< 2 Chronicles 20 >

1 After this, the children of Moab, the children of Ammon, and with them some of the Ammonites, came against Jehoshaphat to battle.
Eyi akyi no, Moabfo, Amonfo ne Maonfo asraafo bi tuu Yehosafat so sa.
2 Then some came who told Jehoshaphat, saying, “A great multitude is coming against you from beyond the sea from Syria. Behold, they are in Hazazon Tamar” (that is, En Gedi).
Abɔfo bɛka kyerɛɛ Yehosafat se, “Asraafo bebree fi Nkyene Po no akyi wɔ Edom rebɛko atia wo. Wɔadu Hasason-Tamar” (En-Gedi din baako ne no).
3 Jehoshaphat was alarmed, and set himself to seek Yahweh. He proclaimed a fast throughout all Judah.
Yehosafat tee saa asɛm no, ne ho yeraw no nti, obisaa Awurade hɔ akwankyerɛ. Ɔhyɛɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yuda no nni abuada.
4 Judah gathered themselves together to seek help from Yahweh. They came out of all the cities of Judah to seek Yahweh.
Na nnipa a wɔwɔ Yuda nkurow nyinaa so baa Yerusalem, bɛhwehwɛɛ Awurade.
5 Jehoshaphat stood in the assembly of Judah and Jerusalem, in Yahweh’s house, before the new court;
Na Yehosafat sɔre gyinaa Yudafo ne Yerusalemfo anim wɔ Awurade Asɔredan no adiwo foforo hɔ.
6 and he said, “Yahweh, the God of our fathers, aren’t you God in heaven? Aren’t you ruler over all the kingdoms of the nations? Power and might are in your hand, so that no one is able to withstand you.
Ɔbɔɔ mpae se, “Awurade, yɛn agyanom Nyankopɔn, wo nko ne Onyankopɔn a wote ɔsoro. Wo na wudi ahenni a ɛwɔ asase nyinaa so. Woyɛ otumfo ne ɔkɛse a obiara ntumi ne wo nni asi.
7 Didn’t you, our God, drive out the inhabitants of this land before your people Israel, and give it to the offspring of Abraham your friend forever?
Yɛn Nyankopɔn, bere a wo nkurɔfo bedui no, woampam wɔn a na wɔte asase yi so no ana? Na woamfa saa asase yi amma wʼadamfo Abraham asefo afebɔɔ ana?
8 They lived in it, and have built you a sanctuary in it for your name, saying,
Wo nkurɔfo tenaa ha sii saa Asɔredan yi maa wo.
9 ‘If evil comes on us—the sword, judgment, pestilence, or famine—we will stand before this house, and before you (for your name is in this house), and cry to you in our affliction, and you will hear and save.’
Wɔkaa se, ‘Sɛ ɔhaw bi te sɛ ɔko, ɔyare anaa ɔkɔm bi to yɛn a, yebetumi aba wʼanim wɔ saa Asɔredan yi mu, baabi a wɔahyɛ wo din anuonyam no. Yebetumi asu afrɛ wo sɛ, gye yɛn nkwa, na wubetie yɛn, agye yɛn.’
10 Now, behold, the children of Ammon and Moab and Mount Seir, whom you would not let Israel invade when they came out of the land of Egypt, but they turned away from them, and didn’t destroy them;
“Na afei, hwɛ nea Amonfo, Moabfo ne Seir asraafodɔm reyɛ. Woamma yɛn agyanom anni saa aman no so nkonim bere a Israel fii Misraim no, na mmom, wɔfaa wɔn ho a wɔansɛe wɔn.
11 behold, how they reward us, to come to cast us out of your possession, which you have given us to inherit.
Afei, hwɛ sɛnea wɔretua yɛn so ka. Wɔaba sɛ, wɔrebetu yɛn afi wʼasase a wode maa yɛn sɛ agyapade no so.
12 Our God, will you not judge them? For we have no might against this great company that comes against us. We don’t know what to do, but our eyes are on you.”
Yɛn Nyankopɔn, worensiw wɔn ano? Yenni ahoɔden sɛ asraafodɔm kɛse yi a wɔpɛ sɛ wɔbɛtow hyɛ yɛn so yi. Yenhu nea yɛnyɛ, na yɛhwɛ kwan sɛ wobɛboa yɛn.”
13 All Judah stood before Yahweh, with their little ones, their wives, and their children.
Bere a Yuda mmarima nyinaa ne wɔn nkokoaa, wɔn yerenom ne wɔn mma gyina Awurade anim no.
