< 2 Chronicles 24 >

1 Joash was seven years old when he began to reign, and he reigned forty years in Jerusalem. His mother’s name was Zibiah, of Beersheba.
Yoas dii hene no, na wadi mfe ason, na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia aduanan. Na ne na din de Sibia a ofi Beer-Seba.
2 Joash did that which was right in Yahweh’s eyes all the days of Jehoiada the priest.
Yoas yɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, ɔsɔfo Yehoiada nkwanna nyinaa.
3 Jehoiada took for him two wives, and he became the father of sons and daughters.
Yehoiada maa Yoas ɔyerenom baanu a ɔne wɔn wowoo mmabarima ne mmabea.
4 After this, Joash intended to restore Yahweh’s house.
Akyiri no, Yoas yɛɛ nʼadwene sɛ obesiesie Awurade Asɔredan no.
5 He gathered together the priests and the Levites, and said to them, “Go out to the cities of Judah, and gather money to repair the house of your God from all Israel from year to year. See that you expedite this matter.” However the Levites didn’t do it right away.
Enti ɔfrɛfrɛɛ asɔfo ne Lewifo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ Yuda nkurow nyinaa so ntɛm, na munkogyigye afirihyiatow, sɛnea yebetumi asiesie mo Nyankopɔn Asɔredan no. Monntwentwɛn koraa.” Nanso Lewifo no ankɔ prɛko pɛ.
6 The king called for Jehoiada the chief, and said to him, “Why haven’t you required of the Levites to bring in the tax of Moses the servant of Yahweh, and of the assembly of Israel, out of Judah and out of Jerusalem, for the Tent of the Testimony?”
Na ɔhene no frɛɛ ɔsɔfopanyin Yehoiada bisaa no se, “Adɛn nti na wummisaa Lewifo no nea enti a wɔnkɔɔ Yuda nkurow so ne Yerusalem nkogyigyee Asɔredan ho tow no? Mose, Awurade somfo, gyigyee ɔman Israel saa tow yi, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asiesie Apam Ntamadan no.”
7 For the sons of Athaliah, that wicked woman, had broken up God’s house; and they also gave all the dedicated things of Yahweh’s house to the Baals.
Afei na otirimɔdenfo Atalia mma abɔ awura Onyankopɔn Asɔredan no mu, na nneɛma a wɔahyira so wɔ Awurade Asɔredan no mu no nyinaa, wɔafa de resom Baal ahoni.
8 So the king commanded, and they made a chest, and set it outside at the gate of Yahweh’s house.
Enti Yoas hyɛɛ sɛ wɔnyɛ adaka bi mfa nsi ɔkwan a ɛkɔ Awurade Asɔredan no akyi.
9 They made a proclamation through Judah and Jerusalem, to bring in for Yahweh the tax that Moses the servant of God laid on Israel in the wilderness.
Enti wɔde too Yuda ne Yerusalemman anim sɛ, wɔmfa tow a Mose, Onyankopɔn somfo gyigyee Israelfo wɔ sare so no mmrɛ Awurade.
10 All the princes and all the people rejoiced, and brought in, and cast into the chest, until they had filled it.
Ntuanofo no ne ɔmanfo no penee so, enti wɔde anigye de wɔn sika bɛhyɛɛ adaka no ma.
11 Whenever the chest was brought to the king’s officers by the hand of the Levites, and when they saw that there was much money, the king’s scribe and the chief priest’s officer came and emptied the chest, and took it, and carried it to its place again. Thus they did day by day, and gathered money in abundance.
Bere biara a adaka no bɛyɛ ma no, Lewifo no soa de kɔma ɔhene mpanyimfo. Na asennii kyerɛwfo ne ɔsɔfopanyin nanmusini bi akan sika no, na wɔasan de adaka no akosi Asɔredan no pon ano bio. Wɔyɛɛ saa daa, na wonyaa sika bebree.
12 The king and Jehoiada gave it to those who did the work of the service of Yahweh’s house. They hired masons and carpenters to restore Yahweh’s house, and also those who worked iron and bronze to repair Yahweh’s house.
Ɔhene no ne Yehoiada de sika no maa adansi sohwɛfo, ma wɔfaa adansifo ne nnua dwumfo, ma wosiesiee Awurade Asɔredan no. Afei, wɔfaa nnade adwumfo ma wɔde nnade ne kɔbere mfrafrae yɛɛ Awurade Asɔredan no ho nneɛma.
13 So the workmen worked, and the work of repairing went forward in their hands. They set up God’s house as it was designed, and strengthened it.
Na mmarima a wɔhwɛ ɔdan no siesie so no yɛɛ adwumaden maa adwuma no kɔɔ so sɛnea ɛfata. Wosii Onyankopɔn Asɔredan no wɔ ne tebea dedaw no sɛso na wɔhyɛɛ mu den.
14 When they had finished, they brought the rest of the money before the king and Jehoiada, from which were made vessels for Yahweh’s house, even vessels with which to minister and to offer, including spoons and vessels of gold and silver. They offered burnt offerings in Yahweh’s house continually all the days of Jehoiada.
Wowiee asiesie no, wɔde sika no nkae brɛɛ ɔhene no ne Yehoiada. Wɔde yɛɛ nneɛma ahorow a wɔde bi som, de bi bɔ ɔhyew afɔre a nkwankora ne hweaseammɔ ahorow a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ nso ka ho. Na wɔde koguu Awurade asɔredan no mu. Bere a na ɔsɔfo Yehoiada te ase no, na wɔtaa bɔ ɔhyew afɔre wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.
