valley gate, and at the turning of the wall, and fortified them.
Usia sisii ɔwɛn abantenten wɔ Yerusalem wɔ Twɔtwɔw Pon ano, Obon Pon ano ne ɔfasu no ntwea mu no.
10 He built towers in the wilderness, and dug out many cisterns, for he had much livestock, both in the lowlands and in the plains. He had farmers and vineyard keepers in the mountains and in the fruitful fields, for he loved farming.
Ɔsan sisii abankɛse wɔ sare so, tutuu mmura bebree, efisɛ na ɔyɛn mmoa pii wɔ Yuda bepɔw ase hɔ. Na ɔyɛ ɔbarima a nʼani gye kua ho. Na ɔwɔ adwumayɛfo bebree a wɔhwɛ ne mfuw ne ne bobeturo a ɛwɔ mmepɔw no nsian mu ne obon nsasebere no so.
11 Moreover Uzziah had an army of fighting men who went out to war by bands, according to the number of their reckoning made by Jeiel the scribe and Maaseiah the officer, under the hand of Hananiah, one of the king’s captains.
Na Usia wɔ asraafo a wɔyɛ akofo akɛse a wɔwɔ akodi mu ntetewee. Na wɔyɛ akuw akuw a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Na Yeiel a ɔyɛ asraafodɔm no kyerɛwfo, ne ne boafo Maaseia na wɔboaboa akofo kuw kɛse yi ano. Na wɔhyɛ Hanania a ɔyɛ ɔhene no mpanyimfo no mu baako ase.
12 The whole number of the heads of fathers’ households, even the mighty men of valor, was two thousand six hundred.
Mmusua ntuanofo mpenu ahansia na na wɔma saa akofo abenfo yi akwankyerɛ.
13 Under their hand was an army, three hundred seven thousand five hundred, who made war with mighty power, to help the king against the enemy.
Na asraafodɔm no dodow yɛ mpem ahaasa ne ason, ahannum a wɔn nyinaa nim de. Na wɔada wɔn ho so sɛ wɔbɛboa ɔhene no ako atia ɔtamfo biara.
14 Uzziah prepared for them, even for all the army, shields, spears, helmets, coats of mail, bows, and stones for slinging.
Usia maa asraafodɔm no nyinaa nkatabo, mpeaw, nnadekyɛw, agyiraehyɛde, bɛmma ne ahwimmo abo.
15 In Jerusalem, he made devices, invented by skillful men, to be on the towers and on the battlements, with which to shoot arrows and great stones. His name spread far abroad, because he was marvelously helped until he was strong.
Afei, abenfo bi yɛɛ mfi de sisii Yerusalem afasu no so a ɛtow agyan ne abo fi abantenten no so ne fasu twɔtwɔw so. Nʼanuonyam hyetae, efisɛ Awurade boaa no yiye kosii sɛ onyaa tumi kɛse.
16 But when he was strong, his heart was lifted up, so that he did corruptly and he trespassed against Yahweh his God, for he went into Yahweh’s temple to burn incense on the altar of incense.
Nanso onyaa tumi kɛse no, ɔyɛɛ ahantan a ɛnam so ma ɔhwee ase. Ɔyɛɛ bɔne tiaa Awurade ne Nyankopɔn, efisɛ ɔkɔɔ Awurade Asɔredan kronkronbea hɔ, kɔhyew nnuhuam wɔ afɔremuka no so.
17 Azariah the priest went in after him, and with him eighty priests of Yahweh, who were valiant men.
Ɔsɔfopanyin Asaria ne Awurade asɔfo foforo aduɔwɔtwe, akokodurufo kɔhwehwɛɛ no.
18 They resisted Uzziah the king, and said to him, “It isn’t for you, Uzziah, to burn incense to Yahweh, but for the priests the sons of Aaron, who are consecrated to burn incense. Go out of the sanctuary, for you have trespassed. It will not be for your honor from Yahweh God.”
Wɔka sii ɔhene Usia anim se, “Ɛnyɛ wo Usia na ɛsɛ sɛ wohyew nnuhuam ma Awurade. Ɛyɛ asɔfo nko ara, Aaron mmabarima a, wɔayi wɔn asi hɔ ama saa dwumadi no nko ara adwuma. Fi kronkronbea ha kɔ, efisɛ woayɛ bɔne. Onyankopɔn renhyɛ wo anuonyam wɔ eyi ho.”
19 Then Uzziah was angry. He had a censer in his hand to burn incense, and while he was angry with the priests, the leprosy broke out on his forehead before the priests in Yahweh’s house, beside the altar of incense.
Usia bo fuw yiye, na wamfa nnuhuamhyew kuruwa a na okura no ansi fam. Ɔne asɔfo no gyina nnuhuam afɔremuka no anim wɔ Awurade Asɔredan no mu no, prɛko pɛ, kwata totɔɔ ne moma so.
20 Azariah the chief priest and all the priests looked at him, and behold, he was leprous in his forehead; and they thrust him out quickly from there. Indeed, he himself also hurried to go out, because Yahweh had struck him.
Bere a Asaria ne asɔfo a wɔaka no huu kwata no, wopiapiaa no fii hɔ. Na ɔhene no ankasa pɛɛ sɛ ofi hɔ ntɛm, efisɛ Awurade na na wabɔ no.
21 Uzziah the king was a leper to the day of his death, and lived in a separate house, being a leper; for he was cut off from Yahweh’s house. Jotham his son was over the king’s house, judging the people of the land.
Enti kwata yɛɛ ɔhene Usia kosii sɛ owui. Wɔpam no fi nnipa mu maa ɔno nko ara tenae a wankɔ Awurade Asɔredan mu. Wɔde ne babarima Yotam tenaa ahemfi hɔ ma odii nnipa a wɔwɔ asase no so no so.
22 Now the rest of the acts of Uzziah, first and last, Isaiah the prophet, the son of Amoz, wrote.
Amos babarima Yesaia akyerɛw Usia ahenni ho nsɛm nkae fi mfiase kosi awiei ato hɔ.
23 So Uzziah slept with his fathers; and they buried him with his fathers in the field of burial which belonged to the kings, for they said, “He is a leper.” Jotham his son reigned in his place.
Usia wui, na esiane sɛ kwata yɛɛ no nti, wosiee no bɛn ahemfo amusiei. Na ne babarima Yotam na odii nʼade sɛ ɔhene.

< 2 Chronicles 26 >