14 Then Yahweh’s Spirit came on Jahaziel the son of Zechariah, the son of Benaiah, the son of Jeiel, the son of Mattaniah, the Levite, of the sons of Asaph, in the middle of the assembly;
Awurade Honhom baa mmarima a wogyinagyina hɔ no mu baako so. Na ne din de Yahasiel a ɔyɛ Sakaria babarima a ɔno nso yɛ Benaia babarima, na ɔno nso yɛ Yeiel babarima, na ɔno nso yɛ Lewini Matania, a ɔyɛ Asaf aseni no babarima.
15 and he said, “Listen, all Judah, and you inhabitants of Jerusalem, and you, King Jehoshaphat. Yahweh says to you, ‘Don’t be afraid, and don’t be dismayed because of this great multitude; for the battle is not yours, but God’s.
Ɔkae se, “Ɔhene Yehosafat, tie! Mo Yudafo ne Yerusalemfo nyinaa, muntie! Sɛnea Awurade se ni: Munnsuro. Mommma asraafodɔm kɛse ntu mo koma, efisɛ ɔko no nyɛ mo dea, na ɛyɛ Onyankopɔn dea.
16 Tomorrow, go down against them. Behold, they are coming up by the ascent of Ziz. You will find them at the end of the valley, before the wilderness of Jeruel.
Ɔkyena, muntu nten nkɔ wɔn so. Mubehu sɛ wofi Sis atrapoe a ɛwɔ obon no fa a epue Yeruel sare no so hɔ reba.
17 You will not need to fight this battle. Set yourselves, stand still, and see the salvation of Yahweh with you, O Judah and Jerusalem. Don’t be afraid, nor be dismayed. Go out against them tomorrow, for Yahweh is with you.’”
Na ɛho nhia mpo sɛ mobɛko. Munnyinagyina mo afa, monyɛ dinn na monhwɛ Awurade nkonimdi. Ɔka mo ho, Yuda ne Yerusalem manfo. Munnsuro, na mommma mo koma ntu. Ɔkyena, monkɔ hɔ, na Awurade ka mo ho.”
18 Jehoshaphat bowed his head with his face to the ground; and all Judah and the inhabitants of Jerusalem fell down before Yahweh, worshiping Yahweh.
Na ɔhene Yehosafat sii ne ti ase, na Yuda ne Yerusalem manfo no nyinaa nso yɛɛ saa, de som Awurade.
19 The Levites, of the children of the Kohathites and of the children of the Korahites, stood up to praise Yahweh, the God of Israel, with an exceedingly loud voice.
Na Lewifo a wofi Kohat ne Kora mmusua mu sɔre gyina teɛɛ mu dennen sɔree Awurade, Israel Nyankopɔn.
20 They rose early in the morning and went out into the wilderness of Tekoa. As they went out, Jehoshaphat stood and said, “Listen to me, Judah and you inhabitants of Jerusalem! Believe in Yahweh your God, so you will be established! Believe his prophets, so you will prosper.”
Ade kyee nʼanɔpahema no, Yuda asraafo no kɔɔ Tekoa sare so. Bere a wɔrekɔ no, Yehosafat gyina kae se, “Muntie me, mo Yudafo ne Yerusalemfo nyinaa. Munnye Awurade, mo Nyankopɔn, nni na mubetumi agyina pintinn. Munnye nʼadiyifo no nni, na mubedi nkonim.”
21 When he had taken counsel with the people, he appointed those who were to sing to Yahweh and give praise in holy array as they go out before the army, and say, “Give thanks to Yahweh, for his loving kindness endures forever.”
Ɔhene no ne nnipa no ntuanofo dii nkitaho wiei no, oyii nnwontofo bi sɛ wonni asraafo no anim, nto dwom mma Awurade, nkamfo no wɔ nʼanuonyam kronkron no nti. Dwom no mu nsɛm ni: “Monna Awurade ase na nʼadɔe wɔ hɔ daa!”
22 When they began to sing and to praise, Yahweh set ambushers against the children of Ammon, Moab, and Mount Seir, who had come against Judah; and they were struck.
Bere a wɔpagyaw ayeyi dwom no, Awurade maa Amon, Moab ne bepɔw Seir asraafo no twaa wɔn ho koe.
23 For the children of Ammon and Moab stood up against the inhabitants of Mount Seir to utterly kill and destroy them. When they had finished the inhabitants of Seir, everyone helped to destroy each other.
Moab ne Amon asraafo no dan wɔn ani kyerɛɛ mmarima a wofi bepɔw Seir so no, kunkum wɔn nyinaa. Wowiee Seir asraafo no, wotwaa wɔn ho koe.
24 When Judah came to the place overlooking the wilderness, they looked at the multitude; and behold, they were dead bodies fallen to the earth, and there were none who escaped.