15 But Jehoiada grew old and was full of days, and he died. He was one hundred thirty years old when he died.
Yehoiada nyinii yiye, owui no na wadi mfirihyia ɔha ne aduasa.
16 They buried him in David’s city among the kings, because he had done good in Israel, and toward God and his house.
Wosiee no wɔ ahemfo asiei wɔ Dawid kurom, efisɛ na wayɛ adwuma pa wɔ Israel, ama Onyankopɔn ne nʼAsɔredan no.
17 Now after the death of Jehoiada, the princes of Judah came and bowed down to the king. Then the king listened to them.
Yehoiada wu akyi no, Yuda ntuanofo bɛkotow ɔhene Yoas anim, srɛɛ no se ontie wɔn afotu.
18 They abandoned the house of Yahweh, the God of their fathers, and served the Asherah poles and the idols, so wrath came on Judah and Jerusalem for this their guiltiness.
Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wobegyaw Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn Asɔredan no, na wɔasom Asera nnua no ne ahoni no mmom. Na Onyankopɔn abufuw baa Yuda ne Yerusalem so wɔ wɔn bɔne nti.
19 Yet he sent prophets to them to bring them again to Yahweh, and they testified against them; but they would not listen.
Awurade somaa adiyifo sɛ wɔnkɔfa wɔn mmrɛ no, nanso nnipa no ampene.
20 The Spirit of God came on Zechariah the son of Jehoiada the priest; and he stood above the people, and said to them, “God says, ‘Why do you disobey Yahweh’s commandments, so that you can’t prosper? Because you have forsaken Yahweh, he has also forsaken you.’”
Afei, Onyankopɔn Honhom baa ɔsɔfo Yehoiada babarima Sakaria so. Ogyinaa nnipa no anim kae se, “Sɛnea Onyankopɔn se ni: Adɛn nti na munni Awurade ahyɛde so? Morennya nkɔso, efisɛ moagyaw Awurade ama ɔno nso agyaw mo!”
21 They conspired against him, and stoned him with stones at the commandment of the king in the court of Yahweh’s house.
Na ntuanofo no pam Sakaria ti so sɛ wobekum no. Na ɔhene Yoas ankasa hyɛ ma wosiw no abo, kum no wɔ Asɔredan no adiwo hɔ.
22 Thus Joash the king didn’t remember the kindness which Jehoiada his father had done to him, but killed his son. When he died, he said, “May Yahweh look at it, and repay it.”
Na ɔhene Yoas ankae adɔe a nʼagya Yehoiada de yɛɛ no no, na okum ne babarima. Sakaria rewu no, nsɛm a ɔka twaa to ne se, “Awurade nhu nea wɔreyɛ na ɔmma wommu ho akontaa!”
23 At the end of the year, the army of the Syrians came up against him. They came to Judah and Jerusalem, and destroyed all the princes of the people from among the people, and sent all their plunder to the king of Damascus.
Afe no mfiase no, Aram asraafo bɔɔ nsra baa Yoas so. Wɔkaa Yuda ne Yerusalem hyɛe, kunkum ntuanofo a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa. Na wɔfaa asade a wonyae nyinaa, de kɔmaa wɔn hene wɔ Damasko.
24 For the army of the Syrians came with a small company of men; and Yahweh delivered a very great army into their hand, because they had forsaken Yahweh, the God of their fathers. So they executed judgment on Joash.
Ɛwɔ mu sɛ Aram dɔm a wɔkɔtow hyɛɛ wɔn so no sua de, nanso Awurade boaa wɔn ma wodii Yuda asraafodɔm kɛse no so nkonim. Yudafo gyaw Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn, ɛno nti Awurade buu atɛn tiaa Yoas.
25 When they had departed from him (for they left him seriously wounded), his own servants conspired against him for the blood of the sons of Jehoiada the priest, and killed him on his bed, and he died. They buried him in David’s city, but they didn’t bury him in the tombs of the kings.
Aramfo twee wɔn ho na wogyaw Yoas a na wapira yiye no hɔ. Nanso ɔno ankasa mpanyimfo dwenee ho sɛ, esiane sɛ okum ɔsɔfo Yehoiada babarima nti, wobekum no. Wokum no bere a ɔda mpa so. Na wosiee no Dawid kurom a wɔankosie no wɔ adehye amusiei.
26 These are those who conspired against him: Zabad the son of Shimeath the Ammonitess and Jehozabad the son of Shimrith the Moabitess.
Na awudifo no yɛ Yosabad a ɔyɛ Amonnibea Simeat babarima, ne Somer a ɔyɛ Moabnibea Simrit babarima.
27 Now concerning his sons, the greatness of the burdens laid on him, and the rebuilding of God’s house, behold, they are written in the commentary of the book of the kings. Amaziah his son reigned in his place.
Wɔakyerɛw nsɛm a ɛfa Yoas mmabarima, ne ho nkɔmhyɛ, ne Onyankopɔn Asɔredan no asiesie wɔ Ahene nkyerɛmu nhoma no mu. Yoas wui no, ne babarima Amasia dii nʼade sɛ ɔhene.

< 2 Chronicles 24 >