Na Yuda asraafo no duu baabi a wogyina a wuhu sare no so no, wohuu sɛ afunu gugu fam kɔ akyiri. Atamfo no mu baako mpo antumi anguan.
25 When Jehoshaphat and his people came to take their plunder, they found among them in abundance both riches and dead bodies with precious jewels, which they stripped off for themselves, more than they could carry away. They took plunder for three days, it was so much.
Ɔhene Yehosafat ne nʼakofo no kɔtasee asade. Wonyaa adwumayɛ nneɛma, ntade ne nneɛma a ɛsom bo a wontumi nsoa. Na asade no dɔɔso enti wɔde nnansa na ɛtase ne nyinaa.
26 On the fourth day, they assembled themselves in Beracah Valley, for there they blessed Yahweh. Therefore the name of that place was called “Beracah Valley” to this day.
Nnaanan so no, wɔboaa wɔn ho ano wɔ Nhyira Bon mu. Wɔtoo obon no din saa da no, efisɛ ɛhɔ na nnipa no kamfoo Awurade, daa no ase. Wɔda so frɛ no Nhyira Bon nnɛ yi.
27 Then they returned, every man of Judah and Jerusalem, with Jehoshaphat in front of them, to go again to Jerusalem with joy; for Yahweh had made them to rejoice over their enemies.
Afei, Yehosafat dii wɔn anim ne wɔn san kɔɔ Yerusalem anigye so sɛ, Awurade ama wɔadi wɔn atamfo so nkonim.
28 They came to Jerusalem with stringed instruments, harps, and trumpets to Yahweh’s house.
Wɔbɔɔ mmɛnta, asankuten ne ntorobɛnto tuu nten kɔhyɛn Yerusalem na wɔkɔɔ Awurade Asɔredan no mu.
29 The fear of God was on all the kingdoms of the countries when they heard that Yahweh fought against the enemies of Israel.
Bere a ahenni a atwa hɔ ahyia no tee sɛ Awurade no ankasa ako atia Israel atamfo no, Awurade ho suro baa wɔn so.
30 So the realm of Jehoshaphat was quiet, for his God gave him rest all around.
Na ɛmaa asomdwoe baa Yehosafat ahenni mu, efisɛ ne Nyankopɔn maa no ahomegye wɔ afanan nyinaa.
31 So Jehoshaphat reigned over Judah. He was thirty-five years old when he began to reign. He reigned twenty-five years in Jerusalem. His mother’s name was Azubah the daughter of Shilhi.
Na Yehosafat dii hene wɔ Yuda asase so. Bere a odii hene no, na wadi mfe aduasa anum. Ɔtenaa Yerusalem dii hene mfe aduonu anum. Na ne na din de Asuba a ɔyɛ Silhi babea.
32 He walked in the way of Asa his father, and didn’t turn away from it, doing that which was right in Yahweh’s eyes.
Na Yehosafat yɛ ɔhene a oye. Ɔyɛɛ nea nʼagya Asa yɛe. Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani.
33 However the high places were not taken away, and the people had still not set their hearts on the God of their fathers.
Nanso nʼahenni mu no, wammubu abosonsomfo nsɔree so no, na ɔmanfo no nso amfa wɔn koma nyinaa amma wɔn agyanom Nyankopɔn no.
34 Now the rest of the acts of Jehoshaphat, first and last, behold, they are written in the history of Jehu the son of Hanani, which is included in the book of the kings of Israel.
Yehosafat ahenni ho nsɛm nkae, fi mfiase kosi awiei no, wɔakyerɛw agu Hanani babarima Yehu nhoma a wɔde aka Israel Ahemfo nhoma no ho.
35 After this, Jehoshaphat king of Judah joined himself with Ahaziah king of Israel. The same did very wickedly.
Nanso ɛrekɔ nʼasetena awiei no, ɔhene Yehosafat ne Israelhene Ahasia a ne tirim yɛ den no kaa wɔn ho bɔɔ mu.
36 He joined himself with him to make ships to go to Tarshish. They made the ships in Ezion Geber.
Wɔyɛɛ Po so aguadi ahyɛn bebree wɔ Esion-Geber hyɛngyinabea.
37 Then Eliezer the son of Dodavahu of Mareshah prophesied against Jehoshaphat, saying, “Because you have joined yourself with Ahaziah, Yahweh has destroyed your works.” The ships were wrecked, so that they were not able to go to Tarshish.
Na Dodafahu babarima Elieser a ofi Maresa hyɛɛ nkɔm, de tiaa Yehosafat. Ɔkae se, “Esiane sɛ wo ne ɔhene Ahasia ayɛ baako nti, Awurade bɛsɛe wʼadwuma.” Enti ahyɛn no bobɔe a wɔantumi amfa ankodi gua.

< 2 Chronicles 20 >